Filipifo 3 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Filipifo 3:1-21

1Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnhaw me sɛ meti nsɛm a makyerɛw dedaw no mu. Ɛma mo akwankyerɛ.

Monhwɛ Atoro Akyerɛkyerɛfo Yiye

2Monhwɛ nnebɔneyɛfo no a wɔte sɛ akraman a wɔka se twa na ɛsɛ sɛ onipa twa twetia ansa na wanya nkwagye no yiye. 3Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokware twetiatwa ato mu. Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no, na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no nti yenya ahosɛpɛw. Yɛmmfa yɛn ho nto ɔhonam so. 4Sɛ obi wɔ hɔ a osusuw sɛ, sɛ ɔde ne ho to amanne so na eye a anka ɛyɛ me. 5Bere a midii nnaawɔtwe pɛ na wotwaa me twetia. Meyɛ Israelni fi mʼawosu mu. Mifi Benyamin abusua a wɔyɛ Hebrifo kronkron no mu. Sɛ wɔka Yudafo mmara sodi ho asɛm nso a, meyɛ Farisini 6a na me ho pere me sɛ mɛtaa Kristo. Sɛ mmara no sodi nko na ɛma obi yɛ ɔtreneeni a, ɛno de, na me so nni mfomso biara.

7Nanso nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfaso nyinaa no, esiane Kristo nti, ayɛ adehwere. 8Ɛnyɛ ɛno nko, na migye di nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼAwurade no so. Ne nti matow biribiara akyene. Mefa ne nyinaa sɛ nneɛma hunu bi, sɛnea ɛbɛyɛ a me nsa bɛka Kristo, 9na mahu sɛ me ne no ayɛ baako. Afei meremfa mʼahoɔden mpere sɛ mɛyɛ pɛ; pɛyɛ a efi mmara no mu no. Na mmom mehwehwɛ pɛyɛ a efi Kristo mu gyidi ne Onyankopɔn mu a gyidi na ɛyɛ ne fapem. 10Nea merehwehwɛ ara ne sɛ, mehu Kristo na menya ne wusɔre no mu osuahu, na mahu nʼamane no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne wu no mu; 11na mewɔ anidaso sɛ, me nso me wu akyi no, wɔbɛma masɔre afi owu mu.

Botae No Ho Kɔ

12Ɛnyɛ sɛ manya eyinom nyinaa dedaw, anaasɛ madu me botae ho dedaw. Na mmom merepere akɔ mʼanim ara sɛ me nsa beso nea enti a Kristo Yesu nso soo me mu no mu. 13Anuanom, memfa no sɛ me nsa aso mu. Ade baako a ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ me werɛ fi mʼakyi na meyere me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a medu nea ɛwɔ mʼanim no ho. 14Eyi nti mitu mmirika kɔ mʼanim tee na madu ɔsoro botae no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho.

15Ɛsɛ sɛ yɛn a yenyin wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforo a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo. 16Nanso nea yɛn nsa aka dedaw no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu.

17Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa nti muntie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no. 18Maka saa asɛm yi akyerɛ mo se, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a owui wɔ asennua no ho no atamfo. 19Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛe mu, efisɛ wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nneɛma. Wɔma wɔn ho so wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu wɔ ho no ho, na wodwen wiase nneɛma nko ara ho. 20Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛw twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ofi ɔsoro bɛba no. 21Ɔnam tumi a etumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛw na ewu no, na wayɛ no sɛ ne de a ɛwɔ anuonyam no.