Daniel 6 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Daniel 6:1-28

Daniel Da Gyata Amoa Mu

1Ɛsɔɔ Ɔhene Dario ani sɛ ɔbɛpa ahenemma ɔha ne aduonu de wɔn atuatua amantam a ɛwɔ ahemman no mu no ano. 2Ɔhene no san yii Daniel ne afoforo baanu bi sɛ mpanyimfo a wɔhwɛ ahenemma no so, sɛnea wɔbɛtoto nneɛma yiye, na ɔhene no ammɔ ka. 3Na Daniel daa ne ho adi sɛ onim de wɔ mpanyimfo ne ahenemma no mu, ɛno nti, Ɔhene yɛɛ nhyehyɛe sɛ, ɔde no besi ɔman no nyinaa so panyin.

4Ɛyɛɛ saa maa mpanyimfo no ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wobenya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammui no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomso biara, efisɛ ɔyɛ ɔnokwafo. 5Na mmarima no kae se, “Yɛrennya Daniel yi ho asɛmmɔne biara gye sɛ yehu biribi a ɛfa ne nyamesom ho de sum no afiri.”

6Enti mpanyimfo no ne ahenemma no kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nana wo nkwa so! 7Yɛn mpanyimfo, ahenemma, afotufo ne mpanyimfo a aka no nyinaa apene so sɛ, ɛsɛ sɛ Nana hyɛ mmara sɛ, adaduasa a edi anim yi, obiara nni ho kwan sɛ ɔbɛbɔ mpae akyerɛ onyame bi anaa onipa bi a ɛnyɛ wo Nana no, wɔde no bɛto gyata amoa mu. 8Ɛno nti, Nana, kyerɛw na fa wo nsa hyɛ saa mmara yi ase, sɛnea Mediafo ne Persiafo mmara a wontumi nsesa no no te.” 9Ɛno nti, ɔhene Dario kyerɛw mmara no.

10Na Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ fie kɔhyɛn nʼabansoro dan a ne mfɛnsere anim kyerɛ Yerusalem no. Da biara obuu nkotodwe bɔɔ mpae mprɛnsa daa ne Nyankopɔn ase sɛnea ɔyɛ daa no. 11Mpanyimfo no nyinaa bɔɔ mu kɔɔ Daniel fi kohuu no sɛ ɔrebɔ mpae resrɛ Onyankopɔn mmoa. 12Enti wɔsan kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔkaee no ne mmara no se, “Nana, woamfa wo nsa anhyɛ mmara a ɛka se adaduasa a edi anim yi, obiara a ɔbɛbɔ obi mpae, onyame anaa onipa na ɛnyɛ Nana no, wɔde no bɛto gyata amoa mu no ana?”

Ɔhene no buae se, “Yiw, saa mmara no wɔ hɔ; ɛyɛ Mediafo ne Persiafo mmara a, wɔrentumi nsesa no.”

13Afei wɔka kyerɛɛ ɔhene no se, “Nana, Daniel no a ɔyɛ Yuda nnommum no mu baako no mmu wo, na onni wo mmara no nso so. Ɔda so bɔ ne Nyankopɔn mpae mprɛnsa da koro.” 14Ɔhene no tee saa no, ɛhaw no yiye, na osusuw ho ara kosii anwummere pɛɛ, ɔkwan bi a ɔbɛfa so agye Daniel nkwa.

15Mmarima yi bɔɔ mu kɔɔ ɔhene no anim kɔka kyerɛɛ no se, “Nana, nidi mu, wunim sɛ, Mediafo ne Persiafo mmara mu no, wontumi nsesa mmara biara a ɔhene ahyɛ.”

16Ɔhene Dario hyɛe se, wɔnkɔfa Daniel, na wɔntow no nkyene gyata amoa no mu. Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Daniel, ma wo Nyankopɔn a wosom no daa no, nnye wo.”

17Wɔde bo bɛtoo amoa no ano. Na Ɔhene no de nʼankasa nsɔwano ne atitiriw nsɔwano susoo ɔbo no sɛnea obiara rentumi nyɛ Daniel ho hwee. 18Afei ɔhene no san kɔɔ nʼahemfi a anadwo no nyinaa, wannidi. Ɔpoo anigyede biara, na wantumi anna anadwo mu no nyinaa.

19Ade kyee anɔpatutuutu no, ɔhene no yɛɛ ntɛm kɔɔ gyata amoa no ano. 20Oduu hɔ no, ɔde awerɛhow frɛe se, “Daniel, Onyankopɔn teasefo somfo. Wo Nyankopɔn a wosom no daa no tumi gyee wo fii gyata no mu ana?”

21Daniel teɛɛ mu se, “Nana wo nkwa so! 22Me Nyankopɔn somaa ne bɔfo bɛkataa gyata no ano, sɛnea wɔrentumi nyɛ me bɔne, efisɛ wahu sɛ, midi bem wɔ nʼanim. Na wo, Nana nso, menyɛɛ wo bɔne biara ɛ.” 23Ɔhene no ani gyee mmoroso, na ɔhyɛɛ sɛ wonyi Daniel mfi amoa no mu, enti wuyii no. Wɔanhu kam biara wɔ ne ho, efisɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so. 24Afei ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔnkɔkyere mmarima a wɔnam ntwatoso so ma wɔde Daniel kɔtoo gyata amoa mu no. Ɔma wɔtow wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma guu gyata amoa no mu. Gyata no huruhuruw sisii wɔn so, tetew wɔn, bobɔɔ wɔn nnompe mu ansa koraa na wɔredu amoa no ase.

25Afei Ɔhene Dario de nkra yi kɔmaa nnipa ahorow nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara wɔ wiase mmaa nyinaa se:

“Ensi mo yiye mmoroso!

26“Mehyɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ mʼaheman mu suro, fɛre na ɔde nidi ma Daniel Nyankopɔn.

“Ɔno na ɔyɛ Ɔteasefo Nyankopɔn

na ɔwɔ hɔ daa.

“Nʼahenni rensɛe da biara da.

Na ne tumi to rentwa da.

27“Ɔyɛ amanehunu mu gyefo na ogye nkwa nso;

ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade,

wɔ ɔsoro ne asase so.

“Ɔno na wagye Daniel

afi gyata no nsam.”

28Enti Daniel kɔɔ so dii yiye wɔ Ɔhene Dario ne Persiahene Kores mmere so.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

但以理书 6:1-28

但以理在狮子坑

1大流士决定设立一百二十个总督治理全国。 2总督之上,设三个总长,以维护王的统治,但以理是其中之一。 3因为但以理有非凡的心智,远超过其他总长和总督,王便考虑让他治理全国。 4于是,其他总长和总督想在但以理的政务中找把柄控告他,却找不到任何把柄或过失,因为他诚实可靠,毫无过失。 5最后他们说:“除非我们从但以理上帝的律法下手,否则找不到指控他的把柄。”

6于是,这些总长和总督齐来见王,说:“愿大流士王万岁! 7所有总长、行政官、总督、谋士和省长都认为王应该下一道禁令,三十天内,任何人不得向王以外的神明或人祷告,违者必被扔进狮子坑。 8王啊,求你颁布、签署这道禁令,使之不可更改,正如玛代人和波斯人的律令是不可更改的。” 9于是大流士王签署了这道禁令。

10但以理知道王签署禁令后,就回到家里。他楼上的窗户朝向耶路撒冷,他像往常一样每日三次跪下向上帝祷告、感恩。 11那些官员一同来了,发现但以理向他的上帝祷告、祈求, 12便去见王,提及王的禁令,说:“王啊,你不是签署禁令,三十天内,任何人不得向王以外的神明或人祷告,违者必被扔进狮子坑吗?”王说:“确有此事,按照玛代人和波斯人的律,这禁令不可更改。” 13他们对王说:“王啊,被掳来的犹大但以理不理会你和你的禁令,仍一日三次向他的上帝祈祷。” 14王听了这些话,十分愁烦,一心想救但以理,直到日落都在筹划解救之道。 15那些人齐来见王,说:“王啊,按照玛代人和波斯人的律,王颁布的禁令和律例是不可更改的。”

16王便下令把但以理带来扔进狮子坑。他对但以理说:“愿你忠心事奉的上帝拯救你!” 17坑口用大石封住,并加上王和大臣的封印,使惩办但以理的事不可更改。 18王回宫后,整夜禁食,拒绝娱乐,无法入睡。

19次日黎明,王起来匆忙赶往狮子坑, 20到了坑边,凄声呼喊但以理:“永活上帝的仆人但以理啊,你忠心事奉的上帝有没有救你脱离狮子的口?” 21但以理对王说:“愿王万岁! 22我的上帝差遣天使封住了狮子的口,不让它们伤害我,因为我在上帝面前是清白的。王啊,我在你面前也没有过错。” 23王非常高兴,便命人把但以理从坑中拉上来。于是,但以理从坑中被拉了上来,他因为信靠他的上帝,身上毫无损伤。 24王下令把那些恶意控告但以理的人及其儿女妻子都带来,扔进狮子坑。他们还没到坑底,狮子便扑上去,咬碎了他们的骨头。

25后来,大流士王传谕境内的各族、各邦、各语种的人,说:“愿你们大享平安! 26我下令,我统治的国民都要敬畏但以理的上帝,

“因为祂是永活长存的上帝,

祂的国度永不灭亡,

祂的统治直到永远。

27祂庇护、拯救,

在天上地下行神迹奇事,

但以理脱离狮子的口。”

28因此,在大流士波斯塞鲁士执政期间,但以理凡事亨通。