Asomafo 9 – AKCB & NIRV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 9:1-43

Saulo Adwensakra

1Saa bere no na Saulo ani abere sɛ ɔbɛtɔre Kristo akyidifo no ase. 2Ɔkɔɔ Ɔsɔfopanyin no nkyɛn kogyee adansedi krataa a ɛbɛma no tumi ama wakɔ hyiadan mu wɔ Damasko akɔkyekyere Yesu akyidifo, mmea ne mmarima, na ɔde wɔn akɔ Yerusalem. 3Ɔreyɛ abɛn Damasko no, prɛko pɛ na hann bi fi ɔsoro twa faa ne ho 4ma otwa hwee fam. Afei, ɔtee nne bi se, “Saulo! Adɛn nti na wotaa me?”

5Saulo bisae se, “Ɛyɛ wo hena, Owura?”

Nne no buae se, “Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.” 6Nne no kae se, “Sɔre na kɔ kurow no mu na wɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ.”

7Nnipa a wɔne Saulo nam no gyinae a wɔantumi anka hwee; wɔtee nne no, nanso wɔanhu obiara. 8Afei Saulo sɔre fii fam hɔ buee nʼani, nanso na onhu ade. Enti wokurakura no nkakrankakra de no kɔɔ Damasko. 9Nnansa a odii wɔ Damasko no na onhu hwee. Na onnidi na ɔnnom nso.

10Na osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania. Awurade frɛɛ no anisoadehu mu se, “Anania!”

Ogyee so se, “Awurade!”

11Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kɔ Yuda fi a ɛwɔ Ɔtempɔn Tee no so na kobisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no ase; ɔrebɔ mpae. 12Anisoadehu mu na ohuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔde ne nsa too no so sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbɛsan ahu ade.”

13Anania buae se, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne haw a ɔhaw wʼakyidifo wɔ Yerusalem no. 14Wakɔ asɔfo mpanyin nkyɛn akogye adansedi krataa a ɛbɛma no tumi na ɔde akyere obiara a ɔbɔ wo din wɔ ha no.”

15Awurade ka kyerɛɛ Anania se, “Kɔ! Efisɛ ɔno na mayi no a menam ne so bɛma amanamanmufo ne ahemfo ne Israelfo nyinaa ate me din. 16Na mɛkyerɛ no amane a esiane me din nti obehu.”

17Afei Anania kɔɔ fie hɔ de ne nsa guu Saulo so kae se, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo wɔ ɔkwan so bere a woreba no asoma me se, mimmebue wʼani mma wunhu ade na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.” 18Amono mu hɔ ara na biribi a ɛte sɛ abon fii nʼani so na ohuu ade. Ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu. 19Onyaa aduan bi di mee no, ne ho san no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafo a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn.

Saulo Ka Asɛmpa No Wɔ Damasko

20Ofii ase kaa asɛmpa no wɔ hyiadan mu se, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa. 21Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkae no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisae se, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na okum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no ana? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfo mpanyin.” 22Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no dii. Yudafo a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkae no ho hwee.

23Nna bi akyi no, Yudafo no bɔɔ Saulo ho pɔw sɛ wobekum no, 24nanso Saulo tee pɔw a wɔbɔɔ wɔ ne ho no. Na wɔtetɛw no wɔ kurow no apon ano awia ne anadwo apɛ no akum no. 25Anadwo bi Saulo akyidifo de no sii kɛntɛn bi mu, twetwee no faa ɔfasu so gyaa no sii fam.

Saulo Kɔ Yerusalem

26Saulo kɔɔ Yerusalem no, ɔpɛɛ sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafo no ho nanso wosuroo no, efisɛ na wonnye nni sɛ wasakra abɛyɛ osuani. 27Barnaba kɔfaa no kɔɔ asuafo no nkyɛn. Ɔkaa wɔn sɛnea Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Saulo na ɔkasa kyerɛɛ no wɔ Damasko kwan so no ne sɛnea ɔde akokoduru kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko no. 28Saulo ne wɔn tenae na ɔde akokoduru kaa Awurade asɛm no wɔ Yerusalem nyinaa. 29Saulo ne Helenifo nyaa akasakasa enti wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum no. 30Bere a agyidifo no tee pɔw a Helenifo no bɔɔ wɔ Saulo ho no, wɔde no kɔɔ Kaesarea gyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso.

31Afei asafo a wɔwɔ Yudea, Samaria ne Galilea no nyinaa asom dwoo wɔn. Asafo no nam Honhom Kronkron so timii. Nnipa pii bɛkaa wɔn ho na wɔtenaa ase wɔ Awurade suro mu.

Petro Sa Nyarewa

32Petro tutuu akwan kɔɔ mmeaemmeae. Da bi a ɔkɔsraa agyidifo a wɔwɔ Lida no, 33ohyiaa ɔbarima bi a ne din de Enea a wabubu agu kɛtɛ so mfe awotwe wɔ hɔ. 34Petro ka kyerɛɛ no se, “Enea, Awurade Yesu Kristo nsa wo yare. Sɔre na yi wo kɛtɛ!” Amono mu hɔ ara na Enea sɔree. 35Nnipa a wɔte Lida ne Saron no nyinaa huu no no, wɔde wɔn ho maa Awurade.

36Na ɔbea ogyidini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka a ase ne ɔwansan. Saa ɔbea yi de nʼadagyew nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafo. 37Saa bere koro no ara mu na ɔyare bɔɔ no ma owui. Woguaree no9.37 Amanne bi a na Yudafo ne Helafo nyinaa di so ne sɛ woguare funu ansa na wosie no. de no kɔtoo abansoro dan9.37 Sɛ wɔantumi ansie owufo ntɛm a, amanne ne sɛ wɔdeda no wɔ abansoro no so. Yerusalem de, da a obi bewu no ara na wosie no. Sɛ ɛnyɛ Yerusalem a, wotumi sie owufo no ne nnansa so. bi mu. 38Esiane sɛ Lida bɛn Yopa nti, asuafo a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra.

39Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔe. Oduu hɔ no wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa begyinagyinaa Petro ho sui, de ntade ne ntama a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no.

40Petro maa wɔn nyinaa fii adi. Afei obuu nkotodwe, bɔɔ mpae dan nʼani kyerɛɛ amu no kae se, “Tabita, sɔre!” Tabita tew nʼani na ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase. 41Petro soo ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei Petro frɛɛ agyidifo no ne akunafo no nyinaa de no maa wɔn. 42Saa asɛm yi trɛw wɔ Yopa nyinaa ma nnipa pii gyee Awurade dii. 43Petro tenaa Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru no nkyɛn wɔ Yopa kyɛɛ kakra.

New International Reader’s Version

Acts 9:1-43

Saul Becomes a Believer

1Meanwhile, Saul continued to oppose the Lord’s followers. He said they would be put to death. He went to the high priest. 2He asked the priest for letters to the synagogues in Damascus. He wanted to find men and women who belonged to the Way of Jesus. The letters would allow him to take them as prisoners to Jerusalem. 3On his journey, Saul approached Damascus. Suddenly a light from heaven flashed around him. 4He fell to the ground. He heard a voice speak to him, “Saul! Saul! Why are you opposing me?”

5“Who are you, Lord?” Saul asked.

“I am Jesus,” he replied. “I am the one you are opposing. 6Now get up and go into the city. There you will be told what you must do.”

7The men traveling with Saul stood there. They weren’t able to speak. They had heard the sound. But they didn’t see anyone. 8Saul got up from the ground. He opened his eyes, but he couldn’t see. So they led him by the hand into Damascus. 9For three days he was blind. He didn’t eat or drink anything.

10In Damascus there was a believer named Ananias. The Lord called out to him in a vision. “Ananias!” he said.

“Yes, Lord,” he answered.

11The Lord told him, “Go to the house of Judas on Straight Street. Ask for a man from Tarsus named Saul. He is praying. 12In a vision Saul has seen a man come and place his hands on him. That man’s name is Ananias. In the vision, Ananias placed his hands on Saul so he could see again.”

13“Lord,” Ananias answered, “I’ve heard many reports about this man. They say he has done great harm to your holy people in Jerusalem. 14Now he has come here to arrest all those who worship you. The chief priests have given him authority to do this.”

15But the Lord said to Ananias, “Go! I have chosen this man to work for me. He will announce my name to the Gentiles and to their kings. He will also announce my name to the people of Israel. 16I will show him how much he must suffer for me.”

17Then Ananias went to the house and entered it. He placed his hands on Saul. “Brother Saul,” he said, “you saw the Lord Jesus. He appeared to you on the road as you were coming here. He has sent me so that you will be able to see again. You will be filled with the Holy Spirit.” 18Right away something like scales fell from Saul’s eyes. And he could see again. He got up and was baptized. 19After eating some food, he got his strength back.

Saul in Damascus and Jerusalem

Saul spent several days with the believers in Damascus. 20Right away he began to preach in the synagogues. He taught that Jesus is the Son of God. 21All who heard him were amazed. They asked, “Isn’t he the man who caused great trouble in Jerusalem? Didn’t he make trouble for those who worship Jesus? Hasn’t he come here to take them as prisoners to the chief priests?” 22But Saul grew more and more powerful. The Jews living in Damascus couldn’t believe what was happening. Saul proved to them that Jesus is the Messiah.

23After many days, the Jews had a meeting. They planned to kill Saul. 24But he learned about their plan. Day and night they watched the city gates closely in order to kill him. 25But his followers helped him escape by night. They lowered him in a basket through an opening in the wall.

26When Saul came to Jerusalem, he tried to join the believers. But they were all afraid of him. They didn’t believe he was really one of Jesus’ followers. 27But Barnabas took him to the apostles. He told them about Saul’s journey. He said that Saul had seen the Lord. He told how the Lord had spoken to Saul. Barnabas also said that Saul had preached without fear in Jesus’ name in Damascus. 28So Saul stayed with the believers. He moved about freely in Jerusalem. He spoke boldly in the Lord’s name. 29He talked and argued with the Greek Jews. But they tried to kill him. 30The other believers heard about this. They took Saul down to Caesarea. From there they sent him off to Tarsus.

31Then the church throughout Judea, Galilee and Samaria enjoyed a time of peace. The church was strengthened and grew larger. That’s because they worshiped the Lord and the Holy Spirit helped them.

Peter Heals Aeneas and Dorcas

32Peter traveled around the country. He went to visit the Lord’s people who lived in Lydda. 33There he found a disabled man named Aeneas. For eight years the man had spent most of his time in bed. 34“Aeneas,” Peter said to him, “Jesus Christ heals you. Get up! Roll up your mat!” So Aeneas got up right away. 35Everyone who lived in Lydda and Sharon saw him. They turned to the Lord.

36In Joppa there was a believer named Tabitha. Her name in the Greek language is Dorcas. She was always doing good and helping poor people. 37About that time she became sick and died. Her body was washed and placed in a room upstairs. 38Lydda was near Joppa. The believers heard that Peter was in Lydda. So they sent two men to him. They begged him, “Please come at once!”

39Peter went with them. When he arrived, he was taken upstairs to the room. All the widows stood around him crying. They showed him the robes and other clothes Dorcas had made before she died.

40Peter sent them all out of the room. Then he got down on his knees and prayed. He turned toward the dead woman. He said, “Tabitha, get up.” She opened her eyes. When she saw Peter, she sat up. 41He took her by the hand and helped her to her feet. Then he called the believers and especially the widows. He brought her to them. They saw that she was alive. 42This became known all over Joppa. Many people believed in the Lord. 43Peter stayed in Joppa for some time. He stayed with Simon, a man who worked with leather.