Habakuk 3 – AKCB & NAV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Habakuk 3:1-19

Habakuk Mpaebɔ

1Saa mpaebɔ yi, Habakuk too no sɛ dwom:

2Awurade, mate wo ho nsɛm nyinaa,

Na wʼanwonwadwuma a woayɛ no, me ho adwiriw me.

Yɛ no foforo wɔ yɛn mmere so.

Yɛn mmere yi mu, ma wonhu.

Wʼabufuwhyew mu no, kae wo mmɔborɔhunu.

3Onyankopɔn fi Teman bae,

Ɔkronkronni a ofi Bepɔw Paran so,

Nʼanuonyam kata ɔsoro,

na nʼayeyi hyɛ asase so ma.

4Ɔhyerɛn sɛ anɔpawia

Hann no nsensanee twa yerɛw fi ne nsam,

Ɛhɔ na ne tumi ahintaw.

5Ɔyaredɔm di nʼanim kɔ;

Na nsanyare di nʼakyi pɛɛ.

6Sɛ ogyina a, asase wosow.

Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman wosow.

Tete mmepɔw dwiriwii,

na nkoko a efi tete no ka kataa so.

Nʼakwan ntwa mu da.

7Mihuu Kusanfo ntamadan a atetew

ne Midianfo3.7 Kusan…Midian—Wɔyɛ Araia mmusuakuw. Awerɛhow…ahoyeraw—Bere a woyii Israelfo fii Misraim nkoasom mu no, nnipa a wɔbemmɛn wɔn no bɔɔ hu. (2 Mose 15.14-16; Yos 2.9-10). atenae a agyigya.

8Awurade, wo bo fuw nsubɔnten no?

Wʼabufuw no tiaa nsuwansuwa no?

Wosɔre tiaa po,

bere a wo ne wʼapɔnkɔ

ne nkonimdi nteaseɛnam nam no.

9Wuyii wo tadua,

Woma wɔde agyan bebree brɛɛ wo.

Wode nsubɔnten paapae asase mu.

10Mmepɔw huu wo, na wɔwosowee

Osuhweam bɛsen kɔe.

Bun no woroo so,

na ehuru baa soro.

11Owia ne ɔsram gyinagyinaa sorosoro hɔ,

bere a wohuu wʼagyan a ɛnenam wim no hann,

ne wo peaw a ɛpa yerɛw yerɛw no.

12Wʼabufuwhyew mu no, wonantew twaa asase so

na wode abufuw tiatiaa aman no so.

13Wobaa se worebegye wo nkurɔfo,

na woagye nea wɔasra no no nkwa.

Wopɛtɛw atirimɔdenfoman no kannifo,

wopaa ne ho ntama fi ne ti so kosii ne nan ase.

14Wode nʼankasa peaw hwirew ne ti mu,

bere a nʼakofo bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu.

Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔre

mmɔborɔfo a wɔakɔ agua no ase koraa.

15Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa po no mu,

ma asu kɛse no hurui.

16Metee no, me koma tui,

nnyigyei no maa mʼano poo biribiri;

ɔporɔw hyɛn me nnompe mu,

na me nan wosowee.

Nanso mɛtɔ me bo ase atwɛn akosi sɛ

amanehunu da bɛba ɔman a wɔtow hyɛɛ yɛn so no so.

17Ɛwɔ mu, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren,

na aba nso nni bobe no so;

ɛwɔ mu, ngodua no adi huammɔ

na mfuw no mmɔ aduan.

Ɛwɔ mu, nguan biara nni buw no mu,

na anantwi nso nni ban no mu.

18Nanso mʼani begye Awurade mu;

me ho bɛsɛpɛw me wɔ Onyankopɔn a

ɔyɛ mʼagyenkwa no mu.

19Otumfo Awurade yɛ mʼahoɔden.

Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforote de,

ɔma me nantew sorɔnsorɔmmea.

Wɔmfa mpae yi mma nnwonto kwankyerɛfo no. Na wɔnto no wɔ mʼasanku no so.

Ketab El Hayat

حبقوق 3:1-19

صلاة حبقوق

1هَذِهِ صَلاةُ النَّبِيِّ حَبَقُّوقَ: 2يَا رَبُّ قَدْ بَلَغَنِي مَا فَعَلْتَ فَخِفْتُ يَا رَبُّ، عَمَلَكَ فِي وَسَطِ السِّنِينَ أَحْيِهِ، وَعَرِّفْ بِهِ عَلَى مَرِّ الأَيَّامِ، وَاذْكُرِ الرَّحْمَةَ فِي الْغَضَبِ.

3قَدْ أَقْبَلَ اللهُ مِنْ أَدُومَ، وَجَاءَ الْقُدُّوسُ مِنْ جَبَلِ فَارَانَ. غَمَرَ جَلالُهُ السَّمَاوَاتِ وَامْتَلأَتِ الأَرْضُ مِنْ تَسْبِيحِهِ. 4إِنَّ بَهَاءَهُ كَالنُّورِ، وَمِنْ يَدِهِ يُوْمِضُ شُعَاعٌ، وَهُنَاكَ يَحْجُبُ قُوَّتَهُ. 5يَتَقَدَّمُهُ وَبَاءٌ، وَالْمَوْتُ يَقْتَفِي خُطَاهُ. 6وَقَفَ وَزَلْزَلَ الأَرْضَ، تَفَرَّسَ فَأَرْعَبَ الأُمَمَ، انْدَكَّتِ الْجِبَالُ الأَبَدِيَّةُ وَانْهَارَتِ التِّلالُ الْقَدِيمَةُ، أَمَّا مَسَالِكُهُ فَهِيَ مِنَ الأَزَلِ. 7لَقَدْ رَأَيْتُ خِيَامَ كُوشَانَ تَنُوءُ تَحْتَ الْبَلِيَّةِ وَمَسَاكِنَ مِدْيَانَ تَرْجُفُ رُعْباً. 8هَلْ غَضَبُكَ مُنْصَبٌّ عَلَى الأَنْهَارِ يَا رَبُّ؟ أَعَلَى الأَنْهَارِ احْتَدَمَ سَخَطُكَ؟ أَمْ عَلَى الْبَحْرِ سَكَبْتَ جَامَ غَيْظِكَ، عِنْدَمَا رَكِبْتَ خُيُولَكَ وَمَرْكَبَاتِ ظَفَرِكَ؟ 9جَرَّدْتَ قَوْسَكَ وَتَأَهَّبْتَ لإِطْلاقِ سِهَامِكَ الْكَثِيرَةِ، وَشَقَقْتَ الأَرْضَ أَنْهَاراً. 10رَأَتْكَ الْجِبَالُ فَارْتَعَدَتْ، وَطَمَتِ الْمِيَاهُ الْهَائِجَةُ. زَأَرَتِ اللُّجَجُ وَارْتَفَعَتْ أَمْوَاجُهَا عَالِيَةً. 11الْقَمَرُ وَالشَّمْسُ تَوَقَّفَا فِي مَنَازِلِهِمَا أَمَامَ وَمِيضِ سِهَامِكَ الْمُنْدَفِعَةِ وَبَرِيقِ رُمْحِكَ الْمُتَلأْلِئِ. 12تَطَأُ الأَرْضَ بَسَخَطٍ، وَبِغَضَبٍ تَدُوسُ الأُمَمَ. 13خَرَجْتَ لِخَلاصِ شَعْبِكَ، لِخَلاصِ مُخْتَارِكَ. هَشَّمْتَ رُؤُوسَ زُعَمَاءِ الْبِلادِ الأَشْرَارِ وَتَرَكْتَهُمْ مَطْرُوحِينَ عُرَاةً مِنَ الْعُنُقِ حَتَّى أَخْمَصِ الْقَدَمِ. 14طَعَنْتَ بِرِمَاحِهِ قَائِدَ جَيْشِهِمِ الْمُنْدَفِعِ كَإِعْصَارٍ لِيُشَتِّتَنَا بِابْتِهَاجِ مَنْ يَفْتَرِسُ الْمِسْكِينَ سِرّاً 15خُضْتَ الْبَحْرَ بِخَيْلِكَ فِي وَسَطِ مِيَاهِهِ الْهَائِجَةِ.

الفرح بالرب

16سَمِعْتُ هَذَا فَتَوَلَّانِي الْفَزَعُ وَارْتَجَفَتْ شَفَتَايَ مِنَ الصَّوْتِ، وَتَسَرَّبَ النَّخْرُ إِلَى عِظَامِي، وَارْتَعَشَتْ قَدَمَايَ. وَلَكِنْ سَأَنْتَظِرُ بِصَبْرٍ يَوْمَ الْبَلِيَّةِ الَّذِي يَحِيقُ بِالأُمَّةِ الَّتِي غَزَتْنَا. 17فَمَعْ أَنَّهُ لَا يُزْهِرُ التِّينُ وَلا يَكُونُ حَمْلٌ فِي الْكُرُومِ يَكْذِبُ عَمَلُ الزَّيْتُونَةِ وَالْحُقُولُ لا تَصْنَعُ طَعَاماً يَنْقَطِعُ الْغَنَمُ مِنَ الْحَظِيرَةِ وَلا بَقَرَ فِي الْمَذَاوِدِ 18فَإِنِّي أَبْتَهِجُ بِالرَّبِ وَأَفْرَحُ بِإِلَهِ خَلاصِي. 19الرَّبُّ الإِلَهُ هُوَ قُوَّتِي؛ يَجْعَلُ قَدَمَيَّ كَقَدَمَيْ غَزَالٍ، وَيُعِينُنِي عَلَى ارْتِقَاءِ الْمُرْتَفَعَاتِ.

إِلَى قَائِدِ الْجَوْقَةِ: تُغَنَّى عَلَى ذَوَاتِ الأَوْتَارِ.