Asomafo 3 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 3:1-26

Obubuafo Bi Ayaresa

1Da bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnabiɛsa a na ɛyɛ bere a wɔde bɔ mpae. 2Wɔreyɛ adu asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ ano no, wohuu obubuafo bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafo yi de no bɛto ɔpon yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika fi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn. 3Bere a ohuu sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn se wɔmma no biribi. 4Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ yɛn!” 5Ɔhwɛɛ wɔn susuw sɛ wɔbɛma no biribi.

6Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, “Sika de, minni bi; na nea mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nantew!” 7Afei Petro de ne nsa nifa soo no mu maa no so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, nʼanan mu yɛɛ den. 8Ohuruw gyinaa nʼanan so na ofii ase nantewee. Afei ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehuruhuruw, rekamfo Onyankopɔn. 9Nnipa no nyinaa huu no sɛ ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ. 10Wohuu no no, wohuu sɛ ɔno ne ɔsrɛsrɛni a na ɔda asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ no ano no, wɔn ho dwiriw wɔn.

Petro Kasa Kyerɛ Nnipa No

11Bere a nnipa no huu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwiriw wɔn; enti wotuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ. 12Bere a Petro huu nnipadɔm no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Israelfo, adɛn na eyi yɛ mo nwonwa? Adɛn nti na mohwɛ yɛn, susuw sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yare? 13Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ne yɛn nenanom Nyankopɔn ama ne somfo Yesu ɔsoro anuonyam. Mode no maa atumfo; na bere a Pilato yɛɛ sɛ obegyaa no no mpo, mopoo no wɔ nʼanim. 14Na ɔyɛ Kronkron, ɔteɛ; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafo mma mo. 15Enti mukum obi a ogye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso Onyankopɔn nyan no fii awufo mu na yɛyɛ eyi ho nnansefo. 16Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafo yi nyaa ahoɔden. Gyidi a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛma yetumi yɛɛ saa anwonwade a muhu yi. Gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ogyina mo anim mprempren yi.

17“Afei me nuanom, minim sɛ nea mo ne mo mpanyimfo yɛɛ Yesu no, na onim na munnim. 18Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifo so kae se Agyenkwa no behu amane. Na ɔnam saa kwan yi so ma ɛbaa mu. 19Monsakra mo adwene na momfa mo ho mma Onyankopɔn na wɔbɛpepa mo bɔne, na moanya foforoyɛ mmere afi Awurade hɔ, 20na wasoma Yesu a ɔyɛ Agyenkwa a wɔayi no ama mo no. 21Sɛnea Onyankopɔn nam nʼadiyifo akronkron so aka dedaw no, ɛsɛ sɛ ɔtena ɔsoro kosi sɛ nneɛma nyinaa bɛyɛ foforo. 22Na Mose kae se, ‘Awurade, mo Nyankopɔn bɛsoma odiyifo aba mo nkyɛn sɛnea ɔsomaa me a mifi mo mu no. Ɛsɛ sɛ mutie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo. 23Obiara a wantie nea odiyifo no bɛka no, wobeyi no afi Onyankopɔn nkurɔfo ho na wɔasɛe no.’

24“Samuel ne adiyifo a akyiri no wɔbae no nyinaa nso aka asɛm a asi nnɛ yi ho asɛm pɛn. 25Onyankopɔn bɔ a ɔnam adiyifo so hyɛe no yɛ mo dea. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa wɔ apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pam no mu. Sɛnea ɔka kyerɛɛ Abraham se, ‘Wʼasefo so na menam behyira wiasefo nyinaa.’ 26Enti Onyankopɔn dii kan yii ne somfo somaa no baa mo nkyɛn sɛ ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnan mfi mo akwammɔne no so.”

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 3:1-26

Obubuafoɔ Bi Ayaresa

1Ɛda bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnmiɛnsa a ɛyɛ ɛberɛ a wɔde bɔ mpaeɛ. 2Wɔreyɛ aduru asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ ano no, wɔhunuu obubuafoɔ bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafoɔ yi de no bɛto ɛpono yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika firi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn. 3Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmma no biribi. 4Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ yɛn!” 5Ɔhwɛɛ wɔn susuu sɛ wɔbɛma no biribi.

6Nanso, Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sika de, menni bi; na deɛ mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ, Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nante!” 7Afei, Petro de ne nsa nifa sɔɔ ne mu maa ne so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, ne nan no mu yɛɛ den. 8Ɔhuri gyinaa ne nan so, na ɔhyɛɛ aseɛ nanteeɛ. Afei, ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehurihuri, rekamfo Onyankopɔn. 9Nnipa no nyinaa hunuu no sɛ ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ. 10Wɔhunuu no no, wohunuu sɛ ɔno ne ɔdesrɛni a na ɔda asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ no ano no, wɔn ho dwirii wɔn.

Petro Kasa Kyerɛ Nnipa No

11Ɛberɛ a nnipa no hunuu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwirii wɔn; enti wɔtuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn, wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ. 12Ɛberɛ a Petro hunuu nnipadɔm no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Israelfoɔ, adɛn na yei yɛ mo nwanwa? Adɛn enti na mohwɛ yɛn, susu sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yadeɛ? 13Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn ne yɛn nananom Onyankopɔn ama ne ɔsomfoɔ Yesu ɔsoro animuonyam. Mode no maa atumfoɔ; na ɛberɛ a Pilato yɛɛ sɛ ɔbɛgyaa no no mpo, mopoo no wɔ nʼanim. 14Na ɔyɛ Kronkron, ɔtene; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafoɔ mma mo. 15Enti, mokumm obi a ɔgye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu na yɛyɛ yei ho adansefoɔ. 16Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafoɔ yi nyaa ahoɔden. Gyidie a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛmaa yɛtumi yɛɛ saa anwanwadeɛ a mohunu yi. Gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ɔgyina mo anim seesei yi.

17“Afei, me nuanom, menim sɛ deɛ mo ne mo mpanimfoɔ yɛɛ Yesu no, na ɔnim na monnim. 18Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ so kaa sɛ Agyenkwa no bɛhunu amane. Na ɔnam saa ɛkwan yi so maa ɛbaa mu. 19Monnu mo ho na monni Onyankopɔn akyi, na ɔde mo bɔne akyɛ mo, 20sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Awurade Honhom mu ahoɔden bɛba na wasoma Yesu a ɔyɛ Agyenkwa no a wayi no ama mo dada no. 21Sɛdeɛ Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ kronkron so aka dada no, ɛsɛ sɛ ɔtena ɔsoro kɔsi sɛ nneɛma nyinaa bɛyɛ foforɔ. 22Na Mose kaa sɛ, ‘Awurade, mo Onyankopɔn bɛsoma odiyifoɔ aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɔsomaa me a mefiri mo mu no. Ɛsɛ sɛ motie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo. 23Obiara a wantie deɛ odiyifoɔ no bɛka no, wɔbɛyi no afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho na wɔasɛe no.’

24“Samuel ne adiyifoɔ a akyire no wɔbaeɛ no nyinaa nso aka asɛm a asi ɛnnɛ yi ho asɛm pɛn. 25Onyankopɔn bɔ a ɔnam adiyifoɔ so hyɛeɛ no yɛ mo dea. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa wɔ apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mu. Sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Wʼasefoɔ so na menam mɛhyira ewiasefoɔ nyinaa.’ 26Enti, Onyankopɔn dii ɛkan yii ne ɔsomfoɔ somaa no baa mo nkyɛn sɛ ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnane mfiri mo akwammɔne no so.”