Asomafo 14 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 14:1-28

Ikoniom Asɛnka

1Paulo ne Barnaba duu Ikoniom no, wɔkɔɔ Yudafo asɔredan mu. Wɔkasa ma Yudafo ne amanamanmufo bebree bɛyɛɛ agyidifo. 2Nanso Yudafo a wɔpoo Awurade asɛm no hwanyan amanamanmufo no, san tuu wɔn aso tiaa anuanom no. 3Asomafo no tenaa hɔ kyɛe. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwonwade ahorow no so kyerɛɛ sɛ nsɛm a wɔka fa nʼadom ho no yɛ nokware. 4Kurow no mu nnipa no mu kyɛɛ abien; fa kɔɔ Yudafo no afa na fa nso kɔɔ asomafo no afa. 5Amanamanmufo ne Yudafo no ne wɔn mpanyimfo yɛɛ adwene se wɔbɛyɛ wɔn ayayade asan asiw wɔn abo. 6Asomafo no tee pɔw a wɔbɔ faa wɔn ho no, woguan kɔɔ Listra ne Derbe a ɛwɔ Likaoniaman mu ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa ase. 7Wɔkaa Asɛmpa no wɔ hɔ.

Obubuafo Bi Ayaresa

8Bere a Paulo ne Barnaba wɔ Listra no wohuu ɔbarima bi a na ɔyɛ obubuafo fi nʼawo mu. 9Paulo rekasa no, obubuafo no tiee no maa Paulo huu sɛ ɔwɔ gyidi a ɛbɛma watumi agyina so asa no yare. Enti Paulo hwɛɛ obubuafo no 10teɛɛ mu se, “Sɔre gyina hɔ!” Amono mu, obubuafo yi huruw gyinae, fii ase nantewee.

11Nnipa no huu nea Paulo ayɛ no, wofii ase teɛteɛɛ mu wɔ Likaonia kasa mu se, “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa aba yɛn nkyɛn.” 12Eyi nti wɔfrɛɛ Barnaba Seus na wɔfrɛɛ Paulo nso Hermes,14.12 Na Seus yɛ Listra abosom mu panyin a ɛhɔ na na nʼabosonnan wɔ. Wɔn a na wɔbɛbɔ afɔre ma Seus no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔde ayɛyɛde bɛma Paulo ne Barnaba mmom. Nea enti a wɔfaa Barnaba sɛ Seus ne sɛ na ɔwɔ anuonyam. Wɔfaa Paulo sɛ onyame Hermes, efisɛ na ɔyɛ ɔkyeame (28.6). efisɛ ɔno na na ɔka asɛm no. 13Seus a na nʼasɔredan wɔ kurotia no sɔfo de nantwi ne nhwiren baa kurow no pon ano, pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma asomafo no.

14Bere a Barnaba ne Paulo tee afɔre a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuw sunsuanee wɔn ntade mu, tuu mmirika kɔɔ nnipakuw no mu teɛteɛɛ mu se, 15“Dɛn na mopɛ sɛ moyɛ yi? Yɛyɛ nnipa te sɛ mo! Yɛaba sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo, ama moagyae saa nneɛma hunu yi yɛ, na mode mo ho ama Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu no. 16Bere bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan ma wɔyɛɛ nea wɔpɛ. 17Nanso Onyankopɔn nam nneɛma pa a ɔyɛ so di nʼankasa ho adanse. Mmere a ɛsɛ mu no, ɔma osu tɔ ma nnɔbae ba; ɔma mo aduan di ma munya ahotɔ.” 18Nanso saa kasa yi nyinaa akyi no, pɛ ara na nnipa no pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma wɔn.

19Yudafo bi fi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikoniom tuu nnipa no aso maa wosiw Paulo abo, twee no fii kurow no mu a na wosusuw sɛ wawu. 20Nanso bere a agyidifo no betwaa ne ho hyiae no, ɔsɔre san kɔɔ kurow no mu. Ade kyee no ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe.

Paulo Ne Barnaba San Ba Antiokia

21Paulo ne Barnaba kaa asɛmpa no wɔ Derbe ma nnipa pii gye dii. Wofi hɔ no, wɔsan kɔɔ Listra, Ikoniom ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia. 22Wɔhyɛɛ agyidifo no nkuran sɛ wɔntena ase gyidi mu. Wɔka kyerɛɛ agyidifo yi se, “Ansa na yebetumi akɔ Onyankopɔn ahenni mu no, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔhaw ahorow pii mu.” 23Asafo biara a wɔkɔɔ mu no, wosisii mpanyimfo maa wɔn; na wɔnam mpaebɔ ne mmuadadi so de mpanyimfo no hyɛɛ Awurade a wɔde wɔn ho ato no so no nsa. 24Wofi Pisidia no wɔbaa Pamfilia. 25Wɔkaa asɛmpa no wɔ Perge na wofi hɔ baa Atalia.

26Wofi Atalia no, wɔsan baa Antiokia a ɛhɔ na bere a na wɔrebefi saa adwuma a wɔawie yi ase no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade nsa no. 27Bere a woduu Antiokia no, wohyiaa asafo no mu nnipa nyinaa. Wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ, ne sɛnea Onyankopɔn abue kwan ama amanamanmufo agye asɛm no adi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 28Paulo ne Barnaba tenaa gyidifo no nkyɛn kyɛe.

Asante Twi Contemporary Bible

Asomafoɔ 14:1-28

Ikoniom Asɛnka

1Paulo ne Barnaba duruu Ikoniom no, wɔkɔɔ Yudafoɔ asɔredan mu. Wɔkasa ma Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ bebree bɛyɛɛ agyidifoɔ. 2Nanso, Yudafoɔ a wɔpoo Awurade asɛm no hwanyan amanamanmufoɔ no, sane tuu wɔn aso tiaa anuanom no. 3Asomafoɔ no tenaa hɔ kyɛreeɛ. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ no so kyerɛɛ sɛ nsɛm a wɔka fa nʼadom ho no yɛ nokorɛ. 4Kuro no mu nnipa no mu kyɛɛ mmienu; ɛfa kɔɔ Yudafoɔ no afa na ɛfa nso kɔɔ asomafoɔ no afa. 5Amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ no ne wɔn mpanimfoɔ yɛɛ adwene sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ, asane asi wɔn aboɔ. 6Asomafoɔ no tee pɔ a wɔbɔ faa wɔn ho no, wɔdwane kɔɔ Listra ne Derbe a ɛwɔ Likaoniaman mu ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa ase. 7Wɔkaa Asɛmpa no wɔ hɔ.

Obubuafoɔ Bi Ayaresa

8Ɛberɛ a Paulo ne Barnaba wɔ Listra no, wɔhunuu ɔbarima bi a na ɔyɛ obubuafoɔ firi nʼawoɔ mu. 9Paulo rekasa no, obubuafoɔ no tiee no maa Paulo hunuu sɛ ɔwɔ gyidie a ɛbɛma watumi agyina so asa no yadeɛ. Enti Paulo hwɛɛ obubuafoɔ no 10teaam sɛ, “Sɔre gyina hɔ!” Amonom, obubuafoɔ yi huri gyinaeɛ, hyɛɛ aseɛ nanteeɛ.

11Nnipa no hunuu deɛ Paulo ayɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ teateaam wɔ Likaonia kasa mu sɛ, “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa aba yɛn nkyɛn.” 12Yei enti wɔfrɛɛ Barnaba Seus ɛnna wɔfrɛɛ Paulo nso Hermes,14.12 Na Seus yɛ Listra abosom mu panin a ɛhɔ na na nʼabosonnan wɔ. Wɔn a na wɔbɛbɔ afɔdeɛ ma Seus no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔde ayɛyɛdeɛ bɛma Paulo ne Barnaba mmom. Deɛ enti a wɔfaa Barnaba sɛ Seus ne sɛ na ɔwɔ animuonyam. Wɔfaa Paulo sɛ onyame Hermes ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔkyeame (28.6). ɛfiri sɛ, ɔno na na ɔka asɛm no. 13Seus a na nʼasɔredan wɔ kurotia no ɔsɔfoɔ de nantwie ne nhwiren baa kuro no ɛpono ano, pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma asomafoɔ no.

14Ɛberɛ a Barnaba ne Paulo tee afɔdeɛ a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuo sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mmirika kɔɔ nnipakuo no mu teateaam sɛ, 15“Ɛdeɛn na mopɛ sɛ moyɛ yi? Yɛyɛ nnipa te sɛ mo! Yɛaba sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo, ama moagyae saa nneɛma hunu yi yɛ, na mode mo ho ama Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu. 16Ɛberɛ bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan maa wɔyɛɛ deɛ wɔpɛ. 17Nanso, Onyankopɔn nam nneɛma pa a ɔyɛ so di nʼankasa ho adanseɛ. Mmerɛ a ɛsɛ mu no, ɔma osuo tɔ, ma nnɔbaeɛ ba; ɔma mo aduane di, ma monya ahotɔ.” 18Nanso, saa kasa yi nyinaa akyi no, pɛ ara na nnipa no pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma wɔn.

19Yudafoɔ bi firi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikoniom tuu nnipa no aso maa wɔsii Paulo aboɔ, twee no firii kuro no mu; na wɔsusu sɛ wawu. 20Nanso, ɛberɛ a agyidifoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ no, ɔsɔre sane kɔɔ kuro no mu. Adeɛ kyeeɛ no, ɔne Barnaba firii hɔ kɔɔ Derbe.

Paulo Ne Barnaba Sane Ba Antiokia

21Paulo ne Barnaba kaa asɛmpa no wɔ Derbe maa nnipa pii gye diiɛ. Wɔfiri hɔ no, wɔsane kɔɔ Listra, Ikoniom ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia. 22Wɔhyɛɛ agyidifoɔ no nkuran sɛ wɔntena ase gyidie mu. Wɔka kyerɛɛ agyidifoɔ yi sɛ, “Ansa na yɛbɛtumi akɔ Onyankopɔn Ahennie mu no, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔhaw ahodoɔ pii mu.” 23Asafo biara a wɔkɔɔ mu no, wɔsisii mpanimfoɔ maa wɔn; na wɔnam mpaeɛbɔ ne mmuadadie so de mpanimfoɔ no hyɛɛ Awurade a wɔde wɔn ho ato no so no nsa. 24Wɔfiri Pisidia no, wɔbaa Pamfilia. 25Wɔkaa asɛmpa no wɔ Perge, na wɔfiri hɔ baa Atalia.

26Wɔfiri Atalia no, wɔsane baa Antiokia a ɛhɔ na ɛberɛ a na wɔrebɛfiri saa adwuma a wɔawie yi ase no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade adom nsa no. 27Ɛberɛ a wɔduruu Antiokia no, wɔhyiaa asafo no mu nnipa nyinaa. Wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ, ne sɛdeɛ Onyankopɔn abue ɛkwan ama amanamanmufoɔ agye asɛm no adi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 28Paulo ne Barnaba tenaa agyidifoɔ no nkyɛn kyɛreeɛ.