Asomafo 19 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 19:1-41

Honhom Kronkron Ba Adiyifo Bi So

1Bere a Apolo wɔ Korinto no, Paulo tuu kwan faa ɔmantam no atifi koduu Efeso. Ɛhɔ na ohuu agyidifo bi 2bisaa wɔn se, “Bere a mugye dii no, munyaa Honhom Kronkron no ana?”

Wobuaa no se, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.”

3Paulo bisaa wɔn bio se, “Ɛno de na asubɔ bɛn na wɔbɔɔ mo?”

Wobuae se, “Asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no.”

4Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, “Yohane asubɔ no yɛ asu a wɔbɔ wɔn a wɔsakra wɔn adwene. Ɔka kyerɛɛ Israelfo no se, wonnye onipa a odi nʼakyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni.” 5Wɔtee saa asɛm no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu. 6Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so ma wɔkaa kasa foforo, hyɛɛ nkɔm. 7Na wɔn dodow bɛyɛ mmarima dumien.

8Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ hyiadan mu asram abiɛsa pɛɛ sɛ ɔsakra nnipa no adwene. 9Nanso nnipa no mu bi pirim wɔn koma, annye anni, kasa tiaa asɛm no wɔ atiefo no anim. Enti Paulo fii hɔ de agyidifo no kaa ne ho kɔe. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano asuadan mu daa. 10Saa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfe abien; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu a Yudafo ne Helafo ka ho no tee Awurade asɛm no.

Skewa Mma Baason No

11Onyankopɔn nam Paulo so yɛɛ anwonwade akɛseakɛse, 12maa mpo ne nnukuu ne nʼatade nsɛnanim a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahonhommɔne nso.

13Yudafo bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no se, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no sɛ, muntu mfi ne mu!” 14Yudafo sɔfopanyin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ eyi. 15Honhommɔne no buae se, “Minim Yesu, na minim Paulo; na mo nso mo ne hefo?” 16Afei ɔbarima a honhommɔne ahyɛ no ma yi tow hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn ma wɔde adagyaw guan fii fie hɔ.

17Yudafo ne amanamanmufo a wɔte Efeso no tee asɛm no, wɔbɔɔ hu na woyii Awurade Yesu ayɛ. 18Agyidifo no mu bebree baa bagua mu bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kokoamsɛm. 19Wɔn mu nkonyaayifo pii de wɔn nkonyaayi nhoma ba maa wɔhyew wɔ nnipa no nyinaa anim. Wobuu nhoma a wɔhyew no bo no na ɛyɛ nnwetɛbona mpem aduonum. 20Saa anwonwade ahorow yi maa Onyankopɔn asɛm no trɛw tumi so.

Basabasa A Esii Efeso

21Eyinom nyinaa akyi no, Paulo yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkae se, “Midu Yerusalem a, akyiri no mɛkɔ Roma nso.” 22Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafo no dii nʼanim kan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛɛ kakra.

23Saa bere yi ara mu na basabasa a emu yɛ den a ɛfa Awurade asɛm no ho no sii wɔ Efeso. 24Dwetɛdwumfo bi a wɔfrɛ no Demetrio yɛɛ Artemi abosonnan sɛso. Nʼadwuma no maa nʼadwumayɛfo nyaa wɔn ho sɛɛ tam. 25Ɔfrɛfrɛɛ nʼadwumayɛfo no ne wɔn a wodi saa dwuma ahorow no ara bi no ka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, munim sɛ yɛn ahonya nyinaa gyina saa dwumadi yi so. 26Mo ara moahu na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka se anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adan nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa. 27Sɛ yɛanhwɛ no yiye a, yɛn adwuma yi begye dimmɔne. Saa ara na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne wiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase.”

28Nnipadɔm no tee saa asɛm a Demetrio kae no, wɔn bo fuw fii ase yɛɛ basabasa, teɛteɛɛ mu se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!” 29Basabasayɛ no trɛw wɔ kurow no mu nyinaa. Dɔm no kyeree Makedoniafo baanu a wɔn din de Gaio ne Aristarko a na wɔne Paulo retu kwan no de wɔn kɔɔ aguabɔbea. 30Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔ aguabɔbea hɔ kohyia dɔm no, nanso asuafo no amma no kwan. 31Ɔmantam no mu mpanyimfo bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔnkɔ aguabɔbea hɔ.

32Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teɛteɛɛ mu kaa nsɛm bi na ebinom nso teɛɛ mu kaa nsɛm foforo bi, efisɛ na wɔn mu dodow no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abehyia mu. 33Yudafo no piapiaa Aleksandro kogyinaa dɔm no anim sɛ ɔnkasa. Eyi maa nnipa no bi susuw sɛ Aleksandro nti na wɔahyia hɔ. Afei Aleksandro nyamaa dɔm no pɛɛ sɛ ɔkasa yi ɔno ne ne nkurɔfo ano. 34Dɔm no huu sɛ Aleksandro yɛ Yudani no, wɔteɛteɛ mu nnɔnhwerew abien se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”

35Kurow no sohwɛfo no bɔɔ mmɔden maa dɔm no tɛm dinn. Afei ɔkasa kyerɛɛ wɔn se, “Efeso mmarima, obiara nim sɛ Efeso kurow yi na ɛhwɛ Artemi hyiadan ne ohoni a efi ɔsoro beduruu no so. 36Obiara rentumi nnye eyi ho akyinnye enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara. 37Mode saa nnipa yi aba ha wɔ bere a wonwiaa biribiara mfii yɛn hyiadan mu, nkaa asɛmmɔne biara ntia yɛn nyame no. 38Sɛ Demetrio ne adwumfo a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asennii ne mpanyin wɔ hɔ, wɔmfa mmɛto gua. 39Nanso sɛ mowɔ biribi foforo bi ka a, ɛsɛ sɛ ɔmanfo hyia na wɔfa mmara kwan so ka ho asɛm. 40Sɛ yɛanhwɛ yiye a, wɔbɛka se saa nnɛ basabasayɛ yi fi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wobisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyi biara.” 41Ɔkasa wiei no, otuu gua no.

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 19:1-41

Honhom Kronkron Si Agyidifoɔ Bi So

1Ɛberɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo tuu ɛkwan faa ɔmantam no atifi kɔduruu Efeso. Ɛhɔ na ɔhunuu agyidifoɔ bi 2bisaa wɔn sɛ, “Ɛberɛ a mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron no anaa?”

Wɔbuaa no sɛ, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.”

3Paulo bisaa wɔn bio sɛ, “Ɛnneɛ na asubɔ bɛn na wɔbɔɔ mo?”

Wɔbuaa sɛ, “Asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no.”

4Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yohane asubɔ no yɛ ahonu asubɔ. Ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, wɔnnye onipa a ɔdi nʼakyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni.” 5Wɔtee saa asɛm yi no, wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu. 6Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so maa wɔkaa kasa foforɔ, hyɛɛ nkɔm. 7Na wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima dumienu.

8Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm wɔ hyiadan mu abosome mmiɛnsa pɛɛ sɛ ɔsakyera nnipa no adwene. 9Nanso, nnipa no mu bi pirimm wɔn akoma, annye nni, kasa tiaa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho wɔ atiefoɔ no anim. Enti, Paulo firii hɔ de agyidifoɔ no kaa ne ho kɔeɛ. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano suadan mu daa. 10Saa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu a Yudafoɔ ne Helafoɔ ka ho no tee Awurade asɛm no.

Skewa Mma Baason No

11Onyankopɔn nam Paulo so yɛɛ anwanwadeɛ akɛseakɛseɛ, 12maa mpo ne nnuku ne nʼatadeɛ nsɛnanimu a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahonhommɔne nso.

13Yudafoɔ bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no sɛ, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no sɛ, montu mfiri ne mu!” 14Yudafoɔ sɔfopanin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ yei. 15Honhommɔne no buaa sɛ, “Menim Yesu, na menim Paulo; na mo nso mone ɛhefoɔ?” 16Afei, ɔbarima a honhommɔne ahyɛ no ma yi to hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn maa wɔde adagya dwane firii efie hɔ.

17Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔte Efeso no tee asɛm yi no, wɔbɔɔ hu na wɔyii Awurade Yesu ayɛ. 18Agyidifoɔ no mu bebree baa badwa mu bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kɔkoamsɛm. 19Wɔn mu nkonyaayifoɔ pii de wɔn nkonyaayie nwoma baeɛ maa wɔhyee wɔ nnipa no nyinaa anim. Wɔbuu nwoma a wɔhyeeɛ no boɔ no na ɛyɛ nnwetɛbena ɔpeduonum. 20Saa anwanwadeɛ ahodoɔ yi maa Onyankopɔn asɛm no trɛɛ tumi so.

Basabasa A Ɛsii Efeso

21Yeinom nyinaa akyi no Paulo yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkaa sɛ, “Meduru Yerusalem a, akyire no mɛkɔ Roma nso.” 22Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafoɔ no dii nʼanim ɛkan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛɛ kakra.

23Saa ɛberɛ yi ara mu na basabasa a emu yɛ den a ɛfa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho sii wɔ Efeso. 24Dwetɛdwumfoɔ bi a wɔfrɛ no Demetrio yɛɛ Artemi abosonnan sɛso. Nʼadwuma no maa nʼadwumayɛfoɔ nyaa wɔn ho sei tam. 25Ɔfrɛfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ no ne wɔn a wɔdi saa dwuma ahodoɔ no ara bi no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, monim sɛ yɛn ahonya nyinaa gyina saa dwumadie yi so. 26Mo ara moahunu, na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka sɛ, anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adane nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa. 27Sɛ yɛanhwɛ no yie a, yɛn adwuma yi bɛgye din bɔne. Saa ara nso na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne ewiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase.”

28Nnipadɔm no tee saa asɛm a Demetrio kaeɛ no, wɔn bo fuiɛ, hyɛɛ aseɛ yɛɛ basabasa, teateaam sɛ, “Efeso Artemi yɛ kɛse!” 29Basabasayɛ no trɛɛ wɔ kuro no mu nyinaa. Ɛdɔm no kyeree Makedoniafoɔ baanu a wɔn din de Gaio ne Aristarko a na wɔne Paulo retu ɛkwan no de wɔn kɔɔ adwabɔeɛ. 30Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔ adwabɔeɛ hɔ kɔhyia dɔm no, nanso asuafoɔ no amma no kwan. 31Ɔmantam no mu mpanin no mu bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ adwabɔeɛ hɔ.

32Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teateaam kaa nsɛm bi, na ebinom nso teaam kaa nsɛm foforɔ bi, ɛfiri sɛ, na wɔn mu dodoɔ no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abɛhyia mu. 33Yudafoɔ no piapiaa Aleksandro kɔgyinaa dɔm no anim sɛ ɔnkasa. Yei maa nnipa no bi susuu sɛ Aleksandro enti na wɔahyia hɔ. Afei, Aleksandro nyamaa dɔm no pɛɛ sɛ ɔkasa yi ɔno ne ne nkurɔfoɔ ano. 34Ɛdɔm no hunuu sɛ Aleksandro yɛ Yudani no pɛ, wɔteateaam nnɔnhwere mmienu sɛ, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”

35Kuro no sohwɛfoɔ no bɔɔ mmɔden maa dɔm no tɛm dinn. Afei, ɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Efeso mmarima, obiara nim sɛ Efeso kuro yi na ɛhwɛ Artemi asɔrefie ne ohoni a ɛfiri soro bɛduruiɛ no so. 36Obiara rentumi nnye yei ho akyinnyeɛ enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara. 37Mode saa nnipa yi aba ha wɔ ɛberɛ a wɔnwiaa biribiara mfirii yɛn asɔrefie, nkaa asɛmmɔne biara ntiaa yɛn nyame no. 38Sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnniiɛ ne mpanin wɔ hɔ, wɔmfa mmɛto dwa. 39Nanso, sɛ mowɔ biribi foforɔ bi ka a, ɛsɛ sɛ ɔmanfoɔ hyia, fa mmara kwan so ka ho asɛm. 40Sɛ yɛanhwɛ yie a, wɔbɛka sɛ saa ɛnnɛ basabasayɛ yi firi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wɔbisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyie biara.” 41Ɔkasa wieeɛ no, ɔtuu dwa no.