Adiyisɛm 4 – AKCB & NVI-PT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 4:1-11

Ɔsoro Pon A Wɔabue

1Eyi akyi no, mehwɛ huu ɔpon a abue wɔ ɔsoro. Na nne bi akasa akyerɛ me pɛn na nnyigyei a ɛte sɛ torobɛnto no kae se, “Foro bra ha, na mɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ esi wɔ eyi akyi.” 2Prɛko pɛ, na Honhom no faa me. Na ahengua bi si ɔsoro hɔ a obi te so. 3Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛbo ne bogyanambo. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia. 4Na ahengua nketewa aduonu anan atwa ahengua kɛse no ho ahyia a mpanyimfo aduonu anan na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛw. 5Na anyinam ne aprannaa bobɔ mu fi ahengua no mu. Na akanea ason a wɔasosɔ redɛw wɔ ahengua no anim. Eyinom yɛ Onyankopɔn ahonhom ason. 6Na biribi te sɛ ahwehwɛ po a ɛyɛ kurunnyenn sɛ ahwehwɛ da ahengua no anim.

Mfimfini hɔ na ateasefo baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi na wɔatwa ahengua no ho ahyia wɔ. 7Na ɔteasefo a odi kan no te sɛ gyata; nea ɔto so abien no te sɛ nantwi ba; nea ɔto so abiɛsa no anim te sɛ onipa; na nea ɔto so anan no te sɛ ɔkɔre a ɔretu. 8Na ateasefo baanan no mu biara wɔ ntaban asia a ani tuatua akyi ne anim nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom se,

“Kronkron, Kronkron

ne Awurade Nyankopɔn Tumfo a

ɔtenaa hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔrebɛba no.”

9Saa ateasefo baanan no to nnwom de hyɛ nea ɔte ahengua no so a ɔte hɔ daa daa no anuonyam, de ma no nidi, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a, 10mpanyimfo aduonu anan no butubutuw nea ɔte ahengua no so no anim som nea ɔte hɔ daa daa no. Wɔtow wɔn ahenkyɛw gu ahengua no anim ka se:

11“Yɛn Awurade ne Nyankopɔn,

wofata sɛ wunya anuonyam, nidi ne tumi,

efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,

na wo pɛ mu nti na wɔte hɔ.”

Nova Versão Internacional

Apocalipse 4:1-11

O Trono no Céu

1Depois dessas coisas olhei, e diante de mim estava uma porta aberta no céu. A voz que eu tinha ouvido no princípio, falando comigo como trombeta, disse: “Suba para cá, e mostrarei a você o que deve acontecer depois dessas coisas”. 2Imediatamente me vi tomado pelo Espírito, e diante de mim estava um trono no céu e nele estava assentado alguém. 3Aquele que estava assentado era de aspecto semelhante a jaspe e sardônio. Um arco-íris, parecendo uma esmeralda, circundava o trono, 4ao redor do qual estavam outros vinte e quatro tronos, e assentados neles havia vinte e quatro anciãos. Eles estavam vestidos de branco e na cabeça tinham coroas de ouro. 5Do trono saíam relâmpagos, vozes e trovões. Diante dele estavam acesas sete lâmpadas de fogo, que são os sete espíritos de Deus. 6E diante do trono havia algo parecido com um mar de vidro, claro como cristal.

No centro, ao redor do trono, havia quatro seres viventes cobertos de olhos, tanto na frente como atrás. 7O primeiro ser parecia um leão, o segundo parecia um boi, o terceiro tinha rosto como de homem, o quarto parecia uma águia em voo. 8Cada um deles tinha seis asas e era cheio de olhos, tanto ao redor como por baixo das asas. Dia e noite repetem sem cessar:

“Santo, santo, santo

é o Senhor, o Deus todo-poderoso,

que era, que é e que há de vir”.

9Toda vez que os seres viventes dão glória, honra e graças àquele que está assentado no trono e que vive para todo o sempre, 10os vinte e quatro anciãos se prostram diante daquele que está assentado no trono e adoram aquele que vive para todo o sempre. Eles lançam as suas coroas diante do trono e dizem:

11“Tu, Senhor e Deus nosso,

és digno de receber a glória, a honra e o poder,

porque criaste todas as coisas,

e por tua vontade elas existem

e foram criadas”.