Asomafo 18 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 18:1-28

Paulo Kɔ Korinto

1Eyinom akyi no, Paulo fii Atene kɔɔ Korinto. 2Ɛhɔ na ohyiaa Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila a wɔwoo no wɔ Ponto a ɔne ne yere Priskila fi Italia aba hɔ a na ɛnkyɛe. Wofii Italia efisɛ na Roma hempɔn Klaudio ahyɛ mmara se Yudafo nyinaa mfi Roma asase so. 3Paulo kɔtenaa wɔn nkyɛn ne wɔn yɛɛ adwuma, efisɛ na wɔn nyinaa nwen ntamadan. 4Na Paulo kɔ hyiadan mu homeda biara kɔka asɛm no de pɛɛ sɛ anka ɔdan Yudafo ne Helafo no adwene ma wogye di.

5Bere a Silas ne Timoteo fii Makedonia bae no, Paulo de nʼadagyew nyinaa kaa Awurade asɛm no, dii adanse kyerɛɛ Yudafo no se Yesu ne Agyenkwa no. 6Bere a Yudafo no ampɛ sɛ wotie Paulo asɛnka, na wɔyeyaw no no, ɔde abufuw poroporow nʼatade mu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mmusu ngu mo atifi. Mo afɔbu nna me so. Efi nnɛ de rekɔ, merekɔka asɛm no makyerɛ amanamanmufo.”

7Ofii hɔ kɔtenaa Amanamanmuni Nyamesomni bi a wɔfrɛ no Tito Yusto a ne fi bata hyiadan ho no nkyɛn. 8Krispo a na ɔyɛ hyiadan mu panyin no ne ne fifo nyinaa gyee Awurade dii ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ara na Korintofo bebree a wɔtee Awurade asɛm no nso gye dii ma wɔbɔɔ wɔn asu.

9Da bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehu mu se, “Nsuro! Mpa abaw! Kɔ so ara ka mʼasɛm no, 10efisɛ meka wo ho. Obiara rentumi nyɛ wo hwee, efisɛ nnipa pii wɔ kurow yi mu a wɔyɛ mʼakyidifo.” 11Paulo tenaa hɔ afe ne fa kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn mu.

12Bere a Galio yɛ amrado wɔ Akaia no, Yudafo no sɔre tiaa Paulo kyeree no de no kɔɔ asennii, 13kae se, “Saa onipa yi retu nkurɔfo aso sɛ wɔnkwati Yudafo mmara no mfa ɔkwan foforo so nsom Onyankopɔn.”

14Paulo yɛɛ sɛ ɔrebue nʼano akasa pɛ na Galio ka kyerɛɛ Yudafo no se, “Yudafo, sɛ mode asɛm foforo bi a ɛfa nsɛmmɔnedi anaa abususɛm ho na ɛbae a, anka mɛhwɛ na maka. 15Nanso esiane sɛ ɛyɛ akyinnyegye a ɛfa nsɛm, din ne mo mmara ho nti, mo ara monkɔhwɛ nka. Merenyɛ saa asɛm yi mu otemmufo.” 16Na ɔpam wɔn fii asennii hɔ. 17Afei dɔm no tow hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadan mu panyin no so, twee no kɔɔ asennii hɔ kɔbroo no, nanso Galio anka ho hwee.

Paulo San Kɔ Antiokia

18Paulo tenaa Korinto kyɛɛ kakra ansa na ɔrekra anuanom no ma ɔne Priskila ne Akwila refi hɔ akɔ Siria. Esiane bɔ a na wahyɛ no nti, ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔma woyii ne ti wɔ Kenkrea. 19Woduu Efeso no, Paulo gyaw Priskila ne Akwila hɔ kɔɔ hyiadan mu ne Yudafo no kɔkasae. 20Wɔsrɛɛ no sɛ, sɛ obetumi a anka ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra nanso wampene so. 21Mmom, ɔrebefi hɔ no ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a mɛsan aba bio.” Na ofii hɔ kɔɔ Efeso. 22Oduu Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kokyiaa asafo no fii hɔ kɔɔ Antiokia.

23Odii nna kakra wɔ hɔ no, ofii hɔ kɔɔ Galati ne Frigia kɔhyɛɛ agyidifo a wɔwɔ hɔ no den.

Apolo Kasa Wɔ Efeso Ne Korinto

24Saa bere no ara mu na Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo a wɔwoo no wɔ Aleksandria18.24 Ɛwɔ Misraim. Ɛhɔ na wɔkyerɛɛ Apam Dedaw ase kɔɔ Hela kasa mu. Ɛno ne kuropɔn a ɛto so abien wɔ Roma Ahemman mu a na Yudafo dɔɔso wɔ hɔ. no kɔɔ Efeso. Ɔyɛ obi a na nʼano atew na onim Kyerɛwsɛm no yiye. 25Esiane sɛ na wɔnam Awurade kwan so akyerɛkyerɛ no nti, na ɔde nnam kasa kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na onim. 26Ofii ase de nnam kasaa wɔ hyiadan no mu. Bere a Priskila ne Akwila tee asɛm a ɔreka no, wɔde no kɔɔ fie kɔkyerɛkyerɛ no Onyankopɔn asɛm no mu yiye.

27Bere a Apolo pɛɛ sɛ ɔkɔ Akaia no, agyidifo a wɔwɔ Efeso no hyɛɛ no nkuran, kyerɛw krataa kɔmaa agyidifo a wɔwɔ hɔ no se wonnye no. Bere a okodui no, ɔboaa wɔn a Onyankopɔn adom nti wɔabɛyɛ agyidifo no yiye. 28Ɔde ne nimdeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn asɛm mu de tuu Yudafo no guu wɔ bagua mu, nam Kyerɛwsɛm no so daa no adi pefee sɛ Yesu ne Agyenkwa no.

New International Version

Acts 18:1-28

In Corinth

1After this, Paul left Athens and went to Corinth. 2There he met a Jew named Aquila, a native of Pontus, who had recently come from Italy with his wife Priscilla, because Claudius had ordered all Jews to leave Rome. Paul went to see them, 3and because he was a tentmaker as they were, he stayed and worked with them. 4Every Sabbath he reasoned in the synagogue, trying to persuade Jews and Greeks.

5When Silas and Timothy came from Macedonia, Paul devoted himself exclusively to preaching, testifying to the Jews that Jesus was the Messiah. 6But when they opposed Paul and became abusive, he shook out his clothes in protest and said to them, “Your blood be on your own heads! I am innocent of it. From now on I will go to the Gentiles.”

7Then Paul left the synagogue and went next door to the house of Titius Justus, a worshiper of God. 8Crispus, the synagogue leader, and his entire household believed in the Lord; and many of the Corinthians who heard Paul believed and were baptized.

9One night the Lord spoke to Paul in a vision: “Do not be afraid; keep on speaking, do not be silent. 10For I am with you, and no one is going to attack and harm you, because I have many people in this city.” 11So Paul stayed in Corinth for a year and a half, teaching them the word of God.

12While Gallio was proconsul of Achaia, the Jews of Corinth made a united attack on Paul and brought him to the place of judgment. 13“This man,” they charged, “is persuading the people to worship God in ways contrary to the law.”

14Just as Paul was about to speak, Gallio said to them, “If you Jews were making a complaint about some misdemeanor or serious crime, it would be reasonable for me to listen to you. 15But since it involves questions about words and names and your own law—settle the matter yourselves. I will not be a judge of such things.” 16So he drove them off. 17Then the crowd there turned on Sosthenes the synagogue leader and beat him in front of the proconsul; and Gallio showed no concern whatever.

Priscilla, Aquila and Apollos

18Paul stayed on in Corinth for some time. Then he left the brothers and sisters and sailed for Syria, accompanied by Priscilla and Aquila. Before he sailed, he had his hair cut off at Cenchreae because of a vow he had taken. 19They arrived at Ephesus, where Paul left Priscilla and Aquila. He himself went into the synagogue and reasoned with the Jews. 20When they asked him to spend more time with them, he declined. 21But as he left, he promised, “I will come back if it is God’s will.” Then he set sail from Ephesus. 22When he landed at Caesarea, he went up to Jerusalem and greeted the church and then went down to Antioch.

23After spending some time in Antioch, Paul set out from there and traveled from place to place throughout the region of Galatia and Phrygia, strengthening all the disciples.

24Meanwhile a Jew named Apollos, a native of Alexandria, came to Ephesus. He was a learned man, with a thorough knowledge of the Scriptures. 25He had been instructed in the way of the Lord, and he spoke with great fervor18:25 Or with fervor in the Spirit and taught about Jesus accurately, though he knew only the baptism of John. 26He began to speak boldly in the synagogue. When Priscilla and Aquila heard him, they invited him to their home and explained to him the way of God more adequately.

27When Apollos wanted to go to Achaia, the brothers and sisters encouraged him and wrote to the disciples there to welcome him. When he arrived, he was a great help to those who by grace had believed. 28For he vigorously refuted his Jewish opponents in public debate, proving from the Scriptures that Jesus was the Messiah.