Asomafo 11 – AKCB & NUB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 11:1-30

Petro Yi Ne Ho Ano

1Asomafo ne agyidifo a wɔwɔ Yudea nyinaa tee sɛ amanamanmufo no nso agye Onyankopɔn asɛm no adi. 2Petro kɔɔ Yerusalem no, Yudafo agyidifo no ne no nyaa akasakasa kae se, 3“Woakɔ wɔn a wɔnnyɛ twetiatwafo no nkyɛn ne wɔn akodidi.”

4Petro bɔɔ wɔn biribiara a esii no ho amanneɛ se, 5“Na merebɔ mpae wɔ Yopa na minyaa anisoadehu. Mihuu biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere sɛ efi ɔsoro afanan resian ba fam wɔ faako a mewɔ no. 6Mehwɛɛ mu no, mihuu ntɔteboa ahorow, mmoa a wɔwea ne wuram nnomaa. 7Afei, nne bi ka kyerɛɛ me se, ‘Petro! Sɔre! Kum na we!’

8“Mibuae se, ‘Dabi da, Awurade! Minnii biribiara a ɛho ntew da.’

9“Nne no ka kyerɛɛ me bio se, ‘Biribiara a Onyankopɔn atew ho no, nka se ɛho ntew.’ 10Saa anisoadehu yi baa mprɛnsa, na ɛsan kɔɔ ɔsoro.

11“Saa bere no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn fi Kaesarea no beduu ofi a na mete mu no mu. 12Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me se menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifo baasa yi a wofi Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea ma yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio fi. 13Ɔkaa sɛnea ohuu ɔsoro ɔbɔfo wɔ ne fi ma ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no. 14Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ebegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa akyerɛ mo.’

15“Bere a mifii ase kasae no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛnea yɛn nso mfiase no, ɛbaa yɛn so no ara pɛ. 16Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kae se, ‘Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no. 17Sɛ Onyankopɔn ama wɔn akyɛde a bere a yegyee Awurade Yesu Kristo dii no ɔmaa yɛn bi no a, ɛno de me sɛɛ ne hena a mesiw Onyankopɔn kwan.”

18Wɔtee saa asɛm yi no, wogyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ se, “Afei de Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufo anya adwensakra a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagye mu.”

Antiokia Asafo

19Wokum Stefano no, wɔtaa agyidifo no ma wɔbɔɔ ahwete. Wɔn mu bi kyinkyin koduu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafo nko ara. 20Agyidifo bi a wofi Kipro ne Kirene kɔɔ Antiokia kɔkaa asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no kyerɛɛ amanamanmufo no. 21Esiane sɛ na Awurade ka wɔn ho no nti nnipa pii gyee asɛm no dii ma wɔdan baa Awurade nkyɛn.

22Saa asɛm yi trɛw koduu Yerusalem asafo no mu nti wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia. 23Oduu hɔ a ohuu sɛnea Onyankopɔn ahyira wɔn no, nʼani gye ma ɔhyɛɛ wɔn nkuran se womfi wɔn koma nyinaa mu nnye Awurade nni na wonni no nokware nso. 24Esiane sɛ na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidi nti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade.

25Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo. 26Ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafo no din se “Kristofo.”

27Saa bere koro no ara mu na adiyifo bi fi Yerusalem kɔɔ Antiokia. 28Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sɔre gyina hyɛɛ nkɔm se ɔkɔm kɛse bɛba asase nyinaa so. Saa ɔkɔm yi sii bere a na Klaudio di ade no. 29Asuafo no yɛɛ adwene sɛ biribiara a obi wɔ no wɔde bɛba na wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no. 30Wɔde akyɛde a wɔn nsa kae no somaa Barnaba ne Saulo ma wɔde kɔmaa asafo no mu mpanyimfo.

Swedish Contemporary Bible

Apostlagärningarna 11:1-30

Petrus rapport till församlingen i Jerusalem

1Snart fick apostlarna och de andra troende i Judeen höra att också andra folk hade tagit emot Guds ord. 2När Petrus kom till Jerusalem, började de omskurna kritisera honom: 3”Du har besökt oomskurna och ätit med dem!”

4Då berättade Petrus för dem vad som hade hänt. Han sa: 5”När jag var i Joppe och bad, fick jag se en syn. Jag såg något som liknade en stor duk sänkas ner från himlen. Duken var upphängd i sina fyra hörn och kom ända ner till mig. 6När jag undersökte den närmare, fick jag se att där var markens fyrfotadjur, såväl vilda som tama, kräldjur och himlens fåglar. 7Och jag hörde en röst säga: ’Petrus, res dig upp, slakta och ät!’

8Men jag svarade: ’Nej aldrig, Herre! Jag har aldrig ätit något som är oheligt eller orent.’

9Men rösten från himlen hördes en andra gång: ’Om Gud har gjort något rent, ska du inte behandla det som orent.’

10Detta hände tre gånger och sedan drogs alltihop upp till himlen igen. 11I samma stund kom tre män till huset där vi var. De hade skickats från Caesarea för att hämta mig 12och Anden sa till mig att följa med dem utan att tveka. De här sex männen följde också med mig och vi kom hem till den där mannen.

13Mannen talade om för oss att en ängel hade visat sig för honom i hans hus och sagt till honom: ’Skicka bud till Joppe och låt hämta Simon som kallas Petrus, 14för han har något att berätta som kan rädda både dig och alla i ditt hus.’

15När jag började tala, kom den heliga Anden över dem precis som över oss den första tiden. 16Då mindes jag att Herren hade sagt: ’Johannes döpte er i vatten, men ni ska bli döpta i den heliga Anden.’ 17Så om nu Gud gav dessa samma gåva som han gav till oss, hur skulle jag då kunna sätta mig upp mot Gud?”

18När de andra hörde detta blev de lugna och hyllade Gud och sa: ”Tänk att Gud också har gett andra folk möjligheten att vända om och få liv!”

Församlingen i Antiochia

19De som hade skingrats under den förföljelse som startade med Stefanos hade nu kommit ända till Fenikien, Cypern och Antiochia. De predikade ordet bara för judarna. 20Men några av dem som var från Cypern och Kyrene reste till Antiochia och där talade de också till icke-judar och berättade evangeliet om Herren Jesus. 21Och Herren var med dem och gav dem kraft, så att ett stort antal människor kom till tro och vände om till Herren.

22Ryktet om detta nådde församlingen i Jerusalem som genast skickade dit Barnabas. 23När han kom fram och fick se vad Gud i sin nåd hade gjort, blev han glad och uppmanade dem alla att av hela hjärtat hålla sig till Herren. 24Barnabas var en god man, fylld av den heliga Anden och tro. En mängd folk fördes till Herren.

25Efter detta reste Barnabas vidare till Tarsos för att söka upp Saul 26och när han hittat honom, tog han honom med sig till Antiochia. Där stannade de sedan tillsammans i församlingen under ett helt år och undervisade ett stort antal människor. Det var i Antiochia som lärjungarna första gången kallades kristna.

27Under den här tiden kom några profeter från Jerusalem till Antiochia. 28En av dem som hette Agabos reste sig och förutsade genom Anden att en svår hungersnöd skulle drabba hela världen – den inträffade sedan under kejsar Claudius. 29Lärjungarna beslöt att skicka understöd till de troende i Judeen, var och en så mycket han hade råd med. 30De gjorde så och skickade sin gåva med Barnabas och Saul till församlingsledarna.