Efesofo 3 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Efesofo 3:1-21

Paulo, Amanamanmufo Ɔsɛmpakafo

1Me Paulo, mo amanamanmufo nti Kristo Yesu de me yɛɛ odeduani.

2Nokware mu, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm, 3a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyi so de ama sɛnea makyerɛw no tiaa dedaw no. 4Na sɛ mokenkan eyi a na mobɛte nhumu a mewɔ wɔ Kristo ahintasɛm ho no ase, 5nea wɔanyi ankyerɛ awo ntoatoaso bi mu nnipa sɛnea nnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafo ne adiyifo akronkron no. 6Saa ahintasɛm yi kyerɛ sɛ amanamanmufo ne Israelfo bɔ mu yɛ adedifo. Wɔbɔ mu yɛ nipadua baako, na wɔwɔ kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no mu.

7Onyankopɔn dom akyɛde a ɔnam ne tumi so yɛ adwuma wɔ yɛn mu nti, meyɛɛ asɛmpa no ho somfo. 8Ɛwɔ mu sɛ me ne aketewa pa ara wɔ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa mu, nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom sɛ menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no nkyerɛ amanamanmufo, 9na memma nnipa nyinaa nhu saa ahintasɛm yi dwumadi a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa mu wɔ mfe bebree a atwa mu no mu no. 10Nʼatirimpɔw ne sɛ afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu dɔ no adi akyerɛ wim mpanyinni ne atumfo, 11sɛnea ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so wiee ne botae a ɛwɔ hɔ daa no. 12Afei Kristo ma yɛn akokoduru ne ahotoso a ɛma yenya gyidi ba Onyankopɔn anim. 13Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu wɔ amane a mihu ma mo no ho. Ɛyɛ mo anuonyamhyɛ.

Wɔbɔ Mpae Ma Efesofo

14Eyi nti mibu nkotodwe wɔ Agya no anim, 15ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so no so. 16Mebɔ mpae sɛ omfi nʼanuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den, 17sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo bɛfa mo gyidi so abɛtena mo koma mu. Sɛ moagye ntin na moatim wɔ ɔdɔ mu no, mebɔ mpae sɛ 18mo ne ahotefo nyinaa benya tumi, na moate Kristo dɔ no trɛw, ne tenten, ne korɔn ne emu dɔ no ase, 19na moahu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma.

20Anuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi yɛ adwuma wɔ yɛn mu. Ɔnam saa tumi yi so yɛ nea yebisa anaa nea yesusuw ma ɛboro so. 21Anuonyam nka Onyankopɔn wɔ asafo no ne Kristo Yesu mu mfi nnɛ nkosi daa daa. Amen.

Asante Twi Contemporary Bible

Efesofoɔ 3:1-21

Paulo, Amanamanmufoɔ Ɔsɛmpakafoɔ

1Me Paulo, mo amanamanmufoɔ enti, Kristo Yesu de me yɛɛ deduani.

2Nokorɛm, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm, 3a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyie so de ama sɛdeɛ matwerɛ no tiawa dada no. 4Na sɛ mokenkan yei a, ɛnneɛ mobɛte nhunumu a me wɔ wɔ Kristo ahintasɛm ho no ase, 5deɛ wɔannyi ankyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ bi mu nnipa sɛdeɛ ɛnnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron no. 6Saa ahintasɛm yi kyerɛ sɛ amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ bom yɛ adedifoɔ, wɔbom yɛ onipadua baako, na wɔwɔ kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no mu.

7Onyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɔnam ne tumi no adwumayɛ so de ama me no enti, me yɛɛ asɛmpa no ho ɔsomfoɔ. 8Ɛwom sɛ me ne aketewa pa ara wɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa mu, nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom sɛ menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no nkyerɛ amanamanmufoɔ, 9na memma nnipa nyinaa nhunu saa ahintasɛm yi dwumadie a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa mu wɔ mfeɛ bebree a atwam no mu. 10Nʼatirimpɔ ne sɛ afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu dɔ no adi akyerɛ ewiem mpaninnie ne atumfoɔ, 11sɛdeɛ ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so wiee ne botaeɛ a ɛwɔ hɔ daa no. 12Afei Kristo ma yɛn akokoɔduru ne ahotosoɔ a ɛma yɛnya gyidie ba Onyankopɔn anim. 13Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu wɔ amane a mehunu ma mo no ho. Ɛyɛ mo animuonyamhyɛ.

Wɔbɔ Mpaeɛ Ma Efesofoɔ

14Yei enti, mebu nkotodwe wɔ Agya no anim, 15ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so. 16Mebɔ mpaeɛ sɛ ɔmfiri nʼanimuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den, 17sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛfa mo gyidie so abɛtena mo akoma mu. Sɛ moagye nhini na moatim wɔ ɔdɔ mu no, mebɔ mpaeɛ sɛ 18mo ne ahotefoɔ nyinaa bɛnya tumi, na moate Kristo dɔ no trɛ, ne tentene, ne korɔn ne emu dɔ no ase, 19na moahunu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma.

20Animuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi yɛ adwuma wɔ yɛn mu. Ɔnam saa tumi yi so yɛ deɛ yɛbisa anaa deɛ yɛsusu ma ɛboro so. 21Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ asafo no ne Kristo Yesu mu mfiri ɛnnɛ nkɔsi daapem. Amen.