Asomafo 2 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 2:1-47

Pentekoste Da

1Pentekoste da2.1 Twam Afahyɛ homeda no akyi nnafua aduonum (3 Mose 23.15-16). no duu no, na asuafo no nyinaa ahyia2.1 Asuafo dodow a nea asi dedaw nti yɛka wɔn ho asɛm ne dubaako no (ne Matia) nanso dodow yi na wɔbɔ wɔn din nyinaa 1.13-15. wɔ faako.2.1 Ɛnyɛ abansoro dan a wɔte mu no (1.13) na mmom hyiadan no ho baabi. Efisɛ bere biara a wɔabue hyiadan no, na asuafo no wɔ hɔ. 2Amono mu hɔ ara, nne bi te sɛ ahum a ɛretu fi ɔsoro ba bɛhyɛɛ ofi a na wɔwɔ mu no ma. 3Ogya a ɛredɛw a ɛte sɛ tɛkrɛma besisii wɔn so mmaako mmaako. 4Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn ho kwan no.

5Saa bere no na Yudafo bi a wɔfɛre Nyame fi mmeaemmeae aba Yerusalem. 6Wɔtee nea ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi behyiae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw, efisɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa. 7Enti wobisae se, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafo ana? 8Na adɛn nti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwonwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ 9Partifo, Mediafo ne Elamfo, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia, 10Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu, 11ne Kretafo ne Arabfo mu biara kasa mu yi?” 12Wɔde ahodwiriw bisae se, “Eyi ase ne dɛn?”

13Afoforo nso dii wɔn ho fɛw se, “Saa nnipa yi abobow nsa.”

Petro Kasa Kyerɛ Dɔm No

14Petro ne asomafo dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa denneennen kyerɛɛ nnipa no se, “Me nuanom Yudafo ne mo a mote Yerusalem nyinaa, muntie asɛm a mereka yi. 15Saa nnipa yi mmow nsa sɛnea mususuw no, efisɛ ade nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsa bow. 16Asɛm a asi yi na odiyifo Yoel hyɛɛ ho nkɔm se:

17“ ‘Onyankopɔn kae se, nna a edi akyiri no,

mehwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so.

Mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm,

mo mmerante nso ahu anisoade.

Na mo mpanyin nso asoso adae.

18Saa mmere no mu no,

mehwie me Honhom agu mʼasomfo mpo so,

mmarima ne mmea, ama wɔahyɛ nkɔm.

19Mede mogya ne ogya ne wusiw kumɔnn

bɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne

wɔ ɔsoro ne asase so.

20Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no,

owia beduru sum

na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya.

21Na obiara a ɔbɛbɔ

Awurade din no benya nkwa.’

22“Israelfo, muntie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a obedii no daa adi wɔ tumi ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nam ne so yɛe a mo ankasa di ho adanse no mu. 23Onyankopɔn ankasa fi ne pɛ ne ne nhumu mu sii gyinae yii Yesu maa mo, na mode no maa nnebɔneyɛfo ma wɔbɔɔ no asennua mu kum no. 24Nanso Onyankopɔn nyan no fii owu mu ma oyii no fii owuyaw mu, efisɛ owu antumi anni ne so.” 25Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ,

“Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.

Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti,

merenhinhim da.

26Ɛno nti me kra ani gye, na me tɛkrɛma di ahurusi.

Me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu.

27Efisɛ worennyaw me awufo mu.

Na woremma wo Kronkronni no mporɔw.

28Woakyerɛ me nkwagye kwan;

na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim.

29“Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panyin Dawid ho. Owui na wosiee no, na ne nna da so wɔ hɔ besi nnɛ. 30Na ɔyɛ odiyifo a onim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ se ɔbɛyɛ Dawid asefo no mu baako ɔhene, sɛnea Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ. 31Dawid huu nea Onyankopɔn rebɛyɛ no ɔkasa faa owusɔre a ɛfa Agyenkwa no ho se, ‘Wɔannyaw no awufo mu. Ne honam nso amporɔw.’ 32Onyankopɔn anyan saa Yesu yi afi owu mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho nnansefo. 33Wɔahyɛ no anuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so, na ɛho nsɛnkyerɛnne na muhu na mote yi. 34Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom ɔkae se,

“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se,

“Tena me nsa nifa so ha,

35kosi sɛ mede wʼatamfo

bɛyɛ wʼanan ntiaso.” ’

36“Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asennua mu.”

37Bere a nnipa no tee saa asɛm yi, ɛhaw wɔn yiye. Enti wobisaa Petro ne asomafo a wɔaka no se, “Anuanom, dɛn na yɛnyɛ?”

38Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsakra mo adwene na momma wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no. 39Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”

40Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn se, “Munnye mo ho mfi asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfo yi so no mu.” 41Wɔn mu dodow no ara gyee asɛm no di ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa da no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifo no ho.

Asafo No Asetena

42Daa na wɔde wɔn adagyew nyinaa sua asomafo no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpae. 43Asomafo no yɛɛ anwonwade ahorow bebree ma obiara a ohuu no ho dwiriw no. 44Gyidifo no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa koro, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahode mu memaa wɔn ho wɔn ho. 45Wɔtɔn wɔn ahode kyekyɛɛ sika a wonya fii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛnea ɛho hia obiara. 46Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigye ne koma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afi mu. Wɔkamfoo Onyankopɔn, nyaa anuonyam wɔ nnipa anim. 47Da biara na Awurade de wɔn a ogye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.

Japanese Contemporary Bible

使徒の働き 2:1-47

2

約束の聖霊が下る

1さて、イエスの死と復活から、七週間が過ぎました。五旬節(ユダヤ教の祭りの一つ)の日のことです。信者たちが一堂に集まっていると、 2突然、天からものすごい音がしました。まるで、激しい風が吹きつけるような音です。それが、家全体にごうごうと響き渡ったのです。 3そして、めらめら燃える炎の舌のようなものが現れ、みなの頭上にとどまりました。 4するとどうでしょう。その場にいた人たちは、みな聖霊に満たされ、知りもしない外国語で話し始めたではありませんか。聖霊が、それだけの力を与えてくださったのです。

5その日エルサレムには、たくさんの敬虔なユダヤ人が、祭りのために、世界のあちこちから集まっていました。 6この大音響に、人々はいったい何事かと駆けつけましたが、弟子たちの話していることばを聞いて、すっかり面食らってしまいました。まぎれもなく自分たちの国のことばだったからです。

7人々には、さっぱり訳がわかりません。ただ口々に、こう言い合うばかりでした。「こんなことってあるだろうか。みんなガリラヤ出身の人だというのに、 8私たちの国のことばですらすら話している。 9ここには、パルテヤ人、メジヤ人、エラム人、またメソポタミヤ、ユダヤ、カパドキヤ、ポント、アジヤ、 10フルギヤ、パンフリヤ、エジプト、それにリビヤのクレネ語が使われている地方などから来た人たちがいるし、ほかにも、ローマからの旅行者で、もともとのユダヤ人もいれば、ユダヤ教への改宗者もいる。 11それに、クレテ人やアラビヤ人もいる。それがどうだ。それぞれの出身地のことばで、神のすばらしい奇跡の話を聞くとは……。」

12人々はただ呆然として、「いったい、どうなっているのだ」と顔を見合わせました。

13しかし中には、「何、彼らは酔っぱらっているだけさ」と、あざける者たちもいました。

14するとペテロが、十一人の使徒と共につかつかと進み出て、声を張り上げ、人々に語りかけました。「よそから来られた方も、エルサレムに住んでおられる皆さんも、どうぞお聞きください。 15皆さんの中には、私たちが酒に酔っているのだとおっしゃる方もいますが、そんなことはありません。酒に酔うには時間が早すぎます。朝の九時から酒を飲む人はいないでしょう。 16いま見ていることは、何世紀も前に、まさに預言者ヨエルが預言したことなのです。

17『神は言われる。

終わりの日に、

わたしはすべての人にわたしの霊を注ぐ。

その時、あなたがたの息子、娘は預言し、

青年は幻を見、

老人は夢を見る。

18聖霊は、男女を問わず、わたしに仕える者たちに

注がれる。

すると、彼らは預言をする。

19また、わたしは天と地に不思議なしるしを現す。

血と火と煙の雲だ。

20主の恐るべき日が来る前に、

太陽は暗くなり、月は血のように赤くなる。

21しかし、主にあわれみを求める者はみな、

あわれみを受けて救われる。』ヨエル2・28-32

22ああ、皆さん。これから申し上げることを聞いてください。よくご存じのように、ナザレのイエスは、あなたがたの前で、力ある奇跡を行われました。神様はそれによって、だれにもはっきりわかるように、イエス様の身元を保証なさったのです。 23神様はあらかじめ計画したとおり、この方を、あなたがたの手でローマ政府に引き渡し、十字架で処刑することをお許しになりました。 24そうした上で、この方を死の苦しみから解放し、復活させたのです。この方が、ずっと死んだままでいることなど、ありえないことだからです。

25ダビデ王は、イエス様のことをこう言っています。

『主はいつも私と共におられる。

主が私を助け、

神の大きな力が私を支える。

26だから、心は喜びにあふれ、

私の舌は主をほめたたえる。

たとい死んでも、私には望みがある。

27あなたは、私のたましいを地獄に放置せず、

あなたの聖なる息子の体を、

朽ち果てさせることもない。

28私を生き返らせ、

あなたの前で、すばらしい喜びにあふれさせる。』詩篇16・8-11

29愛する皆さん。考えてください。ダビデはここで、自分のことを語っているわけではありません。そうでしょう。ダビデは死んで葬られ、その墓は今でも、ちゃんと残っているではありませんか。 30しかし、彼は預言者でしたから、自分の子孫の一人がメシヤ(ヘブル語で、救い主)となり、ダビデの王座につくと神が誓われたことを知っていたのです。 31それで、遠い将来を望み見ながら、メシヤの復活を預言しました。メシヤのたましいは地獄に放置されず、その体が朽ち果てることもない、と語ったのです。 32そのとおり、神様はイエスを復活させました。私たちはみな、そのことの証人です。

33いまイエス様は、天で最も栄誉ある神の右の座についておられます。そして、約束どおり、父なる神は聖霊を送ってくださいました。その結果、たった今、あなたがたが見聞きしたことが起こったのです。

34-35ダビデは、決して自分のことを言ったのではありません。ダビデは天にのぼったことはないからです。それに、当のダビデがこうも言っています。

『神は私の主に言われた。

「わたしがあなたの敵を

完全に征服するまで、

わたしの右に座っていなさい。」』詩篇110・1

36ですから、イスラエルのすべての人に、はっきり言っておきます。神様が主とし、キリスト(ギリシャ語で、救い主)とされたイエスを、あなたがたは十字架につけたのです。」

37ペテロのことばは、人々の心を強く打ちました。「それでは、私たちはどうすればいいのでしょう。」あちらからもこちらからも、使徒たちへの質問の声があがりました。

38ペテロは答えました。「一人一人、罪の生活から悔い改めて神に立ち返りなさい。そして、罪を赦していただくために、イエス・キリストの名によってバプテスマ(洗礼)を受けなさい。そうすれば、聖霊という賜物をいただけます。 39それはキリストが約束してくださったことです。あなたがたは言うまでもなく、あなたがたの子孫、また遠くにいても、私たちの神である主がお招きになったすべての人に与えられるのです。」

40このあとも、ペテロの説教はえんえんと続きました。イエスのことや、悪に満ちたこの時代から救われなければならないことを、ことばを尽くして訴えたのです。 41この日、ペテロの言うことを信じた人はバプテスマを受けましたが、その数は全部で三千人ほどでした。 42彼らは、使徒たちの教えをよく守り、聖餐式(パンと杯によりキリストの体と血の祝福にあずかる、キリスト教の礼典の一つ)や祈り会に加わっていました。

43だれもが心から神を恐れ敬うようになり、また、使徒たちは次々と奇跡を行いました。 44信者たちはみないっしょにいて、それぞれの持ち物を分け合い、 45必要がある人には、財産を売り払って与えました。 46毎日、神殿で礼拝をし、聖餐の時は、少人数に分かれてめいめいの家に集まり、心から喜びと感謝にあふれて食事を共にし、 47心から神を賛美しました。彼らは町中の人に好感をもたれ、神も、救われる人を毎日、仲間に加えてくださいました。