Hesekiel 10 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 10:1-22

Anuonyam Fi Asɔredan No So

1Mehwɛe, na mihuu biribi te sɛ bibiri ahengua a ɛsensɛn ntrɛwmu a ɛwɔ kerubim apampam no so. 2Na Awurade ka kyerɛɛ ɔbarima a ofura nwera no se, “Kɔhyɛ nkyimii a ɛwɔ kerubim ase no mu. Fi kerubim no mu fa nnyansramma hyɛ wo nsa ma na tow pete kuropɔn no so.” Migu so rehwɛ no, ɔkɔhyɛɛ mu.

3Afei na kerubim no gyinagyina asɔredan no anafo fam bere a ɔbarima no kɔhyɛn mu no, na omununkum kɔhyɛɛ fam adiwo hɔ mu ma. 4Na Awurade anuonyam maa ne ho so fii kerubim no atifi kɔɔ asɔredan no abobow ano. Omununkum no yɛɛ asɔredan no ma, na Awurade anuonyam hyerɛn yɛɛ adiwo hɔ ma. 5Bere a ɔrekasa no na wɔte kerubim ntaban no nnyigyei no wɔ mfikyiri fam adiwo hɔ te sɛ Otumfo Nyankopɔn nne.

6Bere a Awurade hyɛɛ ɔbarima a ofura nwera no se, “Yi nnyansramma fi nkyimii no mu, fi kerubim no ase no,” ɔbarima no kɔɔ mu kogyinaa nkyimii no baako ho. 7Afei kerubim no mu baako teɛɛ ne nsa hyɛɛ nnyansramma a ɛwɔ wɔn mu no mu. Ɔfaa mu bi de hyɛɛ ɔbarima a ofura nwera no nsam, na ɔno nso gye de fii adi. 8(Na wohu biribi te sɛ onipa nsa wɔ kerubim no ntaban ase.)

9Mehwɛe, na mihuu nkyimii anan a baako biara gyina kerubim nkyɛn, na nkyimii no pa yerɛw yerɛw te sɛ sikabereɛbo. 10Sɛnea ɛte no de, na nkyimii no nyinaa sesɛ; biara wɔ nkyimii foforo hyɛ mu. 11Sɛ wɔnam a, wɔn nyinaa de wɔn anim kyerɛ nea kerubim baako de nʼanim bɛkyerɛ no; nkyimii no nnan wɔn ho bere a kerubim no nam. Kerubim no kɔ tee wɔ nea eti no anim kyerɛ a ɔnnan ne ho. 12Aniwa tuatua wɔn ho nyinaa, wɔn akyi, wɔn nsa ne wɔn ntaban ho nyinaa. Saa ara na nkyimii anan no nso te. 13Metee sɛ wɔrefrɛ nkyimii no se, “mfɛtɛ nkyimii.” 14Kerubim no mu biara wɔ anim anan. Anim baako te sɛ kerub, nea ɛto so abien te sɛ onipa anim, nea ɛto so abiɛsa te sɛ gyata anim, nea ɛto so anan te sɛ ɔkɔre anim.

15Afei kerubim no maa wɔn ho so. Eyinom na na wɔyɛ ateasefo a na mahu wɔn wɔ Asubɔnten Kebar ho no. 16Sɛ kerubim no keka wɔn ho a, nkyimii a ɛwowɔ wɔn ho no nso keka wɔn ho; na sɛ kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu ma wɔn ho so kɔ wim a, nkyimii no ka wɔn ho ara. 17Sɛ kerubim no gyinagyina dinn a, nkyimii no nso gyinagyina dinn, na sɛ kerubim no ma wɔn ho so a wɔne wɔn ma wɔn ho so, efisɛ honhom wɔ ateasefo no mu.

18Afei Awurade anuonyam no fii asɔredan no abobow ano na ekogyinaa kerubim no atifi. 19Merehwɛ no, kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu maa wɔn ho so fii fam na nkyimii no ne wɔn kɔe. Wokogyinaa Awurade fi pon a ɛwɔ apuei fam no ano, na na Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ wɔn atifi.

20Eyinom ne ateasefo a na mahu wɔn wɔ Israel Nyankopɔn ase wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mihuu sɛ wɔyɛ kerubim. 21Wɔn mu biara wɔ anim anan ne ntaban anan na biribi a ɛte sɛ onipa nsa wowɔ wɔn ntaban ase. 22Wɔn nyinaa anim te sɛ nea na mahu wɔ Asubɔnten Kebar ho no. Wɔn mu biara kɔ nʼanim tee.

New International Version

Ezekiel 10:1-22

God’s Glory Departs From the Temple

1I looked, and I saw the likeness of a throne of lapis lazuli above the vault that was over the heads of the cherubim. 2The Lord said to the man clothed in linen, “Go in among the wheels beneath the cherubim. Fill your hands with burning coals from among the cherubim and scatter them over the city.” And as I watched, he went in.

3Now the cherubim were standing on the south side of the temple when the man went in, and a cloud filled the inner court. 4Then the glory of the Lord rose from above the cherubim and moved to the threshold of the temple. The cloud filled the temple, and the court was full of the radiance of the glory of the Lord. 5The sound of the wings of the cherubim could be heard as far away as the outer court, like the voice of God Almighty10:5 Hebrew El-Shaddai when he speaks.

6When the Lord commanded the man in linen, “Take fire from among the wheels, from among the cherubim,” the man went in and stood beside a wheel. 7Then one of the cherubim reached out his hand to the fire that was among them. He took up some of it and put it into the hands of the man in linen, who took it and went out. 8(Under the wings of the cherubim could be seen what looked like human hands.)

9I looked, and I saw beside the cherubim four wheels, one beside each of the cherubim; the wheels sparkled like topaz. 10As for their appearance, the four of them looked alike; each was like a wheel intersecting a wheel. 11As they moved, they would go in any one of the four directions the cherubim faced; the wheels did not turn about10:11 Or aside as the cherubim went. The cherubim went in whatever direction the head faced, without turning as they went. 12Their entire bodies, including their backs, their hands and their wings, were completely full of eyes, as were their four wheels. 13I heard the wheels being called “the whirling wheels.” 14Each of the cherubim had four faces: One face was that of a cherub, the second the face of a human being, the third the face of a lion, and the fourth the face of an eagle.

15Then the cherubim rose upward. These were the living creatures I had seen by the Kebar River. 16When the cherubim moved, the wheels beside them moved; and when the cherubim spread their wings to rise from the ground, the wheels did not leave their side. 17When the cherubim stood still, they also stood still; and when the cherubim rose, they rose with them, because the spirit of the living creatures was in them.

18Then the glory of the Lord departed from over the threshold of the temple and stopped above the cherubim. 19While I watched, the cherubim spread their wings and rose from the ground, and as they went, the wheels went with them. They stopped at the entrance of the east gate of the Lord’s house, and the glory of the God of Israel was above them.

20These were the living creatures I had seen beneath the God of Israel by the Kebar River, and I realized that they were cherubim. 21Each had four faces and four wings, and under their wings was what looked like human hands. 22Their faces had the same appearance as those I had seen by the Kebar River. Each one went straight ahead.