Hebrifo 11 – AKCB & SZ-PL

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hebrifo 11:1-40

Onyankopɔn Ma Gyidi

1Gyidi yɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani da so ne awerehyɛmu a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani nhu mu. 2Gyidi a na tetefo no wɔ nti na wonyaa adanse pa.

3Gyidi na ɛma yɛte ase sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ wiase. Ɛma yehu sɛ wɔbɔɔ nea wohu fii nea wonhu mu.

4Ɛnam gyidi so na Habel bɔɔ afɔre a ɛsɔ ani kyɛn nea Kain de maa Onyankopɔn no. Ne gyidi nti, Onyankopɔn buu no sɛ onipa trenee, na nʼakyɛde no sɔɔ Onyankopɔn ani. Na ɛno so na ɔnam wui a nnɛ mpo ɔda so kasa.

5Gyidi nti, wɔfaa Henok kɔɔ ɔsoro a wanhu owu. Obiara anhu no, efisɛ Onyankopɔn na ɔfaa no kɔe. Kyerɛwsɛm no ka se ansa na wɔrebɛfa Henok akɔ no, na wasɔ Onyankopɔn ani. 6Obiara a onni gyidi rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidi sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no no.

7Gyidi nti na ɛmaa Noa tee Onyankopɔn kɔkɔ a ɔbɔ faa daakye nneɛma a bi nsii da no ho, otiee Onyankopɔn yɛɛ adaka a mu na wogyee ɔno ne ne fifo nkwa. Ɛnam so maa Onyankopɔn buu wiase fɔ, na Noa de, ne nsa kaa trenee a wonya fi gyidi mu no.

8Gyidi nti na bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no no so no, otiei na ɔkɔe. Ogyaw ne man hɔ kɔe a na onnim faako a ɔrekɔ. 9Gyidi nti ɔtenaa asase a na Onyankopɔn ahyɛ no ho bɔ no so sɛ ɔhɔho. Ɔne Isak ne Yakob a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ koro no ara bi tenaa ntamadan mu. 10Nanso na Abraham retwɛn kurow kɛse bi a Onyankopɔn akyekyere a ne fapem rensɛe da mu akɔtena. 11Gyidi nti na Sara nso de nyaa tumi nyinsɛnee, bere a na wanyin na ontumi nwo no. Ɔde ne ho too Onyankopɔn so se obedi ne bɔhyɛ so. 12Ɛno nti, ɛwɔ mu sɛ na Abraham regye nna awu de, nanso nʼasefo adɔɔso sɛ wim nsoromma ne mpoano nwea.

13Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa wuwui. Ɛwɔ mu sɛ wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no de, nanso wohuu no wɔ akyirikyiri yɛɛ no atuu, gye dii sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ asase so. 14Wɔn a wɔka saa no da no adi pefee sɛ wɔrehwehwɛ wɔn ankasa wɔn man. 15Wɔannwene ɔman a wogyaw wɔ wɔn akyi no ho. Sɛ wɔyɛɛ no saa a, anka wobetumi anya ɔkwan asan wɔn akyi akɔ hɔ. 16Na mmom, ɔman pa a ɛyɛ ɔsoro man no na na wɔrepere. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔma wɔfrɛ no wɔn Nyankopɔn, efisɛ wasiesie ɔman bi ama wɔn.

17Gyidi nti Abraham de ne ba Isak kɔbɔɔ afɔre bere a Onyankopɔn sɔɔ no hwɛe. Abraham nko ara ne onipa a na Onyankopɔn ahyɛ no bɔ no, nanso na wasiesie ne ho sɛ ɔde ne ba koro no bɛbɔ afɔre. 18Na Onyankopɔn aka akyerɛ no se, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛterɛw.” 19Na Abraham nim sɛ Onyankopɔn betumi anyan awufo afi owu mu, na ɔkwan bi so no, yebetumi aka se Onyankopɔn nyan Isak fii owu mu.

20Gyidi nti na ɛmaa Isak hyiraa Yakob ne Esau maa wɔn daakye asetena.

21Gyidi nti na ɛmaa Yakob hyiraa Yosef mma no nyinaa ansa na ɔrewu. Obutuw ne pema so sɔree Onyankopɔn.

22Gyidi nti na Yosef rebewu no, ɔka kyerɛɛ Israelfo se, wobetu afi Misraim, na ɔhyɛɛ nea sɛ owu a, wɔnyɛ nʼamu no.

23Gyidi nti na ɛmaa Mose awo akyi no, nʼawofo de no siee asram abiɛsa no. Wohuu sɛ na ɔyɛ sononko, enti na wɔansuro sɛ wobebu ɔhene no mmara so no.

24Gyidi nti na Mose nyin no, wampɛ sɛ wɔbɛfrɛ no Farao babea ba no. 25Na ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn mma behu amane sen sɛ obegye nʼani wɔ bɔne mu mmere tiaa bi. 26Osusuw sɛ, sɛ ohu amane ma Kristo a, eye sen agyapade a ɛwɔ Misraim nyinaa, efisɛ na nʼani da ade pa bi so daakye. 27Gyidi nti na ɛmaa Mose tu fii Misraim a na onsuro ɔhene no abufuw. Omiaa nʼani sɛ ɔrensan nʼakyi, efisɛ na wahu Onyankopɔn a obi nhu no no. 28Gyidi nti na ɔhyɛɛ Twam Afahyɛ no ma wɔde mogya petee apon ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔsɛebɔfo no renkum Israelfo mmakan a wɔyɛ mmarima no.

29Gyidi nti na ɛmaa Israelfo no twaa Po Kɔkɔɔ sɛnea wɔnam asase kesee so no. Misraimfo no pɛɛ sɛ wotwa bi no, asu no bu faa wɔn so.

30Gyidi nti na Israelfo de nnanson twaa Yeriko afasu ho hyia dwiriw gui no.

31Gyidi nti na wɔankum aguaman Rahab amfra wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no, efisɛ ogyee akwansrafo no fɛw so.

Gyidi Foforo Bi

32Afei dɛn na menka? Bere bebree nni hɔ sɛ mɛka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifo no ho asɛm. 33Wɔnam gyidi so koo amanko, dii nkonim ma wɔn nsa kaa nea Onyankopɔn hyɛɛ wɔn ho bɔ no. Wɔkataa gyata ano, 34dum ogyatannaa, tetew wɔn ho fii afoawu ano. Na wɔyɛ mmerɛw, nanso wɔyɛɛ den. Na wɔyɛ den wɔ akono, enti wodii wɔn atamfo so. 35Ɛnam gyidi so ma wonyan mmea bi awufo maa wɔn. Wɔyɛɛ afoforo bi nso ayayade sɛ anka wɔmpa Onyankopɔn na wonnyaa wɔn. Nanso wɔampo Onyankopɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka daakye wusɔre a ɛkyɛn so no. 36Woguu afoforo anim ase, bɔɔ wɔn mmaa, na wɔkyekyeree ebinom de wɔn guu afiase. 37Wosiw ebinom abo. Wɔde sradaa paee ebinom mu abien, de afoa kum bi. Wokyinkyin sɛ nnipa a nguan ne mmirekyi nwoma kata wɔn ho. Wɔyɛɛ mmɔbɔ. Wɔn ho hiaa wɔn na wohuu amane. 38Wiase yi annye amma wɔn. Wokyinkyin sɛ atutenafo wɔ sare ne mmepɔw so, abodan ne asase so abon mu.

39Wodii eyinom nyinaa ho adanse pa wɔ wɔn gyidi ho, nanso wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no, 40efisɛ Onyankopɔn wɔ tirimupɔw papa bi ma yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne wɔn nyinaa bɛbɔ mu anya bɔhyɛ no.

Słowo Życia

Hebrajczyków 11:1-40

Przez wiarę

1Wiara jest gwarancją spełnienia się naszej nadziei i dowodem na istnienie niewidzialnej rzeczywistości. 2Ze względu na nią, w przeszłości Bóg okazywał przychylność naszym przodkom.

3Dzięki wierze wiemy, że cały wszechświat powstał na rozkaz Boga i że wszystko, co widzimy, wzięło swój początek ze świata, którego nie widać.

4Dzięki wierze Abel złożył lepszą ofiarę niż Kain. Bóg zaś—przyjmując dar Abla—potwierdził jego prawość. Choć on sam umarł, jego wiara nadal przemawia, będąc przykładem dla innych.

5Również dzięki wierze Bóg zabrał do siebie Henocha, który nie doświadczył śmierci. Nikt nie mógł go odnaleźć na ziemi, bo został zabrany przez Boga. Ale zanim to się stało, Bóg potwierdził, że obdarzył go swoją przychylnością. 6Bez wiary nie można bowiem podobać się Bogu. Każdy, kto chce do Niego przyjść, musi więc uwierzyć, że On istnieje i nagradza tych, którzy Go szukają.

7Dzięki wierze Noe zbudował okręt, aby ratować swoją rodzinę. Usłyszał bowiem o tym, co miało się wydarzyć, i głęboko się tym przejął. Jego wiara stała się wyrokiem dla reszty świata, dla niego zaś—podstawą Bożej przychylności.

8Dzięki wierze Abraham posłuchał Boga i wyruszył do kraju, który miał otrzymać od Niego w darze. Poszedł, nie wiedząc nawet, dokąd idzie. 9Dzięki wierze zamieszkał tam jako cudzoziemiec. Podobnie postąpili Izaak i Jakub, którzy również otrzymali tę samą obietnicę od Boga. 10Abraham był posłuszny Bogu, ponieważ czekał na miasto zbudowane na trwałych fundamentach, którego architektem i budowniczym jest sam Bóg.

11Dzięki wierze Sara, która nie mogła mieć dzieci, pomimo podeszłego wieku zaszła w ciążę. Uznała bowiem, że Bóg, który złożył jej obietnicę, jest godny zaufania. 12Dzięki temu z jednego człowieka—Abrahama, męża Sary—Bóg wywiódł cały naród Izraela. Mimo że Abraham był już bliski śmierci, Bóg uczynił go ojcem narodu, który jest tak liczny, jak gwiazdy na niebie i piasek na brzegu morza.

13Wymienieni tu ludzie wiary umarli i nie doczekali się spełnienia wszystkich obietnic. Ujrzeli je jednak z daleka i ucieszyli się z tego. Uznali też, że na tej ziemi są jedynie cudzoziemcami i wędrowcami, będącymi z dala od domu. 14Pokazali przez to, że szukają prawdziwej ojczyzny. 15Nie mieli jednak na myśli jakiegoś ziemskiego kraju, który wcześniej opuścili. Gdyby bowiem tak było, mogliby przecież do niego wrócić. 16Ojczyzną, do której zmierzali, był jednak prawdziwy dom w niebie. Dlatego Bóg nie wstydzi się mówić, że jest ich Bogiem. Dla nich też zbudował w niebie miasto.

17Dzięki wierze Abraham, gdy był poddany próbie, ofiarował na ołtarzu swojego jedynego syna, Izaaka. Uczynił to, mimo że wcześniej otrzymał obietnicę: 18„Twoi potomkowie będą się wywodzić od Izaaka”, 19był bowiem przekonany, że Bóg jest w stanie ożywić jego syna. I właśnie dlatego odzyskał go.

20Dzięki wierze Izaak pobłogosławił przyszłość Jakuba i Ezawa—swoich synów. 21Jakub zaś, umierając, dzięki wierze pobłogosławił synów Józefa i—podpierając się laską—oddał pokłon Bogu. 22Z kolei Józef, będąc bliski śmierci, dzięki wierze wspomniał o przyszłym wyjściu Izraelitów z Egiptu i polecił, aby zabrano wówczas z Egiptu jego prochy.

23Dzięki wierze rodzice nowo narodzonego Mojżesza ukrywali go przez trzy miesiące. Widzieli bowiem, że Bóg dał im wyjątkowe dziecko, i nie przestraszyli się rozkazów faraona. 24Mojżesz zaś, gdy dorósł, dzięki wierze nie zgodził się, by uznano go za syna córki faraona. 25Wolał cierpieć razem z ludem Bożym niż korzystać z przemijających przyjemności grzechu. 26Uznał bowiem, że bycie poniżonym ze względu na Chrystusa jest warte więcej, niż wszystkie skarby Egiptu. Oczekiwał bowiem nagrody od Boga. 27To dzięki wierze opuścił Egipt i nie przestraszył się gniewu faraona, dostrzegał bowiem to, czego inni nie widzieli. 28Dzięki wierze również zarządził Paschę i nakazał Izraelitom oznaczyć drzwi krwią baranka. Dzięki temu anioł, który uśmiercał najstarszych synów we wszystkich rodzinach, oszczędził Izraelitów.

29Dzięki wierze Izraelici suchą stopą przeszli Morze Czerwone, mimo że ścigający ich Egipcjanie zostali pochłonięci przez wodę. 30Gdy zaś Izraelici przez siedem dni chodzili wokół Jerycha, mury miasta runęły również dzięki ich wierze. 31Rachab, prostytutka z Jerycha, która udzieliła schronienia izraelskim zwiadowcom, dzięki swojej wierze ocaliła życie i nie zginęła razem z mieszkańcami miasta, okazującymi nieposłuszeństwo Bogu.

Prześladowania wierzących

32Czy muszę przytaczać dalsze przykłady? Zbyt wiele czasu zabrałoby mi pisanie o Gedeonie, Baraku, Samsonie, Jeftem, Dawidzie, Samuelu i o prorokach. 33To dzięki wierze pokonali oni wrogie królestwa, byli sprawiedliwymi władcami, doświadczyli spełnienia Bożych obietnic, zamknęli paszcze lwom, 34zgasili wielkie płomienie ognia, uniknęli śmierci w walce, przezwyciężyli swoją bezsilność, okazali odwagę w czasie walki, a nawet zmusili do ucieczki całe armie. 35Dzięki ich wierze niektóre kobiety odzyskały zmarłych członków rodziny.

Ale byli i tacy, którzy zostali zamęczeni na śmierć i nie przyjęli oferowanej im wolności. Wiedzieli bowiem, że zmartwychwstaną do wiecznego życia. 36Innych poniżano i biczowano, zakuwano w kajdany i zamykano w więzieniach. 37-38Byli obrzucani kamieniami, przerzynani piłą, zabijani mieczem. Musieli ukrywać się w norach i jaskiniach, a ich jedynym ubraniem były owcze i kozie skóry. Cierpieli niedostatek i byli prześladowani oraz poniżani przez innych, chociaż cały świat nie był ich godny!

39Wszyscy oni, choć wierzyli, nie doczekali spełnienia obietnic. 40Bóg zaplanował bowiem coś jeszcze lepszego i nie chciał, aby tylko oni—bez nas—osiągnęli ten cel.