Nkɔmhyɛ A Etia Tirohene
1Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“ ‘Wufi wʼahantan koma mu ka se,
“Meyɛ onyame;
mete onyame bi ahengua so
wɔ po mfimfini.”
Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame,
ɛwɔ mu, wudwen sɛ wunim nyansa sɛ onyame bi.
3Wunim nyansa sen Daniel ana?
Wunim kokoamsɛm biara ana?
4Wonam wo nyansa ne nhumu so
anya ahode ama wo ho,
woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree
agu wʼadekoradan mu.
5Wonam wʼaguadi mu nyansa so
ama wʼahonya adɔɔso,
na wʼahonya nti
woahoran wɔ wo koma mu.
6“ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“ ‘Esiane sɛ wudwen sɛ wunim nyansa
te sɛ Onyame nti,
7mede ananafo reba abetia wo,
amanaman no mu ɔdesɛefo pa ara;
wɔbɛtwetwe wɔn afoa
wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so
na wɔahwirew wʼanuonyam no.
8Wɔde wo bɛto amoa no mu,
na wubewu owu yaayaw
wɔ ɛpo mfimfini.
9Afei wobɛka se, “Meyɛ onyame,”
wɔ wɔn a wokum wo no anim ana?
Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame,
wɔ wɔn a wokum wo no nsam.
10Wubewu momonotofo wu
wɔ ananafo nsam.
Me na maka, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”
11Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 12“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho so na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛso,
na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛdua.
13Na anka wowɔ Eden
Onyankopɔn turo no mu.
Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo:
bogyanambo, akraatebo ne bɔwerɛbo
sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo,
hoabo, nsrammabo ne ahabammono bo;
wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛde,
wosiesiee ne nyinaa da a wɔbɔɔ wo.
14Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfo kerub,
efisɛ saa na mehyɛɛ wo.
Na wowɔ Onyankopɔn bepɔw kronkron no so;
wonantew ogya abo mu.
15Na anka wʼakwan ho nni asɛm
efi da a wɔbɔɔ wo no
kosii sɛ wohuu amumɔyɛ wɔ wo mu.
16Wʼaguadi a mu trɛw no nti
wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma
na woyɛɛ bɔne.
Ɛno nti mepam wo fii
Onyankopɔn bepɔw no so wɔ animguase mu,
na miyii wo adi, ɔhwɛfo kerub,
fii ogya abo no mu.
17Wohyerɛn wɔ wo koma mu
wʼahoɔfɛ nti
na womaa wo nyansa porɔwee,
wʼanuonyam no nti.
Enti metow wo kyenee fam;
na mede wo yɛɛ ahwɛde wɔ ahemfo anim.
18Wode wo nnebɔne ne aguadi mu asisi
agu wo kronkrommea ho fi
ɛno nti memaa ogya fii wo mu
na ɛhyew wo,
na memaa wo dan nsõ wɔ fam
wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.
19Aman a na wonim wo nyinaa
ho adwiriw wɔn wɔ wo ho:
wʼawiei ayɛ ahometew
na wɔrenhu wo bio.’ ”
Nkɔmhyɛ A Etia Sidon
20Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 21“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no 22na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
“ ‘Me ne wo anya, Sidon
na mɛda mʼanuonyam adi wɔ mo mu.
Wubehu sɛ mene Awurade no,
bere a mede asotwe aba ne so
na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ ne mu no.
23Mɛma ɔyaredɔm aba ne so
na mama mogya ateɛ wɔ ne mmɔnten so.
Apirafo bɛtotɔ wɔ ne mu,
bere a afoa redi ahim wɔ ne ho nyinaa.
Afei na wobehu sɛ mene Awurade no.
24“ ‘Na Israelfo rennya yɔnkonom a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaayaw sɛ ohwirem ne nsɔe bio. Afei na wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.
25“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ meboa Israelfo ano fi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me somfo Yakob no so. 26Wɔbɛtena hɔ asomdwoe mu na wobesisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoe mu wɔ bere a matwe ne yɔnkonom a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no.’ ”
Profeti imod fyrsten over Tyrus
1Herren sagde til mig: 2„Du menneske, sig til fyrsten over Tyrus:
Du er så stolt og hovmodig,
at du tror, du selv er en gud.
Du sidder på din høje trone,
hersker over havet og praler.
Men du er kun et menneske,
der bilder sig ind at være en gud.
3Du tror, du er klogere end Daniel
og kender alle hemmeligheder.
4Du brugte din visdom og forstand
til at samle mængder af guld og sølv.
5Dit handelstalent gjorde dig rig,
men din rigdom gjorde dig hovmodig.
6Derfor siger Gud Herren:
Fordi du tror, at du selv er en gud,
7sender jeg en grusom fjendehær,
der gør ende på din rigdom og pragt.
8Til dødsriget sender de dig ned,
du bliver dræbt og kastet i havet.
9Vil du mon fortsat hævde, du er en gud,
når fjenderne er ved at slå dig ihjel?
I hænderne på dem er du ingen gud,
men kun et almindeligt menneske.
10Du skal dø som en hund for de fremmedes hånd.
Jeg, Herren har talt.”
11Endvidere sagde Herren til mig: 12„Du menneske, istem en klagesang over Tyrus’ fyrste og sig til ham:
Engang var du fuldkommen,
smuk og fuld af visdom.
13Du levede som i Paradis,
smykket med utallige juveler:
rubin, topas og diamant,
krysolit, onyks og jaspis,
safir, granat og smaragd.
Alle juveler var indsat i guld,
de lå klar til dig ved din fødsel.
14Jeg satte dig som en kerub,
der skulle vogte og beskytte
det hellige bjerg, jeg havde skabt,
Du vandrede blandt funklende ædelsten.
15Der var intet at udsætte på dig
fra den dag, du blev født,
indtil din ondskab blev afsløret.
16Din store rigdom gjorde dig korrupt,
så vold og synd fyldte dit hjerte.
Da jog jeg dig bort fra mit hellige bjerg
og de funklende ædelsten, du skulle beskytte.
Jeg slog dig ned, du vældige kerub.
17Din skønhed gjorde dig stolt,
din rigdom spændte ben for din visdom.
Derfor kastede jeg dig til jorden
som en advarsel for andre fyrster.
18Din uhæderlige handel
afsporede din gudsdyrkelse.
Derfor lod jeg ild bryde frem og fortære dig,
så du blev til aske på jorden for alles øjne.
19Alle var skrækslagne over din skæbne.
Du blev et skræmmende eksempel
ved din totale og endelige udslettelse.”
Profeti imod Sidon
20Herren sagde til mig:
21„Du menneske, vend dig mod Sidon og profetér over byen. 22Sig til den:
Sidon, jeg er din fjende,
og jeg vil demonstrere min magt på dig.
Alle skal få at se, at jeg er Herren,
når jeg åbenbarer min hellighed på dig
ved at straffe dig for dine synder.
23Jeg sender epidemier og krig,
så blodet flyder i gaderne.
Fjenden angriber fra alle sider
og slår folk ned til højre og venstre.
Da vil du indse, at jeg er Herren.
Et løfte til Guds folk
24Israels nabofolk skal ikke længere stikke mit folk som tidsler og torne. Alle I, som nu håner mit folk, skal få at se, at jeg er Herren.
25Hør, hvad Herren siger: Når jeg samler Israels folk fra de folkeslag, de er spredt iblandt, og fører dem tilbage til deres eget land, det land, jeg gav min tjener Jakob, da vil alle folk indse, at jeg er en hellig og mægtig Gud. 26Derefter skal mit folk bo trygt i deres land, bygge huse og plante vingårde, mens jeg straffer alle dem, som behandlede dem med foragt. Da vil de indse, at jeg er Herren, deres Gud.”