Hesekiel 16 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 16:1-63

Ɔyere Guamanfo Yerusalem

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se 2“Onipa ba, fa akyiwade a Yerusalem yɛ no si nʼanim 3na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ Yerusalem: Wo nkyi ne wʼawo fi Kanaanfo asase so; na wʼagya yɛ Amorini na wo na nso yɛ Hetini. 4Da a wɔwoo wo no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsu anguare wo sɛ wo ho bɛtew nso, wɔamfa nkyene ansra wo, na wɔamfa ntama ankyekyere wo ho. 5Obiara anhu wo mmɔbɔ, na obiara yam anhyehye no sɛ ɔbɛyɛ eyinom biara ama wo. Mmom wɔtow wo kyenee wuram, efisɛ da a wɔwoo wo no, wobuu wo animtiaa.

6“ ‘Mibepuee wo so, na mihuu sɛ worewɔ wʼanan na woda mogya mu, na sɛnea na woda hɔ no, meka kyerɛɛ wo se, “Nya nkwa!” 7Mehwɛɛ wo ma wunyinii sɛ afifide. Wunyinii, na woyɛɛ nsiforo kɔɔ afikyiri. Wo nufu bobɔe, na wo ho fuw nwi, nanso na woda adagyaw.

8“ ‘Akyiri yi mibepuee wo so, na mehwɛɛ wo na mihuu sɛ woaso aware no, mede mʼatade fa bi kataa wʼadagyaw so. Misua kyerɛɛ wo na me ne wo yɛɛ apam na wobɛyɛɛ me dea, Otumfo Awurade na ose.

9“ ‘Mede nsu guaree wo, na mehohoroo wo ho mogya na mede srade ahorow srasraa wo. 10Mede atade a wɔanwen ano hyɛɛ wo, na mehyɛɛ wo mmoa were mpaboa. Mede nwera papa furaa wo na mede ntade aboɔden guguu so. 11Mede agude siesiee wo, mede nkapo guu wo nsa, mede kɔnmuade too wo kɔn mu, 12na mede kaa hyɛɛ wo hwene mu, asokaa hyɛɛ wʼasom na mebɔɔ wo abotiri a ɛyɛ fɛ. 13Enti wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ siesiee wo, wʼadurade yɛɛ nwera papa ne ntama a ne bo yɛ den ne nea wɔadi mu adwinni. Wʼaduan yɛɛ esiam papa, ɛwo ne ngo. Wo ho yɛɛ fɛ na wobɛyɛɛ ɔhemmea. 14Na wʼahoɔfɛ nti, wo din hyetaa wɔ amanaman mu, efisɛ anuonyam a mahyɛ wo no ma wʼahoɔfɛ no di mu, Awurade asɛm ni.

15“ ‘Nanso wʼahoɔfɛ nti wugyee wo ho dii na wode wo din a ahyeta no bɔɔ aguaman. Wugyaa wo ho maa obiara a ɔretwa mu na woyɛɛ wɔn adɔe. 16Wode wo ntade no bi kɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea hɔ hyirenn; hɔ na wokɔbɔɔ aguaman. Ɛnsɛ sɛ nneɛma a ɛtete sɛɛ sisi koraa, na ɛnsɛ sɛ ɛba nso. 17Afei wode wo nnwinne fɛfɛ a mede maa wo no, nea mede sikakɔkɔɔ ne dwetɛ yɛe no yɛɛ ahoni maa wo ho na wo ne wɔn bɔɔ aguaman. 18Wode wo ntade a wɔadi mu adwinni hyehyɛɛ wɔn na wode me ngo ne nnuhuam brɛɛ wɔn. 19Bio aduan a mede maa wo no, esiam papa, ɛwo ne ngo a mede maa wo sɛ di no, wode brɛɛ wɔn sɛ afɔrebɔde a eyi hua. Saa na esii, Otumfo Awurade asɛm ni.

20“ ‘Wofaa wo mmabarima ne wo mmabea, a me ne wo woo wɔn no kɔbɔɔ afɔre sɛ aduan maa ahoni. Wʼaguamammɔ no nnɔɔso ana? 21Wukum me mma de wɔn bɔɔ afɔre maa ahoni no. 22Akyiwade a woyɛɛ ne wʼaguamammɔ akyi no, woankae wo mmabun bere a na wo ho da hɔ na worewɔ wʼanan wɔ mogya mu no.

23“ ‘Nnome! Nnome nka wo, Otumfo Awurade na ose. Wʼamumɔyɛ nyinaa akyi no, 24wusii bammɔ pie maa wo ho, na woyɛɛ abosonnan tenten wɔ aguabɔbea biara. 25Borɔn so baabiara wusisii abosonnan atenten, na wosɛe wʼahoɔfɛ efisɛ honam akɔnnɔ bɔne nti wode wo ho maa obiara a ɔretwa mu. 26Wo ne Misraimfo a honam akɔnnɔ ayɛ wɔn ma no bɔɔ aguaman, na wode honam akɔnnɔ bɔne hyɛɛ me abufuw. 27Enti meteɛɛ me nsa wɔ wo so na metew wʼahye so. Mede wo maa wʼatamfo aniberefo, Filistifo mmabea a wʼahohwi bra no yɛɛ wɔn nwonwa no. 28Wo ne Asiriafo nso bɔɔ aguaman, efisɛ biribiara mmee wo. Na ɛno akyi koraa woammee ara. 29Afei wotoaa wo honam akɔnnɔ bɔne no so de Babilonia, a ɛyɛ aguadifo asase kaa ho, nanso eyi ammee wo ara.

30“ ‘Wunni ahohyɛso koraa, Otumfo Awurade asɛm ni, sɛ wutumi yɛ saa nneɛma yi nyinaa te sɛ oguamanfo a nʼani nwu hwee. 31Wusisii bammɔ pie wɔ mmorɔn so na wusisii abosonnan atenten wɔ aguabɔbea biara, na wonsɛ oguamanfo, efisɛ wopoo akatua.

32“ ‘Wo, ɔyere waresɛefo, wopɛ ahɔho sen wo ara wo kunu! 33Oguamanfo biara gye akatua, nanso wo de, wode nneɛma kyekyɛ wʼadɔfo nyinaa de hyɛ wɔn afono mu sɛ, womfi baabiara mmra wo nkyɛn. 34Enti wʼaguamammɔ mu no wo nte sɛ afoforo; obiara mma wo hɔ sɛ yɛ no adɔe. Wo ne wɔn bɔ abira koraa, efisɛ wutua ka na obiara mma wo hwee.

35“ ‘Enti, wo oguamanfo, tie Awurade asɛm! 36Sɛɛ na Otumfo Awurade se. Esiane sɛ wuhwie wʼahonya gui, na wodaa wʼadagyaw adi, wo ho a woma ɛyɛɛ wo dɛ dodo wɔ wo ne wʼadɔfo nhyiamu, wʼahoni a ɛyɛ akyiwade na afei wo mma mogya a wode maa wɔn no nti, 37merebɛboaboa wʼadɔfo a wode wɔn gyee wʼani nyinaa ano; wɔn a wodɔɔ wɔn ne wɔn a woampɛ wɔn. Mɛboaboa wɔn nyinaa ano atia wo afi wo ho baabiara, na mɛpa wo ho wɔ wɔn anim, na wobehu wʼadagyaw nyinaa. 38Mede asotwe a wɔde ma mmea aguamammɔfo ne mogyahwiegufo no bɛyɛ wʼatemmu. Mede me mogya aweretɔ a efi mʼabufuwhyew ne me ninkutwe abufuw mu bɛba wo so. 39Afei mede wo bɛma wʼadɔfo na wobebubu bammɔ pie a woahɔre no, asɛe abosonnan atenten no. Wɔbɛpa wo ho ntama, wɔbɛfa wo nnwinne fɛfɛ no, na wɔagyaw wo hɔ adagyaw mu. 40Wɔde nnipadɔm a wobesiw wo abo na wɔde wɔn afoa atwitwa wo mu nketenkete bɛba wo so. 41Wɔbɛhyehyew wʼafi na wɔatwe wʼaso wɔ mmea bebree anim. Metwa wʼaguamammɔ no so na woagyae akatua a wode ma wʼadɔfo no. 42Afei mʼabufuwhyew ano bedwo na me ninkutwe abufuw no befi wo so. Mɛyɛ bɔkɔɔ na me bo remfuw bio.

43“ ‘Sɛ woankae wo mmabun nna, na wode eyinom nyinaa hyɛɛ me abufuw nti, ɔkwan biara so mɛma nea woayɛ no abɔ wo ti so, Otumfo Awurade na ose. Woanyɛ nneɛma fi anka akyiwade no ho ana?

44“ ‘Obiara a obu bɛ no bebu saa bɛ yi afa wo ho: “Sɛnea ɛna te no saa ara na ne babea te.” 45Woyɛ wo na a ɔsopaa ne kunu ne ne mma no babea kann, na woyɛ wo nuanom mmea a wɔsopaa wɔn kununom ne wɔn mma no nuabea ankasa. Wo na yɛ Hetini na wʼagya yɛ Amorini. 46Na wo nuabea panyin ne Samaria a na ɔne ne mmabea te wʼatifi fam, na wo nuabea kumaa a ɔne ne mmabea te wʼanafo fam, yɛ Sodom. 47Woannantew wɔn akwan mu, ansua wɔn akyiwadeyɛ nko, na mmom, akwan nyinaa mu, wobɛyɛɛ porɔwee sen wɔn. 48Sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade na ose, wo nuabea Sodom ne ne mmabea anyɛ nea wo ne wo mmabea ayɛ no da.

49“ ‘Eyi ne bɔne a wo nuabea Sodom yɛe: Ɔno ne ne mmabea yɛɛ ahantan, wodidi traa so na hwee amfa wɔn ho, wɔammoa ahiafo ne mmɔborɔfo. 50Wɔyɛɛ ahomaso ne akyiwade wɔ mʼanim. Ɛno nti miyii wɔn sii nkyɛn sɛnea woahu no. 51Samaria anyɛ bɔne a woyɛɛ no mu fa. Woayɛ akyiwade a ɛboro nea wo nuabeanom no yɛe no so koraa, na woama ayɛ sɛ wo nuabeanom no te, esiane saa nneɛma a woayɛ no nti. 52Gye wʼanimguase, efisɛ woama wo nuabeanom adi bem. Wo bɔne mu yɛ duru sen wɔn de, enti ayɛ sɛ wɔteɛ sen wo. Ɛno de, afei gye wʼanimguase na wama ayɛ sɛ wo nuabeanom te.

53“ ‘Nanso mede Sodom siade ne ne mmabea, Samaria siade ne ne mmabea bɛma wɔn, na mede wo siade bɛka ho, 54sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye wʼanimguase na wʼani bewu wɔ nea woayɛ de ama wɔn ahotɔ nyinaa ho. 55Na wo nuabeanom Sodom ne ne mmabea, Samaria ne ne mmabea bɛsan akɔ wɔn tebea dedaw mu, na wo ne wo mmabea nso bɛsan akɔ mo dedaw mu. 56Woremmɔ wo nuabea Sodom din wɔ wʼahohoahoa da no mpo, 57kosi sɛ wʼamumɔyɛ ho daa hɔ. Ebesi nnɛ Edom mmabea bɔ wo ahohora, wɔne wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia ne Filistifo mmabea; wɔn a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɔ wo ahohora nyinaa. 58Nea ebefi nneɛma fi a woyɛ ne wʼakyiwade mu aba no bɛda wo so, Awurade asɛm ni.

59“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo bedi no sɛnea ɛfata, efisɛ woasɛe mʼapam de abu me ntam animtiaa. 60Nanso mɛkae apam a me ne wo yɛɛ wo mmabun bere mu, na me ne wo bɛyɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. 61Afei wobɛkae wʼakwan na wʼani awu bere a wo nsa aka wo nuabeanom; wɔn a wɔanyinyin sen wo ne nkumaa nyinaa. Mede wɔn bɛma wo sɛ wo mmabea, nanso ɛrennyina apam a me ne wo ayɛ no so. 62Enti me ne wo bɛyɛ apam na wubehu sɛ mene Awurade. 63Afei sɛ meyɛ mpata ma wo wɔ nea woayɛ nyinaa ho a, wobɛkae na wʼani bewu na woremmue wʼano bio wɔ brɛ a wɔabrɛ wo ase no nti, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以西结书 16:1-63

耶路撒冷的不忠

1耶和华对我说: 2“人子啊,你要使耶路撒冷知道她的可憎行径。 3你要告诉她,主耶和华这样对她说,‘你祖居迦南,生于迦南。你的父亲是亚摩利人,母亲是人。 4你出生时没人剪断你的脐带,没人用水洗你的身体,用盐擦净你,用布包裹你。 5没有人可怜你,同情你,为你做以上的事。你生下来便遭人厌恶,被扔在野外。

6“‘我从你旁边经过,见你在血泊中挣扎,便对血泊中的你说,活下去! 7我使你像田间的植物一样茁壮生长。你渐渐发育成熟,长得亭亭玉立,双乳丰满,秀发垂肩,但仍然赤身露体。

8“‘后来我又从你旁边经过,见你正值少女怀春,我便用衣襟遮盖你的身体,向你起誓,与你定下婚约,你便属于我。这是主耶和华说的。 9我用水洗净你身上的血污,给你涂上馨香的油, 10穿上锦绣的衣裳和海狗皮的鞋,披上细麻衣和丝绸外袍。 11我用首饰来装扮你,给你戴上手镯、项链、 12鼻环、耳环和华冠。 13这样,你戴的是金银首饰,穿的是绫罗绸缎,吃的是细面粉、蜂蜜和油。你变得美艳绝伦,晋升为王后。 14你的美貌名扬四方,因为我给你的华贵使你美貌无比。这是主耶和华说的。

15“‘你却仗着自己的美貌和名声纵情淫乱,与所有过路的人苟合。 16你用自己的衣服在拜偶像的地方结彩,在那里行淫。这样的事真是空前绝后! 17你用我给你的金银首饰为自己制造男人的像,与他们苟合。 18你给他们穿上锦绣衣服,把我给你的膏油和香料供奉他们。 19你把我赐你吃的细面粉、油和蜂蜜作为馨香的供物奉献在他们面前。这是主耶和华说的。 20你还把你给我生的儿女烧作燔祭献给偶像。难道你淫乱还不够吗? 21你竟屠杀我的儿女,把他们焚烧献给偶像。 22你做这一切可憎、淫乱的事,忘记了你幼年赤身露体,在血泊中挣扎的日子。

23“‘主耶和华说,你有祸了!你有祸了!你不但做了这些恶事, 24还为自己筑祭坛,在各广场建高高的神庙。 25你在街头巷尾建高高的神庙,糟蹋自己的美貌。你向每一个过路的人投怀送抱,纵情淫乱, 26甚至与放纵情欲的邻邦埃及人苟合,激起我的愤怒。 27看吧,我要伸手攻击你,削减你的口粮,把你交给憎恨你的非利士人,任他们宰割。他们会为你的淫荡行为感到羞耻。 28你欲海难填,又跟亚述人行淫,但仍不满足, 29于是又跟那商贾之地的迦勒底人行淫,但仍不满足。

30“‘主耶和华说,你的心败坏至极,简直就像不知羞耻的娼妓, 31因为你在街头巷尾筑祭坛,在广场建高高的神庙,甚至不收淫资,实在连妓女都不如。 32你这荡妇,宁愿跟外人淫乱,也不爱自己的丈夫。 33妓女接受淫资,你却送礼物给所有的情人,引诱他们从四方前来跟你淫乱。 34你卖淫不同于别的妓女,没有人给你淫资,你倒贴钱给人,你真是与众不同。

主对耶路撒冷的审判和应许

35“‘你这淫妇,要听耶和华的话。 36主耶和华说,你放纵情欲,赤身露体地与众情人苟合。你祭拜一切可憎的偶像,把自己儿女的血献给它们。 37因此,我要把你所爱和所恨的情人都聚集起来,从四方攻击你,让你赤裸裸地显露在他们面前,让他们看到你赤身露体。 38我要惩罚你,像惩罚淫乱和杀人的妇女一样。我要把烈怒和义愤倒在你身上,报应你杀人流血的罪。 39我要把你交在你的情人手里。他们必拆毁你的祭坛,夷平你高高的神庙,剥去你的衣裳,夺走你的珠宝,留下你赤身露体。 40他们要聚众攻击你,用石头打你,用刀剑砍碎你, 41烧毁你的房屋,在众妇女面前审判你。我要阻止你的淫乱行为,使你不再倒贴钱给情人。 42这样,我的烈怒才会平息,我的义愤才会消除,我才会平静下来,不再发怒。 43因为你忘记了幼年的日子,做这些事来惹我发怒,我要照你的所作所为报应你。因为你不仅行一切可憎的事,还放荡淫乱。这是主耶和华说的。

44“‘好说俗语的人都会讥讽你说,有其母必有其女。 45你和你母亲及姊妹如出一辙,都厌弃自己的丈夫和儿女。你母亲是人,你父亲是亚摩利人。 46你姐姐是撒玛利亚,她和她的女儿们住在你的北面。你妹妹是所多玛,她和她的女儿们住在你的南面。 47你不仅追随她们可憎的行径,还很快超过了她们。 48我凭我的永恒起誓,与你妹妹所多玛和她女儿们相比,你和你女儿们的行径有过之而无不及。这是主耶和华说的。 49看啊,你妹妹所多玛和她的女儿们傲慢狂妄,安逸饱足,对穷困的人漠不关心。 50她们心骄气傲,在我面前做可憎的事,我看见后便除掉了她们。 51撒玛利亚的罪还不及你的一半,你做的事比她们做的更可憎,以致与你相比,你的姊妹倒显得公义了。 52既然你帮了你的姊妹,使她们显得公义,你就蒙受羞辱吧!因为你犯的罪比你姊妹犯的罪更可憎,以致她们显得比你更公义。因此,你就自取其辱,抱愧蒙羞吧!

53“‘然而,我要使所多玛撒玛利亚及她们的女儿们复兴,并使你一同复兴, 54让你自取其辱,深感羞愧,因为你的一切恶行使她们反得安慰。 55你姊妹所多玛撒玛利亚和她们的众女儿,以及你和你的众女儿必恢复起初的光景。 56-57在你骄傲的日子,你的恶行还没有被揭露的时候,你觉得妹妹所多玛不屑一提。但现在,你却成为以东的众女儿和她四邻非利士的众女儿的笑柄。你周围的人都鄙视你。 58你要承担淫荡和可憎行径带来的惩罚。这是耶和华说的。

59“‘主耶和华说,你背誓毁约,我必照你的所作所为报应你。 60然而,我顾念在你幼年时与你所立的约,我要与你立一个永远的约。 61你接纳你姊妹的时候,会想起自己的所作所为并自觉羞愧。我要将你姊妹赐给你作女儿,我这样做并不是出于我与你所立的约。 62我要和你立约,使你知道我是耶和华。 63我要赦免你所有的罪,那时你想起这事会羞愧难当,不敢再开口。这是主耶和华说的。’”