Atemmufo 21 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 21:1-25

Benyaminfo Yerenom

1Israelfo aka ntam wɔ Mispa sɛ, wɔremfa wɔn mmabea mma ɔbarima biara a ofi Benyamin abusuakuw mu aware.

2Nnipa no kɔɔ Bet-El kɔtenaa Onyankopɔn anim kosii anwummere, maa wɔn nne so, suu denneennen kae se, 3“Ao Awurade, Israel Nyankopɔn, adɛn nti na saa asɛm yi asi? Mprempren yɛn mmusuakuw no mu baako ayera!”

4Adekyee mu no, nnipa no sii afɔremuka, na wɔbɔɔ ɔhyew ne asomdwoe afɔre. 5Wobisae se, “Abusuakuw bi wɔ hɔ a wannya ɔnanmusini bere a yɛkɔɔ nhyiamu kɛse wɔ Awurade anim wɔ Mispa no ana?” Saa bere no, na wɔaka ntankɛse wɔ Awurade anim sɛ, obiara a wamma no, ɛsɛ sɛ owu.

6Na Israelfo no dii yaw wɔ Benyaminfo no ho kae se, “Nnɛ yi, abusuakuw baako afi yɛn mu; na nʼase reyɛ atɔre. 7Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama wɔn a wɔaka no, esiane Awurade ntam a yɛaka sɛ yɛremfa yɛn mmabea mu biara mma wɔn aware nti?”

8Enti wobisae se, “Bere a yɛde yɛn ho kyerɛɛ Awurade wɔ Mispa no na obi nni hɔ bi ana?” Ɛhɔ na wohui sɛ, obiara amfi Yabes Gilead amma saa aguabɔ no ase bi. 9Na wɔkan nnipa no nyinaa no, wɔannya obiara a ofi Yabes Gilead. 10Enti wɔsomaa akofo mpem dumien kɔɔ Yabes Gilead sɛ wonkokunkum obiara a ɔwɔ hɔ a mmea ne mmofra ka ho. 11Wɔkae se, “Eyi na ɛsɛ sɛ moyɛ. Munkum ɔbarima ne ɔbea biara a ɔnyɛ ɔbabun.” 12Yabes Gileadfo mu no, wohuu mmabun ahannan a wɔne mmarima nnaa da, na wɔde wɔn baa nsraban a ɛwɔ Silo wɔ Kanaan asase so hɔ.

13Na Israelfo bagua no somaa asomdwoe abɔfo ma wɔkɔɔ Benyaminfo nkae no a na wɔte Rimon botan ho no nkyɛn. 14Na Benyaminfo no san kɔɔ wɔn afi mu, na wɔde mmabun a wofi Yabes Gilead a wɔankum bi no maa wɔn aware. Nanso mmea no anso wɔn so.

15Nnipa no dii Benyaminfo no ho yaw, sɛ Awurade ama mpaapaemu aba Israel mmusuakuw no mu. 16Enti Israel ntuanofo no bisae se, “Sɛ wɔatɔre mmea a wofi Benyamin ase yi, ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama mmarima a wɔaka no? 17Ɛsɛ sɛ Benyaminfo a wɔaka no nya adedifo sɛnea ɛbɛyɛ a Israel abusuakuw bi ase ntɔre. 18Nanso yɛrentumi mfa yɛn mmabea mma wɔn aware, efisɛ yɛaka ntankɛse sɛ, obiara a ɔde ne babea bɛma Benyaminni aware no, Awurade nnome mmra ne so.” 19Afei wɔdwenee Awurade afeafe afahyɛ no ho, nea wodi wɔ Silo, a ɛwɔ Lebona ne Bet-El ntam, wɔ ɔkwan a efi Bet-El kosi Sekem no apuei fam.

20Na wɔka kyerɛɛ Benyamin mmarima a wɔda so hwehwɛ yerenom no se, “Monkɔtɛw wɔ bobe nturo no mu. 21Sɛ mmea a wofi Silo no ba bɛsaw wɔn asaw no a, mumpue mfi bobe nturo no mu, na mo mu biara betumi afa wɔn mu baako de no akɔ fie sɛ ne yere. 22Na sɛ wɔn agyanom ne wɔn nuanom mmarima ba sɛ wɔmpene so a, yɛbɛka akyerɛ wɔn se, ‘Yɛsrɛ mo, monte ase. Momma wɔmfa mo mmabea no, efisɛ bere a yekunkum Yabes Gileadfo no, yɛannyaw mmea a ɛbɛso wɔn nyinaa so amma wɔn. Munnni ntam no ho fɔ, efisɛ ɛnyɛ mo na mode mo mmabea maa wɔn aware.’ ”

23Enti Benyamin mmarima no yɛɛ sɛnea wɔkyerɛɛ wɔn no. Wowiawiaa mmea a wɔbaa afahyɛ no ase, de wɔn kɔɔ asase a ɛyɛ wɔn agyapade no so. Na wɔkyekyeree wɔn nkurow no bio tenaa mu. 24Na Israelfo mmusuakuw ne mmusua no fii hɔ san kɔɔ wɔn ankasa afi mu.

25Saa bere no na Israel nni ɔhene, nti na nea nnipa no gye di sɛ eye wɔ wɔn ani so no na wɔyɛ.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

士师记 21:1-25

为便雅悯支派娶妻

1以色列人曾在米斯巴起誓不把女儿嫁给便雅悯人。 2他们来到伯特利,坐在上帝面前放声痛哭,直到黄昏。 3他们说:“以色列的上帝耶和华啊,以色列为何少了一个支派呢?为何发生了这样的事呢?” 4第二天,众人清早起来在那里筑了一座祭坛,献上燔祭和平安祭。 5他们彼此议论说:“我们到米斯巴聚集在耶和华面前的时候,各支派中谁没有来呢?”原来,他们曾经起誓说:凡不到米斯巴聚集在耶和华面前的人都要被处死。 6以色列人为他们的同胞便雅悯人难过,说:“如今以色列绝了一个支派。 7我们曾经在耶和华面前起誓,决不把女儿嫁给便雅悯人,现在我们应该怎么办才能使他们剩下来的人得到妻子呢?”

8他们又查问各支派中谁没有到米斯巴聚集在耶和华面前,结果发现基列·雅比人缺席, 9因为点兵的时候,没有一个基列·雅比人在场。 10于是,会众派出一万二千精兵,命令他们杀掉基列·雅比人及其妇女和孩子。 11他们对精兵说:“你们所要做的就是消灭所有的男子和已婚妇女。” 12他们在基列·雅比的居民中找到四百名处女,把她们带回迦南示罗营地。

13全体会众又派人到临门岩去跟便雅悯人讲和。 14于是,便雅悯人返回了家乡,以色列人把从基列·雅比居民中留下来的四百个处女给他们做妻子,但还是不够。 15众人为便雅悯支派难过,因为耶和华使以色列少了一个支派。

16会众的长老说:“便雅悯支派的女子都死了,我们应该怎么办才能使余下的人有妻子呢? 17便雅悯的余民必须成家立后,以免以色列失去一个支派。 18可是我们又不能把女儿嫁给他们,因为我们曾经起誓,‘把女儿嫁给便雅悯人的必受咒诅。’” 19有人想起在示罗每年都有耶和华的节期。示罗利波拿以南、伯特利以北至示剑的大路东面。 20于是,他们对便雅悯人说:“你们埋伏在葡萄园里, 21见到示罗的女子出来跳舞时,就冲出去各自抢一个,带回便雅悯做妻子。 22倘若她们的父亲或弟兄前来抱怨,我们会说,‘求你们恩待我们,因为我们从战场上带回的女子不够分给他们做妻子。何况又不是你们把女儿嫁给他们的,所以罪不在你们。’” 23便雅悯人就依计行事,从跳舞的女子中各自抢了一个,带回自己的家乡做妻子。他们重建城邑,住在其中。 24于是,以色列人离开那里,各回自己的支派、宗族和家园。

25那时候,以色列人没有王,人人各行其是。