Daniel 2 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Daniel 2:1-49

Nebukadnessar Daeso

1Nebukadnessar adedi mfe abien so, ɔsosoo dae bi ma ɛhaw no ara kosii sɛ, na ontumi nna. 2Ɔfrɛɛ ne nkonyaayifo, pɛadeahufo, ntafowayifo ne Kaldeafo, ka kyerɛɛ wɔn se, wɔnkyerɛ no dae ko no. Wobegyinaa ɔhene no anim no, 3ɔkae se, “Maso dae bi a ɛhaw me, enti mepɛ sɛ mokyerɛ me dae ko a mesoe no, efisɛ ɛsɛ sɛ mihu.”

4Na Kaldeafo no buaa no wɔ Arameike kasa mu se, “Ɔhene nkwa so! Ka dae no kyerɛ yɛn, na yɛbɛkyerɛ ase.”

5Nanso ɔhene no ka kyerɛɛ Kaldeafo no se, “Eyi ne gyinae a masi wɔ asɛm yi ho. Sɛ moantumi anka me dae no, na moankyerɛ me ase a, wobetwitwa mo mu asinasin, na wobebubu mo afi, ama afuw wura. 6Na sɛ moka me dae no, kyerɛ me ase a, mɛma mo akyɛde a ɛso bi mmaa da, na mabɔ mo aba so. Monka dae no, na monkyerɛ me ase.”

7Wɔkaa bio se, “Yɛsrɛ wo, Nana, ka dae no kyerɛ wʼasomfo, na yɛbɛkyerɛ wo ase.”

8Ɔhene no buae se, “Mahu mo nnaadaa no. Mahu sɛ, moretwentwɛn bere no so, na munim gyinae a masi wɔ asɛm a mekae no ho. 9Sɛ moanka dae no ankyerɛ me a, asotwe baako pɛ na ɛda hɔ ma mo. Moapam sɛ mubedi atoro adaadaa me. Mususuw sɛ asɛm no bɛsesa. Monka dae no nkyerɛ me, na ɛbɛma mahu sɛ mubetumi akyerɛ ase.”

10Kaldeafo no buaa Ɔhene no se, “Onipa teasefo biara nni hɔ a obetumi akyerɛ wo, Nana, wo dae a woaso no. Na ɔhene biara nso nni hɔ, sɛ ɔkorɔn anaa ne tumi so, a wabisa nkonyaayifo, pɛadeahufo anaa Kaldeafo saa asɛm yi bi pɛn. 11Ɔhene abisade yi yɛ den dodo. Obiara nni hɔ a obetumi aka wo dae no gye anyame. Nanso wɔn tenabea nni wiase yi mu.”

12Ɔhene no tee saa asɛm no, ne bo fuw yiye, enti ɔhyɛɛ sɛ, wonkunkum anyansafo a wɔwɔ Babilonia nyinaa. 13Na esiane ɔhene no mmaraden sɛ wonkunkum anyansafo no nti, wɔsomaa mmarima sɛ wɔnkɔhwehwɛ Daniel ne ne nnamfonom, na wonkunkum wɔn.

14Bere a, Ariok a ɔyɛ ɔhene no awɛmfo so panyin baa sɛ ɔrebekum wɔn no, Daniel faa nyansakwan so ne no kasae. 15Daniel bisaa Ariok se, “Adɛn nti na ɔhene hyɛɛ mmara a ano yɛ den saa?” Na Ariok kaa nea asi nyinaa kyerɛɛ no. 16Daniel kohuu Ɔhene no, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no bere kakra na ɔbɛba abɛkyerɛ dae no ase.

17Na Daniel kɔɔ ne fi kɔbɔɔ ne nnamfonom Hanania, Misael ne Asaria amanneɛ faa asɛm a asi no ho. 18Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn na ɔnnom wɔn nʼahummɔbɔ sɛnea wɔrenkum wɔn mfra anyansafo nkae a wɔwɔ Babilonia no mu. 19Anadwo no, ɔdaa kokoamsɛm no adi kyerɛɛ Daniel wɔ anisoadehu mu. Na Daniel kamfoo ɔsoro Nyankopɔn 20se,

“Ayeyi nka Onyankopɔn din daa nyinaa,

ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi.

21Ɔno na ɔsesa mmere ne nnipa nkrabea;

osi ahene, na otu wɔn ade so.

Ɔma anyansafo hu nyansa,

na ɔma nhumu ho nimdeɛ.

22Ɔda nneɛma a mu dɔ na ɛyɛ nwonwa adi,

na onim nea ahintaw wɔ sum mu;

hann atwa ne ho ahyia.

23Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Nyankopɔn,

efisɛ, woama me nyansa ne tumi,

woaka nea yebisaa wo akyerɛ me,

ada nea ɔhene bisae no adi akyerɛ yɛn.”

Daniel Kyerɛ Dae No Ase

24Afei Daniel kohuu Ariok a wɔahyɛ no sɛ onkunkum anyansafo a wɔwɔ Babilonia no, ka kyerɛɛ no se, “Nkunkum anyansafo a wɔwɔ Babilonia no. Fa me kɔ ɔhene no nkyɛn, na mɛkyerɛ no ne dae no ase.”

25Na ntɛm ara, Ariok de Daniel kɔɔ ɔhene no anim kae se, “Mahu nnommum a wofi Yuda no mu baako a ɔbɛkyerɛ wo, Nana, dae no ase.”

26Ɔhene no bisaa Daniel (a wɔsan frɛ no Beltesasar) no se, “Ɛyɛ nokware? Wubetumi akyerɛ me nea mihuu wɔ me dae no mu na woakyerɛ me ase?”

27Daniel buae se, “Nana, anyansafo, pɛadeahufo, nkonyaayifo anaa ntafowayifo biara nni hɔ a wobetumi akyerɛ ahintasɛm a worebisa yi! 28Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔda kokoamsɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnessar asɛm a ebesi daakye. Wo dae no ne anisoadehu a bere a woda wo mpa so no wuhui ni:

29“Nana, bere a woreda no, wʼadwene kosisii nsɛm bi a ebesisi so. Nea ɔkyerɛ ahintasɛm mu no akyerɛ wo nea ɛrebɛba. 30Na ɛnyɛ sɛ, Nana, minim nyansa kyɛn onipa teasefo biara nti, na mmom Onyankopɔn pɛ sɛ Nana nya ahintasɛm no nkyerɛase na ɔte nea ɛbaa nʼadwene mu no ase.

31“Nana, wʼanisoadehu no mu, wuhuu ohoni kɛse bi sɛ ogyina wʼanim a ɔso pa ara na ɛheran hyerɛnn, na ne ho yɛ hu yiye. 32Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ne ti; Dwetɛ na wɔde yɛɛ ne koko ne nʼabasa. Kɔbere na wɔde yɛɛ ne yafunu ne nʼasrɛ. 33Dade na wɔde yɛɛ nʼanan, na wɔde dade ne dɔte a wɔde afra yɛɛ ne nansabon. 34Na, Nana, worehwɛ no, ɔbo bi a nsa biara nkura mu, tew bɛhwee dade ne dɔte nansabon no so, pɛtɛw no pasaa. 35Afei Nana, ohoni mu no nyinaa, a ɛyɛ dade, dɔte, kɔbere, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no nyinaa yam fekɔfekɔ, maa ɛyɛɛ sɛ ahuhurubere mu awiporowbea so ntɛtɛ, maa mframa behuw ne nyinaa kɔe a, hwee anka hɔ. Nanso ɔbo a ɛpem ohoni no hwee fam no dan bepɔw kɛse a ɛkataa asase nyinaa so.

36“Nana, dae no ni o, afei, yɛrebɛkyerɛ wo ase. 37Nana, woyɛ ahene bebree so hene. Ɔsoro Nyankopɔn ayɛ wo ahene mu hene, ama wo tumi, ahoɔden ne anuonyam. 38Ɔde wiase nnipa, mmoa a wɔwɔ wuram ne nnomaa a wotu ahyɛ wo nsa. Baabiara a wɔwɔ no, wɔayɛ wo wɔn sodifo. Wo na woyɛ saa sikakɔkɔɔ ti no.

39“Na wʼahenni aba nʼawiei akyi no, ahemman a ɛnto wo de no bɛsɔre abesi wʼanan mu. Sɛ saa ahemman no gu a, ahemman kɛse foforo a ɛto so abiɛsa a kɔbere yafunu ne asrɛ no gyina hɔ ma no no bɛsɔre adi wiase so. 40Nea ebedi saa ahemman no akyi no, ɛbɛyɛ ahemman a ɛto so anan a so na ahoɔden wɔ te sɛ dade. Saa ahemman no bebubu, ayam aman a adi kan no nyinaa te sɛnea dade bubu yam biribiara a ɛne no hyia no. 41Nana, sɛnea wuhu sɛ nansabon ne nansoaa yɛ dade ne dɔte a adi afra no kyerɛ sɛ, saa ahemman yi mu bɛkyekyɛ. 42Nʼafaafa bi bɛyɛ den sɛ dade, na bi ayɛ mmerɛw sɛ dɔte. 43Saa dade ne dɔte mfrafrae no san kyerɛ sɛ, saa ahemman no bɛyɛ nnipa ahorow a wɔadi afra a wontumi nka wɔn ho mmɔ mu sɛnea dade ne dɔte ntumi nni afra no.

44“Saa ahemfo no adedi mu no, Ɔsoro Nyankopɔn bɛbɔ ahemman bi atenase a ɛrensɛe da; na obiara renni so da. Ebedwiriw ahemman ahorow yi nyinaa de wɔn aba awiei, na ɛno de, ebegyina afebɔɔ. 45Ɔbo no a nsa biara nkura mu na etwa fii bepɔw no so a ɛyam dade, kɔbere, dɔte, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mfrafrae ohoni no gyina hɔ ma saa ɔman no.

“Onyankopɔn kɛse akyerɛ Nana, nea ɛbɛba daakye. Dae no yɛ nokware, na ne nkyerɛase yɛ kann.”

Nebukadnessar Bɔ Daniel Aba So

46Ɔhene Nebukadnessar bɔɔ ne mu ase wɔ Daniel anim, som no, na ɔhyɛɛ ne manfo se, wɔmfa afɔrebɔde mmra, na wɔnhyew aduhuam wɔ nʼanim. 47Ɔhene no ka kyerɛɛ Daniel se, “Nokware, wo Nyankopɔn yɛ Nyankopɔn wɔ anyame mu; ɔyɛ Awurade wɔ ahene so ahintasɛm mu kyerɛfo, efisɛ wo na woatumi akyerɛ saa kokoamsɛm yi mu.”

48Afei, ɔhene no maa Daniel dibea a ɛkorɔn yiye san yɛɛ no ayɛ a ɛsom bo yiye. Ɔmaa Daniel hwɛɛ Babilonia amantam no nyinaa so, na ɔde no sii nʼanyansafo no nyinaa so hene. 49Daniel ka ma wɔyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego, Babilonia asase no so ahwɛfo, na Daniel yɛɛ ɔsomfo wɔ ɔhene aban mu.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

但以理书 2:1-49

尼布甲尼撒的梦

1尼布甲尼撒在执政第二年做了梦,心里烦乱,无法入睡, 2便派人召来术士、巫师、行法术的和占星家2:2 占星家”亚兰文作“迦勒底人”,同下2:4510节;3:84:75:711,为他解梦。他们都来到王面前。 3王对他们说:“我做了一个梦,心里烦乱,想知道梦的意思。” 4占星家用亚兰话对王说:“愿王万岁!请将梦告诉仆人,仆人好解释梦的意思。” 5王对占星家说:“我的旨意已定,你们若不能将梦和梦的意思告诉我,必被碎尸万段,你们的家必沦为废墟。 6你们若能将梦和梦的意思告诉我,我必给你们礼物、赏赐和极大的尊荣。所以你们要将梦和梦的意思告诉我。” 7他们再次对王说:“请王将梦告诉仆人,仆人好解释梦的意思。” 8王说:“我敢肯定,你们是在拖延时间,因为你们知道我的旨意已定, 9你们若不将梦告诉我,我必惩治你们。你们串通起来在我面前胡言乱语,期待情况会改变。现在将梦告诉我,我就相信你们能解梦。” 10占星家说:“王所要求的,世上无人能做到,因为再伟大、再有权势的君王也没问过术士、巫师或占星家这样的事。 11王问的事太难,除了不在人间居住的神明外,无人能为王解答。” 12王大怒,下令处死巴比伦所有的智者。 13于是,处死智者的谕旨发出,但以理和他的同伴都在被杀之列。

14王的护卫长亚略奉命要处死巴比伦的智者,但以理机智、谨慎地应对。 15他问王的护卫长亚略:“王的命令为何这样紧急?”亚略就把情况告诉他。 16但以理便进宫求王宽限,以便为王解梦。 17然后,他回到居所将这事告诉同伴哈拿尼雅米沙利亚撒利雅18要同伴祈求天上的上帝施怜悯,显明这奥秘,以免他们和其他巴比伦的智者一起被杀。 19这奥秘在夜间的异象中向但以理显明,他便颂赞天上的上帝, 20说:

“上帝的名永永远远当受称颂,

因为智慧和能力都属于祂。

21祂改变时令和季节,废王立王,

赐智慧给智者,赐知识给哲士。

22祂显明深奥隐秘之事,

洞悉暗中的隐情,

有光与祂同住。

23我祖先的上帝啊,我感谢你,赞美你,

因你赐我智慧和能力,

应允我们的祈求,

使我们明白王的梦。”

但以理解梦

24于是,但以理去见王指派处死巴比伦智者的亚略,对他说:“不要处死巴比伦的智者,请带我去见王,我要为王解梦。” 25亚略急忙带但以理去见王,对王说:“我在被掳的犹大人中找到一个能为王解梦的。” 26王就问又名伯提沙撒但以理:“你能将我做的梦和梦的意思告诉我吗?” 27但以理回答说:“没有智者、术士、巫师或占星家可以解答王所问的奥秘, 28-30但天上的上帝能揭开奥秘,祂已把将来要发生的事告诉了王。王啊,你在床上梦见了将来的事,揭开奥秘的上帝已把将来的事指示给你。上帝将王做的梦启示给我,并非因为我的智慧胜过其他人,而是要让王知道梦的意思和王的心事。以下是王在床上做的梦和脑中出现的异象。

31“王啊,你梦见一个高大宏伟、极其明亮的塑像站在你面前,相貌可怕, 32有纯金的头、银的胸和臂、铜的肚腹和大腿、 33铁的小腿和半铁半泥的脚。 34在你观看的时候,有一块非人手凿出的石头打在塑像半铁半泥的脚上,砸碎了脚。 35铁、泥、铜、银、金随即粉碎,犹如夏天麦场上的糠秕,被风吹得无影无踪。但打碎这像的石头变成一座大山,充满整个大地。

36“这就是梦的内容。现在我们要为王解梦。 37王啊,你是万王之王,天上的上帝已将国度、权柄、能力和尊荣赐给你, 38也将居住在各地的世人、走兽和飞禽都交在你手中,让你管理。你就是那金头。 39在你之后,必有另一国兴起,不及你的国强大。之后是将要统治天下的第三个国,是铜的。 40接着是坚如铁的第四国,能击垮、打碎列国,正如铁能击垮、打碎一切。 41你看见半铁半陶泥的脚和脚趾,表示那将是一个分裂的国。正如你看见铁和泥混杂在一起,它必有铁一般的力量。 42半铁半泥的脚趾表示那国必半强半弱。 43你看见铁和泥混杂在一起,这表示那国的民族彼此混杂通婚,却不能团结,正如铁和泥无法混合。 44在以上列王统治的时候,天上的上帝必设立一国——永不灭亡、外族无法夺其政权。这国将击垮、消灭列国,并且永远长存。 45你看见那块非人手从山中凿出的石头打碎铁、铜、泥、银和金。伟大的上帝已把将来的事告诉了王。这梦是真实的,解释是可靠的。”

46尼布甲尼撒王俯伏在地,向但以理下拜,并下令给他献供物和香。 47王对但以理说:“你们的上帝真是万神之神、万王之主、奥秘的启示者,因为你能揭开这个奥秘。” 48王赐但以理高官及许多贵重的礼物,派他治理巴比伦全省,管理巴比伦所有的智者。 49王又应允但以理的请求,派沙得拉米煞亚伯尼歌负责巴比伦省的事务。但以理仍在朝中供职。