Asomafo 4 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 4:1-37

Petro Ne Yohane Gyina Asennii

1Bere a Petro ne Yohane gu so rekasa akyerɛ nkurɔfo no, asɔfo ne ɔpanyin a ɔhwɛ awɛmfo a wɔhwɛ asɔredan no so no ne Sadukifo baa wɔn nkyɛn. 2Wɔn bo fuw yiye, efisɛ na saa asomafo yi rekyerɛkyerɛ nnipa no sɛ Yesu asɔre afi owu mu a ɛkyerɛ sɛ awufo tumi nyan ba nkwa mu. 3Wɔkyeree asomafo no, nanso esiane sɛ na ade asa nti, wɔde wɔn guu afiase kosii adekyee. 4Nanso nnipa a wɔtee asɛm no mu dodow no ara bɛyɛ sɛ mpem anum gyee asɛm no dii.

5Ade kyee no, Yudafo mpanyin, mpanyimfo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo hyiaa wɔ Yerusalem. 6Wohyiaa Ɔsɔfopanyin Anas ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne afoforo a wofi Ɔsɔfopanyin no abusua mu. 7Wɔma wɔde asomafo baanu yi baa wɔn anim bisaa wɔn se, “Tumi bɛn anaa hena din na mode yɛɛ eyi?”

8Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no buae se, “Ɔman mpanyimfo ne atitiriw. 9Sɛ nnɛ mugyina ha bisa yɛn ade pa a yɛyɛ maa obubuafo no maa ne ho tɔɔ no no a, 10ɛno de ɛsɛ sɛ mo ne Israelfo nyinaa hu sɛ saa onipa a ogyina ha yi, ɛnam Yesu Kristo a ofi Nasaret a mobɔɔ no asennua mu na Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no tumi mu na ne ho ayɛ no den.” 11Yesu ne onipa a Kyerɛwsɛm ka fa ne ho se,

“ ‘Ɔbo a mo adansifo poe no na

abɛyɛ tweatibo.’

12Ɔno nko ara mu na nkwagye wɔ; efisɛ din biara nni wiase ha a nnipa nam so benya nkwagye.”

13Ɛyɛɛ agyinatufo no ahodwiriw sɛ Petro ne Yohane a wonsuaa nhoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasaa akokoduru so saa. Wohuu sɛ saa asomafo yi ne Yesu nantewee. 14Nnipa no antumi anka asɛm biara bio, efisɛ wohuu sɛ ɔbarima a na ne ho atɔ no no ne Petro ne Yohane gyina hɔ. 15Wɔma wofii asennii hɔ ma wodwinnwen asɛm no ho. 16Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Dɛn na yɛnyɛ saa nnipa yi? Obiara a ɔwɔ Yerusalem ha ate sɛ saa nnipa yi ayɛ anwonwade a yɛrentumi ntwa ho nkontompo. 17Sɛnea ɛbɛyɛ a saa nnipa yi remma saa asɛm yi ntrɛw nkɔ afoforo nkyɛn no, momma yɛmfrɛ wɔn, mmɔ wɔn kɔkɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɔ Yesu din nkyerɛ obiara bio.”

18Wɔfrɛɛ asomafo baanu yi bae, hyɛɛ wɔn sɛ wonni ho kwan biara sɛ wɔbɔ Yesu Kristo din anaa wɔkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu. 19Petro ne Yohane buaa wɔn se, “Sɛ yebetie Onyankopɔn anaa yebetie mo no, emu nea ɛwɔ he na eye? Mo ara mummua mfa. 20Nea yɛahu ne nea yɛate de, yɛrentumi nnyae ho asɛnka.”

21Agyinatufo no bɔɔ wɔn kɔkɔ bio gyaa wɔn, efisɛ wɔannya biribiara annyina so antwe wɔn aso; afei nso na nnipa no nyinaa rekamfo Onyankopɔn wɔ asɛm a asi no ho. 22Na ɔbarima a wɔnam anwonwakwan so saa no yare no adi boro mfe aduanan.

Agydifo No Mpaebɔ

23Wogyaa Petro ne Yohane pɛ na wɔkɔɔ agyidifo a wɔaka no nkyɛn kɔkaa nea asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no kae no kyerɛɛ wɔn. 24Bere a wɔtee saa asɛm no, wɔn nyinaa bɔɔ mu bɔɔ mpae se, “Owura, Ɔbɔade a wobɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ mu, 25wonam Honhom Kronkron so nam yɛn nena Dawid a ɔyɛ wʼakoa no so ma ɔkae se,

“Adɛn nti na amanaman no hyehyɛ bɔne ho,

na nnipa no bɔ pɔw hunu yi?

26Asase so ahemfo sɔre gyina

na atumfo bɔ mu tu agyina

tia Awurade

ne Agyenkwa no.

27Ampa ara Herode ne Pontio Pilato ne amanamanmufo ne Israelfo hyiaa wɔ kurow kɛse yi mu sɔre tiaa Yesu a ɔyɛ Ɔsomfo Kronkron a woatew ne ho no. 28Wohyia yɛɛ biribiara a wonam wo tumi ne wo pɛ so ahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba mu no. 29Afei Awurade, hwɛ ahunahuna a wɔrehunahuna yɛn yi na ma yɛn a yɛyɛ wʼasomfo yi mfa akokoduru nka wʼasɛm yi. 30Ma wo nsa so fa sa nyarewa, na fa wo somfo Kronkron Yesu Kristo din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade.”

31Wɔbɔɔ mpae wiee no, faako a wohyiaa hɔ wosowee. Honhom Kronkron bɛhyɛɛ wɔn nyinaa ma ma na wofii ase de akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm.

Agyidifo No Asetena

32Agyidifo no nyinaa tenaa ase sɛ nnipa koro. Wɔn mu bi anka se nʼankasa ahode bi yɛ ɔno nko ara de; biribiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa kyekyɛɛ mu pɛ fae. 33Asomafo no nam tumi a emu yɛ den so dii Awurade Yesu wusɔre no ho adanse na Onyankopɔn hyiraa wɔn nyinaa. 34Biribiara ho anhia obiara a ɔfra kuw no mu, efisɛ wɔn a na wɔwɔ nsase ne afi no tontɔnee, de sika a wonya fii mu no 35brɛɛ asomafo no ma wɔkyekyɛɛ sɛnea ɛho hia obiara.

36Yosef a na ɔyɛ Lewini a ofi Kipro a na asomafo no frɛ no Barnaba, a ne nkyerɛase ne “Nkuranhyɛ Ba” no, 37tɔn nʼasase de sika a onyae no brɛɛ asomafo no.

Japanese Contemporary Bible

使徒の働き 4:1-37

4

ペテロとヨハネの逮捕

1二人が話しているところへ、祭司たちや神殿の警備隊長、それにサドカイ人(神殿を支配していた祭司階級。ユダヤ教の主流派)たちが来ました。 2聞いてみると、二人は堂々と、イエスが死者の中から復活したと話しています。これはまずいと思った彼らは、 3二人を逮捕しましたが、もう夕方だったので、一晩、留置場に入れておくことにしました。 4しかし、二人の話を聞いた人たちが大ぜい信じ、信者の数は、男だけで五千人に上りました。

5翌日、ユダヤ人の指導者たちの会議が、エルサレムで開かれました。 6大祭司アンナス、カヤパ、ヨハネ、アレキサンデル、そのほか大祭司の一族もみな顔をそろえています。 7ペテロとヨハネは一同の前に引き出され、尋問が行われました。「おまえたちは、何の力で、また、だれの権威でこんなことをしたのか。」

8その時、ペテロは聖霊に満たされ、落ち着きはらって答えました。「わが国の名誉ある指導者、ならびに長老の方々。 9お尋ねの件は、あの足の悪い男のことで、どのようにして彼が治ったかということでしょうか。 10そのことなら、あなたがた、いやイスラエルのすべての人たちに、はっきりお話ししたいのです。この出来事は、あなたがたが十字架につけ、神様が復活させてくださった、あのメシヤ(救い主)、ナザレのイエスの名と力とによるのです。 11メシヤのイエスは、まさに『建築士たちの捨てた石が、最も重要な土台石になった』詩篇118・22と聖書にある、その石なのです。 12この方以外には、だれによっても救われません。天下に、人がその名を呼んで救われる名は、ほかにないのです。」

13あまりにも大胆なペテロとヨハネのことばに、議員たちは驚き、たじたじとなりました。二人は明らかに、教育も受けていなければ、宗教の専門家でもないのです。とうとう、イエスといっしょにいたからそうなったのだ、と認めないわけにはいかなくなりました。 14その上、実際に足の治った当の男が二人のそばに立っていたのでは、その事実を否定することもできません。 15しかたなく彼らは、二人を退場させ、自分たちだけで協議しました。

16「さて、彼らをどうしよう。たいへんな奇跡を行ったという事実は、どうにも否定のしようがない。なにしろ、エルサレム中の者たちが知っているのだから……。 17だが、これ以上の宣伝活動はやめさせなければならない。今後イエスのことを人前で語ったら、ただではすまないぞと脅してやろう。」 18話が決まったところでもう一度二人を呼び入れ、今後いっさいイエスのことを話してはならないと、きつく言い渡しました。

19しかし、ペテロとヨハネは、きっぱり答えました。「神にではなく、あなたがたに従うことを、神様が望んでおられるとでもお考えなのですか。 20私たちは、イエスの行われたことやお話しになったことを、知らせないわけにはいきません。」

21議員たちはなおもしつこく脅しましたが、効き目はありません。かといって二人を罰しようものなら、暴動が起きかねないと考え、ついにあきらめて釈放しました。人々がみな、すばらしい奇跡を見て、神をほめたたえていたからです。 22なにしろ、四十年も立てなかった人が完全に治ったのですから、むりもありません。

23晴れて自由の身になると、ペテロとヨハネはすぐほかの弟子たちのところへ帰り、議員たちの言ったことを残らず伝えました。

祈りと賛美にあふれる教会

24これを聞いた信者たちはみな、心を一つにして祈りました。「ああ、天と地と海と、その中にあるすべてのものを造られた主よ。 25-26あなたは、はるか昔、あなたのしもべである先祖ダビデの口を通し、聖霊によって、こう語られました。

『なぜ異教徒どもは主に怒りを燃やし、

愚かな国々は全能の神に、むだな抵抗をするのか。

地上の王たちは一つとなり、

神とキリストに戦いをしかける。』詩篇2・1-2

27まさに、この預言どおりのことが、今エルサレムで起こっています。ヘロデ王と総督ピラト、それにローマ人たちが、イスラエルの民と手を組み、あなたが油を注いだ聖なるしもべイエスに反逆しました。 28何もかも、あなたのお考えのとおりです。彼らのやっていることは一つ残らず、知恵ある力によって、あなたが行わせているのです。 29ああ主よ、どうか今、彼らの脅しを聞かれ、私たちが忠実に、しかも大胆に、あなたの教えを語れるように、私たちをお守りください。 30私たちに病気をいやす力を与え、あなたの聖なるしもべイエスの名によって、奇跡を行わせてください。」

31こう祈った時、集まっていた家が激しく揺れ動き、一同はたちまち聖霊に満たされて、大胆に神の教えを語り始めました。

持ち物をささげる

32さて、イエスを信じた人たちは、心と思いを一つにし、だれ一人財産を惜しむ者がなく、すべてのものを平等に分け合っていました。 33使徒たちは主イエスの復活を力強く語り、すべての者の上に恵みがありました。 34-35土地や家を持っている者はそれを売り払い、代金を使徒たちのところに持って来ました。そのお金は必要に応じてみんなに分配されたので、貧しい者は一人もいませんでした。

36キプロス島出身で、レビ人のヨセフもその一人です。彼はバルナバ〔慰めの子〕と呼ばれていましたが、 37畑を売った代金を、「困っている人たちに」と言って、使徒たちのところへ持って来ました。