Hebrifo 8 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hebrifo 8:1-13

Wɔde Kristo Bɔɔ Afɔre

1Asɛm a yegyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanyin a ɔte Otumfo a ɔwɔ ɔsoro no ahengua no nifa, 2na ɔsom sɛ Ɔsɔfopanyin wɔ Kronkronbea a ɛyɛ nokware ntamadan a ɛnyɛ onipa biara na osii, sɛ Awurade no mu hɔ.

3Woyi Ɔsɔfopanyin biara sɛ ɔmfa akyɛde ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔre. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanyin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔre. 4Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfo koraa efisɛ asɔfo wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔde ma, sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no. 5Nanso dwuma a wodi sɛ asɔfo no yɛ ɔsoro nsusuwso bi kwa. Eyi nti na wɔbɔɔ Mose kɔkɔ bere a ɔpɛɛ sɛ osi ntamadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Si no sɛnea merekyerɛ wo wɔ bepɔw no so pɛpɛɛpɛ.” 6Afei de, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn de no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛe no ntamgyinafo.

7Sɛ na apam a edi kan no ye a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛto so abien no. 8Nanso Onyankopɔn huu mfomso wɔ ne nkurɔfo ho bere a ɔkae se,

“Nna bi reba, Awurade na ose,

a me ne Israelfo ne Yuda abusuakuw

bɛhyehyɛ apam foforo.

9Ɛrenyɛ sɛ apam a

me ne wɔn agyanom yɛɛ no

bere a misoo wɔn nsa

dii wɔn anim fii Misraim no.

Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no ho nokware,

ɛno nti mantew mʼani anhwɛ wɔn,

Awurade na ose.

10Afei eyi ne apam a me ne Israelfo bɛhyehyɛ wɔ

bere a ɛreba no mu, Awurade na ose:

Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu

na makyerɛw agu wɔn koma mu.

Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn

na wɔayɛ me nkurɔfo.

11Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko

anaa ne kuromni se, ‘Hu Awurade!’

Efisɛ wɔn nyinaa behu me fi

akumaa so kosi ɔkɛse so.

12Mehu wɔn mmɔbɔ wɔ wɔn bɔne ho;

na merenkae wɔn bɔne bio.”

Nhyehyɛe Dedaw No

13Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforo” no ama nea wɔyɛɛ kan no ayɛ dedaw; na biribiara a enyin yɛ dedaw no nkyɛ yera.

Asante Twi Contemporary Bible

Hebrifoɔ 8:1-13

Wɔde Kristo Bɔɔ Afɔdeɛ

1Asɛm a yɛgyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanin a ɔte Otumfoɔ a ɔwɔ ɔsoro no ahennwa no nifa. 2Ɔsom sɛ Ɔsɔfopanin wɔ Kronkronbea hɔ a ɛyɛ ntomadan a ɛwɔ ɔsoro. Saa ntomadan yi, Awurade ankasa na ɔsiiɛ na ɛnyɛ onipa.

3Wɔyi Ɔsɔfopanin biara sɛ ɔmfa akyɛdeɛ ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɛno enti ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ. 4Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfoɔ koraa ɛfiri sɛ, asɔfoɔ wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔdeɛ ma, sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no. 5Nanso dwuma a wɔdi sɛ asɔfoɔ no yɛ ɔsoro nsususoɔ bi kwa. Ɛte sɛ Mose berɛ so deɛ no ara pɛ. Ɛberɛ a ɔpɛɛ sɛ ɔsi ntomadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Si no sɛdeɛ merekyerɛ wo wɔ bepɔ no so pɛpɛɛpɛ.” 6Afei deɛ, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn deɛ no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wɔgyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛeɛ no ntamgyinafoɔ.

7Sɛ na apam a ɛdi ɛkan no yɛ a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛtɔ so mmienu no. 8Nanso, Onyankopɔn hunuu mfomsoɔ wɔ ne nkurɔfoɔ ho ɛberɛ a ɔkaa sɛ,

“Nna bi reba, Awurade na ɔseɛ,

a me ne Israelfoɔ ne Yuda abusuakuo

bɛhyehyɛ apam foforɔ.

9Ɛrenyɛ sɛ apam a

me ne wɔn agyanom yɛeɛ no

ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa

dii wɔn anim firii Misraim no.

Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no ho nokorɛ,

ɛno enti mante mʼani anhwɛ wɔn,

Awurade na ɔseɛ.

10Afei, yei ne apam a me ne Israelfoɔ bɛhyehyɛ

ɛberɛ a ɛreba no mu, Awurade na ɔseɛ:

Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem

na matwerɛ agu wɔn akoma mu.

Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn,

na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.

11Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko

anaa ne kuromni sɛ, ‘Hunu Awurade,’

ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me firi

akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so.

12Mɛhunu wɔn mmɔbɔ wɔn bɔne ho;

na merenkae wɔn bɔne bio.”

Nhyehyɛeɛ Dada No

13Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforɔ” no ama deɛ wɔyɛɛ kane no ayɛ dada; na biribiara a anyini ayɛ dada no nkyɛre yera.