Asomafo 12 – AKCB & NIRV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 12:1-25

Wɔtaa Asomafo No

1Saa bere yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi fii ase yɛɛ wɔn ayayade. 2Ɔde afoa kum Yohane nua Yakobo. 3Ohuu sɛ Yudafo no ani gye nea ɔyɛe no ho no, ɔmaa wɔkɔkyeree Petro nso. Asɛm yi sii Apiti Afahyɛ no mu. 4Wɔkyeree Petro no, wɔde no too afiase a na asraafo baanan na wɔwɛn no bere biara. Herode yɛɛ nʼadwene sɛ obedi nʼasɛm wɔ Twam Afahyɛ no akyi wɔ ɔman no anim.

5Bere a na Petro da afiase no nyinaa na asafo no bɔ mpae dennen, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ ne so.

Ɔbɔfo Yi Petro Fi Afiase

6Anadwo a ade rebɛkye ama Herode adi Petro asɛm wɔ ɔman no anim no, na Petro da asraafo baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn abien agugu no asesa asraafo baanu a wɔwɛn no no. Na asraafo baanu rewɛn afiase pon no ano nso. 7Amono mu hɔ ara, Onyankopɔn bɔfo begyinaa afiase hɔ ma ɛhɔ hyerɛnee. Ɔbɔfo no wosow Petro, nyan no ka kyerɛɛ no se, “Sɔre ntɛm!” Mpofirim na nkɔnsɔnkɔnsɔn no tetew fii Petro nsa.

8Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Petro se, “Hyɛ wʼatade ne wo mpaboa.” Petro wiee no, ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ no se, “Fura wo ntama na di mʼakyi.” 9Petro dii nʼakyi fii adi. Wɔrekɔ no na ɛyɛ no sɛ adaeso anaa anisoadehu, efisɛ na onnye nni sɛ ɛyɛ asɛmpa ara. 10Wotwaa awɛmfo a wodi kan no ne wɔn a wɔto so abien no ho beduu dade pon a ɛda kurow no ano no ho. Woduu hɔ no ɔpon no ankasa bue ma wɔfaa mu kɔe. Wɔfaa borɔn bi so kɔɔ anim kakra no, ɔbɔfo no gyaw Petro hɔ.

11Petro ani baa ne ho so ma ɔkae se, “Afei mahu sɛ nea esii no nyinaa yɛ nokware! Awurade somaa ne bɔfo na obegyee me fii Herode nsam ne nea Yudafo hwehwɛe sɛ wɔyɛ me no mu.”

12Petro huu nea asi no, ɔkɔɔ Yohane a na wɔfrɛ no Marko no a na ne din de Maria no fi. Saa bere no na nnipa bebree ahyia wɔ hɔ rebɔ mpae. 13Petro bɔɔ abɔntenpon no mu na abaawa bi a wɔfrɛ no Roda betiei. 14Bere a ɔtee nne no, anigye nti wammue ɔpon no. Ɔsan nʼakyi kɔbɔɔ amanneɛ se, “Petro gyina ɔpon no akyi.”

15Wɔka kyerɛɛ no se, “Gyama worebɔ dam.” Nanso ɔkɔɔ so kaa se ɛyɛ nokware. Wɔn nso ka kyerɛɛ no se, “Gyama ɛbɛyɛ ne saman.”

16Petro kɔɔ so bɔɔ ɔpon no akyi. Wobuee a wohuu Petro no, wɔn ho dwiriw wɔn. 17Ɔde ne nsa nyamaa wɔn se wɔnyɛ komm. Ɔkaa ɔkwan a Awurade nam so yii no fii afiase no kyerɛɛ wɔn. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monka asɛm a asi yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom a wɔaka no;” na ofii hɔ kɔɔ baabi foforo.

18Ade kyee no, awɛmfo no ho yeraw wɔn yiye sɛ wonhu faako a Petro afa. 19Herode hyɛɛ sɛ wɔnhwehwɛ no, nanso wɔanhu no. Wodii awɛmfo no asɛm, buu wɔn kumfɔ.

Eyi akyi no, Herode fii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ kakra. 20Bere a Herode wɔ Kaesarea no, abɔfo bi a wɔasoma wɔn fi Tiro ne Sidon behuu no. Na Herode bo afuw Tirofo ne Sidonfo. Nanso abɔfo yi guan toaa Blasto a na ɔyɛ dabehene no sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba, efisɛ na saa nkurow yi nya wɔn nnuan nyinaa fi Herode asase so.

21Wɔhyɛɛ da bi maa Herode hyɛɛ nʼahentade tenaa nʼahengua mu kasa kyerɛɛ wɔn. 22Herode kasa wiei no, nnipa no teɛɛ mu se, “Eyi yɛ onyame bi nne na ɛnyɛ onipa bi de!” 23Mpofirim, Onyankopɔn bɔfo bɛbɔɔ no ma ɔyare dɔɔ mmoa ma owui, esiane obu a wamfa amma Onyankopɔn no nti.

24Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛw maa nnipa bebree gye dii.

Wɔsoma Asɛmpatrɛw Adwumayɛfo

25Barnaba ne Saulo wiee wɔn dwumadi no, wɔsan fii Yerusalem a na Yohane a wɔfrɛ no Marko no ka wɔn ho.

New International Reader’s Version

Acts 12:1-25

An Angel Helps Peter Escape From Prison

1About this time, King Herod arrested some people who belonged to the church. He planned to make them suffer greatly. 2He had James killed with a sword. James was John’s brother. 3Herod saw that the death of James pleased some Jews. So he arrested Peter also. This happened during the Feast of Unleavened Bread. 4After Herod arrested Peter, he put him in prison. Peter was placed under guard. He was watched by four groups of four soldiers each. Herod planned to put Peter on public trial. It would take place after the Passover Feast.

5So Peter was kept in prison. But the church prayed hard to God for him.

6It was the night before Herod was going to bring him to trial. Peter was sleeping between two soldiers. Two chains held him there. Lookouts stood guard at the entrance. 7Suddenly an angel of the Lord appeared. A light shone in the prison cell. The angel struck Peter on his side. Peter woke up. “Quick!” the angel said. “Get up!” The chains fell off Peter’s wrists.

8Then the angel said to him, “Put on your clothes and sandals.” Peter did so. “Put on your coat,” the angel told him. “Follow me.” 9Peter followed him out of the prison. But he had no idea that what the angel was doing was really happening. He thought he was seeing a vision. 10They passed the first and second guards. Then they came to the iron gate leading to the city. It opened for them by itself. They went through it. They walked the length of one street. Suddenly the angel left Peter.

11Then Peter realized what had happened. He said, “Now I know for sure that the Lord has sent his angel. He set me free from Herod’s power. He saved me from everything the Jewish people were hoping would happen.”

12When Peter understood what had happened, he went to Mary’s house. Mary was the mother of John Mark. Many people had gathered in her home. They were praying there. 13Peter knocked at the outer entrance. A servant named Rhoda came to answer the door. 14She recognized Peter’s voice. She was so excited that she ran back without opening the door. “Peter is at the door!” she exclaimed.

15“You’re out of your mind,” they said to her. But she kept telling them it was true. So they said, “It must be his angel.”

16Peter kept on knocking. When they opened the door and saw him, they were amazed. 17Peter motioned with his hand for them to be quiet. He explained how the Lord had brought him out of prison. “Tell James and the other brothers and sisters about this,” he said. Then he went to another place.

18In the morning the soldiers were bewildered. They couldn’t figure out what had happened to Peter. 19So Herod had them look everywhere for Peter. But they didn’t find him. Then Herod questioned the guards closely. He ordered that they be put to death.

Herod Dies

Then Herod went from Judea to Caesarea and stayed there. 20He had been quarreling with the people of Tyre and Sidon. So they got together and asked for a meeting with him. This was because they depended on the king’s country to supply them with food. They gained the support of Blastus and then asked for peace. Blastus was a trusted personal servant of the king.

21The appointed day came. Herod was seated on his throne. He was wearing his royal robes. He made a speech to the people. 22Then they shouted, “This is the voice of a god. It’s not the voice of a man.” 23Right away an angel of the Lord struck Herod down. Herod had not given praise to God. So he was eaten by worms and died.

24But God’s word continued to spread and many people believed the message.

Barnabas and Saul Are Sent Off

25Barnabas and Saul finished their task. Then they returned from Jerusalem. They took John Mark with them.