Asomafo 15 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 15:1-41

Yerusalem Agyinatufo

1Bere a Paulo ne Barnaba wɔ Antiokia no, nnipa bi fi Yudea bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no se, “Sɛ moamma wɔantwa mo twetia sɛnea Mose amanne no kyerɛ no a morennya nkwa.” 2Paulo ne Barnaba ne wɔn gyee saa nkyerɛkyerɛ yi ho akyinnye denneennen. Saa asɛm yi nti Paulo ne Barnaba ne Antiokia asafo no mu nnipa bi kɔɔ Yerusalem kohuu asomafo no ne mpanyimfo faa saa nkyerɛkyerɛ yi ho. 3Asafo no gyaa wɔn kwan. Wɔrekɔ no, wɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanamanmufo gye a wɔagye asɛm no adi no kyerɛɛ wɔn. Saa asɛm yi yɛɛ agyidifo no nyinaa anigye yiye. 4Woduu Yerusalem no, asafo no asomafo ne mpanyimfo a wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ kyerɛɛ wɔn no gyee wɔn.

5Nanso Farisifo a wɔabɛyɛ agyidifo no hyɛe sɛ, ɛsɛ sɛ wotwa amanamanmufo a wɔagye asɛm no adi no nyinaa twetia na wodi Mose mmara no so.

6Asomafo no ne mpanyimfo no hyia dwenee asɛm yi ho. 7Wodwinnwen ho wiee no, Petro sɔre kasae se, “Me nuanom, munim sɛ bere bi a atwam no, Onyankopɔn yii me fii mo mu sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufo, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔbɛte asɛmpa no na wɔagye adi. 8Sɛnea Onyankopɔn a onim koma mu no nam Honhom Kronkron a ɔma ɛbaa yɛn mu no so gyee yɛn too mu no, saa ara na ɔnam Honhom Kronkron no ara so agye amanamanmufo nso ato mu. 9Onyankopɔn anyɛ nyiyimu; ɔnam gyidi so tew wɔn koma mu. 10Adɛn nti na mopɛ sɛ mode adesoa duruduru a yɛn agyanom antumi ansoa, na yɛn nso yɛantumi ansoa no soa agyidifo no de sɔ Onyankopɔn hwɛ? 11Nanso yegye di sɛ wɔnam Awurade Yesu Kristo adom so na agye yɛn nkwa sɛ wɔn ara.”

12Bere a Barnaba ne Paulo kaa anwonwade a Onyankopɔn nam wɔn so yɛɛ wɔ amanamanmufo no mu maa nnipa a wɔahyia hɔ no tee no, wɔyɛɛ dinn. 13Wɔkasa wiei no, Yakobo kae se, “Anuanom, muntie me! 14Mprempren ara na Simon kyerɛɛ mu kyerɛɛ yɛn se Onyankopɔn yii amanamanmufo sɛ ne de. 15Adiyifo no nsɛm a wɔkaa no ne eyi hyia, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se:

16“ ‘Eyi akyi no, mɛsan aba

abesi Dawid fi a abubu no.

Mɛma nea adwiriw no so,

na masan asi bio,

17sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔaka no,

ne amanamanmufo a me din da wɔn so no bɛhwehwɛ Awurade.’

18Awurade a ɔdaa eyi adi bere bi a atwa mu no, ɔno na ɔbɛyɛ eyinom nyinaa.”

19Yakobo toaa so se, “Mʼadwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhaw amanamanmufo a wɔde wɔn ho rema Onyankopɔn no. 20Mmom, momma yɛnkyerɛw nhoma nkɔka nkyerɛ wɔn se, ɛnsɛ sɛ wodi aduan biara a wɔde ama abosom, efisɛ ɛho ntew; afei wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho na wɔnnwe aboa a wɔantwa ne mene na owui. Bio, wonnni mogya nso. 21Efi tete na wɔkenkan saa Mose mmara yi wɔ hyiadan mu wɔ Homeda biara, na wɔka ho nsɛm nso wɔ kurow biara mu.”

Wɔkyerɛw Krataa Kɔma Amanamanmufo

22Asomafo ne mpanyimfo ne asafo no mu nnipa nyinaa hyiae, yɛɛ adwene sɛ wobeyi nnipa bi afi kuw no mu aka Paulo ne Barnaba ho na wɔakɔ Antiokia. Woyii mmarima atitiriw baanu a wɔn din de Yuda, a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas. 23Nhoma a wɔde maa wɔn kɔe no mu nsɛm ni:

Anuanom amanamanmufo a mote Antiokia, Siria ne Kilikia,

Asomafo ne mpanyimfo ne anuanom a wɔwɔ Yerusalem no kyia mo.

24Yɛtee sɛ anuanom bi a yɛmaa wɔn tumi fi yɛn mu nam wɔn nkyerɛkyerɛ so tan mo ani, haw mo adwene. 25Eyi nti yɛatu nnipa bi sɛ wɔmmra mo nkyɛn. Saa nnipa no ne Paulo ne Barnaba 26a wɔde wɔn nkwa abɔ afɔre ama Awurade Yesu Kristo no. 27Eyi nti, yɛresoma Yuda ne Silas ama wɔabɛkasa afoa asɛm a yɛrekyerɛw no so. 28Honhom Kronkron ne yɛn ayɛ adwene sɛ, saa ahyɛde yi akyi no yɛmmfa adesoa foforo bi a emu yɛ duru nsoa mo; 29munnni aduan a wɔde ama abosom; saa ara nso na munnni mogya. Monnwe aboa a wɔantwa ne mene na owui. Bio, montwe mo ho mfi aguamammɔ ho. Sɛ mutumi di saa ahyɛde yi so a, ebesi mo yiye.

Yɛsan kyia mo.

30Wogyaa nnipa no kwan ma wɔkɔɔ Antiokia. Woduu hɔ no, wohyiaa agyidifo no de nhoma no maa wɔn. 31Agyidifo no kenkan nhoma no, emu nkuranhyɛsɛm no maa wɔn ani gyei. 32Yuda ne Silas a wɔyɛ adiyifo no ne anuanom no kasa kyɛe, hyɛɛ wɔn nkuran. 33Wodii nna kakra wɔ hɔ no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoe mu ma wɔsan kɔɔ anuanom a wɔsomaa wɔn no nkyɛn dwoodwoo. 34Nanso Silas de, wankɔ bi15.34 Tete akyerɛw binom mfa nkyekyɛmu 34 nka ho. 35Paulo ne Barnaba dii nna kakra wɔ Antiokia, boaa anuanom bi ma wɔkyerɛkyerɛe, kaa Awurade asɛm.

Paulo Ne Barnaba Ntam Tetew

36Nna bi akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba se, “Ma yɛnsan nkɔsra anuanom a wɔwɔ nkurow a yɛaka Awurade asɛm wɔ so no nyinaa nkɔhwɛ sɛnea wɔrekɔ so wɔ gyidi mu.” 37Barnaba pɛɛ sɛ wɔde Yohane Marko ka wɔn ho kɔ, 38nanso Paulo ampene so, efisɛ wɔwɔ Pamfilia no ogyaw wɔn hɔ a ɔne wɔn antena hɔ ankosi awiei. 39Akasakasa a emu yɛ den sii wɔn ntam maa wɔn mu tetewee. Barnaba faa Marko ne no kɔɔ Kipro 40na Paulo nso faa Silas. Anuanom no de wɔn hyɛɛ Onyankopɔn nsa ma wofii hɔ kɔe. 41Ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.

King James Version

Acts 15:1-41

1And certain men which came down from Judæa taught the brethren, and said, Except ye be circumcised after the manner of Moses, ye cannot be saved. 2When therefore Paul and Barnabas had no small dissension and disputation with them, they determined that Paul and Barnabas, and certain other of them, should go up to Jerusalem unto the apostles and elders about this question. 3And being brought on their way by the church, they passed through Phenice and Samaria, declaring the conversion of the Gentiles: and they caused great joy unto all the brethren. 4And when they were come to Jerusalem, they were received of the church, and of the apostles and elders, and they declared all things that God had done with them. 5But there rose up certain of the sect of the Pharisees which believed, saying, That it was needful to circumcise them, and to command them to keep the law of Moses.

6¶ And the apostles and elders came together for to consider of this matter. 7And when there had been much disputing, Peter rose up, and said unto them, Men and brethren, ye know how that a good while ago God made choice among us, that the Gentiles by my mouth should hear the word of the gospel, and believe. 8And God, which knoweth the hearts, bare them witness, giving them the Holy Ghost, even as he did unto us; 9And put no difference between us and them, purifying their hearts by faith. 10Now therefore why tempt ye God, to put a yoke upon the neck of the disciples, which neither our fathers nor we were able to bear? 11But we believe that through the grace of the Lord Jesus Christ we shall be saved, even as they.

12¶ Then all the multitude kept silence, and gave audience to Barnabas and Paul, declaring what miracles and wonders God had wrought among the Gentiles by them.

13¶ And after they had held their peace, James answered, saying, Men and brethren, hearken unto me: 14Simeon hath declared how God at the first did visit the Gentiles, to take out of them a people for his name. 15And to this agree the words of the prophets; as it is written, 16After this I will return, and will build again the tabernacle of David, which is fallen down; and I will build again the ruins thereof, and I will set it up: 17That the residue of men might seek after the Lord, and all the Gentiles, upon whom my name is called, saith the Lord, who doeth all these things. 18Known unto God are all his works from the beginning of the world. 19Wherefore my sentence is, that we trouble not them, which from among the Gentiles are turned to God: 20But that we write unto them, that they abstain from pollutions of idols, and from fornication, and from things strangled, and from blood. 21For Moses of old time hath in every city them that preach him, being read in the synagogues every sabbath day. 22Then pleased it the apostles and elders, with the whole church, to send chosen men of their own company to Antioch with Paul and Barnabas; namely, Judas surnamed Barsabas, and Silas, chief men among the brethren: 23And they wrote letters by them after this manner; The apostles and elders and brethren send greeting unto the brethren which are of the Gentiles in Antioch and Syria and Cilicia: 24Forasmuch as we have heard, that certain which went out from us have troubled you with words, subverting your souls, saying, Ye must be circumcised, and keep the law: to whom we gave no such commandment: 25It seemed good unto us, being assembled with one accord, to send chosen men unto you with our beloved Barnabas and Paul, 26Men that have hazarded their lives for the name of our Lord Jesus Christ. 27We have sent therefore Judas and Silas, who shall also tell you the same things by mouth. 28For it seemed good to the Holy Ghost, and to us, to lay upon you no greater burden than these necessary things; 29That ye abstain from meats offered to idols, and from blood, and from things strangled, and from fornication: from which if ye keep yourselves, ye shall do well. Fare ye well. 30So when they were dismissed, they came to Antioch: and when they had gathered the multitude together, they delivered the epistle: 31Which when they had read, they rejoiced for the consolation. 32And Judas and Silas, being prophets also themselves, exhorted the brethren with many words, and confirmed them. 33And after they had tarried there a space, they were let go in peace from the brethren unto the apostles. 34Notwithstanding it pleased Silas to abide there still. 35Paul also and Barnabas continued in Antioch, teaching and preaching the word of the Lord, with many others also.

36¶ And some days after Paul said unto Barnabas, Let us go again and visit our brethren in every city where we have preached the word of the Lord, and see how they do. 37And Barnabas determined to take with them John, whose surname was Mark. 38But Paul thought not good to take him with them, who departed from them from Pamphylia, and went not with them to the work. 39And the contention was so sharp between them, that they departed asunder one from the other: and so Barnabas took Mark, and sailed unto Cyprus; 40And Paul chose Silas, and departed, being recommended by the brethren unto the grace of God. 41And he went through Syria and Cilicia, confirming the churches.