Hebrifo 6 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hebrifo 6:1-20

1Momma yennyae Kristo mfiase ho nkyerɛkyerɛ na yensua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Ɛho nhia bio sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yenu yɛn ho wɔ nneyɛe a ɛde owu brɛ yɛn ne nea enti a ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu gyidi no ho. 2Ɛho nhia nso sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ asubɔ, nsa a wɔde gu nnipa so, awufosɔre ne daa atemmu ho nsɛm bio. 3Momma yɛnkɔ yɛn anim! Na sɛ Onyankopɔn ma kwan a saa ara na yɛbɛyɛ.

Ɔpo Ho Amanehunu

4Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsan de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛde hwɛe, na wonyaa wɔn kyɛfa wɔ Honhom Kronkron no mu. 5Wofi osuahu mu ahu sɛ Onyankopɔn asɛm ye, na wɔahu wiase a ɛreba no mu tumi. 6Nanso ɛno akyi no wɔhwee ase. Enti ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn bɛsan aba bio sɛ wommenu wɔn ho, efisɛ wɔresan abɔ Onyankopɔn Ba no asennua mu nam so agu nʼanim ase akyerɛ. 7Onyankopɔn hyira asase a ɛnom osu a ɛtɔ gu so na ɛma afifide yɛ yie ma wɔn a wɔn nti woduae no. 8Na sɛ nsɔe ne nwura hunu fifi wɔ so a, enye mma hwee. Onyankopɔn bɛdome no na wɔde ogya asɛe no.

9Nanso me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yenim pefee sɛ ade pa bi a nkwagye bata ho befi mo mu aba. 10Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ. Ne werɛ remfi adwuma a moyɛe anaa ɔdɔ a modaa no adi maa no ne mmoa a mode boaa mo mfɛfo Kristofo na mugu so de boa wɔn no. 11Nea yɛrehwehwɛ ne sɛ mo mu biara bɛboa no mmɔdemmɔ so de akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka ade a mo ani da so no. 12Yɛmpɛ sɛ moyɛ anihaw. Na mmom, yɛpɛ sɛ yehu mo sɛ agyidifo a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no.

Abraham So Nhwɛso

13Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa nea wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sen no no nti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no. 14Ɔkaa ntam no se, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mehyira wo na mama wʼase adɔ.” 15Na Abraham wɔ ntoboase nti, ne nsa kaa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no.

16Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sen no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam. 17Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no se ɔrensesa nʼatirimsɛm, nti ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no mu den. 18Saa nneɛma abien yi na ɛrentumi nsesa na Onyankopɔn ntumi nni ho atoro. Enti yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yenso yɛn anidaso no mu yiye. 19Yɛwɔ saa anidaso yi sɛ ɔkra sɛkyɛ. Etim hɔ, na ɛma yɛhyɛn tra ntwamtam no kosi Kronkron mu Kronkron hɔ. 20Yesu asi yɛn anan mu adi yɛn kan kɔ hɔ. Wayɛ Ɔsɔfopanyin afebɔɔ sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

希伯来书 6:1-20

1所以我们要离开有关基督的初级道理,努力迈向成熟,而不是再次打基础:教导为致死的行为悔改、信靠上帝、 2各种洗礼、按手礼、死人复活、永远的审判等道理。 3上帝若许可,我们会这样做。

4有些人曾蒙上帝光照,尝过天赐恩典的滋味,有份于圣灵, 5尝过上帝之道的甘美,领悟到永世的权能, 6却背弃了真道,让他们重新悔改是不可能的。因为他们等于把上帝的儿子重新钉在十字架上,使祂再度公开受辱。 7一块经常受到雨水滋润的田地若为耕种的人长出庄稼来,就蒙上帝赐福; 8若长出来的尽是荆棘和蒺藜,就毫无价值,它会面临被咒诅的危险,最后必遭焚烧。

9亲爱的弟兄姊妹,虽然我们这样说,却深信你们的光景比这强,有得救的表现。 10因为上帝并非不公义,以致忘记你们为祂所做的工作以及你们过去和现在服侍圣徒所表现的爱心。 11愿你们各人从始至终表现出同样的殷勤,以便对所盼望的有完全的把握。 12这样,你们就不致懒散,可以效法那些凭信心和忍耐承受应许的人。

上帝的应许可靠

13当初,上帝向亚伯拉罕许下诺言的时候,因为没有比自己更大的可以凭着起誓,就凭自己起誓说: 14“我必赐福给你,使你子孙众多。” 15亚伯拉罕经过耐心的等待,得到了上帝的应许。

16人总是指着比自己更大的起誓,并用誓言作保证,了结各样的争论。 17同样,上帝为要向承受应许的人显明祂的旨意绝不更改,就用誓言向他们保证。 18上帝绝不说谎,祂将永不改变的应许和誓言给了我们,使我们这些寻找避难所、持定摆在前面之盼望的人可以大得鼓励。 19我们有这盼望作我们灵魂的锚,既安稳又可靠,一直通往圣幕里面的至圣所。 20耶稣照麦基洗德的模式成了永远的大祭司,祂替我们先进入了圣幕内。