Galatifo 1 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Galatifo 1:1-24

Nkyia

1Paulo, ɔsomafo a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔpaw me sɛ ɔsomafo, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a onyan no fii awufo mu no, 2ne anuanom a wɔne me wɔ ha nyinaa,

De krataa yi kɔma Galati asafo ahorow no nyinaa:

3Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. 4Yɛn bɔne nti, Kristo yɛɛ osetie maa yɛn Agya Nyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔre gyee yɛn fii bɔne a yɛwɔ mu nnɛ yi mu. 5Anuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen.

6Mo ho yɛ me nwonwa sɛ mopɛ ntɛm po nea ɔfrɛɛ mo se montena Kristo adom mu no, kodi asɛmpa foforo 7a ɛnyɛ nokware asɛmpa koraa bi no akyi. Ɛda adi sɛ nnipa bi wɔ hɔ a wɔredan mo adwene pɛ sɛ wosiw Kristo Asɛmpa no ho kwan. 8Na sɛ yɛn, anaa ɔbɔfo fi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonoe da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbu a enni awiei mu. 9Yɛaka dedaw na mereti mu sɛ: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye ato mu no bɔ abira no bɛkɔ afɔbu a enni awiei mu.

10Nea nnipa pene so na mereyɛ yi ana? Dabi! Mepɛ nea Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ nea ɛsɔ nnipa ani? Sɛ migu so yɛ saa de a, na menyɛ Kristo somfo.

Onyankopɔn Frɛ Paulo

11Anuanom, mepɛ sɛ mote ase sɛ Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfi onipa hɔ. 12Me nsa anka amfi onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.

13Moate sɛ na mesɛe mʼadagyew nyinaa wɔ Yudasom ho. Afei moate nso sɛ na mede atirimɔden taa Onyankopɔn akyidifo, na mefaa ɔkwan biara a metumi so pɛɛ sɛ metɔre wɔn ase. 14Me mfɛfo Yudafo no de, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sen wɔn nyinaa. Na mikura yɛn nananom amanne nso mu denneennen. 15Nanso Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na bere no soo 16sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufo no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo; 17saa ara nso na mankɔ Yerusalem ankohu asomafo a na wodi mʼanim kan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ na mesan baa Damasko.

18Mfe abiɛsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn wɔ Yerusalem ne no kodii nkɔmmɔ. Midii ne nkyɛn nna dunum. 19Manhu ɔsomafo biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho. 20Meka kyerɛ mo wɔ Onyankopɔn anim se nea merekyerɛw yi yɛ nokware turodoo.

21Ɛno akyi no, mebaa Siria ne Kilikia. 22Saa bere no na Kristo asafo ahorow a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me. 23Nsɛm a na wɔaka afa me ho sɛ, “Afei de, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidi a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.” 24Na me nti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.

Asante Twi Contemporary Bible

Galatifoɔ 1:1-24

Nkyea

1Me Paulo, ɔsomafoɔ a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔfrɛɛ me, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no. 2Me ne anuanom a wɔne me wɔ ha nyinaa,

De krataa yi kɔma Galati asafo ahodoɔ no nyinaa:

3Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. 4Yɛn bɔne enti, Kristo yɛɛ ɔsetie maa yɛn Agya Onyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee yɛn firii bɔne a yɛwɔ mu ɛnnɛ yi mu. 5Animuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen.

6Mo ho yɛ me nwanwa! Ɛnkyɛree koraa, morepa deɛ ɔnam Kristo adom so frɛɛ mo no akɔ asɛmpa foforɔ ho. 7Nokorɛm, asɛmpa foforɔ biara nni baabi, nanso meka ɛfiri sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a wɔredane mo adwene pɛ sɛ wɔsesa Kristo Asɛmpa no. 8Na sɛ yɛn, anaa ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonsonoeɛ da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu. 9Yɛaka dada na mereti mu bio sɛ: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye atom no bɔ abira no bɛkɔ afɔbuo a ɛnni awieeɛ mu.

10Deɛ nnipa pene so na mereyɛ yi anaa? Dabi! Mepɛ deɛ Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ deɛ ɛsɔ nnipa ani? Sɛ megu so yɛ saa deɛ a, na menyɛ Kristo ɔsomfoɔ.

Onyankopɔn Frɛ Paulo

11Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ, Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfiri onipa hɔ. 12Me nsa anka amfiri onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.

13Moate sɛ na mesɛe mʼadagyeɛ nyinaa wɔ Yudasom ho. Afei, moate nso sɛ na mede atirimuɔden taa Onyankopɔn akyidifoɔ, na mefaa ɛkwan biara a mɛtumi so pɛɛ sɛ metɔre wɔn ase. 14Mʼafɛfoɔ Yudafoɔ no deɛ, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sene wɔn nyinaa. Na mekura yɛn nananom amanneɛ nso mu dendeenden. 15Nanso, Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na berɛ no soo 16sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufoɔ no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo; 17saa ara nso na mankɔ Yerusalem mankɔhunu asomafoɔ a na wɔdi mʼanim ɛkan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ ɛnna mesane mʼakyi baa Damasko.

18Mfeɛ mmiɛnsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn wɔ Yerusalem ne no kɔdii nkɔmmɔ. Medii ne nkyɛn dadu nnanum. 19Manhunu ɔsomafoɔ biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho. 20Meka kyerɛ mo, Onyankopɔn anim sɛ deɛ meretwerɛ yi yɛ nokorɛ trodoo.

21Ɛno akyi, mebaa Siria ne Kilikia. 22Saa ɛberɛ no na Kristo asafo ahodoɔ a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me. 23Nsɛm a na wɔaka afa me ho sɛ, “Afei deɛ, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidie a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.” 24Na me enti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.