Hesekiel 1 – AKCB & NVI

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 1:1-28

Ateasefo No Ne Awurade Anuonyam

1Afe a ɛto so aduasa no, ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so anum no, na meka wɔn a wɔatwa wɔn asu akɔ amannɔne no ho. Mewɔ Asubɔnten Kebar ho no, ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn wɔ anisoadehu mu.

2Ɔsram no da a ɛto so anum no na ɔhene Yehoiakin adi mfe anum wɔ asutwa mu. 3Awurade asɛm baa Busi babarima Hesekiel a ɔyɛ ɔsɔfo no nkyɛn wɔ Asubɔnten Kebar ho wɔ Babilonia asase so. Ɛhɔ na Onyankopɔn nsa baa ne so.

4Mehwɛe, na mihuu sɛ ahum kɛse bi fi atifi fam reba, omununkum kɛse bi a ɛretwa anyinam na hann bi a ano yɛ den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te sɛ dade a asɔ kɔɔ. 5Na ogya no mu na na wohu biribi te sɛ ateasefo baanan. Na wɔn su te sɛ onipa, 6wɔn mu biara anim yɛ anan na wɔwowɔ ntaban anan anan. 7Wɔn anan yɛ kirebenn, wɔn anammɔn te sɛ nantwi ba de na ɛhyerɛn te sɛ kɔbere mfrafrae a wɔahoa ho. 8Wɔwowɔ nnipa nsa wɔ ntaban a ɛwowɔ afaafa anan no ase. Wɔn mu biara wɔ nnipa nsa anan a baako wɔ ntaban biara ase, 9na wɔn ntaban keka sisi anim. Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee a wɔnnan wɔn ho.

10Na sɛɛ na wɔn anim tete: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, wɔwɔ gyata anim wɔ nifa so, wɔwɔ nantwi anim wɔ benkum so; na wɔn mu biara nso wɔ ɔkɔre anim. 11Saa na na wɔn anim tete. Wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu kɔ soro; na wɔn mu biara wɔ ntaban abien abien, a mu biara si ɔfoforo de anim wɔ benkum ne nifa, na ntaban abien nso katakata wɔn ho. 12Obiara kɔ nʼanim tee. Baabiara a honhom no bɛkɔ no, hɔ na wɔbɛkɔ a wɔnnan wɔn ho. 13Ateasefo no suban te sɛ nnyansramma a ɛredɛw anaa ogyatɛn. Ogya di akɔneaba wɔ ateasefo no mu; ɛhyerɛn na mu na anyinam fi twitwa. 14Na ateasefo no de mmirika di akɔneaba te sɛ anyinam a ɛretwitwa.

15Bere a merehwɛ ateasefo no, mihuu sɛ nkyimii si fam wɔ ateasefo a wɔn mu biara anim yɛ anan no nkyɛn mu. 16Sɛɛ na na nkyimii no bɔbea te: Etwa yerɛw yerɛw te sɛ sikabereɛbo, na anan no nyinaa sesɛ. Wɔayɛ mu biara te sɛ nkyimii a ɛtoa nkyimii foforo mu. 17Sɛ nkyimii no nam a wɔkɔ faako a ateasefo no ani kyerɛ; nkyimii no nnan wɔn ho bere a ateasefo no nam no. 18Wɔn hankare no korɔn, na ɛyɛ hu, na aniwa tuatua hankare anan no nyinaa ho.

19Sɛ ateasefo no nantew a nkyimii a ɛbatabata wɔn ho no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefo no ma wɔn ho so fi fam a nkyimii no nso ma wɔn ho so. 20Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ateasefo no nso bɛkɔ, na nkyimii no bɛka wɔn ho ama wɔn ho so, efisɛ ateasefo no honhom wɔ nkyimii no mu. 21Sɛ ateasefo no tu teɛ a nkyimii no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefo no gyina a, wɔn nso gyina; sɛ ateasefo no pagyaw wɔn ho a nkyimii no ne wɔn pagyaw wɔn ho, efisɛ ateasefo no honhom wɔ nkyimii no mu.

22Na ntrɛwmu bi wɔ ateasefo no atifi a etwa yerɛw yerɛw te sɛ sukyerɛmma, na ɛyɛ hu. 23Na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban no mu asisi anim wɔ ntrɛwmu no ase, na ateasefo no mu biara wɔ ntaban abien a ɛkata ne ho. 24Ateasefo no tu teɛe no, metee wɔn ntaban no nnyigyei a ɛte sɛ asu a ɛworo, te sɛ Otumfo no nne, anaa asraafo huuyɛ. Sɛ wogyina a wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu.

25Na nne bi fi ntrɛwmu a ɛkata wɔn so no atifi bae, bere a wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu na wogyinagyina hɔ no. 26Na biribi a ɛte sɛ aboɔdemmo ahengua wɔ ntrɛwmu a ɛkata ateasefo no atifi no so, na biribi a ɛte sɛ onipa te ahengua so wɔ ɔsoro hɔ. 27Mihuu sɛ efi nea ayɛ sɛ nʼasen mu rekɔ ne soro no na ɔte sɛ dade a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na efi hɔ reba ne fam no na ɔte sɛ ogyaframa; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia. 28Sɛnea nyankontɔn to wɔ omununkum mu osutɔ da no, saa ara na hann a atwa ne ho ahyia no te.

Eyi yɛ Awurade anuonyam ahoyi no sɛso. Na mihui no, mede mʼanim butuw fam, na metee obi a ɔrekasa nne.

Nueva Versión Internacional

Ezequiel 1:1-28

1En el día quinto del mes cuarto del año treinta, mientras me encontraba entre los deportados a orillas del río Quebar, los cielos se abrieron y recibí visiones de Dios.

2Habían transcurrido cinco años y cinco meses desde que el rey Joaquín fue deportado. 3En este tiempo, mientras el sacerdote Ezequiel, hijo de Buzí, estaba a orillas del río Quebar, en la tierra de los babilonios,1:3 Lit. caldeos. el Señor le dirigió la palabra y su mano estaba sobre él.

4De pronto me fijé y vi que del norte venía un viento huracanado con una nube inmensa rodeada de un fuego fulgurante y gran resplandor. En medio del fuego se veía algo semejante a un metal refulgente. 5También en medio del fuego vi algo parecido a cuatro seres vivientes que tenían forma humana. 6Cada uno de ellos tenía cuatro caras y cuatro alas. 7Sus piernas eran rectas; y sus pies parecían pezuñas de becerro y brillaban como el bronce bruñido. 8En sus cuatro costados, debajo de las alas, tenían manos humanas. Los cuatro seres tenían alas y caras, 9y las alas se tocaban entre sí. Cuando avanzaban no se volvían, sino que cada uno caminaba de frente.

10Sus rostros tenían el siguiente aspecto: de frente, los cuatro tenían rostro humano; a la derecha tenían cara de león; a la izquierda, de toro; y por detrás, de águila. 11Así eran sus caras. Sus alas se desplegaban hacia arriba. Con dos alas se tocaban entre sí, mientras que con las otras dos se cubrían el cuerpo. 12Los cuatro seres avanzaban de frente, iban adonde el espíritu los impulsaba y no se volvían al andar. 13Estos seres vivientes parecían carbones encendidos o antorchas que se movían de un lado a otro. El fuego resplandecía y de él se desprendían relámpagos. 14Los seres vivientes se desplazaban de un lado a otro con la rapidez de un rayo.

15Miré a los seres vivientes de cuatro caras; entonces vi que en el suelo, junto a cada uno de ellos, había una rueda. 16Las cuatro ruedas tenían el mismo aspecto, es decir, brillaban como el topacio y tenían la misma forma. Su estructura era tal que cada rueda parecía estar encajada dentro de la otra. 17Las ruedas podían avanzar en las cuatro direcciones sin tener que volverse. 18Las cuatro ruedas tenían aros altos e impresionantes, y estaban llenas de ojos por todas partes.

19Cuando los seres vivientes avanzaban, las ruedas se movían con ellos y, cuando se levantaban del suelo, también se levantaban las ruedas. 20Los seres iban adonde el espíritu los impulsaba, y las ruedas se elevaban juntamente con ellos, porque el espíritu de los seres vivientes estaba en las ruedas. 21Cuando los seres se movían, las ruedas también se movían; cuando se detenían, las ruedas también se detenían; cuando se elevaban del suelo, las ruedas también se elevaban. Las ruedas hacían lo mismo que ellos, porque el espíritu de los seres vivientes estaba en las ruedas.

22Sobre las cabezas de los seres vivientes había una gran expansión, muy hermosa y reluciente como el cristal. 23Debajo de esa expansión, las alas de estos seres se extendían y se tocaban entre sí. Además, cada uno de ellos tenía otras dos alas con las que se cubría el cuerpo. 24Cuando los seres avanzaban, yo podía oír el ruido de sus alas: era como el estruendo de muchas aguas, como la voz del Todopoderoso, como el tumultuoso ruido de un ejército. Cuando se detenían, replegaban sus alas.

25Luego, mientras estaban parados con sus alas replegadas, se produjo un estruendo por encima de la expansión que estaba sobre sus cabezas. 26Por encima de esa expansión había algo semejante a un trono de zafiro. Sobre lo que parecía un trono había una figura de aspecto humano. 27De lo que parecía ser su cintura para arriba, vi algo que brillaba como el metal refulgente, rodeado de fuego. De su cintura para abajo, vi algo semejante al fuego y un resplandor a su alrededor. 28El resplandor era semejante al del arcoíris cuando aparece en las nubes en un día de lluvia.

Tal era el aspecto de la gloria del Señor. Ante esa visión, caí rostro en tierra y oí que la voz de alguien que hablaba.