Efesofo 4 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Efesofo 4:1-32

Biakoyɛ Wɔ Kristo Mu

1Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no. 2Mommrɛ mo ho ase koraa na munnwo; montɔ mo bo ase, na mo ne obiara ntena wɔ ɔdɔ mu. 3Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoe hama so bɛma Honhom biakoyɛ no atena mo mu. 4Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidaso baako, 5Awurade baako, gyidi baako ne asubɔ baako mu no. 6Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a odi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso.

7Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛnea Kristo akyɛ ama yɛn. 8Eyi nti na Kyerɛwsɛm no ka se,

“Bere a ɔforo kɔɔ ɔsoro no,

ɔfaa nneduafo kaa ne ho;

na ɔmaa nnipa akyɛde.”

9Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛase ne dɛn? Ase kyerɛ sɛ, nea edi kan no, ɔkɔɔ fam wɔ asase ase pɛɛ. 10Enti nea ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro wim nyinaa so, sɛnea ɔbɛhyɛ abɔde nyinaa ma. 11Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafo, afoforo yɛɛ adiyifo, afoforo yɛɛ asɛmpakafo, na afoforo nso yɛɛ asɔfo ne akyerɛkyerɛfo. 12Ɔyɛɛ eyi de siesiee Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛnea Kristo nipadua no nyin bɛkɔ so 13kosi sɛ yɛn nyinaa benya gyidi baako ne Onyankopɔn Ba no ho nimdeɛ baako, na yɛawie nyin wɔ Kristo mayɛ mu.

14Yɛrenyɛ mmofra bio, wɔn a asorɔkye bɔ wɔn kɔ nea ɛpɛ, na nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba na bradatofo ne aniferefo daadaa wɔn. 15Mmom, sɛ yɛtena ase nokware ne ɔdɔ honhom mu a, yebenyin wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti no mu. 16Ne mu na honam akwaa ahorow no suso wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma, na nipadua no nyin ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu.

Hannmma Asetena

17Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ se monntena ase bio sɛ amanamanmufo a wonni adwene pa bi, 18na sum aduru wɔn ntease. Wonnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wonnim Onyankopɔn mu asetena na wonni nkatede ma nea ɛteɛ. 19Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afide ahorow nyinaa bi a wonnu wɔn ho.

20Ɛnyɛ saa na musua faa Kristo ho. 21Ɛyɛ nokware sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛnea nokware a ɛwɔ Yesu mu no te. 22Enti montwe mo ho mfi mo suban dedaw no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔw no ho. 23Momma Honhom no nyɛ mo koma ne mo adwene foforo, 24na montena ase wɔ suban foforo a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso wɔ treneeyɛ ne kronkronyɛ mu no.

25Munnni atoro nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokware nkyerɛ ne nua, efisɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo nipadua mu. 26Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne. Mommma owia nkɔtɔ mo abufuw so. 27Mma ɔbonsam kwan. 28Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔn no gyae akrɔmmɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforo.

29Mma kasa bɔne mfi wʼanom, na mmom ka kasa pa na aboa afoforo sɛnea ehia wɔn na wɔn a wotie anya so mfaso. 30Monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔw mo ano ama ogyeda no werɛ. 31Munyi yawdi, bobɔne ne abufuw, ahohoahoa ne nseku ne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu. 32Monyɛ ayamye mma mo ho mo ho, mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomso nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.

Asante Twi Contemporary Bible

Efesofoɔ 4:1-32

Baakoyɛ Wɔ Kristo Mu

1Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no. 2Mommrɛ mo ho ase koraa na monnwo; monto mo bo ase, na mone obiara ntena wɔ ɔdɔ mu. 3Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoeɛ ahoma so bɛma Honhom baakoyɛ no atena mo mu. 4Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidasoɔ baako, 5Awurade baako, gyidie baako ne asubɔ baako mu no. 6Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a ɔdi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso.

7Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛdeɛ Kristo akyɛ ama yɛn. 8Yei enti na Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Ɛberɛ a ɔforo kɔɔ ɔsoro no,

ɔfaa nneduafoɔ kaa ne ho;

na ɔmaa nnipa akyɛdeɛ.”

9Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛaseɛ ne sɛn? Aseɛ kyerɛ sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, ɔkɔɔ fam, asase ase pɛɛ. 10Enti deɛ ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro ewiem nyinaa so, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ abɔdeɛ nyinaa ma. 11Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafoɔ, afoforɔ yɛɛ adiyifoɔ, afoforɔ yɛɛ asɛmpakafoɔ, na afoforɔ nso yɛɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ. 12Ɔyɛɛ yei de siesiee Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛdeɛ Kristo onipadua no nyini bɛkɔso 13kɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛnya gyidie baako ne Onyankopɔn Ba no ho nimdeɛ baako, na yɛawie nyini wɔ Kristo mayɛ mu.

14Yɛrenyɛ mmɔfra bio, wɔn a asorɔkye bɔ wɔn kɔ deɛ ɛpɛ, na nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba na nnipa bradɛtofoɔ ne anifirefoɔ daadaa wɔn. 15Mmom, sɛ yɛtena ase nokorɛ ne ɔdɔ honhom mu a, yɛbɛnyini wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti mu. 16Ne mu na honam akwaa ahodoɔ no sosɔ wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma na onipadua no nyini ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu.

Hann Mma Asetena

17Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ sɛ, monntena ase bio sɛ amanamanmufoɔ a wɔnni adwene pa bi, 18na esum aduru wɔn nteaseɛ. Wɔnnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wɔnnim Onyankopɔn mu asetena na wɔnni atenka ma deɛ ɛtene. 19Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afideɛ ahodoɔ nyinaa bi a wɔnnu wɔn ho.

20Ɛnyɛ saa na mosua faa Kristo ho. 21Ɛyɛ nokorɛ sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Yesu mu no teɛ. 22Enti, montwe mo ho mfiri mo suban dada no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔ no ho. 23Momma Honhom no nyɛ mo akoma ne mo adwene foforɔ, 24na montena ase wɔ suban foforɔ a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso wɔ teneneeyɛ ne kronkronyɛ mu.

25Monnni atorɔ nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokorɛ nkyerɛ ne nua, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo onipadua mu. 26Sɛ wo bo fu a, nyɛ bɔne mma awia nkɔtɔ wʼabufuo so. 27Mma ɔbonsam kwan. 28Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔno no gyae korɔnobɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforɔ.

29Mma kasa bɔne mfiri wʼanomu, na mmom, ka kasa pa na aboa afoforɔ sɛdeɛ ɛhia wɔn na wɔn a wɔtie anya ho mfasoɔ. 30Monnhyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ. 31Monyi yeadie, bobɔne ne abufuo, ahohoahoa ne nsekuro ne bɔnepɛ nyinaa mfiri mo mu. 32Monyɛ ayamyɛ mma mo ho mo ho. Mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomsoɔ nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.