Asomafo 6 – AKCB & TNCV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 6:1-15

Woyi Asafo No Mu Asomfo

1Bere bi akyi a na asuafo no redɔɔso no, akasakasa sii Hebrifo a wɔka Arameike ne Hebrifo a wɔka Hela kasa no ntam. Na Hebrifo a wɔka Hela no asɛm ne sɛ, Hebrifo a wɔka Arameike no nhwɛ wɔn akunafo yiye. 2Enti asomafo dumien no frɛɛ asuafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ yegyae Onyankopɔn asɛnka kɔkyɛ aduan. 3Enti anuanom, munyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wonim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no. 4Yɛn ankasa de, yɛde yɛn adagyew nyinaa bɛbɔ mpae aka Asɛmpa no.”

5Nnipa no nyinaa penee adwene a asomafo no de bae no so. Enti, woyii Stefano a na gyidi ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma no, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Pamina ne Nikolao a ofi Antiokia a na anka ɔwɔ Yudasom mu no. 6Wɔde saa nnipa yi kyerɛɛ asuafo no ma wɔbɔɔ mpae de wɔn nsa guu wɔn so.

7Nnipa pii gyee asɛm no di maa wɔn mu dodow no ara bɛkaa wɔn ho. Yudafo no mu pii nso gyee wɔn nkyerɛkyerɛ no dii.

Wɔkyere Stefano

8Stefano a Onyankopɔn adom ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwonwade ahorow bebree wɔ asafo no mu. 9Nanso da koro bi, nnipa bi a wofi Yudafo hyiadan bi a wɔfrɛ no “Ahofadifo Hyiadan” no mu a wɔyɛ Yudafo a wofi Kirene ne Aleksandria ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia no ne Stefano gyee akyinnye. 10Nanso Honhom no maa Stefano nyansa ma ɔde kasae a obiara antumi anka hwee.

11Ɛno nti wɔka hyɛɛ nkurɔfo bi ano se, “Yɛtee sɛ ɔreka abususɛm atia Mose ne Onyankopɔn.”

12Wɔnam saa ɔkwan yi so maa nnipa no ne mpanyin no ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no sɔre tiaa Stefano. Wɔbɛkyeree Stefano de no kɔɔ baguafo anim. 13Afei, wɔde nnipa ba bedii adansekurum tiaa Stefano se, “Saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan kronkron no ne Mose Mmara no daa. 14Yɛtee mpo sɛ ɔreka se, saa Yesu Nasareni no bedwiriw yɛn asɔredan no agu na wasesa yɛn amanne a Mose de gyaw yɛn no!”

15Nnipa a na wɔte bagua mu hɔ no nyinaa hwɛɛ Stefano anim, na wohuu sɛ nʼanim ayɛ te sɛ ɔsoro ɔbɔfo anim.

Thai New Contemporary Bible

กิจการของอัครทูต 6:1-15

การเลือกคนทั้งเจ็ด

1ครั้งนั้นเมื่อสาวกเพิ่มจำนวนขึ้นชาวยิวผู้ถือธรรมเนียมกรีกบ่นไม่พอใจชาวยิวผู้ถือธรรมเนียมยิวเพราะแม่ม่ายในหมู่พวกตนถูกละเลยในการแจกจ่ายอาหารประจำวัน 2ดังนั้นอัครทูตทั้งสิบสองคนจึงเรียกสาวกทั้งปวงมาประชุมพร้อมหน้ากันและกล่าวว่า “เป็นการไม่ถูกต้องที่เราจะละเลยพันธกิจแห่งพระวจนะของพระเจ้าเพื่อไปรับใช้ที่โต๊ะอาหาร 3พี่น้องทั้งหลาย จงเลือกคนเจ็ดคนในพวกท่านซึ่งเป็นที่ทราบกันว่าเต็มด้วยพระวิญญาณและสติปัญญา เราจะได้มอบความรับผิดชอบนี้แก่พวกเขา 4ส่วนเราจะได้เอาใจใส่ในการอธิษฐานและพันธกิจแห่งพระวจนะ”

5ที่ประชุมทั้งหมดเห็นชอบกับข้อเสนอนี้จึงเลือกสเทเฟน ชายผู้เปี่ยมด้วยความเชื่อและพระวิญญาณบริสุทธิ์ พร้อมทั้งฟีลิป โปรโครัส นิคาโนร์ ทิโมน ปารเมนัส และนิโคลัสจากเมืองอันทิโอกซึ่งมาเข้าจารีตยิว 6พวกเขานำทั้งเจ็ดคนนี้มาหาอัครทูต อัครทูตก็อธิษฐานและวางมือให้

7ดังนั้นพระวจนะของพระเจ้าจึงแพร่ออกไปจำนวนสาวกในกรุงเยรูซาเล็มเพิ่มขึ้นอย่างรวดเร็วและมีปุโรหิตจำนวนมากมารับเชื่อ

สเทเฟนถูกจับ

8ฝ่ายสเทเฟนผู้เปี่ยมด้วยพระคุณและฤทธิ์เดชของพระเจ้าได้ทำหมายสำคัญและปาฏิหาริย์ที่ยิ่งใหญ่หลายอย่างในหมู่ประชาชน 9แต่ถูกต่อต้านโดยสมาชิกของธรรมศาลาแห่งทาสที่ได้รับอิสรภาพ (ตามที่เขาเรียกกัน) คือพวกยิวจากเมืองไซรีน เมืองอเล็กซานเดรีย ทั้งจากแคว้นซิลีเซียและเอเชีย คนเหล่านี้โต้เถียงกับสเทเฟน 10แต่ไม่สามารถเอาชนะสติปัญญาของเขาหรือพระวิญญาณผู้ตรัสผ่านเขา

11พวกเขาจึงลอบยุบางคนให้พูดว่า “เราได้ยินสเทเฟนกล่าวลบหลู่โมเสสและพระเจ้า”

12ดังนั้นพวกเขาได้ปลุกปั่นประชาชนตลอดจนเหล่าผู้อาวุโสและพวกธรรมาจารย์ให้ลุกฮือขึ้น พวกเขาจับสเทเฟนและนำตัวมาต่อหน้าสภาแซนเฮดริน 13พวกเขาสร้างพยานเท็จมาให้การว่า “ชายคนนี้พูดลบหลู่สถานบริสุทธิ์และบทบัญญัติไม่หยุดเลย 14เพราะเราได้ยินเขาพูดว่าพระเยซูแห่งนาซาเร็ธนั้นจะทำลายสถานที่นี้และเปลี่ยนธรรมเนียมซึ่งโมเสสได้ให้สืบทอดมาจนถึงเรา”

15คนทั้งปวงที่นั่งอยู่ในสภาแซนเฮดรินก็จ้องมองสเทเฟนเห็นใบหน้าของเขาเหมือนใบหน้าของทูตสวรรค์