Asomafo 23 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 23:1-35

1Paulo hwɛɛ agyinatufo no dinn kae se, “Anuanom, ahonim pa na mede ayɛ Onyankopɔn adwuma de abesi nnɛ da yi.” 2Anania a na ɔyɛ Ɔsɔfopanyin no hyɛɛ nnipa a na wogyina Paulo ho no se wɔmmɔ nʼano so. 3Paulo ka kyerɛɛ no se, “Wo a wote sɛ ɔfasu a wɔasra ho fitaa, Onyankopɔn bɛbɔ wo. Wote ha de mmara rebu me atɛn, nanso wubu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me!”

4Nnipa a na wogyina Paulo nkyɛn no bisaa no se, “Sɛɛ na ɛsɛ sɛ wokasa kyerɛ Onyankopɔn sɔfopanyin?”

5Paulo buaa wɔn se, “Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin. Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Monnkasa ntia wɔn a wodi mo so.’ ”

6Bere a Paulo huu sɛ nnipa no bi yɛ Sadukifo na bi yɛ Farisifo no, ɔteɛɛ mu wɔ agyinatufo no anim se, “Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofo yɛ Farisifo. Gyidi a mewɔ wɔ awufosɔre mu no nti na migyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi.” 7Asɛm a Paulo kae yi maa ntawntaw sii Farisifo ne Sadukifo no ntam maa wɔn mu kyɛɛ abien 8efisɛ na Sadukifo no nnye owusɔre, abɔfo ne honhom nni. Nanso Farisifo no de, wogye saa nneɛma abiɛsa no di.

9Nteɛteɛmu no kɔɔ so kosii sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu bi a wɔyɛ Farisifo no sɔre gyinaa hɔ kae se, “Yenhu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no!” 10Akasakasa no mu yɛɛ den maa ɔsafohene no suroo sɛ anhwɛ a wɔbɛtetew Paulo mu; ɛno nti ɔhyɛɛ nʼasraafo sɛ, wɔnkɔ nnipa no mu na wonkogye Paulo mfi wɔn nsam mfa no nkɔ aban mu.

11Anadwo no, Awurade begyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no se, “Nsuro! Sɛnea woadi me ho adanse wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kodi me ho adanse wɔ Roma.”

Wɔbɔ Paulo Ho Pɔw

12Ade kyee no, Yudafo bi hyia kaa ntam, dii nsew sɛ wɔrennidi na wɔrennom nso kosi sɛ wobekum Paulo. 13Na saa nnipa no dodow bɛboro aduanan. 14Afei wɔkɔɔ asɔfo mpanyin ne mpanyin no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛaka ntam adi nsew sɛ hwee renka yɛn ano kosi sɛ yebekum Paulo. 15Mo ne agyinatufo no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka se, mopɛ sɛ mubisa nea Paulo ayɛ no mu yiye enti ɔmma wɔmfa no mmra mo anim. Ansa na wɔde no bedu hɔ no na yɛakum no dedaw.”

16Nanso Paulo wɔfaase bi tee pɔw a wɔabɔ no nti ɔkɔɔ aban mu hɔ kɔbɔɔ Paulo amanneɛ.

17Paulo frɛɛ asraafo mpanyin no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Wo ne aberante yi nkɔ ɔsahene no nkyɛn efisɛ ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.” 18Ɔsraani panyin no ne aberante no kɔɔ ɔsahene no nkyɛn.

Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔsahene no se, “Paulo a ɔda afiase no asoma me sɛ memfa aberante yi mmehu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.”

19Ɔsahene no soo aberante no nsa de no kogyinaa nkyɛn baabi bisaa no se, “Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?”

20Aberante no ka kyerɛɛ no se, “Yudafo mpanyin no abɔ pɔw sɛ ɔkyena wɔbɛhyɛ da abɛsrɛ wo na woama wɔde Paulo abrɛ agyinatufo no sɛ wɔrebebisa no ne nsɛm no mu yiye. 21Mma wɔnnaadaa wo. Efisɛ mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam adi nsew sɛ wɔremfa hwee nka wɔn ano kosi sɛ wobenya Paulo akum no no bɛtetew no wɔ ɔkwan so. Nea wɔretwɛn ara ne sɛ wobɛma ho kwan.”

22Ɔsafohene no gyaa aberante no kwan ka kyerɛɛ no se, “Nka nkyerɛ obiara sɛ woabɛka asɛm biara akyerɛ me.”

Wɔde Paulo Kɔ Kaesarea

23Ɔsahene no frɛɛ nʼasraafo mpanyimfo baanu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mompɛ asraafo ahannu ne apɔnkɔsotefo ne mpeawkurafo ahannu na mumfi ha anadwo nnɔnkron yi ara nkɔ Kaesarea. 24Mompɛ ɔpɔnkɔ mma Paulo na momfa no nkɔma Amrado Felike dwoodwoo.”

25Afei, ɔsahene no kyerɛw nhoma a emu nsɛm ka se:

26Me Klaudio Lisia a

Merekyerɛw wo Onuonyamfo Amrado Felike saa nhoma yi:

Kyia wo!

27Yudafo kyeree saa ɔbarima yi a anka wɔrekum no, nanso metee sɛ ɔyɛ Romani no, me ne mʼasraafo kogyee no fii wɔn nsam. 28Mepɛɛ sɛ mihu bɔne ko a wayɛ, enti mede no kɔmaa wɔn agyinatufo no. 29Mihui sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wogyina so kum no anaasɛ wɔde no to afiase. Asɛm a wɔka too ne so no fa wɔn mmara ho. 30Ɛno nti bere a metee sɛ Yudafo bi abɔ ne ho pɔw sɛ wɔbɛtɛw no akum no no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mede no bɛbrɛ wo. Maka akyerɛ wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia no no sɛ, wɔmmra wʼanim mmɛka.

31Asraafo no yɛɛ biribiara a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Anadwo no ara wɔde Paulo kɔɔ Antipatri. 32Ade kyee no asraafo a wɔnam fam no san wɔn akyi, na wɔn a wɔte apɔnkɔ so no toaa so kɔɔ Kaesarea. 33Woduu no wɔde nhoma no maa Amrado no de Paulo hyɛɛ ne nsa. 34Amrado no kenkan nhoma no wiee no obisaa Paulo ɔman ko a ofi mu. Ɔtee sɛ ofi Kilikia no, 35ɔkae se, “Wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia wo no ba a na metie wʼasɛm.” Afei ɔhyɛe se wɔmfa Paulo nkɔ Herode ahemfi na asraafo nwɛn no.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

使徒行传 23:1-35

1保罗注视着公会的人,说:“弟兄们,我在上帝面前行事为人一向问心无愧。” 2大祭司亚拿尼亚一听,就命那些站在旁边的人打保罗的嘴。 3保罗亚拿尼亚说:“你这伪君子23:3 伪君子”希腊文是“粉饰的墙”。,上帝要击打你!你坐在那里不是应当依法审问我吗?你怎么违法叫人打我?”

4站在旁边的人说:“你竟敢辱骂上帝的大祭司?” 5保罗说:“弟兄们,我不知道他是大祭司。我知道圣经上说,‘不可咒诅百姓的官长。’”

6保罗发现他们一些是法利赛人,一些是撒都该人,就在公会中高声说:“弟兄们,我是法利赛人,也是法利赛人的子孙。我因为盼望死人复活,才在这里受审!” 7这句话立刻引起法利赛人和撒都该人之间的争论,公会分成了两派。 8因为撒都该人认为没有复活,也没有天使和灵,而法利赛人认为这些都有。

9众人大声喧嚷,有几个法利赛派的律法教师站起来争辩说:“我们找不出这人有什么错处,也许真的有灵或天使跟他说过话。” 10争论越来越激烈,千夫长怕保罗会被他们扯碎了,就派人把他从人群中救出来,带回军营。

11当天晚上,主站在保罗身旁对他说:“要勇敢!正如你在耶路撒冷为我做了见证,你也必须在罗马为我做见证。”

阴谋杀害保罗

12天亮后,犹太人设下阴谋,并起誓说:“不杀保罗,誓不吃喝!” 13有四十多人参与了这个阴谋。 14他们去见祭司长和长老,说:“我们已经发了誓,不杀保罗不吃饭。 15请你们和公会出面通知千夫长,请他把保罗押到你们这里来,就说要进一步审讯他。我们准备在他到达之前杀掉他!”

16保罗的外甥听到这一阴谋,就去军营通知保罗17保罗请来一位百夫长,说:“请赶快带这青年去见千夫长,他有要事禀告!” 18百夫长领那青年去见千夫长,说:“那囚犯保罗叫我带这青年来,说有要事禀告。”

19千夫长就拉着那青年的手走到一旁,私下问他:“你有什么事要告诉我?” 20他说:“那些犹太人约好了,要请求你明天带保罗到公会受审,假装要详细审问他的事。 21你不要答应他们,因为他们有四十多个人会埋伏在半路,并且还起誓说,‘不杀保罗就不吃不喝’。他们现在已经准备就绪,就等你答应了。”

22千夫长听后,就叫他回去,并叮嘱道:“你向我禀告的事,不要告诉别人。”

保罗被押往凯撒利亚

23于是,千夫长召来两名百夫长,吩咐道:“预备二百名步兵、七十名骑兵、二百名长枪手,今晚九时出发去凯撒利亚24要给保罗预备坐骑,护送他安全抵达腓利斯总督那里。”

25千夫长写了公文给腓利斯总督,内容如下: 26克劳狄·吕西亚敬问腓利斯总督大人安。 27这人被犹太人抓住,险些被他们杀害。我得知他是罗马公民,便带兵去救了他。 28为了弄清楚他们控告他的缘由,我押他到犹太人的公会受审, 29发现他被控告与他们的律法有关,他并没有犯该被监禁或处死的罪。 30我得知有人准备暗杀他,便立即护送他到你那里,并通知他的控告者去你那里告他。”

31军兵奉命行事,连夜护送保罗安提帕底32第二天,由骑兵继续护送,其余军兵返回军营。 33他们到了凯撒利亚,将公文呈交总督,把保罗交给他。 34总督看过公文,便问保罗是哪省的人,得知保罗基利迦人,就说: 35“等告你的人来了,我会审理你的案子。”于是下令把保罗关在希律的王府里。