Hebrifo 12 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hebrifo 12:1-29

Yɛn Agya Nyankopɔn

1Yɛn de, yɛwɔ nnansefo bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfi akwanside nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn denneennen no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho wɔ mmirikakansi a ɛda yɛn anim no mu. 2Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidi mfiase ne nʼawie gyina ne so no so. Asennua no nti wampa abaw. Esiane anigye a na ɛretwɛn no no nti, animguasewu a owui wɔ asennua so no anhaw no. Enti mprempren ɔte Onyankopɔn ahengua no nifa so. 3Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfo tan a wɔtan no nso, otumi gyinaa ano no. Ɛno nti mommpa abaw. 4Na mo ne bɔne ko mu no, monko nkoduu sɛ mubehwie mogya agu.

Onyankopɔn Asotwe Fata Yɛn

5Mo werɛ afi nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo, sɛnea agya kasa kyerɛ ne mma no? Se,

“Me ba, sɛ Awurade teɛ wo a, tie no yiye,

na sɛ ɔka wʼanim a, mpa abaw.

6Efisɛ obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso

sɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no.”

7Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, munnhinhim na momfa no sɛ Agya no nteɛso, efisɛ mo amanehunu no kyerɛ nteɛso a Onyankopɔn wɔ ma ne mma. Na dɛn nti na agya ntwe ne mma aso? 8Sɛ wanteɛ mo sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monnyɛ ne mma kann. 9Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso ma yebuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yetumi tena ase? 10Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛnea wɔpɛ wɔ bere tiaa bi. Nanso yɛn yiyedi nti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea yɛn ho bɛtew. 11Sɛ wɔtwe yɛn aso a ɛma yɛn werɛ how wɔ saa bere no mu na yɛn ani nnye. Na akyiri no a wɔn a wɔfa saa asotwe no mu no nya wɔn ho ntease no, wonya asomdwoe na wɔtena ase trenee mu.

12Monhyehyɛ nsa ne nkotodwe a emu agugow no mu den. 13Munsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafo, na mmom, wɔasa wɔn yare.

14Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoe mu, na mommɔ mmɔden ntena ase trenee mu. Anyɛ saa a, morenhu Awurade. 15Monhwɛ yiye na mo mu bi annan nʼakyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ sɛ afifide a ɛyɛ nwen a enyin ma ne bɔnwoma no haw afoforo. 16Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ oguamanfo ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ Esau a obuu nʼani guu nʼagyapade so tɔn nʼabakan a ɔyɛ de gyee aduan no. 17Na afei eduu bere bi a ɔpɛɛ sɛ ne nsa ka nʼagya hɔ nhyira no, ɔde kamee no. Ɛwɔ mu sɛ ɔde nusu peree sɛ wanya adwensakra de, nanso anyɛ yiye.

Onyankopɔn Anuonyam

18Munhyiaa nneɛma a ɛyɛ hu, ogyatannaa, awerɛhow, sum ne ahum sɛnea Israelfo no hyiaa wɔ Sinai Bepɔw no so bere a Onyankopɔn de ne mmara no mae no. 19Efisɛ na wɔrebɔ torobɛnto denneennen a nne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu, nti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn sɛ onnyae kasa, 20efisɛ na wontumi nni mmara a na ɛka se, “Sɛ mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔw no a, ɛsɛ sɛ wosiw no abo kum no” no so. 21Na beae hɔ yɛ hu ara kosii sɛ Mose kae se. “Misuro, na me ho popo.”

22Na mo de, moaba Sion Bepɔw so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kurow, ɔsorosoro Yerusalem a ɔsoro abɔfo mpempem wɔ mu no mu. 23Moaba Onyankopɔn asafomma dedaw a wɔn ani gye wɔn ho a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa temmufo ne atreneefo a wɔayɛ wɔn pɛ no mu. 24Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforo ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sen Habel mogya no ho.

25Monhwɛ mo ho so yiye na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔantie nea ɔkasa fii asase so no amfa wɔn ho anni. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aguan afi nea ɔkasa fi ɔsoro no ho na yɛafa yɛn ho adi? 26Ne nne wosow asase saa bere no, nanso mprempren wahyɛ bɔ se, “Ɛnyɛ asase nko na mɛsan awosow no, na mɛwosow ɔsoro nso bio saa ara.” 27Nsɛm “Nso bio saa ara” no da no adi pefee sɛ ɔbɛwosow nneɛma a wɔbɔɔ no na atutu afi wɔn anan mu na nneɛma a wontumi nwosow no aka.

28Momma yɛnna so ase, efisɛ yɛanya ahenni a wɔwosow no a ɛnyɛ yiye. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɔkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ nidi ne osuro so nsom no, 29efisɛ nokware ni, yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew na ɛsɛe ade.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

希伯來書 12:1-29

仰望耶穌

1既然有這麼多見證人像雲彩一般圍繞著我們,我們就要放下一切重擔,擺脫容易纏累我們的罪,以堅忍的心奔跑我們前面的賽程, 2定睛仰望為我們的信心創始成終的耶穌。祂為了擺在前面的喜樂,就輕看羞辱,忍受了十字架的痛苦,如今已坐在上帝寶座的右邊。 3你們要思想忍受罪人如此頂撞的主,免得疲倦灰心。

愛的管教

4其實你們與罪惡搏鬥,還沒有抵擋到流血的地步。 5你們難道忘了那像勸勉兒子一樣勸勉你們的話嗎?「孩子啊,不可輕視主的管教,被祂責備的時候也不要灰心。 6因為主管教祂所愛的人,責罰12·6 責罰」希臘文是「鞭打」之意。祂收納的兒子。」

7你們要忍受管教,上帝對待你們如同對待自己的兒子。哪有兒子不受父親管教的呢? 8做子女的都會受管教,如果沒人管教你們,那你們就是私生子,不是兒子。 9再者,我們的生身父親管教我們,我們尚且敬重他們,何況是萬靈之父上帝管教我們,我們豈不更要順服祂並得到生命嗎? 10我們的生身父親是按自己以為好的標準暫時管教我們,但上帝是為了我們的益處而管教我們,使我們可以在祂的聖潔上有份。 11被管教的滋味絕不好受,當時都很痛苦,但事後那些受過管教的人會收穫公義和平安的果子。 12所以,你們要舉起下垂的手,挺直發酸的腿, 13修直腳下的路,使瘸腿的人不致扭傷腳,反得痊癒。

切勿違背上帝

14你們要盡力與大家和睦相處,並要追求聖潔的生活,因為不聖潔的人不能見主。 15你們要謹慎,以免有人失去上帝的恩典,長出苦毒的根擾亂你們,玷污眾人。 16要小心,免得有人像以掃那樣淫亂、不敬虔。他為了一時的口腹之慾,賣了自己長子的名分。 17你們知道,他後來想要承受父親對長子的祝福,卻遭到拒絕,雖然聲淚俱下,終無法使父親回心轉意。

18你們並非來到那座摸得到、有火焰、烏雲、黑暗、狂風、 19號角聲和說話聲的西奈山,聽見這些聲音的人都哀求不要再向他們說話了。 20因為他們承擔不了所領受的命令:「即便是動物靠近這山,也要用石頭打死牠!」 21那情景實在可怕,就連摩西也說:「我嚇得發抖。」

22但你們現在來到了錫安山,永活上帝的城邑,天上的耶路撒冷,歡聚著千萬天使的地方。 23這裡有名字記錄在天上的眾長子的教會,有審判眾人的上帝和已達到純全的義人的靈魂, 24還有新約的中保耶穌和祂所流的血。這血比亞伯的血發出更美的信息。

25你們必須謹慎,切勿拒絕對你們說話的上帝。因為以色列人違背了在地上警戒他們的人,尚且逃脫不了懲罰,何況我們違背從天上警戒我們的上帝呢? 26那時上帝的聲音震動了大地,但現在祂應許說:「再一次,我不單要震動地,還要震動天。」 27「再一次」這句話是指上帝要挪去可以被震動的受造之物,使不能被震動的可以長存。 28那麼,既然我們承受的是一個不能被震動的國度,就要感恩,用虔誠和敬畏的心事奉上帝,討祂喜悅。 29因為我們的上帝是烈火。