Amos 5 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Amos 5:1-27

Adwotwa Ne Adwensakra Ho Frɛ

1Tie asɛm yi, mo Israelfo, saa adwotwa yi fa mo ho:

2“Ɔbabun Israel ahwe ase

a ɔrensɔre bio,

wɔapo no wɔ nʼankasa asase so,

na onni obi a ɔbɛma no so.”

3Nea Otumfo Awurade se ni:

“Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfo apem ko ma Israel no,

mu ɔha pɛ na wɔbɛka;

Kurow a ɔde ahoɔdenfo ɔha no,

mu du pɛ na wɔbɛka.”

4Nea Awurade ka kyerɛ Israelfo ni:

“Monhwehwɛ me na munnya nkwa;

5Monnhwehwɛ Bet-El,

monnkɔ Gilgal,

na munntu kwan nkɔ Beer-Seba nso.

Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommum mu

na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”

6Monhwehwɛ Awurade na munnya nkwa,

anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef fi te sɛ ogya;

ɛbɛhyew,

na Bet-El rennya obi anum no.

7Mo a moma atemmu yɛ nwen

na mototo trenee ase.

8Nea ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbeatan ne ne mma,

nea ɔdan sum yɛ no adekyee

na ɔma awia dan adesae.

Nea ɔboaboa po mu nsu ano

na ohwie gu asase so,

ne din ne Awurade.

9Ɔsɛe abandennen ntɛm so

na obubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso,

10motan nea ɔteɛteɛ wɔ asennii

na mubu nea ɔka nokware animtiaa.

11Mutiatia ohiani so

na mohyɛ no gye aduan fi ne nkyɛn.

Enti ɛwɔ mu sɛ mode abo a wɔatwa asisi afi akɛse de,

nanso morentena mu;

ɛwɔ mu sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ de

nanso morennom mu nsa.

12Na minim mo mmarato dodow

ne mo bɔne akɛse no.

Mohyɛ atreneefo so na mugye adanmude

mubu ahiafo ntɛnkyew wɔ asennii.

13Ɛno nti, onyansafo yɛ komm saa mmere yi mu,

efisɛ ɛyɛ mmere bɔne.

14Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa

na ɛnyɛ bɔne.

Na Asafo Awurade Nyankopɔn bɛka wo ho,

sɛnea moka sɛ ɔyɛ no.

15Munkyi bɔne, na monnɔ papa;

Mummu atɛntrenee wɔ asennii.

Ebia, Asafo Awurade Nyankopɔn

benya ahummɔbɔ ama

Yosef nkae no.

16Enti nea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni:

“Adwotwa bɛba mmorɔn nyinaa so

na ɔyaw ne apinisi bɛba mmɔnten so.

Wɔbɛfrɛ akuafo ama wɔabesu

na agyamfo abetwa adwo.

17Wobetwa adwo wɔ bobeturo nyinaa mu,

efisɛ mɛnantew mo mu,”

sɛnea Awurade se ni.

Awurade Da No

18Nnome nka wɔn a

wɔpɛ sɛ Awurade da no ba!

Dɛn nti na mopɛ sɛ Awurade da no ba?

Saa da no bɛyɛ sum, na ɛnyɛ hann.

19Ɛbɛyɛ te sɛ onipa a oguan fi gyata anim

na okohyia sisi,

sɛnea owura ne fi

de ne nsa to ɔfasu so,

na ɔwɔ ka no.

20Na Awurade da no bɛyɛ sum; ɛrenyɛ hann,

ɛbɛyɛ sum kabii a hann nsinsan biara nni mu.

21“Mikyi na mepo mo nyamesom mu aponto;

mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.

22Ɛwɔ mu sɛ mode ɔhyew afɔre ne aduan afɔre brɛ me de,

nanso merennye.

Mode asomdwoe afɔre brɛ me

nanso mʼani rensɔ.

23Momfa mo nnwonto gyegyeegye no mfi me so!

Merentie mo asankuten so nnwom.

24Mmom, momma atɛntrenee nteɛ sɛ asubɔnten,

na trenee nyɛ sɛ asuten a ɛrenyow da!

25“Israelfo, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔde ne ayɛyɛde brɛɛ me

mfe aduanan wɔ sare so ana?

26Mode mo ho nyinaa ato Molok nyame,

ne mo honi Rɛfan so;

wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.

27Ɛno nti, metwa mo asu akɔ Damasko nohɔ,”

sɛnea Awurade a ne din ne Asafo Onyankopɔn se ni.

Asante Twi Contemporary Bible

Amos 5:1-27

Ahunu Ne Adwensakyera

1Tie asɛm yi, mo Israelfoɔ, saa mmenabɔ yi fa mo ho:

2“Ɔbabunu Israel ahwe ase

a ɔrensɔre bio,

wɔapo no ɔno ara asase so,

na ɔnni obi a ɔbɛpagya no.”

3Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie:

“Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfoɔ apem ko ma Israel no,

emu ɔha pɛ na ɛbɛka;

Kuro a ɔde ahoɔdenfoɔ ɔha no,

emu edu pɛ na ɛbɛka.”

4Deɛ Awurade ka kyerɛ Israelfoɔ nie:

“Monhwehwɛ me na monnya nkwa;

5Monnhwehwɛ Bet-El,

monnkɔ Gilgal,

na monntu ɛkwan nkɔ Beer-Seba nso.

Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommumfa mu

na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”

6Monhwehwɛ Awurade na monnya nkwa,

anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef efie te sɛ ogya;

ɛbɛhye,

na Bet-El rennya obi nnum no.

7Mo a moma atemmuo yɛ nwono

na mototo tenenee ase.

8Deɛ ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbaatan ne ne mma,

deɛ ɔdane esum yɛ no adekyeeɛ

na ɔma awia dane adesaeɛ.

Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano

na ɔhwie gu asase so,

ne din ne Awurade.

9Ɔsɛe abandenden ntɛm so

na ɔbubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso,

10motane deɛ ɔtenetene wɔ asɛnniiɛ

na mobu deɛ ɔka nokorɛ animtiaa.

11Motiatia ohiani so

na mohyɛ no gye aduane firi ne nkyɛn.

Enti, ɛwom sɛ mode aboɔ a wɔatwa asisi afie akɛseɛ deɛ,

nanso morentena mu;

ɛwom sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ deɛ

nanso morennom emu nsã.

12Na menim mo mmarato dodoɔ

ne mo bɔne akɛseɛ no.

Mohyɛ teneneefoɔ so na mogye adanmudeɛ

mobu ahiafoɔ ntɛnkyea wɔ asɛnniiɛ.

13Ɛno enti, ɔnyansafoɔ yɛ komm saa mmerɛ yi mu,

ɛfiri sɛ, ɛyɛ mmerɛ bɔne.

14Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa

na ɛnyɛ bɔne.

Na Asafo Awurade Onyankopɔn bɛka wo ho,

sɛdeɛ moka sɛ ɔyɛ no.

15Monkyiri bɔne, na monnɔ papa;

Monni atɛn tenenee wɔ asɛnniiɛ.

Ebia, Asafo Awurade Onyankopɔn

bɛnya ahummɔborɔ ama

Yosef nkaeɛfoɔ.

16Enti deɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie:

“Mmenabɔ bɛba mmorɔno nyinaa so

na ɔyea ne apinisie bɛba mmɔntene so.

Wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsu

na agyamfoɔ abɛtwa adwo.

17Wɔbɛbɔ mmena wɔ bobeturo nyinaa mu,

ɛfiri sɛ mɛnante mo mu,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Awurade Ɛda No

18Nnome nka wɔn a

wɔpɛ sɛ Awurade da no ba!

Deɛn enti na mopɛ sɛ Awurade da no ba?

Saa ɛda no bɛyɛ esum, na ɛnnyɛ hann.

19Ɛbɛyɛ te sɛ ɔnipa a ɔdwane firi gyata anim

na ɔkohyia sisire,

sɛ deɛ owura ne fie

de ne nsa to ɔfasuo so,

na ɔwɔ ka no.

20Na Awurade da no bɛyɛ esum; ɛrenyɛ hann,

ɛbɛyɛ esum kabii a ɛhan nsensaneɛ biara nni mu.

21“Mekyiri na mepo mo nyamesom mu apontoɔ;

mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.

22Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ,

nanso merennye.

Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ me

nanso mʼani rensɔ.

23Momfa mo nnwontoɔ gyegyeegye no mfiri me so!

Merentie mo asankuten so nnwom.

24Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten,

na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da!

25“Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me

mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa?

26Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame,

ne mo honi Rɛfan so;

wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.

27Ɛno enti, mɛtwa mo asuo akɔ Damasko nohoa,”

sɛdeɛ Awurade a ne din ne Onyankopɔn Otumfoɔ seɛ nie.