Asomafo 16 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 16:1-40

Timoteo Kɔka Paulo Ne Silas Ho

1Paulo toaa nʼakwantu no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na ogyidini bi a ne din de Timoteo a ne na yɛ Yudani gyidini na nʼagya nso yɛ Helani no te. 2Anuanom a na wɔwɔ Listra ne Ikoniom no nyinaa dii Timoteo ho adanse pa. 3Esiane sɛ na Paulo pɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho kɔ nti otwaa no twetia, efisɛ Yudafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa nim sɛ Timoteo agya yɛ Helani. 4Kurow biara a woduu so no, wɔkaa mmara a asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wonni so no kyerɛɛ wɔn. 5Asafo no nyinii gyidi mu na daa, nnipa bebree bɛkaa wɔn ho.

Twa Bra Makedonia

6Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn kwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no nti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia. 7Woduu Misia hye so no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu Honhom no amma wɔn kwan. 8Enti wɔfaa Misia kosii Troa. 9Da no anadwo Paulo huu anisoade sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no se, “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!” 10Anisoadehu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ Makedonia, efisɛ yɛtee ase sɛ Onyankopɔn na wafrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no wɔ hɔ.

Lidia Adwensakra

11Yɛde hyɛn fii Troa kɔɔ Samotrake na ade kyee no, yeduu Neapoli. 12Yefi hɔ no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kurow titiriw a ɛwɔ Makedonia mansin a na Romafo di so no mu. Yedii nna kakra wɔ saa kurow yi mu.

13Homeda duu no, yefii kurow no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate sɛ Yudafo taa hyia wɔ hɔ bɔ mpae. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmea bi a wɔbaa hɔ no Kyerɛwsɛm no. 14Mmea a wobetiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntama kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesomni nti Awurade buee ne koma mu ma otiee asɛm a na Paulo reka no ma ogye dii. 15Wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu wiee no, ɔka kyerɛɛ yɛn se, “Sɛ mugye to mu sɛ meyɛ Awurade mu gyidini ampa ara a, ɛno de mommɛtena me fi.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kosii sɛ yɛpenee.

Paulo Ne Silas Da Afiase

16Da bi a yɛrekɔ faako a yehyia bɔ mpae no, yehyiaa afenaa bi a akɔm honhom wɔ ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho. 17Odii yɛne Paulo akyi teɛteɛɛ mu se, “Saa nnipa yi yɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no asomfo a wɔaba sɛ wɔrebɛka nkwagye ho asɛm akyerɛ mo.” 18Eyi kɔɔ so ara kosii sɛ da bi Paulo de ahometew teɛteɛɛ honhommɔne no se, “Mehyɛ wo wɔ Yesu Kristo din mu se, tu fi ne mu kɔ!” Amono mu hɔ ara, na honhommɔne no tu fii afenaa no mu.

19Bere a afenaa no wuranom huu sɛ nea ɛma wɔn sika no afi wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanyimfo anim wɔ aguabɔbea. 20Wɔde wɔn brɛɛ mpanyin bɔɔ wɔn sobo se, “Saa nnipa yi yɛ Yudafo a wɔde wɔn nneyɛe ne wɔn nkyerɛkyerɛ redan yɛn kurow yi ani. 21Wɔrekyerɛkyerɛ amanne bi a esiane sɛ yɛyɛ Romafo nti, yɛn mmara mma yɛn ho kwan sɛ yegye to mu.”

22Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no tow hyɛɛ wɔn so, na mpanyin no tetew Paulo ne Silas ntade mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. 23Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wiei no, wɔde wɔn koguu afiase, na mpanyin no hyɛɛ afiase sohwɛfo no sɛ ɔnto wɔn mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenguan. 24Afiase sohwɛfo no tee saa asɛm no, ɔde wɔn koguu afiase hɔ dan a ɛwɔ mfimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn anan de bobɔɔ nnua mu.

25Ɔdasu mu no, na Paulo ne Silas rebɔ mpae to nnwom reyi Onyankopɔn ayɛ, a nneduafo a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn. 26Mpofirim na asase wosow denneennen maa afiase no nnyinaso nso wosow maa apon no nyinaa buebuei, na nneduafo no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn tetewee. 27Bere a afiase sohwɛfo no fi nna mu nyan na ohuu sɛ afiase no apon no abuebue no, osusuw sɛ nneduafo no nyinaa aguan, enti ɔtwee nʼafoa, pɛɛ sɛ anka ɔde kum ne ho.16.27 Sɛ odeduani bi guan a, wɔde ne sohwɛfo si nʼanan mu (12.19). Sɛ ɔsohwɛfo no kum ne ho a na aniwu ne adwennwene biara to atwa. 28Nanso Paulo teɛɛ mu ka kyerɛɛ no se, “Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!”

29Ɛhɔ ara afiase sohwɛfo no frɛ ma wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopo ne osuro bɛhwee Paulo ne Silas anim. 30Afei ɔde wɔn fii adi bisaa wɔn se, “Awuranom, dɛn na menyɛ na manya nkwa?”

31Wobuae se, “Gye Awurade Yesu di na obegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa.” 32Wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfo no ne ne fifo nyinaa. 33Anadwo no ara, afiase sohwɛfo yi hohoroo Paulo ne Silas mmaabɔ akuru no anim. Afei ɔma wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu. 34Afiase sohwɛfo yi de Paulo ne Silas kɔɔ fie kɔmaa wɔn aduan dii na ɔne ne fifo nyinaa ho san wɔn, efisɛ afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.

Wogyaa Asomafo No

35Ade kyee no, mpanyin no somaa asraafo kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfo no se, “Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ.” 36Afiase sohwɛfo no ka kyerɛɛ Paulo se, “Mpanyin no asoma abɛka se minnyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti monkɔ asomdwoe mu.”

37Nanso Paulo ka kyerɛɛ asraafo no se, “Yɛyɛ Romafo. Wɔammu yɛn fɔ wɔ bɔne biara ho na wɔde yɛn baa aguabɔbea bɛbɔɔ yɛn mmaa, de yɛn guu afiase. Afei na wɔpɛ sɛ wɔfa sum ase gyaa yɛn? Dabi da! Mpanyin no ankasa mmra ha mmegyaa yɛn.”

38Asraafo no san kɔbɔɔ Roma mpanyimfo no amanneɛ. Wɔtee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafo no, wosuroe 39enti wɔkɔmaa wɔn dibem, yii wɔn fii afiase hɔ ka kyerɛɛ wɔn se womfi kurow no mu. 40Paulo ne Silas fii afiase hɔ kɔɔ Lidia fi. Wɔkɔtoo anuanom no wɔ hɔ, hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofii hɔ kɔe.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

使徒行傳 16:1-40

提摩太加入福音事工

1保羅來到特庇,然後又到路司得。那裡有個門徒名叫提摩太,母親是信主的猶太人,父親是希臘人。 2路司得以哥念的弟兄姊妹都稱讚提摩太3保羅打算帶提摩太去傳福音。因為當地的猶太人都知道提摩太的父親是希臘人,保羅就給提摩太行了割禮。 4他們走遍各城,把耶路撒冷的使徒和長老所定下的規條教導當地的門徒遵守。 5這樣,眾教會在信仰上得到堅固,人數天天都在增加。

馬其頓人的呼求

6由於聖靈阻止他們到亞細亞傳福音,他們便經過弗呂迦加拉太地區, 7來到每西亞的邊界,正要進入庇推尼地區,耶穌的靈又加以攔阻。 8他們就越過每西亞,下到特羅亞9當天晚上,保羅在異象中看見一個馬其頓人站在那裡懇求他:「請到馬其頓來幫助我們!」

10保羅見了這個異象,確信是上帝呼召我們16·10 本書作者路加此時加入保羅的行列,故改用第一人稱複數「我們」。馬其頓去傳福音,就立刻準備動身。 11我們從特羅亞啟航,直接駛往撒摩特喇,第二天抵達尼亞坡里12再從那裡來到腓立比腓立比馬其頓的主要城市,是羅馬帝國的殖民地。我們在那裡住了幾天。 13安息日那天,我們到城外的河邊,知道那裡有一個禱告的地方,就坐下來,向已經聚集的婦女講道。 14聽眾中有個賣紫色布匹的婦人名叫呂底亞,是推雅推喇城的人,向來敬拜上帝。上帝開啟她的心,她便留心聽保羅講道。 15呂底亞和家人接受洗禮之後,極力邀請我們,說:「如果你們認為我是真心信主的話,請來我家住。」於是強留我們住下。

保羅和西拉入獄

16一天,我們又去河邊那個禱告的地方,途中遇到一個被巫鬼附身的女奴。她用占卜為她的主人們賺了不少錢。 17她跟著保羅和我們大喊大叫:「這些人是至高上帝的奴僕,是來向你們宣講得救之道的。」 18一連幾天,她都這樣喊叫。保羅不勝其煩,就轉過身來斥責那鬼:「我奉耶穌基督的名命令你從她身上出來!」那鬼立刻從她身上出去了。

19她的主人們眼見財路斷絕了,就把保羅西拉揪住,拖到廣場去見官長。 20他們在官長面前控告保羅西拉,說:「這些是猶太人,竟擾亂我們的城市, 21宣揚我們羅馬人不可接受或實行的風俗。」 22於是,大家都一起攻擊他們,官長下令剝掉他們的衣服,杖打他們。 23他們被毒打一頓,又被關進監獄,官長命獄卒嚴密看守。 24獄卒接到命令後把他們關進內牢,雙腳上了枷鎖。

25半夜,保羅西拉禱告、唱詩讚美上帝,其他的囚犯都側耳傾聽。 26突然間發生大地震,整座監獄的地基都搖動起來,牢門立刻全開了,囚犯的鎖鏈也都鬆開了。 27獄卒驚醒後,看見牢門盡開,以為囚犯已經逃走了,就想拔刀自殺。 28保羅見狀,大聲喝止:「不要傷害自己,我們都在這裡!」

29獄卒叫人拿燈過來,衝進內牢,戰戰兢兢地俯伏在保羅西拉面前。 30獄卒領他們出來後問道:「兩位先生,我該怎樣做才能得救?」

31他們說:「要信主耶穌,你和你一家就必定得救。」 32於是保羅西拉向獄卒和他全家傳講主的道。 33當晚,獄卒把二人帶去,為他們清洗傷口。他一家老小都接受了洗禮。 34他請二人到家裡吃飯,他和全家人充滿了喜樂,因為都信了上帝。

35第二天早上,官長派差役來,說:「把他們放了。」 36獄卒轉告保羅說:「官長下令釋放你們,現在你們可以平安地走了。」 37保羅卻說:「我們是羅馬公民,他們不經審訊就當眾打我們,又把我們關進牢裡,現在卻想偷偷打發掉我們嗎?這樣不行,叫他們親自來領我們出去!」

38差役回報官長。官長得知保羅西拉都是羅馬公民,非常害怕, 39連忙到獄中向他們道歉,領他們出監,又央求他們離開腓立比40二人離開監獄,來到呂底亞家中,見了弟兄姊妹,勸勉一番之後,便離開了那裡。