Adiyisɛm 13 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 13:1-18

Mmoa Abien Bi

1Afei mihuu sɛ aboa bi apue fi po no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn du ne ti ason a na ahenkyɛw hyehyɛ mmɛn no biara so na din a egu Onyankopɔn ho fi bobɔ ti no ho. 2Aboa a mihuu no no, na ɔte sɛ ɔsebɔ a ne nan te sɛ sisi, na nʼano nso te sɛ gyata. Ɔwɔ no de ɔno ankasa ahoɔden ne nʼahengua ne ne tumi nyinaa maa aboa no. 3Mihuu sɛ na opirakuru kɛse bi aba ne ti baako ho a kuru no ayɛ sɛ nea awu. Aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa, enti wotu dii nʼakyi. 4Nnipa nyinaa som ɔwɔ no efisɛ ɔde ne tumi nyinaa ama aboa no. Wɔsom aboa no nso kae se, “Hena na ɔte sɛ aboa no? Na hena na obetumi ne no ako?”

5Wɔmaa aboa no kwan ma ɔkaa abususɛm akɛseakɛse tiaa Onyankopɔn, na wɔmaa no tumi sɛ ɔnyɛ nea ɔpɛ biara asram aduanan abien. 6Ofii ase domee Onyankopɔn, ne din, baabi a ɔte ne wɔn a wɔte ɔsoro nyinaa. 7Wɔmaa no kwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfo koe sɛ obedi wɔn so. Na wɔmaa no aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa so tumi. 8Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no: obiara a wɔankyerɛw ne din anhyɛ ateasefo nhoma a ɛwɔ Oguamma a wokum no ansa na wɔrebɔ wiase no mu.

9“Tie, wo a wowɔ aso, betie no.

10“Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no,

wɔbɛkyere no.

Obiara a ɛsɛ sɛ wokum no afoa ano no,

wobekum no.”

Eyi mu boasetɔ ne gyidi ho hia Onyankopɔn nkurɔfo.

11Afei mihuu aboa foforo a ɔrepue afi asase mu. Na ɔwɔ mmɛn abien te sɛ nguantenmma, nanso na ɔkasa te sɛ ɔwɔ no. 12Osii aboa a odi kan no anan mu de ne tumi kɛse no dii dwuma, na ɔhyɛɛ asase ne so nnipa sɛ wɔnsom nea nʼapirakuru no awu no. 13Aboa a ɔto so abien yi yɛɛ anwonwade akɛse bebree. Ɔmaa ogya fii soro baa asase so wɔ nnipa nyinaa anim. 14Na ɔnam anwonwade a wɔmaa no ho kwan yɛe wɔ aboa a odi kan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa se, wonsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde afoa piraa no nanso nʼapirakuru no awu na ɔte ase no anuonyam. 15Wɔmaa aboa a ɔto so abien no kwan ma ɔhomee nkwa guu aboa a odi kan honi no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ohoni no betumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no. 16Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛse; adefo ne ahiafo, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho sɛ wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyirae. 17Obiara nni ho kwan sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔn, gye sɛ wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma din no hyɛ ne ho agyirae.

18Eyi hia ma nyansa. Obiara a onim nyansa no betumi ahu nsɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma aboa no ase, efisɛ nsɛnkyerɛnne no gyina hɔ ma onipa din. Ne nsɛnkyerɛnne yɛ ahansia aduosia asia.