Daniel 11 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Daniel 11:1-45

1Na Mediani Dario ahenni afe a edi kan no, misii gyinae sɛ megyina nʼakyi na mabɔ ne ho ban.)

Anafo Fam Ne Atifi Fam Ahemfo

2“Na afei, mɛka mu nokware akyerɛ wo: ahemfo baasa bɛsɔre wɔ Persia, wɔn akyi no, nea ɔto so anan a obenya ne ho akyɛn nkae no bɛsɔre. Ɔde nʼahonya mu ahoɔden behwanyan obiara atia Hela ahenni. 3Afei ɔhene kɛse bi bɛsɔre wɔ tumi mu a ɔbɛyɛ nea ɔpɛ. 4Ne ba no akyi, wɔbɛkyekyɛ nʼaheman no mu anan. Ɛrenkɔ nʼasefo nkyɛn, na ɔrennya tumi a na ɔwɔ no, efisɛ wobetutu nʼaheman no ase de ama afoforo.

5“Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no bɛyɛ den, nanso nʼasafohene no mu baako bɛyɛ den asen no na ɔde tumi a ɛyɛ den bedi ahemman no so. 6Mfe bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnko. Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no babea bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabea no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmere no mu no, wobeyi ɔhene babea, adehye a wɔka ne ho, nʼagya ne nea ogyinaa nʼakyi nyinaa no ama.

7“Obi a ofi anafo fam babea abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dɔm bɛba abɛhyɛn ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim. 8Ɔbɛfa wɔn anyame, ahoni a wɔde dade ayɛ ne wɔn ademude a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfe bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afi ɔhene a ɔwɔ atifi fam no ho. 9Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛtow ahyɛ ɔhene a ɔwɔ anafo fam no so, nanso ɔbɛsan nʼakyi akɔ nʼankasa asase so. 10Ne mmabarima besiesie wɔn ho ama ɔko na wɔde asraafo dɔm kɛse bɛkɔ te sɛ asu a ayiri, akɔko ara akodu atamfo no aban no ho.

11“Afei ɔhene a ɔwɔ anafo fam no de abufuw kɛse bɛsɔre na wako atia ɔhene a ɔwɔ atifi fam a ɔno nso wɔ asraafo dɔm kɛse, na obedi wɔn so nkonim. 12Sɛ wɔde asraafo no kɔ a, ahantan bɛhyɛ anafo fam hene no ma, na obekunkum mpempem, nanso ne nkonimdi no renkyɛ. 13Ɔhene a ɔwɔ atifi fam nso bɛboa asraafo afoforo a wɔdɔɔso sen kan de no, na mfirihyia bebree akyi no, ɔde asraafo dɔm kɛse a wɔwɔ akode betu ɔsa.

14“Saa mmere no mu, bebree bɛsɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafo fam. Wɔn a wodi akakabensɛm wɔ wʼankasa wo nkurɔfo mu no bɛtew atua sɛnea ɛte wɔ anisoadehu no mu no, nanso wɔrenni nkonim. 15Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛba abesisi mpie na ɔbɛko agye kuropɔn a wɔagye ho ban no. Asraafo a wɔwɔ anafo fam no rennya ahoɔden nko, na wɔn a wɔyɛ den wɔ wɔn mu no mpo rentumi nnyina ɔko no ano. 16Ɔfowni no bɛyɛ nea ɔpɛ na obiara rentumi nnyina nʼanim. Obegye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na obenya tumi a ɔde bɛsɛe no. 17Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahenni no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafo fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babea bɛma no aware, na ɔnam so agu nʼahenni no, nanso nʼatirimpɔw yi renyɛ yiye na ɛremmoa no. 18Afei ɔde nʼani bɛkyerɛ mpoano aman so, na wadi mu bebree so nkonim, nanso, ɔsahene bi de ɔhene yi ahomaso bɛba awiei na wadan abɔ no. 19Eyi akyi no, ɔde nʼani bɛkyerɛ aban a ɛwɔ nʼasase so no, nanso obehintiw ahwe ase, na wɔrenhu no bio.

20“Nea obedi nʼade no bɛsoma towgyeni, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nea ɛbɛma nʼahenni no anuonyam atena hɔ. Mfirihyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛremfi abufuw anaa ɔko mu.

21“Obi a wommu no na ɔnyɛ ɔdehye na obedi nʼade. Ɔbɛtow ahyɛ ahenni no so bere a so nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye. 22Afei ɔbɛtɔre asraafo dɔm a wontumi nkan wɔn dodow no ase. Wɔbɛsɛe asraafo no ne ɔhenebabarima a ɔhyɛ bɔhyɛ no ase no. 23Wɔne no yɛ apam wie a, ɔnam nnaadaa kwan so benya nnipa kakraa bi na wapere tumi. 24Sɛ amantam a wɔyɛ adefo no te nka sɛ wɔn asom adwo wɔn a, ɔbɛtow ahyɛ wɔn so, na nea nʼagyanom ne ne nenanom antumi anyɛ no, ɔbɛyɛ. Ɔbɛkyekyɛ asade ne ahonyade ama nʼakyidifo. Ɔbɛbɔ pɔw atu aban agu, nanso ɛbɛyɛ nna tiaa bi mu.

25“Obenya asraafo dɔm kɛse na wanya ahoɔden ne akokoduru asɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafo fam. Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no de asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den betu ɔsa, nanso ɔrentumi nnyina, esiane pɔw ahorow a wɔabɔ de atia no nti. 26Wɔn a ɔhene bɔ wɔn akɔnhama no bɛbɔ mmɔden sɛ wobehuan nʼase antweri; wobetwiw afa ɔhene no asraafo no so, na bebree nso bɛtotɔ wɔ ɔko mu. 27Ahemfo baanu a bɔne adi wɔn ti mu dɛm bɛtena ɔpon baako ho, adi atoro akyerɛ wɔn ho wɔn ho, nanso ɛrenkosi hwee, efisɛ awiei no bɛba ne bere a wɔahyɛ no. 28Ɔhene a ɔwɔ atifi fam no de ahonyade bebree bɛsan akɔ ne man mu, nanso ne koma rempɛ apam kronkron no. Ɔbɛyɛ biribi atia apam kronkron no na wasan akɔ ne man mu.

29“Bere a wɔahyɛ no du a, ɔbɛtow ahyɛ anafo aman no so bio, nanso saa bere yi de, ɛrenyɛ yiye mma no sɛ kan no. 30Ahyɛn a wofi aman a ɛwɔ mpoano wɔ atɔe fam no bɛko atia no, na nʼabasa mu bebu. Enti ɔbɛsan nʼakyi na ɔde nʼabufuw akowie apam kronkron no so, na ɔne wɔn a wɔpo apam kronkron no bɛyɛ baako.

31“Na nʼasraafo bɛsɔre. Wobegu asɔredan no aban ho fi, na wɔagu daa daa afɔrebɔ no. Wɔde abusude a ɛde ɔsɛe ba besi anan mu. 32Ɔde nnaadaa bɛkɔ so asɛe wɔn a wobu apam no so, nanso wɔn a wonim wɔn Nyankopɔn no bɛsɔre atia no denneennen.

33“Anyansafo bɛkyerɛkyerɛ bebree, nanso bere bi mu no, wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano, wɔbɛhyew wɔn, wɔbɛfa wɔn nnommum anaa wɔbɛfom wɔn nneɛma. 34Sɛ wɔhwe ase a, wobenya mmoa kakra, na bebree a wonni nokware bɛkɔ akɔdɔm wɔn. 35Anyansafo no mu bi behintihintiw. Ɛnam so bɛma wɔasiesie wɔn, ahohoro wɔn ho fi na wɔayɛ wɔn a wɔn ho nni nkekae akosi awiei bere no, efisɛ ɛbɛba bere a wɔahyɛ no.

Ɔhene A Ɔma Ne Ho So

36“Ɔhene no bɛyɛ nea ɔpɛ, ɔbɛma ne ho so, ayɛ ne ho ɔkɛse asen onyame biara, na waka nea obi ntee da afa anyame mu Nyame no ho. Obenya nkɔso akosi sɛ abufuw bere no bɛba awiei, efisɛ ɛsɛ sɛ nea wɔahyɛ ato hɔ no ba mu. 37Obebu nʼagyanom anyame animtiaa. Ɔremfa mmea no nyame a wɔdɔ no anaa onyame foforo biara nyɛ hwee, na mmom ɔbɛma ne ho so aboro wɔn nyinaa so. 38Ɔde aban no nyame, nyame a nʼagyanom nnim besi wɔn anan mu; ɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔdemmo ne akyɛde a ɛsom bo bedi no ni. 39Ɔde mmoa a onya fi ananafo nyame hɔ no bɛtow ahyɛ aban a ɛyɛ den pa ara so, na wɔn a wogye no to mu no, ɔbɛhyɛ wɔn anuonyam. Obedi nnipa bebree so, na ɔbɛkyekyɛ asase no mu de ayɛ akatua.

40“Awiei no du a, ɔhene a ɔwɔ anafo fam no ne no bɛko, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nso de nteaseɛnam, apɔnkɔsotefo ne po so asraafo bebree behyia no. Ɔbɛtow ahyɛ aman bebree so na watwiw afa wɔn so te sɛ nsuyiri. 41Ɔbɛtow ahyɛ Asase Fɛfɛ no so. Aman bebree bɛtotɔ ase, nanso wobegye Edom, Moab ne Amon mu fa kɛse afi ne nsam. 42Ɔde ne tumi bɛkɔ aman bebree so; na Misraim remfi mu tɔtrɔtɔɔ. 43Ɔde ne nsa bɛto ademude a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne Misraim ahonyade nyinaa so, na Libiafo ne Etiopiafo ayɛ nʼasomfo. 44Nanso amanneɛ a ɔbɛte afi apuei ne atifi fam bɛbɔ no hu, na ɔde abufuwhyew befi akɔ akɔsɛe bebree atɔre wɔn ase. 45Ɔbɛhoro nʼadehye ntamadan wɔ po no ne bepɔw kronkron fɛɛfɛ no ntam. Na nʼawiei bɛba a ɔrennya mmoa biara.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

但以理书 11:1-45

1玛代大流士元年,我去帮助、护卫米迦勒2现在我要把真相告诉你。波斯将再有三位王兴起,随后的第四位王远比其他王富有。他靠财富强盛后,便会煽动众民去攻打希腊国。 3那时必有一位英勇的王兴起,执掌大权,随心所欲。 4但他兴起后不久,他的国必土崩瓦解,在天下一分为四,既不归他的后代统治,也不如他掌权时强盛。因为他的国必被连根拔除,归给外人。

5“南方王必强盛,他的将领中将有一位比他更强盛,这人执掌王权,势力强大。 6若干年后,南方王将与北方王联盟。南方王的女儿将到北方王那里缔结盟约。但她必保不住自己的势力,王权也无法长久。她和她的随从、父亲和辅佐者必遭杀害。

7“她家族中必有一人继承王位,率军攻打北方王,侵入他们的堡垒,击败他们, 8将他们的神像、铸造的偶像及金银宝器掳到埃及。此后数年,他不再去攻击北方王。 9后来,北方王必侵入南方王的国土,但终必撤回本国。

10“北方王的儿子们必发动战争,召集大军,如洪水席卷而来,直打到南方王的堡垒。 11南方王必大怒,出来迎战北方王的大军,并击败他们。 12南方王获胜后必心高气傲,杀戮成千上万的人,但他的胜利不能持久。 13因为数年后,北方王必召集更庞大的军队,带着大量装备卷土重来。

14“那时,许多人必起来反抗南方王。你同胞中的残暴之徒也必反叛,从而使异象应验,但他们必失败。 15北方王必修筑高台攻取南方王的坚城,南方的军兵必无力抵挡,就是精兵也抵挡不住。 16北方王必为所欲为,所向无敌。他必侵占佳美之地,手握毁灭之权。 17他决意倾全国之力而来,与南方王建立联盟,并将自己的女儿嫁给南方王,旨在推翻他的国。但北方王的计划必然失败,毫无收益。

18“后来,他将转而攻打沿海地区,征服许多地方。但一位将领必制止他的嚣张气焰,使他自取其辱。 19他将返回本国的堡垒,从此一蹶不振,销声匿迹。 20继承他王位的人将派税吏横征暴敛,以维持王国的荣耀。但不久他必灭亡,并非死于民怨,也非死于战争。

21“接着继位的是一个卑鄙的人。他无权继位,却乘人不备用奸计夺取王位。 22他横扫千军,击溃他们,包括盟国的王。 23他与人结盟后,必行欺诈,借不多的人掌握大权。 24他必乘人不备入侵最富庶的地区,行他祖先从未行过的事,将掳掠的财物分给部下,并策划攻打堡垒,但这都是短暂的。 25他集中力量,鼓起勇气,率领大军进攻南方王。南方王也率领强大的军队迎战,却敌不过他,因为有人暗算南方王。 26南方王必遭亲信暗算,全军溃败,许多人被杀。 27两个王心怀叵测,同席而坐,尔虞我诈,但都不成功,因为结局必在所定的时间到来。 28北方王必带着大量财物回国,但他决意反对圣约,在回国的路上任意妄为。

29“到了所定的时间,他必再次攻打南方,但结果与上次不同, 30因为基提的战船必来攻击他,使他丧胆而回。他必向圣约之民发泄愤怒,任意妄为,支持背弃圣约的人。 31他的军队必亵渎圣地,亵渎那堡垒,废除日常献的祭,设立带来毁灭的可憎之物。 32他必花言巧语笼络违背圣约的人,但认识上帝的人必奋起反抗。 33那些智者必教导许多民众,但他们将在一段时间内被刀剑杀戮,或被烧死,或被掳去,或被抢掠。 34他们败亡时必得不到多少援助,许多人并非真心实意地加入他们的行列。 35有些智者将被害,但这是为了熬炼、净化他们,使他们洁白无瑕,一直到末了。因为结局必在所定的时间到来。

36“北方王必任意妄为,自高自大,自以为超越一切神明,肆意诋毁万神之神。他必亨通,一直到上帝发烈怒的日子结束。因为所定的必然成就。 37他不尊崇他祖先的神明,也不尊崇妇女们爱慕的神明或其他任何神明,因为他自认为超越一切。 38他反倒祭拜他祖先不认识的堡垒之神,向它献上金银宝石及贵重的礼物。 39他必靠外族神明的帮助攻打坚固的堡垒,将尊荣赐给顺从他的人,派他们治理民众,分给他们土地作奖赏。

40“到了末后,南方王必与北方王交战。北方王必率领战车、骑兵和大批战船攻击他,又如洪水般横扫列国。 41他必侵入佳美之地,杀死成千上万的人,只有以东摩押亚扪人的首领得以逃脱。 42他必攻击列国,埃及也无法幸免。 43他必掌管埃及的金银财宝,利比亚人和古实人必归顺他。 44但从东方和北方传来的消息必令他震惊,他必大怒,出兵杀戮、毁灭许多人。 45他必在海和荣美的圣山之间搭起他宫殿般的帐幕。但他必灭亡,无人相助。