Efesofo 2 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Efesofo 2:1-22

Yenya Nkwa Wɔ Kristo Mu

1Mo de, na moawuwu wɔ mo amumɔyɛ ne mo bɔne a 2na anka mote mu, bere a na mudi wiase ne wim sodifo ahenni akyi no ne honhom a mprempren ɛreyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no mu. 3Bere bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii ɔhonam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛde ne ne nsusuwii. Yɛn nso, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuw ba yɛn so. 4Nanso esiane nʼadɔeyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn nti, Onyankopɔn a nʼahummɔbɔ dɔɔso no 5maa yɛn nkwa wɔ Kristo mu, wɔ bere a anka yɛawuwu wɔ amumɔyɛ mu mpo; adom nti na wɔagye mo nkwa. 6Onyankopɔn nyan yɛn ne Kristo, na ɔde yɛn ne Kristo atena ɔsoro ahemman mu 7sɛnea ɛbɛyɛ a nna a ɛreba no mu no, ɔbɛda nʼadom ahonya a ɛso nni no adi; nʼadɔe a ɔnam Kristo Yesu so yɛɛ yɛn no. 8Ɛyɛ adom no nti na wɔnam gyidi so agye mo nkwa. Emfi mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde. 9Emfi nnwuma mu, na obi de ahoahoa ne ho. 10Onyankopɔn na wayɛ yɛn sɛnea yɛte yi. Ɔnam Kristo so bɔɔ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ nnwuma pa a wasiesie ato hɔ no.

Kristo Mu Biakoyɛ

11Afei monkae sɛ mo a na anka kan no wɔwoo mo sɛ amanamanmufo, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafo no (nea wɔde nsa ayɛ wɔ honam mu) frɛ mo momonotofo, 12monkae sɛ saa bere no na moatew mo ho afi Kristo ho, na wɔnkan mo mfra Israelfo, na moyɛ ahɔho a monka bɔhyɛ apam no ho, na munni anidaso na munni Onyankopɔn nso wɔ wiase. 13Nanso afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn.

14Efisɛ Kristo no ankasa nam baako a wama Yudafo ne amanamanmufo ayɛ no so de asomdwoe aba. Ɔnam ɔno ankasa ne honam so bubuu fasu a na etwa wɔn ntam ma wɔyɛ atamfo no. 15Ɔnam ne nipadua so asɛe Mose mmara ne nʼahyɛde tumi no. Ne botae ne sɛ ɔbɛma Yudafo ne amanamanmufo ayɛ baako na ɔde asomdwoe aba; 16ɔnam asennua a ɔde sɛee nitan a ɛwɔ wɔn ntam no so aka wɔn abɔ mu ayɛ wɔn nipadua baako na wapata wɔne Onyankopɔn ntam. 17Enti Kristo ba bɛkaa Asɛmpa a ɛyɛ asomdwoesɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn nyinaa. 18Ɔno nti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn.

19Enti mprempren, monnyɛ ahɔho ne amamfrafo bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfo no yɛ nnipa koro na mofra Onyankopɔn abusua no mu, 20na wɔato mo asi asomafo no ne adiyifo no fapem a Kristo Yesu no ankasa yɛ ne tweatibo no so. 21Ɔno na ɔma ɔdan mu no nyinaa yɛ baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron wɔ Awurade mu. 22Ne mu na wɔresiesie mo na moabɔ mu abɛyɛ ofi a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu.