Galatifo 3 – AKCB & TNCV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Galatifo 3:1-29

Gyidi Anaa Mmara So Di

1Mo Galatifo adwenharefo! Hena na ɔdan mo adwene saa? Mo ara mo anim na wɔkyerɛɛ mu pefee sɛ wɔbɔɔ Yesu Kristo asennua mu. 2Mummua me saa asɛm yi: Moyɛɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ monyɛ ansa na Onyankopɔn Honhom no reba mo so ana? Anaasɛ mutiee Asɛmpa no gye dii ansa? 3Saa na mo adwene mu yɛ hare nen? Mode Onyankopɔn Honhom fii ase; afei mopɛ sɛ mode mo ara mo tumi wie? 4Mo osuahu yi nyinaa so amma mfaso biara? Minnye nni saa. 5Onyankopɔn nam mmara no so na ɔde ne Honhom no maa mo ana? Anaasɛ ɔnam mmara no so na ɔyɛɛ anwonwade wɔ mo mu ana? Ɛnyɛ asɛm no gye a mugye dii nti? 6Kyerɛwsɛm no kaa Abraham ho asɛm se, “Ogyee Onyankopɔn dii na esiane ne gyidi nti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa trenee.”

7Enti ɛsɛ sɛ mote ase sɛ nnipa a wɔwɔ gyidi no na wɔyɛ Abraham asefo turodoo. 8Kyerɛwsɛm no dii kan huu sɛ Onyankopɔn nam gyidi so bebu amanamanmufo no bem. Eyi nti Kyerɛwsɛm no dii kan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham se, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn behyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” 9Abraham gye dii ma wohyiraa no, na wɔn a wogye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛnea wohyiraa no no.

10Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a efi mmara no mu so. Efisɛ wɔakyerɛw sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni nea wɔakyerɛw wɔ Mmara Nhoma mu no nyinaa so.” 11Afei akyinnye biara nni ho sɛ obiara rentumi mfa mmara no sodi nsɔ Onyankopɔn ani. Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛnam gyidi so na ɔtreneeni benya nkwa.” 12Mmara no nnyinaso nyɛ gyidi; efisɛ wɔakyerɛw se nea odi mmara no so benya nkwa. 13Ɛno nti na Kristo agye yɛn afi nnome a Mmara no de brɛɛ yɛn no mu. Wayɛ nnome ama yɛn sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a wɔbɛsɛn no wɔ dua so no hyɛ Onyankopɔn nnome ase.” 14Kristo gyee yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a nhyira a wohyiraa Abraham no nam Kristo so bɛba amanamanmufo so, na yɛnam gyidi so anya Honhom a wɔhyɛɛ yɛn ho bɔ no.

Mmara Ne Bɔhyɛ No

15Anuanom, mede yɛn asetena mu asɛm bi bɛyɛ nhwɛso: Sɛ nnipa baanu bi pene asɛm bi so na wɔyɛ ho apam a, obiara rentumi mmu apam no so na wɔrentumi mfa biribi nka ho. 16Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼaseni bɔ. Kyerɛwsɛm no nka se, “Wo ne wʼasefo” a ɛkyerɛ nnipa bebree. Ɛka se, “Wo ne wʼaseni” a ɛkyerɛ sɛ onipa baako a ɔno ne Kristo no. 17Mekyerɛ sɛ: Onyankopɔn yɛɛ apam na ɔhyɛɛ bɔ se obedi so. Mmara no a ɛbaa akyiri no ntumi nsesa anaa ɛrentumi ntwa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ mfirihyia ahannan ne aduasa ansa na ɔde Mmara no mae, no mu. 18Na sɛ nhyira a Onyankopɔn de maa no gyina Mmara so a, ɛno de na ɛnyɛ bɔhyɛ bio. Nanso Onyankopɔn fi nʼadom mu, nam bɔhyɛ so de agyapade no maa Abraham.

19Ɛno de, na Mmara no so mfaso ne dɛn? Wɔde maa akyiri no de kyerɛɛ sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfo kosi sɛ Aseni no a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba. Abɔfo no na wɔde Mmara no maa Mose, na ɔno nso yɛɛ Onyankopɔn ne nnipa no ntamgyinafo. 20Yenim sɛ ntamgyinafo ho hia ma nnipa baanu anaa nea ɛboro saa, nanso Onyankopɔn a ɔyɛ ɔbaako no amfa ntamgyinafo wɔ bere a ɔhyɛɛ Abraham bɔ no.

Mmara No Botae

21Eyi kyerɛ sɛ Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ no ana? Dabi da! Sɛ mmara bi wɔ hɔ a etumi ma nnipa nkwa a, ɛno de anka onipa nam saa mmara no so betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim. 22Nanso Kyerɛwsɛm no aka se wiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Ɛno nti akyɛde a wɔhyɛɛ ho bɔ no, wɔnam Yesu Kristo so nko ara de bɛma wɔn a wogye di no.

23Ansa na gyidi no reba no, Mmara no too yɛn mpokyerɛ kosii sɛ wɔbɛdaa gyidi no adi. 24Enti Mmara no na ɛhyɛɛ yɛn so kosii sɛ Kristo bae, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam gyidi so bebu yɛn bem. 25Afei a bere adu sɛ yegye Kristo di no, Mmara no nni yɛn so tumi bio.

26Ɛnam gyidi so nti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abɔ mu no. 27Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu nti moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so. 28Yenni Yudani anaa Helani, yenni akoa anaa ɔdehye, yenni ɔbarima anaa ɔbea, na mo nyinaa yɛ nnipa koro wɔ Kristo Yesu mu. 29Enti sɛ moyɛ Kristo de a, na moyɛ Abraham asefo, na bɔhyɛ no nti moyɛ adedifo nso.

Thai New Contemporary Bible

กาลาเทีย 3:1-29

ความเชื่อหรือการทำตามบทบัญญัติ

1ชาวกาลาเทียผู้โง่เขลาเอ๋ย! ใครสะกดท่านให้หลงไปเสียแล้วเล่า? ภาพพระเยซูคริสต์ถูกตรึงตายบนไม้กางเขนก็ชัดเจนอยู่ต่อหน้าต่อตาท่าน 2สิ่งเดียวที่ข้าพเจ้าอยากรู้จากท่านคือท่านได้รับพระวิญญาณโดยการทำตามบทบัญญัติหรือโดยการเชื่อสิ่งที่ท่านได้ยิน? 3ท่านโง่เขลาปานนี้หรือ? หลังจากที่เริ่มต้นด้วยพระวิญญาณ บัดนี้ท่านกำลังพยายามบรรลุจุดหมายของท่านด้วยการขวนขวายของมนุษย์หรือ? 4ท่านได้ทนทุกข์มากมายโดยเปล่าประโยชน์หรือ? สิ่งนี้เป็นการเปล่าประโยชน์จริงๆ หรือ? 5พระเจ้าประทานพระวิญญาณของพระองค์แก่ท่าน และทรงทำการอัศจรรย์ท่ามกลางพวกท่านนั้น ก็เพราะท่านรักษาบทบัญญัติหรือเพราะท่านเชื่อสิ่งที่ท่านได้ยิน?

6จงพิจารณาดูอับราฮัม “เขาเชื่อพระเจ้าและความเชื่อนี้พระองค์ทรงถือว่าเป็นความชอบธรรมของเขา”3:6 ปฐก.15:6 7ฉะนั้นจงเข้าใจเถิดว่าคนที่เชื่อก็เป็นวงศ์วานของอับราฮัม 8พระคัมภีร์รู้ล่วงหน้าว่าพระเจ้าจะทรงนับว่าคนต่างชาติเป็นผู้ชอบธรรมโดยความเชื่อ และประกาศข่าวประเสริฐล่วงหน้าแก่อับราฮัมว่า “ทุกประชาชาติจะได้รับพรผ่านทางเจ้า”3:8 ปฐก.12:3; 18:18; 22:18 9ฉะนั้นผู้ที่เชื่อจึงได้รับพระพรร่วมกับอับราฮัมบุรุษแห่งความเชื่อ

10คนทั้งปวงที่พึ่งการทำตามบทบัญญัติก็ถูกสาปแช่ง เพราะมีเขียนไว้ว่า “ขอแช่งทุกคนที่ไม่ปฏิบัติตามทุกสิ่งที่เขียนไว้ในหนังสือบทบัญญัติ”3:10 ฉธบ.27:26 11เห็นได้ชัดว่าต่อหน้าพระเจ้าไม่มีใครถูกนับว่าเป็นผู้ชอบธรรมได้โดยบทบัญญัติ เพราะว่า “คนชอบธรรมจะดำรงชีวิตโดยความเชื่อ”3:11 ฮบก. 2:4 12บทบัญญัติไม่ได้อยู่บนพื้นฐานของความเชื่อ แต่ “ผู้ใดที่ทำสิ่งเหล่านี้จะมีชีวิตอยู่โดยสิ่งเหล่านี้”3:12 ลนต.18:5 13พระคริสต์ได้ทรงไถ่เราพ้นจากคำสาปแช่งของบทบัญญัติ โดยทรงรับคำสาปแช่งแทนเรา เนื่องจากมีเขียนไว้ว่า “ผู้ใดถูกแขวนบนต้นไม้ก็ถูกแช่งสาปแล้ว”3:13 ฉธบ.21:23 14พระองค์ทรงไถ่เราเพื่อว่าพระพรที่มีแก่อับราฮัมจะมาถึงคนต่างชาติโดยทางพระเยซูคริสต์ เพื่อว่าโดยความเชื่อเราจะได้รับพระวิญญาณตามพระสัญญา

บทบัญญัติกับพระสัญญา

15พี่น้องทั้งหลาย ข้าพเจ้าขอยกตัวอย่างจากชีวิตประจำวัน พันธสัญญาของมนุษย์เมื่อตกลงกันแล้วก็ไม่มีใครยกเลิกหรือเพิ่มเติมได้ฉันใด กรณีนี้ก็ฉันนั้น 16พระเจ้าทรงทำพระสัญญาต่างๆ กับอับราฮัมและพงศ์พันธุ์ของเขา พระคัมภีร์ไม่ได้ระบุว่า “แก่บรรดาพงศ์พันธุ์” อันหมายถึงผู้คนมากมาย แต่ระบุว่า “แก่พงศ์พันธุ์ของเจ้า”3:16 ปฐก.12:7; 13:15; 24:7 อันหมายถึงคนเพียงคนเดียวคือพระคริสต์ 17ข้าพเจ้าหมายความว่าอย่างนี้คือ บทบัญญัติซึ่งมีมาภายหลัง 430 ปีไม่ได้ล้มล้างพันธสัญญาที่พระเจ้าได้ทรงตั้งไว้ก่อนแล้ว และด้วยเหตุนี้บทบัญญัติจึงไม่ได้ยกเลิกพระสัญญา 18เพราะหากการรับมรดกขึ้นกับบทบัญญัติก็ไม่ได้ขึ้นกับพระสัญญาอีกต่อไป แต่โดยพระคุณของพระองค์ พระเจ้าประทานมรดกแก่อับราฮัมผ่านทางพระสัญญา

19ถ้าเช่นนั้นบทบัญญัติมีไว้เพื่ออะไร? การที่มีบทบัญญัติเพิ่มขึ้นมาก็เพราะการล่วงละเมิดทั้งหลาย และบทบัญญัตินี้คงอยู่จนกว่า “พงศ์พันธุ์” นั้นซึ่งพระสัญญาระบุไว้มาถึง บทบัญญัติมีผลบังคับใช้ผ่านทางเหล่าทูตสวรรค์โดยคนกลาง 20อย่างไรก็ตามคนกลางไม่ได้เป็นตัวแทนของฝ่ายเดียวเท่านั้น แต่พระเจ้าทรงเป็นฝ่ายเดียว

21ถ้าเช่นนั้นบทบัญญัติขัดกับพระสัญญาของพระเจ้าหรือ? ไม่ใช่อย่างนั้นแน่นอน! เพราะถ้าทรงให้มีบทบัญญัติซึ่งให้ชีวิต ความชอบธรรมย่อมมีได้โดยบทบัญญัติ 22แต่พระคัมภีร์ประกาศว่าทั้งโลกตกเป็นนักโทษของบาป เพื่อว่าสิ่งที่ทรงสัญญาไว้นั้นจะประทานแก่บรรดาผู้เชื่อโดยทางความเชื่อในพระเยซูคริสต์

23ก่อนที่ความเชื่อนี้จะมีมา เราตกเป็นนักโทษของบทบัญญัติ ถูกกักขังไว้จนกว่าความเชื่อจะถูกเปิดเผย 24ดังนั้นบทบัญญัติได้รับมอบหมายหน้าที่ให้นำเรามาถึงพระคริสต์3:24 หรือได้รับมอบหมายให้ทำหน้าที่จนกว่าพระคริสต์เสด็จมา เพื่อเราจะได้ถูกนับเป็นผู้ชอบธรรมโดยความเชื่อ 25บัดนี้ความเชื่อนั้นมาถึงแล้ว เราจึงไม่อยู่ภายใต้การควบคุมของบทบัญญัติอีกต่อไป

บุตรของพระเจ้า

26ท่านทั้งหลายล้วนเป็นบุตรของพระเจ้าโดยความเชื่อในพระเยซูคริสต์ 27เพราะพวกท่านทั้งปวงผู้ได้รับบัพติศมาเข้าส่วนในพระคริสต์แล้วได้คลุมกายของท่านด้วยพระคริสต์ 28ไม่มียิวหรือกรีก ทาสหรือไท ชายหรือหญิง เพราะพวกท่านทั้งปวงเป็นหนึ่งเดียวในพระเยซูคริสต์ 29ถ้าท่านเป็นของพระคริสต์ ท่านก็เป็นพงศ์พันธุ์ของอับราฮัมและเป็นทายาทตามพระสัญญา