Galatifo 2 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Galatifo 2:1-21

Paulo Ne Asomafo A Wɔaka No

1Me ne Barnaba san kɔɔ Yerusalem Mfe dunan akyi. Mede Tito nso kaa me ho. 2Mekɔe, efisɛ Onyankopɔn na ɔdaa no adi kyerɛɛ me se menkɔ. Me ne mpanyimfo no yɛɛ nhyiamu wɔ kokoa mu kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a meka kyerɛɛ amanamanmufo no kyerɛɛ wɔn. Na mempɛ sɛ mʼadwuma a mayɛ dedaw ne nea migu so reyɛ no yɛ ɔkwa. 3Ɛwɔ mu sɛ me boafo Tito yɛ Helani de, nanso wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia. 4Asɛm yi sii, efisɛ na anuanom bi a wɔnyɛ nokwafo awia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔrehwehwɛ ahofadi a yɛwɔ wɔ Kristo Yesu mu, na wɔde yɛn ayɛ nkoa. 5Yɛamma wɔn mu kwan koraa, esiane pɛ a na yɛpɛ sɛ nokware a ɛwɔ Asɛmpa no mu no bɛtena mo mu no nti.

6Sɛnea wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔyɛ atitiriw no te biara no, meka se minhu wɔn ntam nsonoe biara. Onyankopɔn nhwɛ nnipa ho mmu atɛn; saa mpanyimfo no mfaa adwene foforo biara mmɛkaa mʼasɛm no ho. 7Na mmom wohuu sɛ Onyankopɔn de adwuma no ahyɛ me nsa sɛ menka Asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufo sɛnea ɔde adwuma no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ Yudafo no ara pɛ. 8Na Onyankopɔn a ɔnam Petro so yɛ adwuma sɛ Yudafo mu somafo no ara na ɔnam me so yɛ adwuma wɔ amanamanmufo mu, sɛnea Petro yɛ Yudafo mu adwuma no pɛ. 9Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no sɛ wɔyɛ mpanyimfo no gye too mu se, Onyankopɔn ama me adwuma sononko bi sɛ minni, enti wokyiaa me ne Barnaba. Wɔpenee so se yɛnyɛ adwuma wɔ amanamanmufo no mu na wɔn nso wɔnyɛ adwuma wɔ Yudafo no mu. 10Nea wɔkae ara ne sɛ yɛnkae ahiafo wɔ wɔn kuw no mu sɛnea mepɛ sɛ meyɛ no.

11Bere a Petro baa Antiokia no, mesɔre tiaa nea ɔreyɛ no mu wɔ bagua mu, efisɛ na ɔreyɛ mfomso. 12Ansa na mmarima bi a Yakobo somaa wɔn no beduu hɔ no, na Petro ne anuanom amanamanmufo no to nsa didi. Nanso akyiri a nnipa no bedui no, ɔtwee ne ho a ɔne wɔn annidi bio, efisɛ na osuro wɔn a wɔpɛ sɛ wotwa amanamanmufo twetia no. 13Anuanom Yudafo a wɔaka no yɛɛ sɛ ahufo de wɔn ho bɔɔ Petro maa Barnaba nso de ne ho kɔbataa wɔn.

14Mihuu sɛ nea wɔreyɛ no ne Asɛmpa no bɔ abira no, mekaa wɔ Petro ne bagua no anim se, “Woyɛ Yudani a mprempren wunni Yudafo amanne so bio. Adɛn nti na wohyɛ amanamanmufo sɛ wonni Yudafo amanne so?

15“Yɛn a yɛyɛ Yudafo fi yɛn awo mu a yɛnyɛ amanamanmufo nnebɔneyɛfo no 16nim sɛ ansa na obi bedi bem wɔ Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ nea mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛnea yɛnam so bedi bem wɔ Onyankopɔn anim; efisɛ ɛnam gyidi so na wobebu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛde a yɛyɛ no so.

17“Sɛ yɛpɛ sɛ wobu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfo a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa. 18Na sɛ mifi ase yɛ nea magyae a, na ɛkyerɛ sɛ meyɛ mmaratofo.

19“Efisɛ mpɛn dodow a mepɛɛ sɛ medi mmara no so no, mmara no buu me fɔ. Mmara no ankasa akum me. Ɛno nti minni mmara no tumi ase bio, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛtena ase ama Onyankopɔn mmom. Wɔabɔ me ne Kristo asennua mu, 20enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu mprempren yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidi mu. 21Mempo Onyankopɔn adom no. Sɛ onipa nam Mmara so fata Onyankopɔn anim a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo wu a owui no yɛ ɔkwa.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

加拉太书 2:1-21

众使徒接纳保罗

1十四年后,我和巴拿巴又去耶路撒冷,并带了提多同去。 2我是遵照上帝的启示去的。我私下拜会了那些有名望的教会领袖,陈明我在外族人中间所传的福音,免得我过去或是现在的努力都白费了。 3跟我同去的提多虽然是希腊人,但没有人勉强他接受割礼。

4事情的缘由是因为有一些假信徒偷偷混了进来,要窥探我们在基督耶稣里享有的自由,想叫我们做律法的奴隶。 5但为了叫福音的真理常在你们当中,我们丝毫没有向他们妥协。

6至于那些德高望重的教会领袖,他们的地位对我来说无关紧要,因为上帝不以貌取人。他们对我所传的并没有增加什么。 7相反,他们都已看到,上帝差遣了我向外族人传福音,就像祂差遣了彼得犹太人传福音一样。 8上帝感动了彼得,呼召他做犹太人的使徒,祂也同样感动了我,呼召我做外族人的使徒。 9当时被誉为教会柱石的雅各彼得约翰明白了上帝赐给我的恩典之后,就与我和巴拿巴用右手行相交之礼,让我们向外族人传福音,他们向受割礼的人传福音。 10他们只要求我们照顾那些贫困的人,这正是我一向热衷的事。

保罗面责彼得

11后来,彼得到了安提阿,因他做错了事,我就当面责备他。 12雅各那里来的人还没有抵达之前,彼得和外族的信徒一起吃饭。但那些人抵达以后,彼得因为怕那些坚持行割礼的犹太人批评,就与外族的信徒分开了。 13其他的犹太基督徒也跟着彼得装假,甚至连巴拿巴也随从了他们的虚伪。 14我看见他们不照福音的真理行,就当众对彼得说:“你身为犹太人,如果行事为人像外族人,不像犹太人,又怎能强迫外族人按犹太人的规矩生活呢?”

15我们生来是犹太人,不是外族罪人, 16但我们知道人被称为义人不是靠遵行律法,而是靠信耶稣基督。所以我们信了基督耶稣,以便因信基督而被称为义人,而不是靠遵行律法,因为无人能够靠遵行律法而被称为义人。 17如果我们指望在基督里被称为义人,结果却仍是罪人,难道基督助长罪恶吗?当然不是!

18倘若我重建我所拆毁的东西,就表明我是罪人。 19事实上,我因无法满足律法的要求而向律法死了,不再受它的束缚,使我可以为上帝而活。 20我已经与基督一同被钉在十字架上,现在活着的不再是我,而是基督活在我里面。我现在是靠信上帝的儿子而活着,祂爱我,为我舍命。 21我不废弃上帝的恩典,倘若靠遵行律法可以成为义人,基督的死便毫无意义了。