Asomafo 10 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Asomafo 10:1-48

Petro Ne Kornelio

1Ɔbarima bi tenaa Kaesarea a ne din de Kornelio. Na ɔyɛ Roma asraafo bi a wɔn din de Italia Asraafodɔm no so panyin. 2Na ɔne ne fifo nyinaa yɛ Nyamesurofo. Ɔyɛ obi a na ɔboa ahiafo na daa ɔbɔ mpae nso. 3Da bi awia bɛyɛ nnɔnabiɛsa na ohuu Onyankopɔn bɔfo wɔ anisoadehu mu se waba ne nkyɛn abɛfrɛ no se, “Kornelio!”

4Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Obisae se, “Ɛyɛ dɛn Awurade?”

Ɔbɔfo no buae se, “Wo mpae ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade. 5Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro mmra. 6Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru a ne fi bɛn mpoano no nkyɛn.”

7Ɔbɔfo no kasa kyerɛɛ no wiee a ɔkɔe no, Kornelio frɛɛ nʼasomfo baanu, san frɛɛ nʼasraafo no mu baako a ɔyɛ Onyamesuroni kaa wɔn ho, 8kaa biribiara a wahu no kyerɛɛ wɔn somaa wɔn Yopa.

9Ade kyee a wɔrekɔ no, ɛbɛyɛ owigyinae a wɔrebɛn kurow no na Petro kɔɔ ɔdan a ɔte mu no atifi kɔbɔɔ mpae. 10Saa bere no, na ɔkɔm de no a wogu so reyɛ aduan ama no na ɔkɔɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeso mu. 11Ohuu sɛ ɔsoro abue na biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere fi ɔsoro afanan resian ba fam. 12Na ntɔteboa ahorow ne mmoa a wɔwea ne wuram nnomaa ahyɛ saa ntama no ma. 13Afei nne bi ka kyerɛɛ no se, “Petro, sɔre na kum bi we!”

14Petro buae se, “Dabi da, Awurade, minnii biribiara a ɛho ntew da.”

15Nne no ka kyerɛɛ no bio se, “Biribiara a Onyankopɔn atew ho no, nka se ɛho ntew.”

16Saa anisoadehu yi baa mprɛnsa. Afei ntama no san kɔɔ ɔsoro.

17Saa bere a na Petro redwinnwen anisoadehu no ho no, nnipa a Kornelio somaa wɔn no koduu Petro abobow ano. 18Wɔfrɛ bisae se, “Saa ofi yi mu na Simon Petro te no ana?”

19Petro gu so redwinnwen anisoadehu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no se, “Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo. 20Sian si fam. Ntwentwɛn wo nan ase na wo ne wɔn nkɔ, efisɛ me na masoma wɔn.”

21Petro sian kɔɔ fam kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mene onipa a morehwehwɛ no no, na mo amanneɛ?”

22Nnipa no buaa no se, “Yefi asraafo panyin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔtreneeni ne Onyamesuroni a Yudafo nyinaa bu no. Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ no se ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fi na ontie asɛm bi mfi wo nkyɛn.” 23Petro gyee nnipa no, som wɔn hɔho.

Petro Kɔ Kornelio Fi

Ade kyee no, Petro ne nnipa no ne agyidifo bi a wofi Yopa bɔɔ anan kɔe. 24Ade kyee a oduu Kaesarea no, na Kornelio afrɛfrɛ nʼabusuafo ne ne nnamfonom ahyia retwɛn no. 25Petro reyɛ awura fie hɔ no, Kornelio hyiaa no, buu no nkotodwe. 26Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɔre, efisɛ me nso meyɛ onipa sɛ wo ara.”

27Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wowuraa ofi no mu kɔtoo nnipa bebree. 28Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara munim pefee sɛ Yudafo mmara mma Yudani kwan sɛ ɔkɔsra amanamanmuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka sɛ onipa bi ho ntew. 29Eyi nti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei kyerɛ me nea enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.”

30Kornelio kae se, “Nnɛ ne nnaanan awia nnɔnabiɛsa a merebɔ mpae wɔ me fi no, mihuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn gyina mʼanim.10.30 Kasa a wɔtaa ka de kyerɛ ɔsoro bɔfo a ɔba sɛ onipa (Mat 28.3; Mar 16.5; Yoh 20.12). 31Ɔkae se, ‘Kornelio, wo mpaebɔ ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade. 32Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru a ne fi bɛn mpoano no nkyɛn.’ 33Mesoma ma wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ ade sɛ woaba. Mprempren, yɛn nyinaa ahyia wɔ Onyankopɔn din mu rebetie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn no.”

Petro Asɛnka

34Petro fii ase kasae se, “Afei mahu sɛ ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn nyɛ nyiyimu, 35na mmom ɔman biara mu, nea ɔyɛ ade trenee no ogye no. 36Munim asɛmpa a ɛfa asomdwoe ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfo no. 37Munim nsɛm a esisii wɔ Yudea, a efii ase wɔ Galilea, Yohane asubɔ ho asɛnka no akyi. 38Munim sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasareni no. Esiane sɛ Onyankopɔn ka ne ho no nti ɔkɔɔ mmeaemmeae, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yare.

39“Yɛyɛ dwuma a odii wɔ Yudaman mu ne Yerusalem no ho nnansefo. Wɔbɔɔ no asennua mu kum no. 40Nanso ne nnansa so no, Onyankopɔn ma ɔsɔre fii awufo mu ma okoyii ne ho adi. 41Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ nnansefo a Onyankopɔn ayi yɛn dedaw no. Ɔsɔre fii awufo mu no, yɛne no didi nomee. 42Na ɔhyɛɛ yɛn sɛ, yɛnka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yenni ne ho adanse sɛ, ɔno ne nea Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ommu ateasefo ne awufo atɛn no. 43Adiyifo nyinaa kaa ne ho asɛm se, wɔnam ne din so de obiara a ogye no di no bɔne bɛkyɛ no.”

Amanamanmufo Nya Honhom Kronkron

44Petro gu so rekasa no, Honhom Kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so. 45Yudafo agyidifo a wɔne Petro fi Yopa bae no ho dwiriw wɔn sɛ Onyankopɔn ahwie nʼakyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu amanamanmufo no nso so. 46Efisɛ wɔtee sɛ wɔreka kasa foforo reyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kɛseyɛ ho.

Petro kae se, 47“Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛnea yɛn nso yenyaa bi no. Obi betumi asiw wɔn asubɔ ho kwan ana?” 48Petro hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu wɔ Yesu Kristo din mu. Afei wɔsrɛɛ no sɛ onni nna kakra wɔ wɔn nkyɛn.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

使徒行传 10:1-48

哥尼流邀请彼得

1凯撒利亚有一位隶属意大利营的百夫长名叫哥尼流2他和全家都是虔诚敬畏上帝的人,他慷慨周济穷人,常常祷告。 3一天,大约下午三点,他在异象中清楚地看见一位上帝的天使进来呼唤他:“哥尼流!”

4哥尼流惊恐地注视着他,问:“主啊,什么事?”

天使回答说:“你的祷告和周济穷人的善行已经在上帝面前蒙悦纳。 5如今你要派人去约帕,请一个叫西门·彼得的人来。 6他住在一个叫西门的皮革匠家里,房子在海边。”

7向他说话的天使离开后,哥尼流叫来两个家仆和自己的一个敬虔侍卫, 8把刚才的事告诉他们,然后差他们去约帕

彼得见异象

9第二天中午,他们快要到达约帕时,彼得上屋顶去祷告。 10他觉得肚子饿了,想吃东西。那家人正在预备午饭的时候,彼得进入异象, 11看见天开了,有一样东西好像一大块布,四角吊着降到地上, 12里面有各种天上的飞禽、地上的爬虫和四足的走兽。 13然后有声音对他说:“彼得,起来,宰了吃!”

14彼得却说:“主啊!这可不行!我从未吃过任何污秽不洁之物。”

15那声音又一次对他说:“上帝已经洁净的,你不可再称之为不洁净。” 16这样一连三次之后,那块布就被收回天上去了。

17彼得不知所措,正在猜测这异象到底是什么意思,哥尼流的仆人们刚好找来了, 18正站在门口大声问西门·彼得是否住在这里。

19彼得还在苦苦思索的时候,圣灵又对他说:“彼得,外面有三个人来找你, 20快下楼跟他们去,不必多虑,他们是我差来的。” 21彼得就下去见他们,说:“我就是你们要找的人,有什么事?”

22他们说:“哥尼流百夫长是个又正直又敬畏上帝的人,连犹太人都称赞他。上帝的天使指示他请你到他家里去,好听你的指教。”

23彼得就留他们住了一夜。第二天,彼得和他们以及几个约帕的弟兄一同出发了。 24又过了一天,他们到达凯撒利亚哥尼流已经请来亲朋好友,在等候他们。 25他一看见彼得,就迎上去俯伏在他脚前拜他。 26彼得连忙把他扶起来,说:“快起来,我只不过是人。”

27彼得和他边走边谈,进屋后,见聚集了许多人, 28就对他们说:“你们都知道,按照犹太人的传统,我们不可以和外族人来往。但上帝已经指示我不可把任何人视为污秽不洁。 29所以,我受到邀请后,毫不犹豫地来了。请问你们为什么请我来?”

30哥尼流说:“四天前,大约也是下午三点这个时候,我在家里祷告,忽然有一个身穿明亮衣服的人站在我面前, 31说,‘哥尼流,上帝已经垂听了你的祷告,也悦纳你周济穷人的善行。 32你派人去约帕把那位叫西门·彼得的人请来,他住在海边一个叫西门的皮革匠家。’ 33于是我立刻派人去请你。你能来,真是荣幸,现在我们都在上帝面前,想聆听主吩咐你传给我们的话。”

福音临到外族人

34彼得说:“现在我深深地明白,上帝不偏待人。 35无论哪一个民族,只要敬畏祂,秉公行义,都会蒙祂接纳。 36上帝借着万物的主宰——耶稣基督把平安的福音传给以色列人。 37你们都知道,自从约翰宣讲洗礼以来,从加利利开始,整个犹太地区发生了什么事。 38你们也知道,拿撒勒人耶稣是上帝用圣灵和大能膏立的。祂周游四方,广行善事,医好被魔鬼压制的人,因为上帝与祂同在。 39我们亲眼目睹了耶稣在犹太全境和耶路撒冷所做的一切。可是,世人却把祂钉死在十字架上。 40但第三天,上帝使祂从死里复活,并且向人显现, 41不是向所有的人显现,而是向被上帝预先拣选为祂做见证的人显现,就是我们这些在祂复活以后与祂一同吃喝过的人。 42祂命令我们向世人传道,见证祂就是上帝指派来审判活人和死人的那位。 43所有先知也都为祂做见证说,‘谁信祂,谁的罪就能借着祂的名得到赦免。’”

44彼得还在说话的时候,圣灵就降临在每一个听道的人身上。 45彼得一起来的那些严守割礼的信徒,看见圣灵的恩赐也浇灌到外族人身上,都很惊奇。 46因为他们听见这些人又说方言又赞美上帝。于是彼得说: 47“既然这些人已经和我们一样领受了圣灵,谁能阻止他们接受洗礼呢?” 48彼得吩咐他们奉耶稣基督的名受洗。之后,他们又请彼得住了几天。