Daniel 12 – AKCB & NIRV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Daniel 12:1-13

Awiei Mmere

1“Saa bere no, Mikael, ɔhene babarima titiriw a ɔbɔ wo nkurɔfo ho ban no bɛsɔre. Ahohia bere bi bɛba a, efi aman no mfiase besi saa da no, biribi a ɛte saa nsii da. Nanso saa bere no, wo nkurɔfo no mu biara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din wɔ nhoma no mu no, wobegye no nkwa. 2Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔte mu no benyan: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwu ne daa ahohora mu. 3Wɔn a wɔyɛ anyansafo no bɛhyerɛn te sɛnea ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdan afoforo kɔɔ trenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma, daapem. 4Nanso wo Daniel, bobɔw na sɔw nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no ano kosi awiei bere no. Bebree bekyinkyin akɔpɛ nimdeɛ.”

5Afei, me Daniel, mehwɛ huu nnipa baanu bi wɔ mʼanim; ɔbaako gyina asubɔnten no konkɔn so, na ɔbaako nso gyina konkɔn a ɛhwɛ baako no anim no so. 6Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ofura nwera a ogyina asu no so no se, “Ebedi nnaahe ansa na anwonwade yi aba mu?”

7Ɔbarima no a ofura nwera na ɔwɔ asu no so no maa ne nsa nifa ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na metee sɛ ɔde nea ɔte hɔ daa no kaa ntam se, “Ɛbɛkɔ so saa ara akosi bere bi, mmere bi ne bere sin bi. Sɛ nnipa kronkron no tumisɛe no ba awiei koraa a, wobewie saa nneɛma yi nyinaa.”

8Metee, nanso mante ase. Enti mibisae se, “Me Wura dɛn na ebefi eyinom nyinaa mu aba?”

9Na obuae se, “Daniel kɔ, efisɛ wɔabobɔ nsɛm no so, asɔw ano de akosi awiei mmere no. 10Wɔbɛhohoro bebree ho a fi ne nkekae biara renka wɔn ho, nanso atirimɔdenfo bɛkɔ so ayɛ atirimɔden; wɔn mu biara rente ase, nanso anyansafo de wɔbɛte ase.

11“Efi da a wɔbɛbra daa afɔrebɔ na wɔde akyiwade a ɔsɛe nam ne so bɛba abesi hɔ no bɛyɛ nnafua apem ahannu aduɔkron. 12Nhyira ne nea ɔtwɛn kosi nnafua apem ahaasa aduasa anum awiei no.

13“Wo Daniel de, tintim kodu awiei. Wobɛhome, na nna no awiei no, wobɛsɔre na woakogye wo kyɛfa a ɛwɔ agyapade no mu.”

New International Reader’s Version

Daniel 12:1-13

The Time of the End

1“At that time Michael will appear. He is the great prince of the angels. He guards your people. There will be a time of terrible suffering. Things will be worse than at any time since nations began. But at that time of suffering your people will be saved. Their names are written in the book of life. 2Many people who lie dead in their graves will wake up. Some will rise up to life that will never end. Others will rise up to shame that will never end. 3Those who are wise will shine like the brightness of the sky. Those who lead many others to do what is right will be like the stars for ever and ever. 4But I want you to roll up this scroll, Daniel. Seal it until the time of the end. Many people will go here and there to increase their knowledge.”

5Then I looked up and saw two other angels. One was on this side of the Tigris River. And one was on the other side. 6The man who was dressed in linen was above the waters of the river. One of the angels spoke to him. He asked, “How long will it be before these amazing things come true?”

7The man raised both hands toward heaven. I heard him make a promise in the name of the God who lives forever. He answered me, “Three and a half years. Then the power of the holy people will finally be broken. And all these things will come true.”

8I heard what he said. But I didn’t understand it. So I asked, “My master, what will come of all this?”

9He answered, “Go on your way, Daniel. The scroll is rolled up. It is sealed until the time of the end. 10Many people will be made pure in the fire. They will be made spotless. But sinful people will continue to be evil. Not one sinful person will understand. But those who are wise will.

11“The daily sacrifices will be stopped. And the hated thing that destroys will be set up. After that, there will be 1,290 days. 12Blessed are those who wait for the 1,335 days and reach the end of them.

13“Daniel, go on your way until the end. Your body will rest in the grave. Then at the end of the days you will rise from the dead. And you will receive what God has appointed for you.”