Amos 3 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Amos 3:1-15

Wɔfrɛ Nnansefo Tia Israel

1Muntie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Israelfo, nea etia abusua a miyii wɔn fii Misraim no nyinaa:

2“Mo nko ara na mayi mo

wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu;

enti mɛtwe mo aso

wɔ mo bɔne nyinaa ho.”

3Nnipa baanu betumi abɔ mu anantew,

wɔ bere a wɔnyɛɛ nokoro ana?

4Gyata bobɔ mu wɔ ɔdɔtɔ ase

wɔ bere a onhuu hanam biara ana?

Ɔbobɔ mu wɔ ne tu mu

wɔ bere a ɔnkyeree hanam biara ana?

5Anomaa bɛtɔ afiri mu wɔ fam

wɔ baabi a wonsum afiri ana?

Afiri huan konkɔn hɔ wɔ

bere a enyii aboa ana?

6Sɛ wɔhyɛn torobɛnto wɔ kuropɔn mu a

nnipa no ho mpopo ana?

Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a

ɛnyɛ Awurade na ɔyɛe ana?

7Ampa ara, Otumfo Awurade nyɛ biribi

a ɔnna ne nhyehyɛe adi

nkyerɛ nʼAsomafo adiyifo no.

8Gyata no abobɔ mu,

hena na onnsuro?

Otumfo Awurade akasa,

hena na ɔrenhyɛ ho nkɔm?

9Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban

ne Misraim aban:

“Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔw so;

hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ no so

ne nhyɛso a ɛwɔ ne nkurɔfo mu.”

10“Wonnim sɛnea wɔyɛ nea eye,”

sɛnea Awurade se ni.

“Wɔde nneɛma a wɔafow ne nea wɔawia

sie wɔ wɔn aban mu.”

11Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se,

“Ɔtamfo bi betwiw afa mo asase no so;

Obebubu mo bammɔ agu,

na wɔafow mo aban.”

12Nea Awurade se ni:

“Sɛnea oguanhwɛfo gye

anan abien nnompe anaa aso sin pɛ

fi gyata anum no,

saa ara na wobegye Israelfo nkwa,

wɔn a wɔtete wɔn mpa ntwea so wɔ Samaria,

ne wɔn a wɔdeda nkongua pa mu wɔ Damasko no.”

13“Tie eyi, na di adanse tia Yakobfi,”

sɛnea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni.

14“Da a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no,

mɛsɛe afɔremuka a ɛwɔ Bet-El;

wobetwitwa afɔremuka no mmɛn

na abu ahwe fam.

15Medwiriw awɔwbere mu ofi

ne ahuhurubere mu ofi agu;

na afi a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no

na afi akɛse no nso wobebubu agu,”

sɛnea Awurade se ni.

Asante Twi Contemporary Bible

Amos 3:1-15

Wɔfrɛ Adansefoɔ Tia Israel

1Montie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Ao, Israelfoɔ, deɛ ɛtia abusua a meyii wɔn firii Misraim no nyinaa:

2“Mo nko ara na mayi mo

wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu;

enti mɛtwe mo aso

wɔ mo bɔne nyinaa ho.”

3Nnipa baanu bɛtumi abom anante,

wɔ ɛberɛ a wɔnyɛɛ anokorɔ anaa?

4Gyata bobom wɔ dɔtɔ ase

wɔ ɛberɛ a ɔnhunuu ahaboa biara anaa?

Ɔpɔ so wɔ ne buo mu

wɔ ɛberɛ a ɔnkyeree ahaboa biara anaa?

5Anomaa bɛtɔ afidie mu wɔ fam

wɔ baabi a wɔnnsum afidie anaa?

Afidie hwan wɔ

ɛberɛ a ɛnyii aboa anaa?

6Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto wɔ kuropɔn mu a

nnipa no ho mpopo anaa?

Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a

ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ anaa?

7Ampa ara, Otumfoɔ Awurade nnyɛ biribi

a ɔnna ne nhyehyeɛ adi

nkyerɛ nʼAsomafoɔ adiyifoɔ no.

8Gyata no abobom,

hwan na ɔnnsuro?

Otumfoɔ Awurade akasa,

hwan na ɔrenhyɛ ho nkɔm?

9Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban

ne Misraim aban:

“Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so;

hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so

ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.”

10“Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia

sie wɔ wɔn aban mu.

11Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,

“Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so;

Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu,

na wafo wʼaban.”

12Deɛ Awurade seɛ nie:

“Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye

nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin

firi gyata anom no,

saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa,

wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria,

ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.”

13“Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie.

14“Ɛda a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no,

mɛsɛe afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El;

wɔbɛtwitwa afɔrebukyia no mmɛn

na abu ahwe fam.

15Mɛdwiri awɔberɛ efie

ne ahuhuro berɛ efie agu;

na afie a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no

na afie akɛseɛ no nso wɔbɛbubu agu,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.