Adiyisɛm 21 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 21:1-27

Ɔsoro Foforo Ne Asase Foforo

1Afei mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan ɔsoro ne kan asase no atwa mu, na po nso nni hɔ bio. 2Na mihuu Kurow Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforo sɛ efi Onyankopɔn hɔ wɔ ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayeforo a ɔrekohyia ne kunu. 3Metee nne dennen bi fi ahengua no so se, “Afei, Onyankopɔn atenae wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfo. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Nyankopɔn. 4Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nni hɔ bio. Na kan nneɛma no atwa mu.”

5Afei nea ɔte ahengua no so no kae se, “Afei mereyɛ nneɛma nyinaa foforo!” Ɔka kyerɛɛ me nso se, “Kyerɛw eyi, efisɛ saa nsɛm yi yɛ nokware a wɔde wɔn ho to so.”

6Na ɔka kyerɛɛ me se, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Mfiase ne Awiei no. Obiara a osukɔm de no no, mɛma no nsu a efi nkwa asuti mu anom kwa. 7Obiara a obedi nkonim no benya eyi afi me nkyɛn. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba. 8Nanso ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyiwadeyɛfo ne awudifo ne nguamanfo ne asumanfo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw wɔ mu no mu. Ɛno ne owuprenu no.”

Yerusalem Foforo No

9Abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw ason a etwa to no ahyɛ ma wɔ mu baako baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforo a ɔyɛ Oguamma no yere no.” 10Honhom no faa me, na ɔbɔfo no de me kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kurow Kronkron a efi ɔsoro, Onyankopɔn hɔ, resian aba fam. 11Ɛhyerɛn Onyankopɔn anuonyam mu, na ne hyerɛn no te sɛ aboɔdemmo a ɛsɛ ahwehwɛbo a ani tew sɛ ahwehwɛ. 12Na ne fasu no wɔ ahoɔden na ɛware yiye nso. Apon dumien gu ano a, abɔfo dumien na wɔhwɛ so. Na ɔpon biara so no wɔakyerɛw Israel mmusuakuw dumien no mu baako din. 13Apon abiɛsa wɔ apuei; abiɛsa wɔ anafo; abiɛsa wɔ atifi na abiɛsa wɔ atɔe. 14Wosii kurow no afasu sii abo dumien a wɔakyerɛw Oguamma no asomafo dumien no din wɔ so no so.

15Ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ pema susudua a wɔde besusuw kurow no, nʼapon ne nʼafasu. 16Na kurow no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛw yɛ pɛ. Ɔbɔfo no de ne susudua no susuw kurow no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem abien ne ahannan (2,400), na ne trɛw, ne sorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ. 17Ɔbɔfo no susuw ɔfasu no nso a na ne sorokɔ nso bɛyɛ sɛ mita aduosia. 18Ahwehwɛbo na ɔde too afasu no. Na kurow no de, sikakɔkɔɔ ankasa a ɛhyerɛn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toe. 19Wɔde aboɔdemmo ahorow a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kurow no fapem. Fapem a edi kan yɛ ahwehwɛbo. Fapem a ɛto so abien yɛ hoabo. Fapem a ɛto so abiɛsa yɛ omununkumbo. Fapem a ɛto so anan yɛ ahabammono bo. 20Fapem a ɛto so anum yɛ ɛtɔnbo. Fapem a ɛto so asia yɛ bogyanambo. Fapem a ɛto so ason yɛ sikabereɛbo. Fapem a ɛto so awotwe yɛ apopobibiribo. Fapem a ɛto so akron yɛ akraatebo. Fapem a ɛto so du yɛ dɛnkyɛmmo. Fapem a ɛto so dubaako yɛ wusiwbo. Fapem a ɛto so dumien yɛ beredumbo. 21Na wɔde nhene pa dumien na ɛyɛɛ apon dumien no. Wɔde ahene pa baako na ɛyɛɛ apon no mu biara. Na kurow no abɔntenkɛse no yɛ sika ankasa, kurunnyenn sɛ ahwehwɛ.

22Na manhu asɔredan wɔ kurow no baabiara mu, efisɛ Awurade Nyankopɔn Tumfo ne Oguamma no ne asɔredan. 23Na owia anaa ɔsram hann nhia kurow no, efisɛ na Onyankopɔn ne Oguamma no anuonyam hyerɛn wɔ hɔ. 24Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman so ahene de wɔn ahode bɛba hɔ. 25Wɔntoto kurow no apon mu. Da biara ano da hɔ. Efisɛ sum nnuru wɔ hɔ. 26Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kurow no mu. 27Nanso biribiara a ɛho ntew nkɔ kurow no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwude anaa otwa atoro nkɔ mu. Wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguamma no nkwa nhoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kurow no mu.

Asante Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 21:1-27

Ɔsoro Foforɔ Ne Asase Foforɔ

1Afei, mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na kane ɔsoro ne kane asase no atwam, na ɛpo nso nni hɔ bio. 2Na mehunuu Kuro Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforɔ sɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ wɔ ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayeforɔ a ɔrekɔhyia ne kunu. 3Metee nne denden bi firi ahennwa no so sɛ, “Afei, Onyankopɔn atenaeɛ wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfoɔ. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Onyankopɔn. 4Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa. Na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea nni hɔ bio. Na kane nneɛma no atwam.”

5Afei, deɛ ɔte ahennwa no so no kaa sɛ, “Afei, mereyɛ nneɛma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei, ɛfiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wɔde wɔn ho to so.”

6Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no. Obiara a sukɔm de no no, mɛma no nsuo a ɛfiri nkwa asutire mu anom kwa. 7Obiara a ɔbɛdi nkonim no bɛnya yei afiri me nkyɛn. Mɛyɛ ne Onyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba. 8Nanso, ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nni ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a ogya ne sɔfe dɛre wɔ mu no. Ɛno ne owuprenu no.”

Yerusalem Foforɔ No

9Abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson a ɔhaw nson a ɛtwa toɔ no ahyɛ ma wɔ mu baako baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Odwammaa no yere no.” 10Honhom no faa me, na ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ bepɔ tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kuro Kronkron a ɛfiri ɔsoro, Onyankopɔn hɔ, resiane aba fam. 11Ɛhyerɛn Onyankopɔn animuonyam mu, na ne hyerɛn no te sɛ aboɔdenboɔ a ɛsɛ ahwehwɛboɔ a ani te sɛ ahwehwɛ. 12Na ne ɔfasuo no wɔ ahoɔden na ɛware yie nso. Apono dumienu gu ano a, abɔfoɔ dumienu na wɔhwɛ so. Na ɛpono biara so no wɔatwerɛ Israel mmusuakuo dumienu no mu baako din. 13Apono mmiɛnsa wɔ apueeɛ; mmiɛnsa wɔ anafoɔ; mmiɛnsa wɔ atifi ɛnna mmiɛnsa wɔ atɔeɛ. 14Wɔsii kuro no afasuo sii aboɔ dumienu a wɔatwerɛ Odwammaa no asomafoɔ dumienu no din wɔ so no so.

15Ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ poma susudua a wɔde bɛsusu kuro no, nʼapono ne nʼafasuo. 16Na kuro no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛ yɛ pɛ. Ɔbɔfoɔ no de ne susudua no susuu kuro no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem mmienu ne ahanan (2,400), na ne tɛtrɛtɛ, ne ɔsorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ. 17Ɔbɔfoɔ no susuu ɔfasuo no nso a na ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ sɛ mita aduosia. 18Ahwehwɛboɔ na ɔde too afasuo no. Na kuro no deɛ, sikakɔkɔɔ amapa a ɛhyerɛn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toeɛ. 19Wɔde aboɔdenboɔ ahodoɔ a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kuro no fapem. Fapem a ɛdi ɛkan yɛ ahwehwɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so mmienu yɛ aboɔdemmoɔ. Fapem a ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ omununkumboɔ. Fapem a ɛtɔ so ɛnan yɛ ahahammonoboɔ. 20Fapem a ɛtɔ so enum yɛ ɛtɔnboɔ. Fapem a ɛtɔ so nsia yɛ bogyanamboɔ. Fapem a ɛtɔ so nson yɛ sikabereɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so nwɔtwe yɛ apopobibirieboɔ. Fapem a ɛtɔ so nkron yɛ akraateboɔ. Fapem a ɛtɔ so edu yɛ dɛnkyɛmmoɔ. Fapem a ɛtɔ so dubaako yɛ wisiboɔ. Fapem a ɛtɔ so dumienu yɛ beredumboɔ. 21Na wɔde nhwene pa dumienu na ɛyɛɛ apono dumienu no. Apono no mu biara, wɔde ahene pa baako na ɛyɛeɛ. Na kuro no abɔntene kɛseɛ yɛ sika amapa kronn a ɛte sɛ ahwehwɛ.

22Na manhunu asɔredan wɔ kuro no mu baabiara ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ ne Odwammaa no ne asɔredan. 23Na owia anaa ɔsrane hann nhia kuro no ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ne Odwammaa no animuonyam hyerɛn wɔ hɔ. 24Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman so ahene de wɔn ahodeɛ bɛba hɔ. 25Wɔntoto kuro no apono mu. Ɛda biara ano da hɔ. Ɛfiri sɛ, esum nnuru wɔ hɔ. 26Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kuro no mu. 27Nanso, biribiara a ɛho nte nkɔ kuro no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa ɔtwa atorɔ nkɔ mu. Wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Odwammaa no nkwa nwoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kuro no mu.