Atemmufo 14 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 14:1-20

Samson Aware Ne Nʼaborɔme No

1Da bi a na Samson wɔ Timna14.1 Timna yɛ kurow bi a na ɛwɔ Dan (Yos 19.43). Na Filistifo te saa kurow yi mu ansa na Israelfo rebɛfa hɔ. no, ohuu Filistini ababaa bi. 2Ɔsan kɔɔ fie no, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne na se, “Mahu Filistini ababaa bi wɔ Timna a mepɛ sɛ meware no.”

3Nʼagya ne ne na ampene so kaa no anibere so se, “Enti yɛn abusua yi mu anaa Israelfo yi mu, ɔbea baako mpo nni mu a wutumi ware no? Adɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ Filistifo abosonsomfo mu kɔhwehwɛ ɔyere?”

Nanso Samson ka kyerɛɛ nʼagya se, “Kɔyɛ ne ho ade ma me. Ɔno ara na mepɛ.” 4Nʼagya ne ne na anhu sɛ Awurade na ɔreyɛ nʼadwuma, rehwehwɛ akwannya bi a ɔbɛfa so atia Filistifo a saa bere no na wodi Israelfo so.

5Samson ne nʼawofo rekɔ Timna no, gyata ba bi tow hyɛɛ Samson so wɔ beae bi a ɛbɛn Timna bobe nturo. 6Amono mu hɔ ara, Awurade Honhom baa ne so wɔ ahoɔden mu, na ɔde ne nsa hunu waee gyata no abogye. Ɔwaee te sɛ nea ɔrewae abirekyi ba bi abogye. Nanso wanka nea ɔyɛe yi ankyerɛ nʼawofo. 7Samson duu Timna no, ɔne ɔbea no kasae, na nʼani gyee ne ho.

8Akyiri no a ɔresan akɔ Timna akohyia ayeforo no, ɔman kɔhwɛɛ gyata no funu no. Ohuu sɛ nnowa kuw akɔyɛ ɛwo wɔ mu. 9Okotii ɛwo no bi dii wɔ kwan so. Ɔmaa nʼawofo no bi ma wodii. Nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ onyaa ɛwo no wɔ gyata funu no mu.

10Afei, bere a nʼagya reyɛ ahoboa ama awaregye no, Samson too pon wɔ Timna, sɛnea amanne kyerɛ saa bere no. 11Wɔtoo nsa frɛɛ mmerante aduasa a wofi kurow no mu sɛ wɔmmɛka ne ho. 12Samson ka kyerɛɛ wɔn se, “Momma menka aborɔme bi nkyerɛ mo. Sɛ nnanson aponto yi mu, mutumi yi ano a, mɛma mo sirikyitam ntade aduasa ne ntade ahorow bi nso aduasa. 13Sɛ moantumi anyi ano nso a, mo nso mobɛma me sirikyitam ntade aduasa ne ntade ahorow bi nso aduasa.”

Wɔka kyerɛɛ no se, “Ka aborɔme no ma yentie.”

14Ɔkaa no se,

“Nea odidi mu na wonya biribi a wodi;

ɔhoɔdenfo mu na ade dɛɛdɛ fi ba.”

Nnansa akyi no, na wontumi nyii ano.

15Ne nnaanan so no, wɔkɔka kyerɛɛ Samson yere se, “Gye aborɔme no mmuae fi wo kunu hɔ ma yɛn, anyɛ saa a, yɛbɛhyew wo ne wʼagya fi ama wɔawu. Motoo nsa frɛɛ yɛn wɔ ha sɛ morebesisi yɛn ana?”

16Enti Samson yere de su baa ne nkyɛn bɛkae se, “Wonnɔ me. Wotan me! Woaka aborɔme bi akyerɛ me nkurɔfo, nanso wonkyerɛɛ me ase.”

Samson buaa ne yere no se, “Saa ara na mʼagya ne me na nso menkyerɛɛ wɔn ase ɛ. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo?” 17Enti osu guu ne so bere biara a ɔne no wɔ hɔ. Ɔkɔɔ so saa ara nna a aka na aponto no aba nʼawie nyinaa. Nnanson so no, esiane haw a ɔhaw no nti, ɔkyerɛɛ no ase. Ɔno nso kaa aborɔme nkyerɛase no kyerɛɛ mmerante no.

18Na nnanson so, ansa na owia rebɛtɔ no, kurow no mu mmarima baa Samson nkyɛn bɛkyerɛɛ no ase se,

“Dɛn na ɛyɛ dɛ sen ɛwo?

Dɛn na ɛwɔ ahoɔden sen gyata?”

Samson buaa wɔn se, “Sɛ mo ne ɔfatwafo no antu agyina a, anka morennya aborɔme no nkyerɛase.”

19Afei, Awurade Honhom de ahoɔden kɛse bi baa ne so. Ɔkɔɔ Askelon14.19 Na Askelon yɛ Filisti kurow. kurow mu. Okunkum mmarima aduasa faa wɔn agyapade nyinaa. Ɔde wɔn ntade maa mmarima a woyii aborɔme no ano no. Na Samson bo annwo nea ɛbae no ho yiye nti ɔkɔɔ ne fi na ɔne nʼawofo kɔtenae. 20Enti wɔde ne yere no maa ɔbarima a na odi Samson nan ase wɔ wɔn ayeforohyia mu no aware.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

士師記 14:1-20

參孫娶非利士女子為妻

1參孫下到亭拿,在那裡看中了一個非利士女子。 2他回到家裡便對父母說:「我在亭拿看中一個非利士女子,把她給我娶來做妻子吧!」 3他父母說:「難道我們的親族和同胞中,沒有一個令你滿意的女子嗎?你為什麼要娶未受割禮的非利士人的女子呢?」參孫卻說:「我很喜歡她,請給我把她娶過來吧!」

4他的父母不知道這事是出於耶和華的旨意,祂要找機會對付非利士人。那時,非利士人統治著以色列

5參孫跟父母一起去亭拿,走到亭拿的葡萄園時,有一頭壯獅吼叫著撲向他。 6耶和華的靈降在參孫身上,他雖然手無寸鐵,竟撕裂了那頭獅子,就像撕裂一隻山羊羔一樣。他沒有把這事告訴父母。 7到了亭拿參孫跟那女子交談,很喜歡她。 8過了些日子,參孫下去迎娶她,途中他順便去看那隻死獅子,見死獅子體內有一群蜜蜂和一些蜂蜜, 9就用手取了一些蜜,邊走邊吃。到了父母那裡,他給了他們一些,他們也吃了。但他沒有告訴父母蜂蜜是從死獅子體內取的。

10參孫的父親去那女子家,參孫按習俗擺設宴席。 11眾人看見參孫,就安排了三十個人陪他。 12參孫對他們說:「我出一個謎語,如果你們可以在這七天的婚宴期間猜出來,我就送你們三十件細麻衣和三十件外袍。 13如果猜不中,你們就要給我三十件細麻衣和三十件外袍。」他們說:「請你出謎語吧!」 14參孫說:

「食物出自食者,

甜物出自強者。」

三天過後,他們仍然猜不出來。

15到了第四天,他們對參孫的妻子說:「你要哄你的丈夫把謎底說出來,不然我們就把你和你父親一家全燒死。你們邀請我們來,難道是要叫我們傾家蕩產嗎?」 16於是,參孫的妻子向他哭訴說:「你是恨我,不是愛我。你給我的族人出了謎語,卻沒有告訴我謎底。」參孫回答說:「我連父母都沒有告訴,又怎能告訴你呢?」 17在七天的婚宴期間,她一直在丈夫跟前哭哭啼啼。到了第七天,參孫經不住妻子的催逼就把謎底告訴了她。她把謎底告訴了她的族人。 18在第七天日落之前,城裡的人對參孫說:

「有什麼比蜂蜜更甜?

有什麼比獅子更強?」

參孫說:

「你們若不是利用我的小母牛耕田,

肯定猜不出來。」

19耶和華的靈降在參孫身上,他便去亞實基倫殺了三十個人,擄走他們的衣服,交給猜中謎語的那些人,然後怒氣沖沖地回父親家去了。 20參孫的妻子後來歸了他的伴郎。