Hebrifo 10 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hebrifo 10:1-39

Nsonoe A Ɛda Foforo Ne Dedaw No Ntam

1Mmara no yɛ nneɛma pa nsusuwso a ɛreba, na mmom ɛnyɛ nneɛma pa no ankasa nen. Wɔbɔ afɔre koro no ara afe biara, efisɛ saa afɔre koro a wɔbɔ no afe afe no rentumi mma nnipa a wɔsom no nyɛ pɛ da. 2Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no tumi fi wɔn bɔne mu yɛ pɛ a, ɛno de anka wɔrenni bɔne ho fɔ bio, na ne saa nti afɔrebɔ nyinaa to betwa. 3Nea saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara. 4Anantwi ne mmirekyi mogya rentumi mpepa bɔne.

5Esiane saa nti, bere a Kristo rebɛba wiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se:

“Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde

nanso woasiesie ɔhonam ama me.

6Wʼani nnnye

ɔhyew ne bɔne afɔre anaa afɔre a wɔbɔ de pepa bɔne ho.

7Afei mekae se, ‘Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛ

sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mmara nhoma no mu no.’ ”

8Kan no ɔkae se, “Wompɛ, na wʼani nso nnnye afɔrebɔ ne ayɛyɛde a wɔde pepa bɔne ho.” Ɛwɔ mu, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa. 9Na ɔkae se, “Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛ.” Ɛno nti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi anan mu. 10Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no nti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔre prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho atew afi bɔne ho.

11Da biara Yudani sɔfo sɔre yɛ nʼasɔfodwuma na wabɔ afɔre mpɛn pii. Nanso saa afɔre yi rentumi mpepa bɔne. 12Kristo de, ɔbɔɔ bɔne ho afɔre. Afɔre a ɛtena hɔ daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so. 13Ɛhɔ na ɔretwɛn mprempren kosi sɛ Onyankopɔn bɛma nʼatamfo ayɛ nʼanan ase ntiaso. 14Ɔnam afɔrebɔ baako so ama nnebɔneyɛfo ho atew daa nyinaa.

15Na Honhom Kronkron no nso di adanse. Nea edi kan no, ɔka se,

16“Eyi ne apam a me ne wɔn bɛpam

wɔ bere a ɛreba no mu. Awurade na ose:

Mede me mmara bɛhyɛ wɔn koma mu

na makyerɛw agu wɔn adwene mu.”

17Na afei waka se,

“Merenkae wɔn bɔne

ne wɔn amumɔyɛ bio.”

18Sɛ wɔde eyinom nyinaa kyɛ a, na afɔre a wɔbɔ de pepa bɔne no ho nhia bio.

Momma Yɛmmɛn Onyankopɔn

19Anuanom, esiane Yesu wu no nti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ. 20Ɔnam ɔno ara ne honam so abue ɔkwan foforo a nkwa wɔ mu ama yɛn. 21Yɛwɔ ɔsɔfo kɛse bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. 22Momma yɛmfa koma pa ne gyidi a mu yɛ den ntwiw mmɛn Onyankopɔn. Efisɛ wɔde Yesu mogya atew yɛn tiboa afɔbu ho, na wɔde nsu a ɛyɛ kronkron aguare yɛn nipadua. 23Momma yennyina gyidi a yɛaso mu no mu dennen, efisɛ nea ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafo. 24Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa. 25Mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛnea afoforo bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran denneennen, efisɛ mo ara muhu sɛ ɛrenkyɛ na da no aba.

26Sɛ mohyɛ da kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpepa mo bɔne, efisɛ wɔada nokware no adi akyerɛ yɛn. 27Nea ɛwɔ hɔ ma wɔn a wotia Onyankopɔn ara ne atemmu ne ogya a ɛbɛba abɛhyew wɔn no. 28Obiara a obu Mose Mmara no so no, sɛ nnansefo baanu anaa baasa adansedi nti, wobu atɛn tia no a, wobekum no a wɔrenhu no mmɔbɔ. 29Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmmfa Onyankopɔn mogya apam no a egyee no fii bɔne mu no nyɛ hwee anaa nea otiatia Honhom a ɔma adom no anim no, dɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no benya no nyɛ adewa. 30Yenim sɛ Onyankopɔn kae se, “Me na aweretɔ wɔ me, na me na mitua ka,” na ɔno ara na ɔsan kae se, “Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn.” 31Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu.

32Monkae ahohia a mokɔɔ mu bere a muhuu hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane. 33Ebi ne sɛ, wɔyeyaw mo mpɛn pii, guu mo anim ase wɔ bagua mu; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehu amane no ho. 34Mo ne nneduafo daa afiase na wɔfaa mo ahode nyinaa no mpo, munyaa ho boasetɔ, efisɛ munim sɛ ɛyɛ dɛn ara a mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa. 35Mommma mo koma ntutu na moanhwere mo akatua.

36Ɛsɛ sɛ motɔ mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛde ama mo nsa aka nea wɔahyɛ mo ho bɔ no. 37Efisɛ

Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛrenkyɛ koraa

na nea ɛsɛ sɛ ɔba no aba;

ɔrentwentwɛn.

38Na,

“Nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa,

na sɛ ɔtwe ne ho a,

me kra ani rensɔ no.”

39Yɛnyɛ nnipa a yɛsan yɛn akyi na yɛyera. Mmom yɛwɔ gyidi na wɔagye yɛn nkwa.

Asante Twi Contemporary Bible

Hebrifoɔ 10:1-39

Nsonsonoeɛ A Ɛda Foforɔ Ne Dada No Ntam

1Mmara no yɛ nneɛma pa nsususoɔ a ɛreba, na mmom, ɛnnyɛ nneɛma pa no ankasa. Wɔbɔ afɔdeɛ korɔ no ara afe biara, ɛfiri sɛ saa afɔdeɛ korɔ a wɔbɔ no afeafe rentumi mma nnipa a wɔsom no nnyɛ pɛ da. 2Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no tumi firi wɔn bɔne mu yɛ pɛ a, ɛnneɛ anka wɔrenni bɔne ho fɔ bio, na ne saa enti, afɔrebɔ nyinaa to bɛtwa. 3Deɛ saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara. 4Anantwie ne mmirekyie mogya rentumi mpepa bɔne.

5Esiane saa enti, ɛberɛ a Kristo rebɛba ewiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ:

“Wommpɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ

nanso woasiesie ɔhonam ama me.

6Wʼani nnnye

ɔhyeɛ ne bɔne afɔdeɛ anaa afɔdeɛ a wɔbɔ de pepa bɔne ho.

7Afei, mekaa sɛ: ‘Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ

sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.’ ”

8Kane no ɔkaa sɛ, “Wompɛ, na wʼani nso nnnye afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ a wɔde pepa bɔne ho.” Ɛwom, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa. 9Na ɔkaa sɛ, “Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ.” Ɛno enti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi ananmu. 10Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no enti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔdeɛ prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho ate afiri bɔne ho.

11Ɛda biara Yudani ɔsɔfoɔ sɔre yɛ nʼasɔfodwuma na wabɔ afɔdeɛ mpɛn bebree. Nanso, saa afɔdeɛ yi rentumi mpepa bɔne. 12Kristo deɛ, ɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ. Afɔdeɛ a ɛtena daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so. 13Ɛhɔ na ɔretwɛn seesei kɔsi sɛ Onyankopɔn bɛma nʼatamfoɔ ayɛ ne nan ntiasoɔ. 14Ɔnam afɔrebɔ baako so ama nnebɔneyɛfoɔ ho ate daa nyinaa.

15Na Honhom Kronkron no nso di adanseɛ. Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔka sɛ,

16“Yei ne apam a me ne wɔn bɛpam

wɔ ɛberɛ a ɛreba no mu. Awurade na ɔseɛ:

Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akoma mu

na matwerɛ agu wɔn adwene mu.”

17Na afei waka sɛ,

“Merenkae wɔn bɔne

ne wɔn amumuyɛ bio.”

18Sɛ wɔde yeinom nyinaa kyɛ a, na afɔdeɛ a wɔbɔ de pepa bɔne no ho nhia bio.

Momma Yɛmmɛn Onyankopɔn

19Anuanom, ɛsiane Yesu wuo no enti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ. 20Ɔnam ɔno ara ne honam so abue ɛkwan foforɔ a nkwa wɔ mu ama yɛn. 21Yɛwɔ ɔsɔfoɔ kɛseɛ bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. 22Momma yɛmfa akoma pa ne gyidie a emu yɛ den ntwe mmɛn Onyankopɔn. Ɛfiri sɛ wɔde Yesu mmogya ate yɛn atiboa bɔne ho, na wɔde nsuo a ɛyɛ kronn adware yɛn onipadua ho. 23Momma yɛnnyina gyidie a yɛasɔ mu no mu denden, ɛfiri sɛ, deɛ ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafoɔ. 24Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa. 25Mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛdeɛ afoforɔ bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran dendeenden, ɛfiri sɛ, mo ara mohunu sɛ ɛrenkyɛre na ɛda no aba.

26Sɛ moboapa kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpepa mo bɔne, ɛfiri sɛ, wɔada nokorɛ no adi akyerɛ yɛn. 27Deɛ ɛwɔ hɔ ara ma wɔn a wɔtia Onyankopɔn ne atemmuo ne ogya a ɛbɛba abɛhye wɔn. 28Obiara a ɔbu Mose Mmara no so no, sɛ adansefoɔ baanu anaa baasa adansedie enti, wɔbu atɛn tia no a, wɔbɛkum no a wɔrenhunu no mmɔbɔ. 29Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmmfa Onyankopɔn mogya apam no a ɛgyee no firii bɔne mu no nyɛ hwee anaa deɛ ɔtiatia Honhom a ɔma adom no anim no, ɛdeɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no bɛnya no nnyɛ adewa. 30Yɛnim sɛ Onyankopɔn kaa sɛ, “Me na aweretɔ wɔ me, na me na metua ka,” na ɔno ara na ɔsane kaa sɛ, “Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn.” 31Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu.

32Monkae ahohia a mokɔɔ mu ɛberɛ a mohunuu hann no, momiaa mo ani hunuu ɔko bebree mu amaneɛ. 33Ebi ne sɛ, mpɛn bebree wɔyeyɛɛ mo, guu mo anim ase badwam; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehunu amaneɛ no ho. 34Mo ne nneduafoɔ daa afiase na wɔfaa mo ahodeɛ nyinaa no mpo, monyaa ho boasetɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ ɛyɛ dɛn ara a mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa. 35Mommma mo akoma nntu na moanhwere mo akatua.

36Ɛsɛ sɛ moto mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛdeɛ ama mo nsa aka deɛ wɔahyɛ mo ho bɔ no. 37Ɛfiri sɛ,

Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛrenkyɛre koraa

na deɛ ɛsɛ sɛ ɔba no aba;

ɔrentwentwɛn.

38Na,

“Deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa,

na sɛ ɔtwe ne ho a,

me kra ani rensɔ no.”

39Yɛnnyɛ nnipa a yɛsane yɛn akyi na yɛyera. Mmom, yɛwɔ gyidie na wɔagye yɛn nkwa.