Adiyisɛm 6 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 6:1-17

Nsɔwano No

1Afei mihuu sɛ Oguamma no atew nsɔwano ason no mu nea edi kan no ano, na metee sɛ ateasefo baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka se, “Bra!” 2Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ fitaa bi wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no kura agyan na wɔmaa no ahenkyɛw. Ɔkɔɔ sɛ nkonimdifo kodii nkonim.

3Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abien no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abien no reka se, “Bra!” 4Ɔpɔnkɔ foforo a ɔyɛ kɔkɔɔ bae. Ɔmaa nea ɔte ne so no tumi se ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no afoa kɛse bi.

5Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abiɛsa no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no reka se, “Bra!” Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafo no kura nsania abien. 6Metee biribi te sɛ nne bi fii ateasefo baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Awi susukoraa yɛ da koro akatua, na aburow susukoraa abiɛsa nso yɛ da koro akatua. Nanso nsɛe ngo ne bobesa no!”

7Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anan no ano na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so anan no reka se, “Bra!” 8Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefo no din “Owu,” na Asaman di nʼakyi pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛmu anan mu baako so tumi sɛ ɔmfa ɔko, ɔkɔm, ɔyare ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkunkum wɔn.

9Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anum no ano. Mihuu afɔremuka bi, na ase na wɔn a wokum wɔn wɔ asɛmpa no ne gyidi no ho adansedi akra wɔ. 10Wɔde nne a ano yɛ den kae se, “Otumfo Awurade, Ɔkronkronni ne Nokwafo! Woretwɛn akosi da bɛn ansa na wɔabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn, na wɔatwe wɔn aso sɛ wokunkum yɛn?” 11Wɔmaa wɔn mu biara atade fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntwɛn kakra nkosi sɛ wobekum wɔn nuanom asomfo abɛka wɔn ho.

12Na mihuu sɛ Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so asia no ano. Na asasewosow a ano yɛ den ba maa owia yɛɛ tumm sɛ birisii, na ɔsram yɛɛ kɔɔ sɛ mogya. 13Na nsoromma tetew fii soro bɛhwee asase so te sɛnea mframa a ano yɛ den bɔ borɔdɔma bun ma ɛtetew gu fam pɛ. 14Ɔsoro yeraa te sɛ nhoma a wɔabobɔw, na mmepɔw ne asupɔw fii wɔn atenae.

15Na asase so ahemfo ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu abotan mu. 16Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw no ne abotan no se, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie, sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɔte ahengua no so no ani renhu yɛn, na yemfi Oguamma no abufuw ano. 17Wɔn abufuw no da kɛse adu, na hena na obetumi agyina ano?”

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 6:1-17

Nsɔano

1Afei, mehunuu sɛ Odwammaa no ate nsɔano nson no mu deɛ ɛdi ɛkan ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka sɛ, “Bra!” 2Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ fitaa bi wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no kura agyan na wɔmaa no ahenkyɛ. Ɔkɔeɛ sɛ nkonimdifoɔ kɔdii nkonim.

3Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so mmienu no ano, na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no reka sɛ, “Bra!” 4Ɔpɔnkɔ foforɔ a ɔyɛ kɔkɔɔ baeɛ. Wɔmaa deɛ ɔte ne so no tumi sɛ ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no akofena kɛseɛ bi.

5Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano, na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no reka sɛ, “Bra!” Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafoɔ no kura nsania mmienu. 6Metee biribi te sɛ nne bi firi ateasefoɔ baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Ayuo susukora yɛ ɛda koro akatua, ɛnna aburoo susukora mmiɛnsa nso yɛ ɛda koro akatua. Nanso, nsɛe nsrango no ne bobesa no!”

7Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nan no ano na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nan no reka sɛ, “Bra!” 8Mehwɛeɛ na mehunuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefoɔ no din “Owuo”, na Asaman di nʼakyi pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛmu nan mu baako so tumi sɛ ɔmfa ɔko, ɔkɔm, yadeɛ ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkunkum wɔn.

9Afei Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so enum no ano. Mehunuu afɔrebukyia bi, na aseɛ na wɔn a wɔkumm wɔn wɔ asɛnka no ho na wɔde gyidie dii adanseɛ no akra wɔ. 10Wɔde nne a ano yɛ den kaa sɛ, “Otumfoɔ Awurade, Ɔkronkronni ne Nokwafoɔ! Woretwɛn akɔsi da bɛn ansa na wɔabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn, na wɔatwe wɔn aso sɛ wɔkunkum yɛn?” 11Wɔmaa wɔn mu biara atadeɛ fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntwɛn kakra kɔsi sɛ wɔbɛkum wɔn nuanom asomfoɔ abɛka wɔn ho.

12Na mehunuu sɛ Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano. Na asasewosoɔ a ano yɛ den baeɛ maa owia yɛɛ tumm sɛ ayitoma, na ɔsrane yɛɛ kɔɔ sɛ mogya. 13Na nsoromma tete firii soro bɛhwee asase so te sɛ deɛ mframa a ano yɛ den bɔ borɔdɔma bunu ma ɛtete gu fam pɛ. 14Ɔsoro yeraeɛ te sɛ nwoma a wɔabobɔ, na mmepɔ ne nsupɔ firii wɔn atenaeɛ.

15Na asase so ahemfo ne nnipa akɛseɛ ne asafohene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa hintahintaa abodan ne mmepɔ mu abotan mu. 16Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ no ne abotan no sɛ, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, deɛ ɔte ahennwa no so no ani renhunu yɛn, na yɛmfiri Odwammaa no abufuo ano. 17Wɔn abufuo no ɛda kɛseɛ aduru, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?”