Adiyisɛm 12 – AKCB & OL

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 12:1-18

Ɔbea No Ne Ɔwɔ No

1Afei nsɛnkyerɛnne kɛse bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔbea bi, na nʼatade yɛ owia a ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien ahenkyɛw hyɛ no. 2Na ɔyem a ɔrebɛwo, na awoyaw nti na ɔresu. 3Nsɛnkyerɛnne kɛse foforo bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro: Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi a ne ti yɛ ason na ɔwɔ mmɛn du a ahenkyɛw hyehyɛ biara so. 4Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako tow wɔn guu fam. Ogyinaa ɔbea a ɔrewo no anim, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abofra no awe. 5Afei ɔbea no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bedi aman nyinaa so. Nanso wohwim abofra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahengua ho. 6Ɔbea no guan kɔɔ sare so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yiye wɔ nnafua mpem ahannu aduosia mu.

7Afei ɔko sii ɔsoro hɔ. Mikael ne nʼabɔfo ko tiaa ɔwɔ no, na ɔno nso ne nʼabɔfo ko tiae. 8Nanso wodii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfo antena ɔsoro bio. 9Wɔtow ɔwɔ kakraka no kyenee. Ɔno ne ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa wiase nyinaa no. Wɔtow ɔno ne nʼabɔfo nyinaa guu asase so.

10Afei metee nne dennen bi wɔ ɔsoro a ɛka se,

“Afei na Onyankopɔn nkwagye aba!

Afei na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene!

Afei na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi,

efisɛ yɛn nuanom no ahohorabɔni a

ogyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no,

wɔapam no afi ɔsoro.

11Yɛn nuanom no nam Oguamma no mogya so

ne nokware a ɔdaa no adi no so

dii ne so nkonim.

Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ

na wɔawuwu.

12Enti mo ɔsoro ne mo a motete hɔ no,

momma mo ani nnye.

Afei asase ne po nnue!

Efisɛ ɔbonsam no atoa mo

na ne bo afuw

efisɛ onim sɛ, ne bere a aka sua.”

13Bere a ɔwɔ no huu sɛ wɔatow no akyene asase so no, ɔtaa ɔbea a wawo abarimaa no. 14Wɔmaa ɔbea no ɔkɔre ntaban akɛse abien, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atu akɔ faako a wɔasiesie ama no wɔ sare so hɔ a wɔbɛhwɛ no mfe abiɛsa ne fa sɛnea ɔwɔ no renni nʼakyi bio. 15Afei ɔwɔ no puw nsu te sɛ asubɔnten dii ɔbea no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a, ɛbɛfa no. 16Nanso asase boaa ɔbea no. Ebuee nʼanom nom nsu a ɔwɔ no puw guu hɔ no nyinaa. 17Ɔwɔ no bo fuw ɔbea no, enti ɔkɔ de ntɔkwaw kɔkaa ɔbea no asefo a wɔaka a ɛyɛ wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so na wogye nokware a Yesu ada no adi no di no. 18Na ɔwɔ no kogyinaa mpoano hɔ.

O Livro

Apocalipse 12:1-18

A mulher e o dragão

1Então apareceu no céu um grande sinal: era uma mulher vestida de Sol, com os pés pousados sobre a Lua e com uma coroa formada por doze estrelas na cabeça. 2Estava grávida, e já com as dores de parto, e gritava na ânsia de dar à luz.

3E apareceu um outro sinal em que um dragão vermelho se apresentava com sete cabeças e dez chifres; e em cada cabeça tinha uma coroa. 4Com a cauda arrastou para trás de si um terço das estrelas do céu, lançando-as sobre a Terra. E colocou-se na frente da mulher que ia dar à luz, pronto para devorar a criança logo que nascesse.

5Ela teve, com efeito, um filho, o qual mais tarde haveria de governar todas as nações com uma vara de ferro. E o menino foi logo arrebatado para Deus, para junto do seu trono. 6Quanto à mulher, fugiu para o deserto, onde Deus lhe preparou um lugar, cuidando dela durante 1260 dias.

7E deu-se uma guerra no céu. Miguel e os anjos sob a sua responsabilidade lutaram contra o dragão e contra o seu exército de anjos. 8O dragão perdeu a batalha e foi expulso do céu. 9Ele é a antiga serpente, conhecida com o nome de Diabo, ou Satanás, aquele que engana o mundo inteiro. E foi assim lançado para a Terra, mais os seus demónios.

10Ouvi depois uma voz clamando através do céu: “Aconteceu enfim! A salvação final, o poder e o reino de Deus, assim como a autoridade de Cristo manifestaram-se. O acusador dos nossos irmãos foi atirado do céu para a Terra, esse que os acusava dia e noite. 11Mas eles venceram-no pelo sangue do Cordeiro, e com o poder do seu testemunho; pois puseram de lado o amor às suas próprias vidas a ponto de morrerem. 12Alegrem-se pois, habitantes do céu! Contudo, são de lamentar os que vivem no mundo, porque o Diabo desceu para o vosso meio com grande ira, com muito ódio, pois sabe que já não dispõe de muito tempo.”

13Quando o dragão se viu expulso para a Terra, perseguiu a mulher que tinha dado à luz o menino. 14Mas deram à mulher as duas asas de uma grande águia, a fim de que pudesse voar para o deserto, onde lhe tinha sido preparado o lugar para se proteger da serpente, durante três anos e meio.

15E a serpente lançou da sua boca um rio com um grande caudal de água, com a intenção de fazer com que ela fosse arrastada por essa grande torrente e assim se perdesse. 16Mas a Terra ajudou a mulher, porque abriu fendas que absorveram as águas que o dragão tinha lançado da boca. 17Este então, furioso, desfechou um ataque contra o resto dos filhos da mulher, os que obedecem à palavra de Deus e confessam e provam que pertencem a Jesus Cristo.

18Então, ele pôs-se em pé à beira do mar.