Daniel 5 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Daniel 5:1-31

Ɔfasu Ho Nkyerɛw

1Mfe bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too pon kɛse maa ne mpanyimfo apem, na ɔne wɔn nom nsa. 2Bere a nsa no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛe sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase fii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛnea ɔne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom bɛnom mu nsa. 3Enti ɔde saa sikakɔkɔɔ nkuruwa a wɔtase fii Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu no bae, na ɔhene no ne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom nom mu nsa. 4Wɔrenom nsa no, wɔkamfoo wɔn ahoni a wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, dua ne abo ayɛ no.

5Amono mu hɔ no ara, wohui sɛ, onipa nsateaa rekyerɛw ɔhene ahemfi fasu no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛrekyerɛw no, 6na ehu maa nʼanim danee. Sɛnea ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka bobɔɔ mu, na ne nan mu yɛɛ mmrɛw.

7Ɔhene no teɛɛ mu frɛɛ se wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo mmra nʼanim. Ɔka kyerɛɛ saa Babilonia anyansafo yi se, “Obiara a obetumi akenkan nkyerɛw yi, akyerɛ me ase no, wobefura no ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman yi mu.”

8Nanso ɔhene no anyansafo no bae no, wɔn mu biara antumi ankenkan nkyerɛw no, ankyerɛ ase amma ɔhene no. 9Enti ɛmaa ɔhene no ho yeraw no yiye, na nʼanim sesae. Nʼabirɛmpɔn nso ho yeraw wɔn.

10Na bere a Ɔhemmea no tee ɔhene ne ne mpanyimfo nteɛteɛmu no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ apontodan mu hɔ. Ɔka kyerɛɛ Belsasar se, “Nana nkwa so! Nana, nsuro na mma wʼanim nsesa! 11Ɔbarima bi wɔ wʼahenni mu ha a ɔwɔ anyame kronkron honhom wɔ ne mu. Wʼagya Nebukadnessar adedi mu no, wohuu sɛ, saa ɔbarima yi wɔ ntease nhumu ne nyansa te sɛ anyame no. Wʼagya Nebukadnessar sii no panyin wɔ nkonyaayifo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo so wɔ Babilonia. 12Saa ɔbarima Daniel yi a ɔhene too no din Beltesasar yi adwene mu dɔ, na Onyankopɔn ho nimdeɛ ne ntease ahyɛ no ma. Otumi kyerɛ dae ne kasanyansa ase, na nsɛm a ɛkyere adwene no, ɔsan mu. Momfrɛ Daniel na ɔbɛkyerɛ mo nkyerɛw no ase.”

13Enti wɔkɔfaa Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene no bisaa no se, “Wone Daniel no a mʼagya Nebukadnessar faa wo nnommum de wo fii Yuda bae no? 14Mate wo nka sɛ, wowɔ anyame honhom wɔ wo mu, na ntease, nhumu ne nyansa ahyɛ wo ma. 15Wɔde anyansafo ne pɛadeahufo baa mʼanim sɛ wɔbɛkenkan nkyerɛw a egu ɔfasu yi ho yi na wɔnkyerɛ me ase, nanso wɔantumi. 16Na mate wo nka sɛ wutumi kyerɛ nsɛm ase; na wosan nsɛm a ɛkyere adwene mu. Na sɛ wutumi kenkan nkyerɛw a ɛwɔ ɔfasu yi ho na wokyerɛ me ase a, wobefura wo ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban begu wo kɔn mu. Na wobɛyɛ ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman yi mu.”

17Daniel buaa ɔhene no se, “Nana, mesrɛ, ma wʼakyɛde no ntena hɔ na fa wʼabasobɔde no ma obi foforo. Nanso, Nana, mɛkenkan nkyerɛw no, na makyerɛ wo ase.

18“Nana, Ɔsorosoro Nyankopɔn maa wʼagya Nebukadnessar kɛseyɛ, anuonyam ne nidi. 19Ɔyɛɛ no kɛse ara kosii sɛ, nnipa ahorow nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara du nʼanim a, wɔn ho popo biribiribiri. Okunkum wɔn a ɔpɛ sɛ okunkum wɔn, na ogyaa wɔn a ɔpɛ sɛ ogyaa wɔn. Ɔhyɛɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no anuonyam, na wɔn a ɔpɛ sɛ ɔbrɛ wɔn ase no, ɔbrɛɛ wɔn ase. 20Nanso ahomaso maa ne koma ne nʼadwene yɛɛ den no, woyii no fii nʼahengua so, sii no fam, gyee nʼanuonyam no. 21Wɔpam no fii nnipa mu. Wɔmaa no aboa adwene, na ɔne wuram mmoa tenae. Ɔwee sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu fɔw no fɔkyee kosii sɛ, afei ohui sɛ, sɛɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn na odi wiase ahemman nyinaa so, na ɔno ara nso na oyi obi a ɔpɛ ma odi so.

22“Nanso wo, ne ba Belsasar, wunim eyinom nyinaa, nanso woammrɛ wo ho ase. 23Woama wo ho so atia Ɔsoro Awurade mmom. Woafa saa nkuruwa yi a esisi wʼanim a wɔfa fii nʼasɔredan mu no. Wo ne wʼatitiriw ne wo yerenom ne wo mpenanom anom mu nsa, bere a morekamfo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere, dade, dua ne ɔbo anyame a wonhu ade, na wɔnnte asɛm, na wonnim hwee koraa no. Na moamfa nidi amma Onyankopɔn a okura mo nkwa na odi mo nkrabea so no. 24Ne saa nti, Onyankopɔn asoma nsa yi sɛ, ɛmmɛkyerɛw nkra yi.

25“Nkra a, ɛkyerɛwee ni:

Mene, Mene, Tekel, Parsin.

26“Saa nsɛm yi nkyerɛase ni:

“ ‘Mene’ nkyerɛase ne wɔakan. Onyankopɔn akan wʼahenni nna a aka na watwa so de aba nʼawiei.

27“ ‘Tekel’ nkyerɛase ne: wɔakari. Wɔakari wo wɔ nsania so, nanso woantumi sɔhwɛ no.

28“ ‘Parsin’ nkyerɛase ne: wɔakyekyɛ mu. Wɔakyekyɛ wʼahenni mu ama Mediafo ne Persiafo.”

29Afei Belsasar ma wofuraa Daniel ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, de sikakɔkɔɔ ntweaban guu ne kɔn mu. Wɔsoaa no sɛ, ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman no mu.

30Saa anadwo no ara, wokum Babiloniahene Belsasar. 31Na Dario a ofi Mede faa ahenni no, na wadi mfirihyia aduosia abien.

Asante Twi Contemporary Bible

Daniel 5:1-31

Fasuo Ho Atwerɛ

1Mfeɛ bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too ɛpono kɛseɛ maa ne mpanimfoɔ apem, na ɔne wɔn nom nsã. 2Ɛberɛ a nsã no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛɛ sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase firii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛdeɛ ɔne ne mpanimfoɔ, ne yerenom ne ne mpenafoɔ bɛnom mu nsã. 3Enti, wɔde saa sikakɔkɔɔ nkuruwa a wɔtase firii Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu no baeɛ, na ɔhene no ne ne mpanimfoɔ ne yerenom ne ne mpenafoɔ nom mu nsã. 4Wɔrenom nsã no, wɔkamfoo wɔn ahoni a wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, dua ne aboɔ ayɛ no.

5Amonom hɔ no ara, wɔhunuu sɛ, onipa nsateaa retwerɛ ɔhene ahemfie ɔfasuo no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛretwerɛ no, 6na ehu maa nʼanim daneeɛ. Sɛdeɛ ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka boboom, na ne nan mu yɛɛ mmrɛ.

7Ɔhene no teaam frɛɛ sɛ, wɔmfa pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ mmra nʼanim. Ɔka kyerɛɛ saa Babilonia anyansafoɔ yi sɛ, “Obiara a ɔbɛtumi akenkan atwerɛ yi, akyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no tam kɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ ahemman yi mu.”

8Nanso, ɔhene no anyansafoɔ no baeɛ no, wɔn mu biara antumi ankenkan atwerɛ no, ankyerɛ aseɛ amma ɔhene no. 9Enti, ɛmaa ɔhene no ho yeraa no yie, na nʼanim sesaeɛ. Nʼaberempɔn nso ho yeraa wɔn.

10Na ɛberɛ a Ɔhemmaa no tee ɔhene ne ne mpanimfoɔ nteateam no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ apontoɔ dan mu hɔ. Ɔka kyerɛɛ Belsasar sɛ, “Nana nkwa so! Nana nsuro na mma wʼanim nsesa! 11Ɔbarima bi wɔ wʼahemman mu ha a ɔwɔ anyame kronkron sunsum wɔ ne mu. Wʼagya Nebukadnessar adedie mu no, wɔhunuu sɛ, saa ɔbarima yi wɔ nteaseɛ nhunumu ne nyansa te sɛ anyame no. Wʼagya Nebukadnessar sii no panin wɔ nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ so wɔ Babilonia. 12Saa ɔbarima Daniel yi a ɔhene too no din Beltesasar yi adwene mu dɔ, na Onyankopɔn ho nimdeɛ ne nteaseɛ ahyɛ no ma. Ɔtumi kyerɛ daeɛ ne kasanyansa ase, na nsɛm a ɛkyere adwene no, ɔsane mu. Momfrɛ Daniel na ɔbɛkyerɛ mo atwerɛ no ase.”

13Enti, wɔkɔfaa Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene no bisaa no sɛ, “Wone Daniel no a mʼagya Nebukadnessar faa wo nnommum de wo firii Yuda baeɛ no? 14Mate wo nka sɛ, wowɔ anyame sunsum wɔ wo mu, na nteaseɛ nhunumu ne nyansa ahyɛ wo ma. 15Wɔde anyansafoɔ ne pɛadeɛhunufoɔ baa mʼanim sɛ wɔbɛkenkan atwerɛ a ɛgu ɔfasuo yi ho yi na wɔnkyerɛ me aseɛ, nanso wɔntumi. 16Na mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase; na wosane nsɛm a ɛkyere adwene mu. Na sɛ wotumi kenkan atwerɛ a ɛwɔ ɔfasuo yi ho na wo kyerɛ me aseɛ a, wɔbɛfira wo ɔtankɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban bɛgu wo kɔn mu. Na wobɛyɛ ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ ahemman yi mu.”

17Daniel buaa ɔhene no sɛ, “Nana, mesrɛ, ma wʼakyɛdeɛ no ntena hɔ na fa wʼabasobɔdeɛ no ma obi foforɔ. Nanso, Nana, mɛkenkan atwerɛ no, na makyerɛ wo aseɛ.

18“Nana, Ɔsorosoro Onyankopɔn maa wʼagya Nebukadnessar kɛseyɛ, animuonyam ne anidie. 19Ɔyɛɛ no kɛse ara kɔsii sɛ, nnipa ahodoɔ nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara duru nʼanim a, wɔn ho popo biribiribiri. Ɔkunkumm wɔn a ɔpɛ sɛ ɔkunkum wɔn, ɛnna ɔgyaee wɔn a ɔpɛ sɛ ɔgyaa wɔn. Ɔhyɛɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no animuonyam, ɛnna wɔn a ɔpɛ sɛ ɔbrɛ wɔn ase no, ɔbrɛɛ wɔn ase. 20Nanso, ahomasoɔ maa nʼakoma ne nʼadwene yɛɛ den no no, wɔyii no firii nʼahennwa so, sii no fam, gyee nʼanimuonyam no. 21Wɔpamoo no firi nnipa mu. Wɔmaa no aboa adwene, na ɔne wiram mmoa tenaeɛ. Ɔwee ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ no kyaww kɔsii sɛ, afei ɔhunuu sɛ, sɛɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn na ɔdi ewiase ahemman nyinaa so, na ɔno ara nso na ɔyi obi a ɔpɛ ma ɔdi so.

22“Nanso wo, ne ba Belsasar, wonim yeinom nyinaa, nanso woammrɛ wo ho ase. 23Wama wo ho so atia Ɔsoro Awurade mmom. Woafa saa nkuruwa yi a ɛsisi wʼanim a wɔfa firii nʼasɔredan mu no. Wo ne wʼatitire ne wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsã, ɛberɛ a morekamfo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere, dadeɛ, dua ne ɛboɔ anyame a wɔnhunu adeɛ, na wɔnnte asɛm, na wɔnnim hwee koraa no. Na moamfa anidie amma Onyankopɔn a ɔkura mo nkwa na ɔdi mo hyɛberɛ so no. 24Ne saa enti, Onyankopɔn asoma nsa yi sɛ, ɛmmɛtwerɛ nkra yi.

25“Nkra a ɛtwerɛeɛ nie:

Mene, Mene, Tekel, Parsin.

26“Saa nsɛm yi asekyerɛ nie:

“Mene asekyerɛ ne wɔakan. Onyankopɔn akan wʼahennie nna a aka na watwa so de aba nʼawieeɛ.

27“Tekel asekyerɛ ne wɔakari. Wɔakari wo wɔ nsania so, nanso woantumi sɔhwɛ no.

28“Parsin asekyerɛ ne wɔakyekyɛ mu. Wɔakyekyɛ wʼahemman mu ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ.”

29Afei, Belsasar ma wɔfiraa Daniel ɔtankɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, de sikakɔkɔɔ ntweaban guu ne kɔn mu. Wɔsoaa no sɛ, ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ ahemman no mu.

30Saa anadwo no ara, wɔkumm Babiloniahene Belsasar. 31Na Dario a ɔfiri Mede faa ahennie no a na wadi mfirinhyia aduosia mmienu.