Asomafo 21 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 21:1-40

Paulo Kɔ Yerusalem

1Yɛne Efeso asafo mpanyimfo no dii ntetewmu no, yesii mu nam asu ani tee kɔɔ Ko. Ade kyee no, yekoduu Rodo na yefii hɔ kɔɔ Patara. 2Yenyaa hyɛn bi a ɛrekɔ Foinike kɔtenaa mu kɔe. 3Yeduu baabi a yɛn ani tua Kipro no, yetwaa ho wɔ benkum fam kɔɔ Siria. Yesii fam wɔ Tiro, efisɛ na ɛhɔ na wɔrekoyi hyɛn no mu nneɛma. 4Yehuu asuafo bi wɔ hɔ tenaa wɔn nkyɛn dii nnaawɔtwe. Asuafo no nam Honhom Kronkron adiyi so bɔɔ Paulo kɔkɔ sɛ ɔnkɔ Yerusalem. 5Nanso bere duu sɛ ɛsɛ sɛ yefi hɔ no, yegyaw wɔn hɔ kɔe. Asuafo no nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma kogyaa yɛn kwan koduu mpoano. Yeduu hɔ no yɛn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae. 6Afei yɛkrakraa yɛn ho yɛn ho wiei no, yɛkɔtenaa hyɛn no mu maa wɔn nso san kɔɔ fie.

7Yefi Tiro no, yɛtoaa yɛn akwantu no so faa nsu ani koduu Ptolemai. Yeduu hɔ no yekokyiaa asuafo a wɔwɔ hɔ no dii wɔn nkyɛn da koro. 8Yefii hɔ nʼadekyee so kɔɔ Kaesarea kɔtenaa ɔsɛmpakafo Filipo a na ɔka mmarima baason a woyii wɔn wɔ Yerusalem no ho no fi. 9Na Filipo wɔ mmabea baanan a wɔnwaree ɛ, na wɔhyɛ nkɔm.

10Yɛtenaa hɔ kyɛɛ kakra no, odiyifo bi a wɔfrɛ no Agabo fii Yudea baa hɔ. 11Ɔbaa faako a yɛwɔ no, ɔfaa Paulo abɔso de kyekyeree ne nan ne ne nsa kae se, “Asɛm a Honhom Kronkron ka ni, ‘Sɛnea Yudafo a wɔwɔ Yerusalem no bɛkyekyere onipa a abɔso yi yɛ ne dea no, na wɔde no ahyɛ amanamanmufo no nsa ni!’ ”

12Yɛtee saa asɛm no, yɛne wɔn a na yɛne wɔn wɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. 13Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Osu a musu de rehyɛ me awerɛhow yi ase ne dɛn? Me de, masiesie me ho sɛ ɛnyɛ kyekyere a wɔbɛkyekyere me wɔ Yerusalem no na misuro, na sɛ etwa sɛ miwu ma Awurade Yesu a, mewu.” 14Yɛkae kae a wampene no yegyae kae se, “Nea Awurade pɛ na ɛnyɛ.”

15Nna bi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho fii hɔ kɔɔ Yerusalem. 16Kaesarea asuafo no bi ne yɛn kɔe. Yeduu hɔ no, yɛkɔsoɛɛ Mnason a ofi Kipro a ogyee Yesu Kristo dii akyɛ no fi.

Paulo Kɔsra Yakobo

17Yeduu Yerusalem no, asuafo a wɔwɔ hɔ no nyinaa gyee yɛn ɔfɛw so. 18Ade kyee no, Paulo ne yɛn kokyia Yakobo ne Yerusalem asafo no mu mpanyimfo. 19Nkyia no akyi no, Paulo kaa biribiara a Onyankopɔn nam ne som no so ayɛ wɔ amanamanmufo no mu no kyerɛɛ wɔn.

20Wotiee Paulo amanneɛbɔ no wiei no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Na wɔka kyerɛɛ no se, “Onua, wʼankasa wudi adanse sɛ Yudafo mpempem na na wɔabɛyɛ asuafo a wɔn nyinaa nso di yɛn mmara no so. 21Saa nnipa yi ate sɛ wutia Mose mmara no ne Yudafo amanne; ɛne sɛ, wokyerɛkyerɛ Yudafo a wɔte amanamanmufo no mu se wonntwa wɔn mma twetia na wonnni yɛn amanne nso so. 22Nea ɛbɛyɛ biara, wɔbɛte sɛ woaba ha. Enti yɛbɛyɛ no dɛn? 23Yɛ nea yɛrebɛka akyerɛ wo yi. Mmarima baanan bi wɔ yɛn nkyɛn ha a, wɔaka ntam. 24Wo ne wɔn nkɔ na munkodwira mo ho na tua ho ka ma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi atwitwa wɔn tinwi. Eyi bɛma obiara ahu sɛ nsɛm a wɔte faa wo ho no mu biara nyɛ nokware, efisɛ wʼankasa mpo wudi Mose mmara no so. 25Amanamanmufo a wɔabɛyɛ asuafo no de, wɔakyerɛw akɔma wɔn akyerɛ gyinae a yɛasi sɛ, wonnni aduan biara a wɔde abɔ afɔre ama abosom; wonnni mogya; wonnni aboa biara a wɔantwa ne mene ansa na owui; na afei nso wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho.”

26Ade kyee no, Paulo ne mmarima no kodwiraa wɔn ho. Ɔne wɔn kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛɛ da a wobewie wɔn ahodwira no ne da a wɔbɛbɔ afɔre ama wɔn mmaako mmaako.

Wɔkyere Paulo

27Nnanson no reyɛ atwam no, Yudafo bi a wofi Asia huu Paulo wɔ asɔredan no mu. Wɔhwanyan nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ma wɔkyeree Paulo. 28Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israel mmarima, monsɔre mmɛboa yɛn! Oyi ne ɔbarima a baabiara a ɔbɛkɔ no ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so tia Israelfo, Mose mmara ne asɔredan yi. Mpo ɔde amanamanmufo bi aba ha de agu Kronkronbea ha ho fi.” 29Nea enti a wɔkaa saa asɛm yi ne sɛ, na wɔahu Paulo ne Efesoni Trofimo wɔ kurom hɔ, enti na wosusuw sɛ Paulo de no akɔ asɔredan mu hɔ.

30Wɔtee saa no, kurow mu no nyinaa bɔɔ twi kɔkyeree Paulo, twee no fii asɔredan no mu hɔ. Wɔtotoo asɔredan no apon no nyinaa mu ntɛm so. 31Bere a dɔm no pɛɛ sɛ wokum Paulo no, obi kɔka kyerɛɛ Roma asraafo sahene no se basabasa asi Yerusalem. 32Amono mu hɔ ara ɔsahene no ne asraafo mpanyin bi ne asraafo bi de ahoɔhare kɔɔ nea dɔm no ahyia hɔ. Bere a nnipa no huu no ne asraafo no, wogyaee Paulo hwe.

33Ɔsahene no kosoo Paulo mu, kyerɛɛ sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn abien ngu no. Afei obisae se, “Hena ne saa ɔbarima yi? Bɔne bɛn na wayɛ?” 34Nnipa no ano antumi ankɔ bɛnkoro; ebinom ka sɛɛ a, na afoforo nso aka sɛɛ. Saa basabasa yi amma ɔsahene no antumi anhu asɛm pɔtee a asi. Ɛno nti, ɔhyɛɛ nʼasraafo no sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu. 35Wɔde Paulo duu atrapoe no ano no, dɔm no bɔ toaa no enti asraafo no maa no so kɔe. 36Dɔm no tu dii wɔn akyi teɛteɛɛ mu se, “Munkum no!”

Paulo Yi Ne Ho Ano

37Wɔde Paulo rekɔ aban mu no, obisaa ɔsahene no se, “Mesrɛ wo, metumi aka asɛm bi akyerɛ wo ana?”

Ɔsahene no nso bisaa no se, “Enti, wote Hela kasa? 38Ɛnyɛ wo ne Misraimni a da bi ofii basabasayɛ ase dii mmarima awudifo mpem anan anim kɔɔ sare so no?”

39Paulo buaa no se, “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso; Kilikia kurow a agye din no mu nipa ne me. Mesrɛ wo, ma me ho kwan na me ne nnipa no nkasa.”

40Ɔsahene no maa Paulo kwan ma ogyinaa atrapoe no so nyamaa nnipa no. Wɔyɛɛ komm no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Arameike kasa mu se:

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

使徒行傳 21:1-40

保羅前往耶路撒冷

1我們和眾人道別之後,乘船直接駛往哥士,第二天到達羅底,從那裡前往帕大喇2帕大喇遇到一艘開往腓尼基的船,就上了船。 3塞浦路斯遙遙在望,船從該島的南面繞過,一直駛向敘利亞。因為船要在泰爾卸貨,我們就在那裡上了岸, 4找到當地的門徒後,便和他們同住了七天。他們受聖靈的感動力勸保羅不要去耶路撒冷5時間到了,我們繼續前行,眾門徒和他們的妻子兒女送我們出城。大家跪在岸邊禱告之後,彼此道別。 6我們上了船,眾人也回家去了。

7我們從泰爾乘船抵達多利買,上岸探訪那裡的弟兄姊妹,和他們住了一天。 8第二天我們離開那裡,來到凱撒利亞,住在傳道人腓利家裡。他是當初選出的七位執事之一。 9腓利有四個未出嫁的女兒,都能說預言。 10過了幾天,一個名叫亞迦布的先知從猶太下來。 11他到了我們這裡,拿保羅的腰帶綁住自己的手腳,說:「聖靈說,『耶路撒冷猶太人也要這樣捆綁這腰帶的主人,把他交給外族人。』」

12聽到這話,我們和當地的信徒都苦勸保羅不要去耶路撒冷13保羅說:「你們為什麼這樣哭泣,令我心碎呢?我為主耶穌的名甘願受捆綁,甚至死在耶路撒冷。」

14我們知道再勸也無濟於事,只好對他說:「願主的旨意成就。」

15過了幾天,我們收拾行裝啟程上耶路撒冷16有幾個凱撒利亞的門徒和我們一起去,並帶我們到一個信主已久的塞浦路斯拿孫家裡住宿。

保羅會見雅各和眾長老

17我們抵達耶路撒冷後,受到弟兄姊妹的熱烈歡迎。 18第二天,保羅和我們去見雅各,眾長老都在那裡。 19保羅向大家問安之後,便一一述說上帝如何藉著他傳福音給外族人。 20大家聽了,都同聲讚美上帝,又對保羅說:「弟兄,你知道數以萬計的猶太人信了主,他們都嚴守律法。 21他們聽見有人說你教導住在外族人中的猶太人背棄摩西的律法,不替孩子行割禮,也不遵守猶太人的規矩。 22他們一定會聽到你來這裡的消息,這該怎麼辦? 23請你聽我們的建議,這裡有四位向上帝許過願的弟兄, 24你和他們一起去行潔淨禮,並由你替他們付費,讓他們可以剃頭,好叫眾人知道你嚴守律法,循規蹈矩,關於你的傳聞都是假的。 25至於那些外族信徒,我們已經寫信吩咐他們,不可吃祭過偶像的食物,不可吃血和勒死的牲畜,不可淫亂。」

保羅被捕

26於是,保羅和四位弟兄第二天行了潔淨禮,然後上聖殿報告他們潔淨期滿的日子,好在期滿後讓祭司為他們每個人獻祭物。 27當七日的潔淨期將滿的時候,有些從亞細亞來的猶太人發現保羅在聖殿裡,就煽動眾人去抓他。 28他們高喊:「以色列人快來幫忙!就是這人到處教唆人反對我們的民族、律法和聖殿。他還帶希臘人進聖殿,玷污這聖地。」 29這是因為他們在城裡見過一個名叫特羅非摩以弗所人和保羅在一起,以為保羅一定把他帶進聖殿了。

30消息一傳開,全城轟動。眾人衝進聖殿把保羅拉出來,隨即關上殿門。 31正當他們要殺保羅的時候,有人把耶路撒冷發生騷亂的消息報告給羅馬軍營的千夫長, 32千夫長馬上帶著軍兵和幾個百夫長趕來了。眾人一見千夫長和軍隊,便停止毆打保羅33千夫長上前拿住保羅,命人用兩條鐵鏈把他鎖起來,問他是什麼人、做了什麼事。 34人群中有人這樣喊,有人那樣喊,情形混亂不堪,千夫長無法辨明真相,便命人將保羅帶回軍營。 35保羅剛走上臺階,眾人便兇猛地擁擠過來,士兵們只好把他舉起來抬著走。 36眾人擠在後面喊著說:「殺掉他!」

保羅的申辯

37士兵們抬著保羅來到軍營門口,保羅問千夫長:「我可以和你講幾句話嗎?」千夫長說:「你也懂希臘話嗎? 38不久前煽動叛亂、帶著四千暴徒逃到曠野去的那個埃及人是你嗎?」 39保羅說:「我是猶太人,來自基利迦大數,並非無名小城的人。請准許我向百姓講幾句話。」 40千夫長答應了,保羅就站在臺階上向眾人揮手示意,他們都安靜下來,保羅希伯來話對他們說: