Efesofo 1 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Efesofo 1:1-23

Nkyia

1Saa krataa yi fi me Paulo a Onyankopɔn fi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafo no nkyɛn,

Merekyerɛw akɔma ahotefo a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu agyidifo:

2Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no nka mo.

Honhom Nhyira Wɔ Kristo Mu

3Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, efisɛ ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a efi ɔsoro abrɛ yɛn. 4Ansa na Onyankopɔn bɛbɔ wiase no, ɔdɔɔ yɛn na oyii yɛn wɔ Kristo mu sɛ yɛbɛyɛ kronkron a mfomso biara nni yɛn ho wɔ nʼani so. Ofi ɔdɔ mu 5hyɛ too hɔ se, ne pɛ mu no, ɔnam Yesu Kristo so de yɛn bɛyɛ ne mma, 6de akamfo nʼadom a ɛdɔɔso a ɔde akyɛ yɛn kwa wɔ ne Dɔba no mu no. 7Ne mu na yenya ogye a efi ne mogya mu. Ne mu na yenya bɔnefakyɛ nso, sɛnea Onyankopɔn adom mmoroso a 8ɔde nyansa ne ntease nyinaa hwie guu yɛn so no te. 9Onyankopɔn nam nea Kristo yɛe no so ada nʼanwonwakwan no adi akyerɛ yɛn sɛ 10bere a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔde nyinaa ano, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.

11Onyankopɔn yɛ nea ɔpɛ bere biara. Ɛno nti na ɔnam Kristo so paw yɛn fii wiase mfiase, 12sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn a yedii kan nyaa anidaso wɔ Kristo mu no bɛyɛ nkamfo ahyɛ no anuonyam. 13Saa ara na ɛte wɔ mo ho nso. Bere a motee nokwasɛm a ɛyɛ asɛmpa a ɛmaa mo nkwagye no, mugyee Kristo dii. Wɔde bɔhyɛ Honhom Kronkron no hyɛɛ mo nsow wɔ ne mu. 14Honhom no ma yɛn awerehyɛmu sɛ wɔde nea Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfo no bɛma yɛn. Afei yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no anuonyam.

Aseda Ne Mpaebɔ

15Esiane eyi nti, efi bere a metee gyidi a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfo no, 16minnyaee aseda a mede ma Onyankopɔn wɔ mo ho no da. Mekae mo wɔ me mpaebɔ mu, 17na mibisa yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no se ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu no. 18Mesrɛ sɛ mo adwene mu mmue na munhu ne hann no, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya anidaso a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no, ne ahonya a ɛwɔ agyapade kronkron a ɛwɔ hɔ ma ahotefo no, 19ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yegye di no. Ɛyɛ saa tumi nwonwaso no ara na ɔdaa no adi 20bere a onyan Kristo fii awufo mu na ɔde no tenaa ne nifa so wɔ ɔsoro ahemman no mu no. 21Saa tumi yi korɔn sen mpanyinni ne tumidi, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne dibea biara a wotumi de ma saa bere yi ne bere a ɛbɛba no mu. 22Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no, 23a ɛne ne nipadua. Ɔno ne nea ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ akwan nyinaa mu.

Asante Twi Contemporary Bible

Efesofoɔ 1:1-23

Nkyea

1Krataa yi firi me Paulo a Onyankopɔn firi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafoɔ no nkyɛn,

Meretwerɛ akɔma ahotefoɔ a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu nokwafoɔ no:

2Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no nka mo.

Honhom Nhyira Wɔ Kristo Mu

3Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, ɛfiri sɛ, ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a ɛfiri ɔsoro abrɛ yɛn. 4Ansa na Onyankopɔn bɛbɔ ewiase no, ɔdɔɔ yɛn na ɔyii yɛn wɔ Kristo mu sɛ yɛbɛyɛ kronkron a mfomsoɔ biara nni yɛn ho wɔ nʼani so. Ɔfiri ɔdɔ mu 5hyɛ too hɔ sɛ, ne pɛ mu no, ɔnam Yesu Kristo so de yɛn bɛyɛ ne mma, 6de akamfo nʼadom a ɛdɔɔso a ɔde akyɛ yɛn kwa wɔ ne Dɔ Ba no mu no. 7Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ a ɛfiri ne mogya mu. Ne mu na yɛnya bɔnefakyɛ nso, sɛdeɛ Onyankopɔn adom mmorosoɔ a 8ɔde nyansa ne nteaseɛ nyinaa hwie guu yɛn so no teɛ. 9Onyankopɔn nam deɛ Kristo yɛeɛ no so ada nʼanwanwa kwan no adi akyerɛ yɛn sɛ, 10ɛberɛ a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔdeɛ nyinaa ano, deɛ ɛwɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.

11Onyankopɔn yɛ deɛ ɔpɛ ɛberɛ biara. Ɛno enti na ɔnam Kristo so paw yɛn firii ewiase ahyɛaseɛ, 12sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn a yɛdii ɛkan nyaa anidasoɔ wɔ Kristo mu no bɛyɛ nkamfo ahyɛ no animuonyam. 13Saa ara na ɛte wɔ mo ho nso. Ɛberɛ a motee nokwasɛm a ɛyɛ Asɛmpa a ɛmaa mo nkwagyeɛ no, mogyee Kristo diiɛ. Wɔde bɔhyɛ Honhom Kronkron no hyɛɛ mo nso wɔ ne mu. 14Honhom no ma yɛn awerɛhyɛmu sɛ wɔde deɛ Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfoɔ no bɛma yɛn. Afei, yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no animuonyam.

Aseda Ne Mpaeɛbɔ

15Esiane yei enti, ɛfiri ɛberɛ a metee gyidie a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ no, 16mennyaee aseda a meda Onyankopɔn ma mo no da. Mekae mo wɔ me mpaeɛbɔ mu, 17na mebisa yɛn Awurade Yesu Kristo Onyankopɔn, animuonyam Agya no sɛ, ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu no. 18Mesrɛ sɛ mo adwene mu mmue na monhunu ne hann no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya anidasoɔ a ɛno enti ɔfrɛɛ mo no ne ahonya a ɛwɔ agyapadeɛ kronkron a ɛwɔ hɔ ma ahotefoɔ no, 19ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yɛgye die no. Ɛyɛ saa tumi nwanwasoɔ no ara na ɔdaa no adi 20ɛberɛ a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu na ɔde no tenaa ne nifa so wɔ ɔsoro ahemman no mu no. 21Saa tumi yi korɔn sene mpaninnie ne tumidie, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne diberɛ biara a wɔtumi de ma saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a ɛbɛba no mu. 22Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no, 23a ɛne ne onipadua. Ɔno ne deɛ ɔhyɛ adeɛ nyinaa ma wɔ akwan nyinaa mu.