Efesofo 5 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Efesofo 5:1-33

1Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no nti, munsuasua no 2na motena ase ɔdɔ mu sɛnea Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔde a ɛyɛ huam ma Onyankopɔn no.

3Nanso ɛnsɛ sɛ wɔte aguamammɔ anaa afide anaa anibere ho asɛm wɔ mo mu, efisɛ eyinom mfata Onyankopɔn nkurɔfo kronkron. 4Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa fi, ahuhusɛm anaa sɛ muyi aseresɛm, mmom monna ase. 5Munnya ntease sɛ, obiara a ɔbɔ aguaman na ɔyɛ afide, na ɔyɛ oniberefo (anibere yɛ abosonsom) no rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahenni no mu bi. 6Mommma obiara mmfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Efisɛ saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fuw wɔn a wɔyɛ asoɔden no. 7Enti mo ne saa nnipa no nyɛ biribiara.

8Bere bi, na moyɛ sum, nanso mprempren de, moyɛ hann wɔ Awurade mu. Ne saa nti montena ase sɛ hann mma. 9Efisɛ hann no ma moyɛ papa, atreneefo ne nokwafo, 10na ɛhwehwɛ nea ɛsɔ Awurade ani. 11Montwe mo ho mfi nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ sum mu ho, na mompa ho ntama. 12Ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfo yɛ no wɔ sum mu no so. 13Nanso sɛ hann no tɔ wɔn so a, yebehu nnebɔne biara a wɔyɛ. 14Efisɛ hann da biribiara adi. Enti na wɔaka se,

“Nyan, wo a woada,

na sɔre fi awufo mu,

na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.”

15Enti monhwɛ mo akwan yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wonim nyansa. 16Monyɛ mo akwannya biara so ade, efisɛ, nna yi yɛ nna bɔne. 17Monnyɛ adwene mu harefo, na mmom monte Awurade apɛde ase. 18Monnnom nsa mmmow na amfa mo ankɔ ahohwibɔ mu. Na mmom momma Honhom no nhyɛ mo ma. 19Momfa nnwom, ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ koma mu, 20na monna Agya Onyankopɔn ase bere biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.

21Mumfi nidi a mowɔ ma Kristo mu no mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho.

Ɔyerenom Ne Okununom

22Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, 23efisɛ okunu yɛ ɔyere no ti sɛnea Kristo yɛ asafo no ti ne ne Gyefo no. Asafo no yɛ Kristo nipadua. 24Sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom.

25Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛnea Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no, 26na ɔnam asɛm no so de nsu guaree no yɛɛ no kronkron, 27de maa ne ho sɛ asafo a ɛhyerɛn, a enni nkekae anaasɛ mpomponoe anaasɛ dɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a enni sintɔ. 28Saa ara na ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛnea wɔdɔ wɔn nipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ nʼankasa ne ho. 29Obiara ntan ne ho. Mmom ɔma no aduan hwɛ no yiye sɛnea Kristo yɛ asafo no, 30na yɛn nso yɛyɛ ne nipadua no ho akwaa. 31“Eyi nti, ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ ɔhonam baako.” 32Eyi yɛ ahintasɛm a mu dɔ, nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm. 33Enti ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de nidi ma ne kunu.

Japanese Contemporary Bible

エペソ人への手紙 5:1-33

5

神を喜ばせるために

1子どもが、かわいがってくれる父親を見ならうように、何をするにも神を模範としなさい。 2思いやりに満ちあふれた者となりなさい。キリストの愛は、あなたがたの罪を取り除くために、ご自身をいけにえとして神にささげるほど深かったのです。このキリストの愛の香ばしいかおりを、神はお喜びになったのです。

3あなたがたの間に、性的な罪やふしだらな行い、貪欲があってはなりません。そんなことで、だれからも非難されないようにしなさい。 4みだらな会話や下品な冗談は、あなたがたにふさわしくありません。むしろ、互いに神の恵みを心にとめて、感謝しなさい。 5もうよくご存じと思いますが、キリストと神との国に、汚れた人や貪欲な人は入ることができません。貪欲な人は偶像礼拝者であって、神よりもこの世のものを愛して拝んでいるのです。

6これらの罪の言いわけをする者たちに、だまされてはなりません。神の恐ろしい怒りは、こういう行いをする者に容赦なく下るのです。 7ですから、彼らとのつき合いすら禁じます。 8あなたがたの心は以前は暗闇におおわれていましたが、今は主にあって光にあふれています。そのことを態度で示しなさい。 9内面がこの光で輝いているのですから、良いこと、正しいこと、真実なことだけを行うべきです。 10日々、主に喜ばれることは何かを、わきまえ知りなさい。 11邪悪で無益な快楽に身を任せてはいけません。むしろそれを非難し、明るみに出しなさい。 12神を敬わない者たちが暗闇でふけっている快楽は、口にするのも恥ずかしいことです。 13しかし、あなたがたがそれを明るみに出す時、光がその罪を照らし出して正体をあばきます。その醜さに気づいて、そのうちの何人かは光の子どもとなるでしょう。 14だから、聖書にこう言われているのです。

「眠っている者よ。目を覚ませ。

死者の中から起き上がれ。

そうすれば、キリストがあなたを照らされる。」イザヤ26・19

15-16ですから、自分の行動によくよく注意しなさい。今は困難な時代です。愚か者にならないで、賢くなりなさい。あらゆる機会を十分に生かして、正しい行いをしなさい。 17軽率に行動せず、主が望んでおられることを実行しなさい。 18酒を飲みすぎてはいけません。そこには多くの悪が潜んでいるからです。むしろ、御霊に満たされ、支配していただきなさい。 19聖なる歌をうたい、心の中で主に向かって賛美しながら、互いに主について語り合いなさい。 20いつも、あらゆることを、主イエス・キリストの名によって、父なる神に感謝しなさい。

幸福な家庭をつくるには

21互いに従順になって、キリストをたたえなさい。

22妻は、主に従うように夫に従いなさい。 23なぜなら、キリストの体である教会がキリストにゆだねられているように、妻は夫にゆだねられているからです。 24そういうわけですから、妻は、教会がキリストに従うように、どんなことでも喜んで夫に従わなければなりません。 25また夫は、教会のためにいのちを捨てるほどの愛を示されたキリストにならって、妻を愛しなさい。 26キリストがそうなさったのは、バプテスマ(洗礼)と神のことばで教会を洗いきよめ、きよく、汚れのないものとするためでした。 27こうして、一点のしみも、しわも、何の傷もない、きよく完全な栄光の教会として迎え入れようとされたのです。 28これこそ、夫が妻に対してとるべき態度です。つまり、夫は妻を、自分の体の一部のように愛さなければなりません。二人は一体なのですから、夫が妻を愛する時、自分自身を愛しているのです。 29-30自分の体を憎む者はいません。愛し、いたわります。それは、キリストが自分の体である教会をそうされたのと同じです。私たちは、その体の各部分なのです。 31夫と妻が一体であることは、聖書もはっきり証言しています。「人は結婚する時、父母のもとを離れなければならない。それは、完全に結びついて、二人が一心同体となるためである。」創世2・24 32これには深い理解が必要ですが、私たちがキリストの体の各部分であることを説明するには適切な例です。

33そこで、もう一度言います。夫は妻を、自分の体の一部のように愛しなさい。そして妻は、夫を心から尊敬し、従いなさい。