Asomafo 25 – AKCB & OL

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 25:1-27

Festo Di Paulo Asɛm

1Festo besii Felike anan mu sɛ amrado wɔ Kaesarea no, ne nnansa so no ɔkɔɔ Yerusalem. 2Asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no bɛtoo nʼanim. 3Esiane sɛ na wɔabɔ Paulo ho pɔw sɛ wɔbɛtɛw no wɔ ɔkwan so akum no nti, wɔsrɛɛ no sɛ wɔmma wɔmfa no mmra Yerusalem. 4Nanso Festo buaa wɔn se, esiane sɛ Paulo da afiase wɔ Kaesarea na ɛrenkyɛ biara ɔno ankasa bɛkɔ hɔ nti, 5wɔn a wodi asɛm no anim no ne no nkɔ nkodi asɛm no wɔ hɔ.

6Festo dii bɛyɛ nnaawɔtwe anaa nnafua du ansa na ɔresan aba Kaesarea. Obeduu adekyee no, ɔtenaa agua mu dii Paulo asɛm. 7Bere a Paulo beduu asennii hɔ no, Yudafo a wofi Yerusalem no twaa ne ho hyiae fii ase kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokware too no so.

8Paulo yii ne ho ano se, “Minni biribiara ho fɔ, efisɛ menkasa ntiaa Yudafo mmara; minguu asɔredan ho fi, na menkasa ntiaa Roma aban nso.”

9Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafo no ani nti obisaa Paulo se, “Wopɛ sɛ mede wo kɔ Yerusalem kodi wʼasɛm wɔ hɔ ana?”

10Paulo buae se, “Esiane sɛ Ɔhempɔn Kaesare asennii na migyina nti, ɛha ara na ɛsɛ sɛ wodi mʼasɛm, bu me atɛn efisɛ menyɛɛ Yudafo bɔne biara sɛnea wo ara wunim no. 11Sɛ mabu mmara so anaa mayɛ biribiara a ɛno nti ɛsɛ sɛ wobu me kumfɔ a, minsuro. Nanso sɛ nsɛm a saa Yudafo yi ka tia me no nyɛ nokware a, obiara rentumi mfa me mma wɔn. Miguan toa Ɔhempɔn Kaesare.”

12Festo ne ne mpanyimfo tuu agyina wiei no, ɔka kyerɛɛ Paulo se, “Esiane sɛ woaguan atoa Ɔhempɔn Kaesare no nti yɛde wo bɛkɔ nʼanim.”

Paulo Ho Nkɔmmɔdi

13Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛmaa Festo akwaaba. 14Wɔwɔ hɔ no, Festo ne Ɔhene Agripa dii Paulo asɛm no ho nkɔmmɔ. Festo ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaw no sɛ odeduani; 15na mekɔɔ Yerusalem no, Yudafo asɔfo mpanyimfo ne mpanyin kaa nsɛm bi tiaa no sɛ minnyina so mmu no kumfɔ.

16“Nanso meka kyerɛɛ wɔn se, Roma mmara mma ho kwan sɛ wobu obi fɔ wɔ bere a wonnii nʼasɛm ɛ, enti wɔmma no kwan na onyi ne ho ano wɔ asɛm a wɔka tia no no ho. 17Wɔbae no mansɛe bere koraa na ade kyee no, mehyɛɛ sɛ wɔmfa no mmra na minni nʼasɛm. 18Nanso wɔanka nsɛm a misusuwii no mu biara anto no so. 19Nsɛm a wɔkaa no fa wɔn nyamesom ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a owui nanso Paulo ka se ɔte ase no ho. 20Esiane sɛ na asɛm no kyere mʼadwene nti, mibisaa Paulo sɛ ɔpɛ sɛ mikodi nʼasɛm wɔ Yerusalem ana? 21Nanso Paulo guan toaa Ɔhempɔn Kaesare. Enti mesan ma wɔde no kɔtoo afiase kosi bere a metumi de no akɔ Ɔhempɔn Kaesare anim.”

22Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo se, “Mepɛ sɛ mʼankasa mitie nʼanom asɛm.”

Festo ka kyerɛɛ no se, “Ɔkyena mede no bɛba na woatie nʼanom asɛm.”

Paulo Gyina Ɔhene Agripa Anim

23Ade kyee no Ɔhene Agripa ne Berenike hyehyɛɛ wɔn ho de ahokeka ne asraafo mpanyimfo ne kurow no mu mpanyin kɔɔ asennii hɔ. Festo hyɛ ma wɔde Paulo baa asennii hɔ. 24Festo kae se, “Ɔhene Agripa ne mo a moahyia ha nyinaa, saa ɔbarima yi na Yudafo a wɔwɔ ha ne Yerusalemfo aka nsɛm atia no, de no abrɛ me sɛ mimmu no kumfɔ no, 25nanso mannya asɛm biara annyina so a mede bebu no kumfɔ. Esiane sɛ ɔno ankasa guan toaa Ɔhempɔn Kaesare no nti, mayɛ mʼadwene sɛ mede no bɛkɔ nʼanim. 26Esiane sɛ minni asɛm pɔtee bi a mɛkyerɛw akɔma Ɔhempɔn Kaesare nti, na mede no aba wo, Ɔhene Agripa anim se sɛ wuwie wo nhwehwɛmuyɛ a manya biribi agyina so de akyerɛw ne ho asɛm. 27Minnye nni sɛ ntease wɔ mu sɛ mede odeduani bɛkɔ nʼanim a menkyerɛw biribi pɔtee bi a etia no!”

O Livro

Atos 25:1-27

Paulo perante Festo

1Três dias depois de ter chegado a Cesareia, para começar a desempenhar o seu novo cargo, Festo partiu daí para Jerusalém, 2onde os principais sacerdotes e outros líderes judaicos logo o procuraram, para tornarem a acusar Paulo, 3rogando-lhe que o trouxesse imediatamente para Jerusalém. Queriam sair-lhe ao caminho e matá-lo. 4Festo, contudo, respondeu que uma vez que Paulo estava sob custódia em Cesareia, ele próprio voltaria muito cedo para essa cidade. 5“Os mais competentes de entre vocês”, disse, “venham comigo para apresentar as acusações que tiverem contra este homem, se alguma irregularidade ele cometeu.”

6Oito a dez dias depois, regressou a Cesareia e logo no dia imediato tomou o seu lugar na barra do tribunal e mandou trazer Paulo. 7Quando Paulo entrou no tribunal, os judeus de Jerusalém começaram a pressionar o governador, proferindo muitas e graves acusações contra Paulo, que não podiam provar. 8Este, em sua defesa, disse: “Estou inocente; não me opus à Lei judaica, não profanei o templo, nem me revoltei contra César.”

9Festo, desejoso de agradar aos judeus, perguntou-lhe: “Estás disposto a ir a Jerusalém para ali seres julgado por mim?”

10Mas Paulo respondeu: “Não! Estou num tribunal romano; é aqui que devo ser julgado. Não cometi nenhuma injustiça contra os judeus, como tu sabes muito bem. 11Se alguma coisa fiz que mereça a morte, não me recuso a morrer! Mas se estou inocente ninguém tem autoridade para me entregar a estes homens para que me matem. Apelo para César!”

12Festo conversou com os seus conselheiros e respondeu: “Está bem! Apelou para César, perante César comparecerá!”

Festo aconselha-se com o rei Agripa

13Alguns dias depois, chegava o rei Agripa com Berenice para visitar Festo. 14Durante a estadia de vários dias, Festo discutiu o caso de Paulo com o rei. “Temos aqui um homem”, disse, “que Félix deixou sob custódia. 15Quando estive em Jerusalém, os principais sacerdotes e os anciãos dos judeus deram-me a sua história dos acontecimentos e pediram-me que o condenasse à morte. 16Disse-lhes logo que a lei romana não condena um homem sem primeiro o julgar e lhe dar a oportunidade de enfrentar os seus acusadores e se defender da acusação que lhe fazem.

17Quando vieram cá para o julgamento, não protelei a audiência, mas marquei-a para o dia seguinte e mandei que trouxessem o acusado. 18Todavia, o que os acusadores tinham contra ele não era nada do que eu esperava. 19Tratava-se de qualquer coisa acerca da sua religião e de um tal Jesus que morreu, mas que Paulo teimava estar vivo! 20Fiquei hesitante perante um caso deste género e perguntei-lhe se estava disposto a ser julgado em Jerusalém, para responder por estas mesmas acusações. 21Mas Paulo apelou para que fosse mantido em custódia até à decisão do Imperador. Por isso, mantive-o nessa condição até poder enviá-lo ao Imperador.”

22“Gostava de escutar o homem”, disse Agripa.

“Amanhã ouvi-lo-ás”, respondeu Festo.

Paulo perante Agripa

23No dia seguinte, depois de o rei e Berenice terem chegado ao tribunal com grande pompa, acompanhados por oficiais do exército e pessoas importantes da cidade, Festo mandou que trouxessem Paulo. 24Festo dirigiu-se então ao auditório: “Rei Agripa e todos os presentes, está aqui o homem cuja morte é exigida pelos judeus, tanto daqui como de Jerusalém. 25Contudo, no meu entender, ele nada fez digno de morte. Mas, como apelou para César, não tenho outro remédio senão mandá-lo para Roma. 26Não tenho uma verdadeira acusação contra ele de que dê conta ao Imperador. Por isso, trouxe-o perante todos, especialmente perante ti, ó rei Agripa, de modo que, feito o inquérito, me digas o que devo escrever. 27De facto, parece-me insensato mandar um prisioneiro sem que haja uma acusação devidamente formada.”