Adiyisɛm 3 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 3:1-22

Sardi Asafo No Nhoma

1“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Sardi no se:

Eyi ne asɛm a efi nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no nkyɛn.

Minim nea woreyɛ. Minim sɛ woagye din sɛ wote ase, nanso woawu. 2Enti nyan, na kanyan nea aka wɔ wo nkyɛn no na anwu koraa. Efisɛ mahu sɛ nea woayɛ no nnya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim ɛ. 3Kae nea wɔkyerɛɛ wo no ne sɛnea wotee no. Di so na twe wo ho fi wo bɔne ho. Sɛ woankanyan wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfo,3.3 Ɛnyɛ Kristo ba a ɔbɛba mprenu so no mfatoho ni. Ne ba no gyina asafo no sakra a wɔnsakra wɔn adwene no so. Apam Foforo mu baabi no, nea saa ɔkasasin yi gyina hɔ ma ne ne mmae a ɛto so abien no (16.15; Mat 24.42-46; 1 Te 5.2; 2 Pe 3.10). na worenhu bere ko a mɛba.

4Nanso mo mu kakraa bi a wɔwɔ Sardi no mfaa wiase nkekae nkekaa wɔn ntade mu ɛ. Wɔbɛhyɛ ntade fitaa na wɔne me anantew, efisɛ ɛsɛ, wɔfata sa. 5Nea obedi nkonim no bɛhyɛ atade fitaa sɛ wɔn ara, na merentwa ne din mfi ateasefo nhoma no mu da. Na mɛda ne din adi wɔ mʼAgya no ne nʼabɔfo anim sɛ ɔyɛ me dea. 6Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.

Filadelfia Asafo No Nhoma

7“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Filadelfia no se:

Eyi ne asɛm a efi nea ɔyɛ kronkron na ɔyɛ nokware na okura Dawid safe no nkyɛn. Nea obue a, obi ntumi nto mu na sɛ ɔto mu nso a, obi ntumi mmue no.

8Minim nea woyɛ. Minim sɛ wowɔ tumi kakra. Woadi me nkyerɛkyerɛ no so, nam so adi me nokware. Mabue ɔpon bi wɔ wʼanim a obi ntumi nto mu. 9Tie! Kuw a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofo a wɔka se wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba wʼanim abebu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa behu sɛ medɔ wo. 10Esiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ nti, sɛ ɔhaw a ɛreba wiase nyinaa de bɛsɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, megye wo afi mu.

11Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapade, na obi anwia wo nkonim abotiri no. 12Nea obedi nkonim no, mɛyɛ no odum wɔ me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi mu bio da. Mɛkyerɛw me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kurow din a ɛyɛ Yerusalem foforo a ebefi ɔsoro, me Nyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛkyerɛw me din foforo agu ne ho. 13Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.

Laodikea Asafo No Nhoma

14“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Laodikea asafo mu no se:

Eyi ne asɛm a efi Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔe no sodifo no nkyɛn.

15Minim nea woayɛ. Minim sɛ wonyɛ nwini nso wonyɛ hyew. Me pɛ ne sɛ anka wobɛyɛ mu baako. 16Nanso esiane sɛ woyɛ boturobodwo, na wonyɛ hyew na wonyɛ nwini nti, merebɛte wo sɛ ntasu afi mʼanom. 17Woka se, ‘meyɛ ɔdefo na manya me ho na mewɔ nea ehia me nyinaa.’ Nanso, wunnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagyaw, na wʼani afura. 18Enti mitu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ ankasa, fi me nkyɛn, sɛnea ɛbɛma woayɛ ɔdefo. Afei, tɔ ntade fitaa hyɛ na fa kata wʼanimguase adagyaw no so. Afei tɔ aduru gu wʼani so, sɛnea wubehu ade.

19Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa aso. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho fi bɔne ho. 20Tie! Migyina ɔpon no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na obue ɔpon no a, mɛba mu na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi.

21Mɛma nkonimdifo no atena mʼahengua no ho, sɛnea madi nkonim nti, mete mʼAgya ahengua ho mprempren no. 22Sɛ wowɔ aso a, ɛno de tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

启示录 3:1-22

给撒狄教会的信

1“你要写信告诉撒狄教会的天使,有上帝的七灵又有七颗星的主说,

‘我知道你的行为,你名义上活着,实际上是死的。 2你要警醒!把所剩无几、奄奄一息的生命振作起来,因为我发现你的行为在我的上帝面前不纯全。 3因此,要回想你以前所领受、所听见的教导,遵守这些教导,并且悔改。你若不警醒,我必在你意想不到的时候像贼一样忽然来到。 4不过在撒狄,你还有几个人未曾玷污自己的衣服,他们要穿白袍与我同行,因为他们配得这样。 5得胜者必同样穿上白袍,我绝不会从生命册上抹去他的名字,我必在我父和众天使面前承认他的名。

6‘圣灵对各教会所说的话,凡有耳朵的都应当听。’

给非拉铁非教会的信

7“你要写信告诉非拉铁非教会的天使,那位圣洁、真实、拿着大卫的钥匙、开了门无人能关、关了门无人能开的主说,

8‘我知道你的行为,你力量微小,却遵守了我的教导,没有背弃我的名。所以,看啊!我在你面前为你打开了一扇无人能关闭的门。 9看啊!我要使撒旦的同伙,就是那些假冒犹太人的说谎者,在你面前俯伏下拜,让他们知道你是我所疼爱的。 10因为你遵守我有关坚忍的教导,所以当将来的试炼临到全人类的时候,我必使你免受磨难。 11我很快就要来了!你要持守你所拥有的,免得有人夺去你的冠冕。 12我要使得胜者在我上帝的殿中作栋梁,永不离开。我要将我上帝的名号和我上帝圣城的名号,就是从天上我上帝那里降下来的新耶路撒冷和我自己的新名号,都刻在他上面。

13‘圣灵对各教会所说的话,凡有耳朵的都应当听。’

给老底嘉教会的信

14“你要写信告诉老底嘉教会的天使,那位实实在在3:14 那位实实在在”希腊文是“那位阿们的”。、诚信无伪的见证人,就是上帝所造万物的元首说,

15‘我知道你的行为,你不冷也不热。我情愿你或冷或热, 16可是现在你却像温水一样不冷不热,我必将你从我口中吐出去! 17你说,我很富有,已经发了财,什么都不缺。你却不知道自己困苦、可怜、贫穷、瞎眼、赤身露体。 18我劝你向我买精炼的金子,使你真正富有。你也要向我买白袍穿在身上,好遮盖你赤身露体的羞辱。你也要向我买眼药抹眼睛,使你能看见。 19凡我所爱的,我都会责备、管教。因此,你要热心起来,也要悔改。 20看啊!我站在门外敲门,若有谁闻声开门,我必进去,我与他,他与我,一同坐席吃饭。 21得胜者可以和我一同坐在我的宝座上,正如我得胜后与我父一同坐在祂的宝座上一样。

22‘圣灵对各教会所说的话,凡有耳朵的都应当听。’”